Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 9/8 kr. 16-18
  • So Menyɛ Oprehyɛn Nsesa Me Hwɛbea?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Menyɛ Oprehyɛn Nsesa Me Hwɛbea?
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Ɛyɛ Wo Haw Ahorow Ano Aduru?
  • Susuw Nea Ebefi Mu Aba Ho
  • Wo Nsusuwii
  • W’ahoɔfɛ a Ɛho Hia Sen Biara
  • Yehowa Adansefo Aboa ma Koma Mu Oprehyɛn Anya Nkɔanim
    Nyan!—1996
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2002
  • Sɛnea Nnipa Pii Agye Ayaresa ne Oprehyɛn a Wɔmfa Mogya Nka Ho no Atom
    Nyan!—2000
  • M’ani Nnye Sɛnea Mete Ho—Adɛn Ntia?
    Nsɛm 10 a Mmabun Bisa ne Ɛho Mmuae
Nyan!—2002
g02 9/8 kr. 16-18

Mmofra Bisa Sɛ . . .

So Menyɛ Oprehyɛn Nsesa Me Hwɛbea?

“Ansa na mereyɛ me hwene oprehyɛn no, mihuu amane pii efisɛ na wodi me ho fɛw. Ná ɛnyɛ hwene soronko bi na mepɛ, na mmom nea na ɛbɛfata m’anim. M’ani agye nea afi mu aba no ho yiye, na sɛ ɛho behia a mɛsan ayɛ bio.”—Eleni.a

“Adɛn nti na ɛsɛ sɛ midi ahoɔfɛ ho gyinapɛn ahorow so? Sɛ wɔyɛ me oprehyɛn sesa me nipadua akwaa bi a, mɛte nka sɛ mayɛ te sɛ sika a ɛnyɛ papa. Minni mu.”—Mathias.

“Ɛsɛ sɛ obiara si gyinae ma ne ho. Ɛyɛ den paa sɛ obi foforo besi gyinae ama wo.”—Manuela.

“OBIARA a ne ho yɛ fɛ sen me no de biribi asakra ne hwɛbea.” Wɔ Germany no, saa aseresɛm yi ayɛ asɛm bi a bere tenten ni wɔn a wosusuw sɛ wɔn hwɛbea nni mu no de yi wɔn ho ano. Nanso, nnansa yi wɔ nsase horow bi so no, wobetumi asakra asɛm yi mu aka sɛ: “Obiara a ne ho yɛ fɛ sen me no ayɛ oprehyɛn.” Nokwarem no, oprehyɛn a nkurɔfo yɛ de sesa wɔn hwɛbea reyɛ abu so.

Swiss atesɛm krataa Neue Zürcher Zeitung bɔ amanneɛ sɛ: “Mmere bi a atwam no na adefo nkutoo na wɔyɛ oprehyɛn de sesa wɔn hwɛbea,” na ɛde ka ho sɛ: “Nneɛma abien na ada adi: Mmarima dodow no ara rehwehwɛ mmoa afi nnuruyɛfo a wɔyɛ oprehyɛn sesa hwɛbea hɔ . . . , na yɛ ara na mmea a wɔkɔpɛ mmoa no ho kɔ so yɛ fɛ.” Sɛnea nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Germany kyerɛ no, ɛkame ayɛ sɛ wɔn a wadi mfe 14 kosi 29 a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu ɔha nkyem 20 biara ayɛ oprehyɛn asesa wɔn hwɛbea dedaw, anaa wɔreyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ saa, anaasɛ woasusuw ho mpo.b Ebia wo nnamfo, sukuufo, anaa w’abusuafo bi ayɛ oprehyɛn a wɔde sesa wɔn hwɛbea pɛn.

Na wo nso ɛ? So woadwen ho pɛn sɛ wobɛyɛ oprehyɛn de ama wo hwɛbea ayɛ fɛ anaa? Wote nka sɛ w’aso gyinagyina hɔ, na wo nufu soso anaa esusua dodo, na wo yafunu anaa w’asrɛ soso anaa wo hwene nyɛ fɛ? Sɛ saa a, ɛnyɛ wo nkutoo na wote nka saa. Mmabaa bi a wɔkɔ ntoaso sukuu kyerɛw asɛm bi wɔ German atesɛm krataa bi mu sɛ: “Ɛyɛ den sɛ wobehu ababaa bi a ɔne yɛn yɛ tipɛn a n’ani gye ne nipadua ho bere nyinaa.” Ɛyɛ awosu sɛ obiara bɛpɛ sɛ ne ho yɛ fɛ na wɔpɛ n’asɛm yiye. Nanso so oprehyɛn ne ano aduru?

So Ɛyɛ Wo Haw Ahorow Ano Aduru?

Susuw mmerante ne mmabaa a wunim wɔn no ho hwɛ. So ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ wɔn mu pii—ebia ebinom a wɔn ho yɛ wo fɛ mpo—ani nnye sɛnea wɔte ho? Nanso ɛte saa. Asɛm no ne sɛ, So wususuw sɛ ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa yɛ oprehyɛn de sesa wɔn hwɛbea? Anaa wususuw sɛ sɛ wɔn mu dodow no ara sua sɛnea wɔbɛkyerɛ wɔn nipadua nkwaa a eye no ho anigye a, anka wɔn ani rennye? So nnyinasosɛm koro yi ara betumi afa wo ho?

Sɛnea Eleni asɛm no kyerɛ no, ɛtɔ mmere bi a oprehyɛn a wɔyɛ de sesa hwɛbea tumi siw fɛwdi ne ahoguan ano. Nanso, oprehyɛn a wɔyɛ de sesa hwɛbea no nyɛ ano aduru. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi ntumi nsi asetra kwan a ɛyɛ papa a ɛboa ma obi ho yɛ fɛ ananmu. Bere a ebia oduruyɛfo betumi asesa wo hwɛbea no, ɔrentumi nsesa wo nipasu, saa ara na ɔrentumi nnyi wo dadwen mfi wo so, anaasɛ ɔrentumi mma obu a wowɔ ma wo ho nyɛ kɛse.

Ma ɛntra w’adwene mu sɛ, ayaresabea anaa nnuruyɛfo binom hyɛ bɔ a wontumi nni so. Ɛte sɛ nea, wɔreka sɛ wobetumi ama woanya anigye. Nokwarem no, wo sika ho hia wɔn kɛse sen w’anigye. Awerɛhosɛm ne sɛ, nnuruyɛfo asisifo bɛyɛ oprehyɛn a ɛho nhia, nea ɛbɛyɛ den paa sɛ ɛbɛyɛ yiye, anaasɛ asiane wom—mpɛn dodow a obi betua ho ka no.

Ɛsɛ sɛ wususuw daakye haw ahorow nso ho. Sɛ nhwɛso no, nea ɛhaw wo bere a woadi mfe 16 no betumi ayɛ soronko bere a woadi mfe 21. Sɛnea Oduruyɛfo Urs Bösch a ɔyɛ oprehyɛn de sesa hwɛbea ka no: “Asɛm no ne sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ wɔn a wonnii mfe aduonu no oprehyɛn de sesa wɔn hwɛbea. Saa bere yi na sɛnea obi a onnii mfe aduonu nipadua te ne ɛho nimdeɛ a ɔwɔ no sesa.” Afei nso, ɛda adi sɛ mmerante ne mmabaa bɛyɛ oprehyɛn bio wɔ ɛno akyi. Na bere a wo nipadua no renyin no anhwɛ a oprehyɛn twã no nso bɛyɛ kɛse.

Susuw Nea Ebefi Mu Aba Ho

Bible no tu yɛn fo sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ yefi adwuma bi a ɛho hia ase a, yensusuw nea ebefi mu aba ho. (Luka 14:28) Wɔ mmerante ne mmabaa dodow no ara fam no, esiane sɛ oprehyɛn a wɔyɛ de sesa hwɛbea no bo yɛ den nti wontumi nyɛ bi da. Na ebia wobetua sika foforo de ayɛ nhwehwɛmu anaasɛ nsiesiei foforo bi a ebia ɛho behia.

Nnipa bebree wɔ hɔ a ɛnyɛ sika nko na wɔsɛe bere a wɔayɛ oprehyɛn no, na wɔn akwahosan nso. Sɛnea Amerika Fekuw a Wɔyɛ Oprehyɛn Sesa Hwɛbea kyerɛ no, akwahosan mu asiane ahorow no bi ne bere tiaa mu ahonhon, etwã a ɛnkɔ, nkate a ɛyera ne nufu a wontumi mfa mma mmofra, ne mpo mogya a etu obi kɛse. Sɛ nhwɛso no, anka Anna reyɛ awu bere a wɔreyɛ no oprehyɛn ayi srade a ɛwɔ ne nipadua mu no bi afi mu no. Onwiinwii sɛ: “Seesei kam da me yafunu so na manya etwã a ɛyɛ hu.” German atesɛm krataa bi ka srade a woyi fi nipadua mu ho oprehyɛn ho asɛm sɛ: “Ɔhaw a anibere wom a efi mu ba, a ebi mpo yɛ owu no redɔɔso.” Sɛnea akwahosan ho nsɛmma nhoma Apotheken Umschau kyerɛ no, mmma wo werɛ mfi sɛ: “Oprehyɛn a wɔyɛ de sesa hwɛbea da so ara yɛ oprehyɛn a asiane ahorow wom.” Enti tɔ wo bo ase kari oprehyɛn biara mu asiane ahorow hwɛ ansa na woapaw sɛ wobɛyɛ—titiriw nea ɛnyɛ yare bi nti na woreyɛ no.

Wubetumi abisa wo ho nso sɛ: ‘Dɛn na mɛma nkurɔfo aka afa me ho? So honam ani hwɛbea ne ade titiriw wɔ m’asetra mu? Ɔkwan bɛn so na nea mɛpaw no betumi anya m’atipɛnfo ne me nuanom nkumaa so nkɛntɛnso?’c

Wo Nsusuwii

Ɛho hia nso sɛ wudwen wo nsusuwii ho anibere so. Na ebia ɛrenyɛ mmerɛw sɛ wobɛte wo nsusuwii ase yiye. Sɛ nhwɛso no, ebia, wobɛpɛ sɛ wubisa wo ho sɛ: ‘So mepɛ sɛ mema wogyae fɛw a wodi wɔ m’akwaa a ɛyɛ m’aniwu no ho anaa? Anaa mepɛ anuonyanhunu? So ɔpɛ a mewɔ sɛ mɛsesa me hwɛbea no yɛ nkɛntɛnso a efi atipɛnfo nhyɛso, aguade ho dawurubɔ a ɛtwetwe akɔnnɔ, anaa agodi mu kunini bi hɔ? Mepɛ sɛ midu ahoɔfɛ gyinapɛn a nsɛm ho amanneɛbɔfo hyɛ ho nkuran nnɛ sɛ ɛsen biara no ho anaa?’

Ebinom susuw sɛ wɔn ahoɔfɛ a wɔbɛma ayɛ kɛse no betumi aboa ma wanya aware mu ɔhokafo pa anaasɛ adwuma a akatua pa wom. Nanso nokwarem no, so ɔwarefo biara a wunim no no ho yɛ fɛ? Na obiara a wunim no a ɔyɛ adwuma nso ɛ? Dabi, dibea a ɛte saa nnyina honam ani hwɛbea nkutoo so. Bio nso, so aware mu ɔhokafo a wopɛ anaa adwumawura a osi honam ani hwɛbea so dua sen nipasu no nti na ɛsɛ sɛ wosɛe sika pii yɛ oprehyɛn a ebetumi de w’akwahosan ato asiane mu anaa?

Bere a wohwehwɛ wo nsusuwii mu yiye no, wo ne w’awofo anaa w’adamfo a ne ho akokwaw nka ho asɛm. Sɛ wususuw sɛ w’akwaa bi nye a, bisa wɔn ma womfi komam nkyerɛ wɔn adwene. Mmfa wo ho nto nea wuhu wɔ ahwehwɛ mu nkutoo so. Nana ka sɛnea yehu yɛn ankasa honam fam sintɔ ho asɛm sɛ: “Wubu wo sintɔ aniberesɛm sen sɛnea afoforo hu no efisɛ ɛsono adwene a wunya wɔ ho.” Nhwehwɛmufo a wɔwɔ Landau Sukuupɔn a ɛwɔ Germany no kyerɛkyerɛ mu sɛ mpɛn pii no wonya adwene sɛ wɔbɛyɛ oprehyɛn a wɔde sesa hwɛbea no a “ɛnyɛ sɛ nipadua no akwaa bi na adi dɛm ankasa nti, na mmom ɛte sɛ nea onii no hu no saa.”

Mpere wo ho nsi gyinae, na mmom hwehwɛ nsɛm nyinaa mu yiye. Bu oprehyɛn biara sɛ worentumi nsesa nea ebefi mu aba. Ɔkwan biara so no, ɛsɛ sɛ wugyina nea ebefi mu aba biara ano kosi bere bi.

W’ahoɔfɛ a Ɛho Hia Sen Biara

Anigye a wubenya nnyina sɛnea wo hwɛbea te so. Bere a hwɛbea betumi ama obu a wowɔ ayɛ kɛse anaa abrɛ ase no, nea ehia paa ne wo nipasu ne wo suban. Bere a ɔyɛɛ oprehyɛn a ɛde ne nkwa too asiane mu wiei no, Anna de n’asɛm baa awiei sɛ: “Mahu sɛ ahoɔfɛ ne sɛnea wo honam ani hwɛbea te nni hwee yɛ.”

Bere a Bible no reka honam fam ahoɔfɛ ho asɛmpa no, ɛma yehu sɛ, honhom fam ahoɔfɛ ho hia sen no: “Osoowayɛ yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ yɛ ahuhude; ɔbea a osuro [Yehowa, NW] na wobeyi no ayɛ.” (Mmebusɛm 31:30; 1 Samuel 16:7) Adwene a ɛte saa a wubenya no bɛboa wo ma wo koma atɔ wo yam, ɛmfa ho sɛ w’ani nnye w’akwaa bi ho no.

Gyinae biara a wubesi no, kae sɛ worentumi nnya ahoɔfɛ ne anigye a ɛyɛ pɛ nnɛ. Obiara tɔ sin wɔ akwan bi so. (Romafo 3:23) Worentumi nsesa no. Wo nipasu—nea Bible frɛ no “komam nipa a wahintaw no”—nkutoo na wubetumi asesa. (1 Petro 3:3, 4) Siesie nipa ko a woyɛ denam su a ɛyɛ fɛ wɔ Onyankopɔn ani so a wubenya so. Asiane anaa sikasɛe biara nnim, na ɛso akatua no nni ano!

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔasesa din ahorow no bi.

b Wɔyɛ oprehyɛn a wɔde sesa hwɛbea no wɔ nipadua no nkwaa a ɛte apɔw ho na ama ayɛ fɛ yiye. Wɔyɛ oprehyɛn no foforo bi de siesie nipadua no nkwaa a adi dɛm esiane opira, ɔyare, anaa awo mu dɛmdi nti. Abien yi nyinaa yɛ oprehyɛn ahorow a wɔde sesa nipadua hwɛbea.

c Bio nso hwɛ asɛmti “How Important Are Looks?” a ɛwɔ Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

So wo “haw” no yɛ ɔhaw ankasa, anaa ehia sɛ wosakra adwene a wukura wɔ w’ankasa ho no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena