Mmofra a Wontumi Nna—So Ɛyɛ Biribi a Ɛsɛ sɛ Ehia Yɛn?
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ CANADA HƆ
CANADA atesɛm krataa a ɛne Globe and Mail no ka sɛ, da a obi ntumi nna mma ontumi nnwen nneɛma ho nkaakae nsɛm yiye, na wɔn a ɔhaw yi ka wɔn kɛse ne adesuafo a wɔadu mpanyin afe so. Da a mmofra ne wɔn a wɔadu mpanyin afe so ntumi nna no ma wohyia nneyɛe mu haw ahorow, abufufa ne anisohyew nso.” Nyansahufo ayɛ nna ho nhwehwɛmu afa adesuafo bɛyɛ 2,200 a wɔkɔ ntoaso sukuu ho, na wɔahu sɛ anadwo biara no, bɛyɛ ɔha mu 47 na wontumi nna nnɔnhwerew awotwe a wɔkamfo kyerɛ sɛ ɛfata no.
Globe ka sɛ, ɛwom sɛ mmofra asetra kwan ntaa mma wonnya nna a wohia de, “nanso ebetumi aba sɛ wɔn mu binom wɔ nyarewa a wɔnyɛɛ nhwehwɛmu nhui. Ɔhome a ɛso tew bere a obi ada no yɛ yare a ɛka mmofra a wɔadi mfe 4 kosi 18 no ɔha mu nkyem 4.” Wɔ nna mu no, ebia menewa mu kwan a ɔhome fa mu no mu bɛka asi kakra anaasɛ ɛbɛka asi koraa, na ɛremma mframa pa ntumi mfa mu. Enti ɛremma amemene no ntumi nnye n’ahome, na ɛma mmofra nyan a wɔabrɛ na wɔayɛ basaa.
Nsɛnkyerɛnne a ɔhaw yi de ba no bi ne nkorɔm a wotu anaa home a wontumi nhome yiye wɔ nna mu, wɔn ti a ɛyɛ wɔn yaw adekyee, ne si a wɔde adwene si ɔhaw ahorow so, ne afei wɔn ani a ɛkɔ so kum bere a ade akye no. Wɔhyɛ awofo nkuran sɛ wontie wɔn mma bere a wɔada hatee no wɔ bere ne bere mu. Oduruyɛfo Robert Brouillette, a ɔyɛ mmofra nna ho nimdefo wɔ Montreal Mmofra Ayaresabea no ka sɛ, ebetumi aba sɛ abofra a ɔwɔ ɔhaw yi begyae ɔhome bere a wada, ɛwom mpo sɛ ebia na n’anim kyerɛ soro de. “Abofra no tumi home bio bere a ɔbɔ piriw nyan anaa ɔtew n’ani kakra [na] ogu ahome kakra ansa na wasan ada ayannya no.” Nneɛma a ɛte saa betumi akɔ so mpɛn pii anadwo biara na ɛma abofra no brɛ bere a wanyan no.
Amerika Fekuw a Ɛhwɛ Nna Ho Nsɛnnennen So no kamfo kyerɛ sɛ obi bɛda dan a emu dwo, a emu yɛ sum na ɔmma nneɛma te sɛ television anaa kɔmputa ntwetwe n’adwene, mu. Nhyehyɛe a wɔbɛyɛ ma mmofra ne mmabun ada wɔ bere ano na wɔanyan wɔ bere ano no bɛboa wɔn ma wɔatumi ada yiye anadwo. Ebinom a wɔn ahome so tew wɔ nna mu no akɔ so de adwinnade a ɛma mframa fa hwenem ne anom nkakrankakra na ama mene mu kwan a ɔhome fa mu abue adi dwuma bere a wɔda no. Mmofra nna ho nimdefo bi ka sɛ: “Nna ho hia sen aduan a yedi. Ɛho hia sen apɔw-mu-teɛteɛ. Nna di yɛn nkwammoaa, nkate ne nipadua mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no so.”