Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 9/8 kr. 15
  • Nyan! a Wɔde Di Dwuma Ɔkwampa So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nyan! a Wɔde Di Dwuma Ɔkwampa So
  • Nyan!—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Na Esiw Me Asubɔ Ho Kwan?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Onyankopɔn Ma Enyin Wɔ Alaska
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Bere a Obi a Ɔbɛn Wo Pa Ara Awu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2019
  • “Mihui, Nanso Mante Ase”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 9/8 kr. 15

Nyan! a Wɔde Di Dwuma Ɔkwampa So

BERE a Vanessa, a ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo wɔ United States, dii mfe 16 no, na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛw amanneɛbɔ bi ma sukuu no fa asɛmti a ɛne anomtow ho. Ɔka sɛ: “Meyɛɛ nhwehwɛmu bi, nanso nsɛm kakraa bi na mitumi nyae. Mekaa ho asɛm kyerɛɛ m’awofo na wɔkyerɛe sɛ menyɛ asɛmti no ho nhwehwɛmu wɔ yɛn nhoma ahorow no mu.”

Bere a Vanessa yɛɛ Yehowa Adansefo nhoma ahorow mu nhwehwɛmu no, onyaa nsɛm a ɛfata a ɔde bɛkyerɛw n’amanneɛbɔ no. Ɔka sɛ: “Nanso na eyi yɛ dwumadi no fã bi kɛkɛ. Ná ɛsɛ sɛ migyina ɔkyerɛkyerɛfo no ne adesuafo 20 anim kenkan amanneɛbɔ no kyerɛ wɔn!” Na Vanessa bedi adwumaden yi ho dwuma dɛn?

Te sɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase afã ahorow nyinaa no, Vanessa nya sɛnea wɔkasa wɔ baguam ho ntetee wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu a wɔyɛ wɔ Ahenni Asa biara so no mu. Vanessa ka sɛ: “Ɛdenam saa sukuu yi so no, wosiesie yɛn yiye ma yɛkɔ asɛnka kɔkasa kyerɛ afoforo. Wɔma yɛn afotu nso wɔ nea ehia sɛ yedi ho dwuma no ho sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo bɛte yɛn ase yiye.” Dɛn na efii adwumaden a Vanessa yɛe wɔ ne sukuu amanneɛbɔ ho no mu bae? Ɔka sɛ: “Minyaa abodin a ɛsen biara.”

Vanessa yɛ mmofra pii a wɔde Bible ho nhoma ahorow ne honhom fam ntetee foforo di dwuma ɔkwan pa so no mu biako. Ɛsɛ sɛ yɛkamfo mmofra a wɔte saa no, efisɛ wɔredi afotu a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 12:1 a ɛka sɛ: “Kae wo bɔfo wo mmerantebere mu” no akyi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena