Bible no Adwene
Nguamansɛm—So Ɛyɛ Anigyede A Asiane Biara Nnim?
BERE a wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu wɔ Victoria no fii ase nkakrankakra tutuu tete Pompeii amamfõ so no, nea wohui no maa wɔn ho dwiriw wɔn. Wohuu mfonini ne adwinne pii a ɛyɛ fɛ a na nna mu adapaade ho de nso frafra mu. Esiane sɛ nea fam tutufo no hui maa wɔn ho dwiriw wɔn nti, wɔde koguu kokoam tete nneɛma akorae. Wɔhyehyɛɛ asɛmfua “nguamansɛm”—a efi Hela nsɛmfua pornē ne graphos mu, a nea ɛkyerɛ ne “tuutuufo ho nsɛm a wɔkyerɛw”—de kyerɛɛ dekode a saa nnwinne no yɛ. Ɛnnɛ wɔkyerɛ nguamansɛm ase sɛ “nna ho nneyɛe a wɔda no adi wɔ nhoma, mfonini, ahoni, sini ahorow, ne nea ɛkeka ho mu, a atirimpɔw no ne sɛ ɛbɛkanyan nna ho anigye.”
Nnɛyi, nguamansɛm atrɛw kɔ akyiri na ɛte sɛ nea wogye tom wɔ aman dodow no ara mu. Bere a bere bi, na sini a ahohwibra wom ne amantam a tuutuusi adan dɔɔso wom nkutoo mu na wohu nguamansɛm no, ɛnnɛ de abɛyɛ ade titiriw wɔ aman pii mu. Wɔ United States nkutoo no, nguamansɛm ma wonya bɛboro dɔla ɔpepepem du afe biara!
Ebinom a wɔtaa nguamansɛm akyi no hyɛ ho nkuran de kyerɛ sɛ ɛyɛ ɔkwan a wɔfa so ma aware a agyigya mu yɛ anigye. Nhomakyerɛwfo bi ka sɛ: “Ɛkanyan nsusuwii hunu ho anigye ankasa. Ɛde akwankyerɛ a ɛbɛma obi akyerɛ nna ho anigye ma.” Afoforo kyerɛ sɛ ɛma wunya akokoduru de ka nna ho nsɛm a womfɛre. Nhomakyerɛwfo Wendy McElroy kyerɛ sɛ: “Nguamansɛm ma mmea nya mfaso.”
Nanso ɛnyɛ obiara na ogye tom. Mpɛn pii no wɔde nguamansɛm bata biribi a ɛde ɔhaw kɛse ne nneyɛe tantan ba ho. Ebinom kyerɛ sɛ nguamansɛm na ɛde mmonnaato ne basabasayɛ afoforo a wɔde ba mmea ne mmofra so no ba. Ted Bundy, a wagye dimmɔne sɛ wɔakum nnipa pii, no gye tom sɛ na “ɔkyerɛ nguamansɛm a basabasayɛ wom ho anigye kɛse.” Ɔka sɛ: “Onii no nhu tebea yi ntɛm ara anaasɛ onhu no sɛ ɛyɛ ɔhaw a anibere wom. . . . Nanso saa anigye yi kowie nna mu basabasayɛ mu. Mintumi nkyerɛ ɔkwan pɔtee a basabasayɛ yi ho anigye fi ase no. Ɛnyɛ bere tiaa mu na ɛba.”
Esiane akyinnyegye pii a asɔre afa nguamansɛm ho nneɛma a abu so nnɛ ho nti, ebia wubebisa sɛ, ‘So Bible no de akwankyerɛ bi ma wɔ saa asɛm yi mu?’
Bible no Ka Nna Ho Asɛm Pen
Wɔ Bible mu no, wɔka nna ho asɛm pefee a wɔmfɛre ho. (Deuteronomium 24:5; 1 Korintofo 7:3, 4) Salomo tuu fo sɛ: “Wo ne wo mmerantebere mu yere ani nnye . . . ma ne mpokua nsɔ w’ani daa.” (Mmebusɛm 5:18, 19) Ɛde afotu ne akwankyerɛ a emu da hɔ a ɛfa nna mu abusuabɔ ho, a nea ɛka ho ne baabi a ɛsɛ sɛ wonya mu kyɛfa kodu, ma. Nna a wobenya mu kyɛfa bere a wɔnwaree no yɛ biribi a wɔbara. Saa ara na ɛte wɔ nna mu adapaade biara nso ho.—Leviticus 18:22, 23; 1 Korintofo 6:9; Galatifo 5:19.
Wɔ aware mu mpo no, wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛda anohyeto ne obu adi. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Wonni aware ni, ade nyinaa mu, na wonngu aware mpa ho fi.” (Hebrifo 13:4) Saa afotu yi ne nguamansɛm mu atirimpɔw bɔ abira koraa.
Nguamansɛm Kyea Nna Ho Adwene
Sɛ anka nguamansɛm bɛka nna ho asɛm sɛ ɔkwan pa a ɔbarima ne ɔbea fa so da wɔn ntam dɔ adi wɔ aware a nidi wom mu no, ɛma nkurɔfo nya nna ho adwene a akyea na ɛmfata mmom. Ɛka da a wɔne obiara da kɛkɛ ne nna mu adapaade ho asɛm sɛ ɛyɛ anigye ne akomatɔyam. Ɛhyɛ anigye a obiakofo benya, na onsusuw ɔfoforo no de ho ho nkuran.
Ɛyɛ mmea, mmarima, ne mmofra ho mfonini sɛ nna mu anigye nkutoo nti na wɔwɔ hɔ. Amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Honam akwaa na wɔde kyerɛ obi ahoɔfɛ, na ɛma onya akwanhwɛ a enni mu.” Amanneɛbɔ foforo ka de wie sɛ: “Mmea a wɔyɛ wɔn mfonini, a wɔmfa wɔn din nka ho, na wɔayɛ krado bere nyinaa retwɛn sɛ mmarima ne wɔn bɛda ɔkwan a ɛnsɛ so, na wɔde wɔn nipadua si hɔ de pɛ sika yɛ wɔn ho sɛ ade a mmarima de gye wɔn ani no yɛ biribi a ɛnka mmea ho asɛm pa sɛ wɔn nso yɛ nnipa a wɔfata nidi ne obu.”
Nea ɛne no bɔ abira no, Paulo kyerɛwee sɛ ɔdɔ ‘nyɛ ne ho sɛnea ɛmfata. Ɛnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de.’ (1 Korintofo 13:5) Bible tu mmarima fo sɛ ‘wɔnnɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua’ na ‘wommu wɔn sɛ ade a ne ho nyɛ den,’ na ɛnsɛ sɛ wobu mmea sɛ nneɛma a wɔde gyigye wɔn ani wɔ nna fam kɛkɛ. (Efesofo 5:28; 1 Petro 3:7) Sɛ obi, sɛ́ ɔyɛ barima anaa ɔbea, hwɛ nnipa foforo a wɔde wɔn ho rehyɛ nna mu adapaade mu mfonini daa a, so na ɔreyɛ nea ɛfata ankasa? So na saa nipa no reda obu ne nidi adi ankasa? Nguamansɛm nhyɛ ɔdɔ ho nkuran, na mmom ɛma obi nya ahopɛ ne pɛsɛmenkominya honhom.
Ade foforo nso wɔ hɔ. Te sɛ nneɛma foforo a ɛmfata a ɛkanyan anigye no, ade a ɛkanyan obi anigye mfiase no bɛyɛ nneɛma funu ntɛm ara a wɔnkyerɛ ho anigye bio. Nhomakyerɛwfo bi ka sɛ: “Bere kɔ so no, [wɔn a wɔpɛ nguamansɛm no] hwehwɛ nneɛma a ɛho ntew koraa akyi kwan . . . Wotumi hyɛ wɔn ahokafo ma wɔde wɔn ho hyɛ nna mu kɔ akyiri . . . , na wɔtew wɔn [ankasa] ahoɔden a wɔde bɛkyerɛ nokware dɔ no so.” So ɛno ma no yɛ sɛ anigyede a ɔhaw biara nnim? Nanso ntease titiriw foforo wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yɛkwati nguamansɛm.
Bible ne Akɔnnɔ Bɔne
Bere a nnipa pii te nka nnɛ sɛ mfomso anaa asiane biara nni wɔn adwene a wɔde besi nna ho nsusuwii hunu so mu no, Bible no nnye ntom saa. Ɛkyerɛkyerɛ mu pefee sɛ abusuabɔ titiriw bi wɔ nneɛma a yɛde hyɛ yɛn adwene mu ne sɛnea yɛyɛ yɛn ade no ntam. Kristoni suani Yakobo da no adi sɛ: “Na wɔsɔ obiara hwɛ a, na ɛyɛ n’ankasa akɔnnɔ a egyigye na ɛdaadaa no na ɛsɔ no hwɛ; ansa na akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne.” (Yakobo 1:14, 15) Yesu kae sɛ: “Obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no ne komam dedaw.”—Mateo 5:28.
Sɛnea Yakobo ne Yesu nyinaa kyerɛ no, akɔnnɔ a ɛwɔ nnipa mu na ɛkanyan wɔn ma wɔyɛ nneɛma. Sɛ saa akɔnnɔ no de nkakrankakra nyini a, ebetumi ahyɛ yɛn so awiei koraa. Ɛyɛ den sɛ yɛbɛko atia nhyɛso a ɛte saa no, na awiei koraa no ebetumi ahyɛ obi ma wayɛ biribi. Enti, nea yɛde hyɛ yɛn adwenem no betumi anya nea yɛyɛ so tumi kɛse.
Nna ho nsusuwii hunu betumi atwitware yɛn som a yɛde ma Onyankopɔn no mu tẽẽ. Ɛno nti na Paulo kyerɛwee sɛ: “Enti, munkum mo akwaa . . . aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso, akɔnnɔ bɔne ne anibere a ɛyɛ abosonsom.”—Kolosefo 3:5.
Ɛha yi, Paulo de nna ho akɔnnɔ toto anibere, a ɛkyerɛ akɔnnɔ ntraso a obi benya ama biribi a onni, ho.a Anibere yɛ abosonsom fã bi. Dɛn ntia? Efisɛ nea n’ani bere biribi no de dekode a n’ani bere no di biribiara kan, a Onyankopɔn ka ho. Nguamansɛm ma obi nya akɔnnɔ ma biribi a onni. Nyamesom ho nhomakyerɛwfo bi ka sɛ: “Wopɛ sɛ wo ne obi foforo nya nna mu kyɛfa. . . . Wuntumi mfa biribiara nhyɛ w’adwenem sɛ saa akɔnnɔ a wo nsa nkae no nkutoo. . . . Ade a yɛn kɔn dɔ no na yɛsom no.”
Nguamansɛm Sɛe Adwene
Bible tu fo sɛ: “Nea ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a . . . saa nneɛma yi ho na munnwen.” (Filipifo 4:8) Obi a ɔde n’ani anaa n’adwene si nguamansɛm so no repo Paulo afotu no. Nguamansɛm ho ntew efisɛ eyi kokoam ne asumasɛm a ɛsen biara kyerɛ wɔ baguam a aniwu mfa ho. Ɛyɛ atantanne efisɛ ɛbrɛ nnipa ase, na ɛma wɔyɛ wɔn ade sɛ mmoa. Enni dɔ efisɛ ɛnhyɛ ayamye ne tema ho nkuran. Pɛsɛmenkominya akɔnnɔ nkutoo na ɛhyɛ ho nkuran.
Esiane ɔbrasɛe ne aniwude a nguamansɛm da no adi wɔ ɔkwan a ɛmfata so nti, ɛsɛe mmɔden a Kristoni bɔ sɛ ‘obekyi bɔne’ no. (Amos 5:15) Ɛhyɛ bɔneyɛ ho nkuran, na ɛne Paulo nkuranhyɛ a ɔde kɔmaa Efesofo no bɔ abira koraa sɛ “aguamammɔ ne afideyɛ nyinaa anaa anibere de, mommma wɔmmmɔ din po wɔ mo mu, sɛnea ɛsɛ ahotefo, ɛne aniwude ne nkwaseasɛm anaa asereseresɛm a ɛnsɛ.”—Efesofo 5:3, 4.
Biribi pa biara nni nguamansɛm mu. Ɛsɛe adwene na ɛma obi porɔw. Ebetumi asɛe abusuabɔ, na ama adebɔ kwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so nya nna mu kyɛfa no adan ayɛ nna ho akwaa a wohu ansa na wɔakyerɛ nna ho anigye. Edi onii a ɔnam nna ho akwaa a ohu so kyerɛ nna ho anigye no awu wɔ adwene ne honhom fam. Ɛma obi yɛ pɛsɛmenkominya, adifudepɛ, na ɛma nkurɔfo bu afoforo sɛ nneɛma a n’atirimpɔw ara ne sɛ wɔde benya nna mu anigye. Ɛbrɛ mmɔden a obi bɔ sɛ ɔbɛyɛ papa na wanya ahonim pa no ase. Nea ɛsen ne nyinaa no, ebetumi abrɛ honhom fam abusuabɔ a obi ne Onyankopɔn wɔ no ase anaasɛ asɛe no mpo. (Efesofo 4:17-19) Nokwarem no, nguamansɛm yɛ mpire a ɛsɛ sɛ yɛkwati.—Mmebusɛm 4:14, 15.
[Ase hɔ asɛm]
a Ná ɛnyɛ nna ho akɔnnɔ a asɛm biara nni ho—akɔnnɔ a obi nya sɛ ɔne n’aware mu hokafo benya nna mu kyɛfa—ho asɛm na Paulo reka wɔ ha.
[Mfonini wɔ kratafa 14]
Nguamansɛm ma obi nya ɔbarima ne ɔbea nna ho adwene a ɛmfata