Kyakyatow—Ade a Wɔkyerɛ Ho Anigye Wɔ Wiase Nyinaa
JOHN a onyinii wɔ Scotland soo dae sɛ wadi Loto. Ɔka sɛ: “Mitwaa loto dapɛn biara. Egyee me sika kakraa bi, nanso saa loto no ma minyaa awerɛhyem sɛ menya biribiara a mepɛ.”
Kazushige, a ɔte Japan no ani gye apɔnkɔ ammirikatu ho. Ɔka sɛ: “Kyakya a na me ne me nnamfonom tow wɔ apɔnkɔ ammirikatu ho no maa m’ani gyei kɛse, na ɛtɔ mmere bi a na minya sika kɛse.”
Linda, a ɔte Australia ka sɛ: “Ná bingo yɛ agoru a m’ani gye ho paa. Agoru yi gyee me sika bɛyɛ dɔla 30 dapɛn biara, nanso na m’ani gye sɛ medi nkonim.”
Ná John, Kazushige, ne Linda bu kyakyatow sɛ anigyede a asiane biara nnim. Nnipa ɔpepehaha pii kura saa adwene no wɔ wiase nyinaa. Gallup nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ 1999 daa no adi sɛ Amerikafo baasa mu baanu pene kyakyatow so. Wɔ 1998 mu no, Amerika kyakyatowfo sɛee sika bɛyɛ dɔla ɔpepepem 50 wɔ kyakyatow a mmara ma kwan ho—ɛsen sika a wɔsɛee no wɔ sini tekiti ahorow, nnwom a wɔakyere agu kasɛt so, agumadi ahorow a ɛtwetwe nnipadɔm, agodibea ahorow, ne video so agodie nyinaa a wɔaka abom ho.
Sɛnea nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ no nnansa yi daa no adi no, wɔ afe biako mu no, anyɛ yiye koraa no Australiafo bɛboro ɔha mu 80 de wɔn ho hyɛɛ kyakyatow mu, na ɔha mu 40 tow kyakya dapɛn biara. Sɛ wɔkyem pɛpɛɛpɛ a, afe biara no, mpanyimfo a wɔwɔ saa ɔman no mu sɛe sika bɛboro U.S. dɔla 400 wɔ kyakyatow ho, bɛyɛ sika a Europafo anaa Amerikafo sɛe no mmɔho abien, ma enti Australiafo ne wɔn a wɔagye din kɛse wɔ kyakyatow mu wɔ wiase nyinaa.
Japanfo pii na pachinko, bɔɔl bi agodie, aka wɔn hɔ, na wɔsɛe dɔla ɔpepepem 240 afe biara wɔ nkyia a wɔto wɔ agodie no ho ho. Wɔ Brazil no, anyɛ yiye koraa no, wɔsɛe dɔla ɔpepepem 4 afe biara wɔ kyakyatow ho, a wɔde emu fa kɛse no ara twa loto. Nanso ɛnyɛ Brazilfo nko ara na wɔn ani gye loto ho. Nnansa yi ara, nsɛmma nhoma Public Gaming International buu akontaa sɛ “loto ahorow 306 na ɛwɔ aman 102 so.” Ampa kyakyatow yɛ biribi a wɔkyerɛ ho anigye wɔ wiase nyinaa—ebinom ka sɛ ɛyɛ anigyede a ɛde mfaso kɛse ba.
Sharon Sharp, a ɔyɛ Ɔman Kyakyatow Nhwehwɛmu Asuae no nanmusini no ka sɛ, wɔ United States no, efi 1964 kosi 1999 no, wobuu akontaa sɛ loto ho sika a wonyae “sii bɛyɛ dɔla ɔpepepem 125 wɔ ɔman no sikasɛm ntotoe mu, a sika a wonyae yi mu fã kɛse no ara bae wɔ 1993 mu.” Wɔde sika yi mu pii boaa ɔmanfo nhomasua ho nhyehyɛe, na wɔde bi siesiee ɔmanfo agumadibea ahorow. Kyakyatow adwumakuw no nso yɛ adwumakuw a ɛfa nnipa kɛse, na wɔ Australia nkutoo no, ɛfa nnipa bɛyɛ 100,000 wɔ nnwuma bɛboro 7,000 mu.
Enti wɔn a wɔkamfo kyakyatow no ka sɛ, sɛ anigyede a ɛde ma da nkyɛn a, kyakyatow a wogye tom wɔ mmara mu ma nkurɔfo nya nnwuma yɛ, ɛma aban no nya sika, na ɛma ɔman no tu mpɔn.
Enti nnipa pii bebisa sɛ, ‘Mfomso bɛn na ɛwɔ kyakyatow ho?’ Ɛda adi sɛ ebia asɛmmisa yi ho mmuae a wɔde ama wɔ nsɛm a edi hɔ no mu no bɛsesa wo nsusuwii wɔ kyakyatow ho.
[Mfonini wɔ kratafa 3]
John
[Mfonini wɔ kratafa 3]
Kazushige
[Mfonini wɔ kratafa 3]
Linda