Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp19 nɔma 2 kr. 6-7
  • Bere a Obi a Ɔbɛn Wo Pa Ara Awu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Obi a Ɔbɛn Wo Pa Ara Awu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2019
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ƐBƐBOA WO AMA WOAGYINA ANO
  • Mɛyɛ Dɛn Agyina M’awerɛhow No Ano?
    Bere a Obi a Wodɔ No Awu
  • Sɛnea Wubegyina Awerɛhodi Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Nea Wobɛyɛ A Ɛbɛma Woatumi Agyina Ano
    Nyan!—1985
  • “Mɛyɛ Dɛn De M’awerɛhow No Atra Ase?”
    Nyan!—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2019
wp19 nɔma 2 kr. 6-7
Awarefo bi a wɔredi awerɛhow gyina mpoano, wɔasuso wɔn ho mu, na wɔredwen nea ɛbɛba daakye ho

Bere a Obi a Ɔbɛn Wo Pa Ara Awu

“Bere a me nuabarima panyin wui mpofirim no, na minhu nea menyɛ. Abosom bi akyi no, sɛ me nua no ho asɛm besi me tirim a, na mayare. Etwaa me nsono mu pa ara. Ɛtɔ da a, na me bo fuw ma mibisa me ho sɛ, adɛn nti koraa na me nua no wui? Afei nso, nea ɛhaw me pa ara ne sɛ, mannya bere pii ne no ammɔ ansa na ɔrewu.”​—Vanessa, Australia.

SƐ WOAHWERE obi a ɔbɛn wo pa ara a, ebia wo nso, ama woafa yaw ne ateetee pii mu. Ebia wudii awerɛhow, woto w’ani a na ɛntɔ obiara anim, na na wugye wo ho a ennye. Ebetumi nso aba sɛ, asɛm no maa wo bo fuwii, ɛma wubuu wo ho fɔ, na ehu kaa wo. Ebi mpo a, ama asetena afono wo.

Nya awerɛhyem sɛ, wudi awerɛhow ma ɛkyɛ mpo a, ɛnyɛ bɔne. Nea ɛkyerɛ ara ne sɛ, nea owui no, na wopɛ n’asɛm pa ara. Nanso yemmisa sɛ, da bi bɛba a w’awerɛhodi no ano bɛbrɛ ase anaa?

NEA ƐBƐBOA WO AMA WOAGYINA ANO

Sɛ ɛte sɛ nea biribiara ntumi nkyekye wo werɛ a, ebia nyansahyɛ a edidi so yi bɛboa wo:

NKA W’AWERƐHOW NHYƐ

Ɛsono sɛnea obiara di awerɛhow. Ebinom di awerɛhow kyɛ. Ebinom nso de nkyɛ. Ne nyinaa mu no, sɛ wusu a, ebetumi atew w’awerɛhow so. Vanessa a yɛadi kan aka n’asɛm no kaa sɛ: “Ɛyɛ a, osũ ara na misũ; mepɛ sɛ yaw no nyinaa fi me mu.” Sofía nso nuabea wui mpofirim. Ɔkaa sɛ: “Sɛ midwen nea asi no ho a, ɛyɛ me yaw pa ara. Ɛte sɛ nea woawae wo kuru bi anim na woremia. Nanso sɛ ɛyɛ wo yaw sɛ dɛn koraa a, ɛno ara na ɛbɛma kuru no awu.”

KA W’ASƐM KYERƐ NKURƆFO

Ɛwom, ɛtɔ da a wobɛpɛ sɛ wo nkutoo tena wo baabi dwen wo ho. Nanso, sɛ wo nko ara wokyekyere w’awerɛhow soa a, wo kɔn mu bebu. Jared a wadi mfe 17 no papa wui, na nea ɔno nso kae ni: “Ná meka m’asɛm kyerɛ afoforo. Ebetumi aba sɛ mantumi ankyerɛkyerɛ me nsɛm mu yiye, nanso ɛyɛ me dɛ sɛ mitumi kaa m’asɛm kyerɛɛ nkurɔfo.” Janice a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu no de kaa ho sɛ: “M’asɛm a meka kyerɛɛ nkurɔfo no maa me werɛ kyekyee pa ara. Mihui sɛ nkurɔfo te me ase, enti mante nka sɛ mayɛ ankonam.”

MA AFOFORO MMOA WO

Dɔkota bi kaa sɛ: “Obi biribi wu na sɛ ntɛmpa no ara ɔma n’abusuafo ne ne nnamfonom boa no a, ɛma otumi gyina n’awerɛhow no ano na ammu amfa no so.” Ma wo nnamfo nhu nea wobetumi ayɛ aboa wo; ebia wɔpɛ sɛ wɔboa wo, nanso ɛyɛ a wonhu nea wɔnyɛ mfa mmoa wo.​—Mmebusɛm 17:17.

BƐN ONYANKOPƆN

Ɔbea bi a wɔfrɛ no Tina kaa sɛ: “Kokoram kum me kunu mpofirim, enti na onni hɔ bio na maka m’asɛm akyerɛ no. Wei nti Onyankopɔn na meka me tirim asɛm nyinaa kyerɛ no! Ade kye biara a, ansa na mɛyɛ biribiara no, mebɔ mpae srɛ no sɛ ɔmmoa me ma minnyina tebea no ano. Sɛnea Onyankopɔn boaa me no de, merentumi nka ne nyinaa.” Tarsha nso, bere a odii mfe 22 na ne maame wui. Ɔkaa sɛ: “Ná mekenkan Bible daa de kyekye me werɛ. Sɛ mekenkan a, minya biribi dwinnwen ho de hyɛ me ho den.”

FA W’ADWENE BU BERE A WO DƆFO A WAWU NO BƐSƆRE

Tina toaa n’asɛm no so sɛ: “Mfiase no de, owusɔre anidaso no ankyekye me werɛ, efisɛ na mepɛ sɛ mesan nya me kunu no saa bere no ara, na na me mma mmarima no nso hia wɔn papa. Seesei mfe nnan atwam, nanso owusɔre no ara na m’ani da so. Ɛno ara na akurakura me abesi nnɛ. Ɛyɛ a mede m’adwene bu sɛ masan ahu me kunu no bio. Wei ma minya abotɔyam, na ɛma m’ani gye!”

Ɛrentumi mma sɛ w’awerɛhow no bɛtew akɔ prɛko pɛ. Nanso Vanessa asɛm yi betumi ama wo awerɛhyem. Ɔkaa sɛ: “Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ w’awerɛhow no to rentwa da, nanso nkakrankakra ɛbɛbrɛ ase ama wo ho atɔ wo.”

Kae sɛ, ɛwom sɛ w’ani bɛkɔ so agyina wo dɔfo a wawu no de, nanso ɛnsɛ sɛ woma w’abam bu. Onyankopɔn dɔ wo, na ɔbɛboa wo ama woanya nnamfo a wɔbɛma w’ani agye. Ɔbɛma wo akomatɔyam. Na ɛrenkyɛ koraa, Onyankopɔn benyan awufo. Ɔpɛ sɛ wosan yɛ wo dɔfo a wawu no atuu. Saa bere no, yaw biara a ɛwɔ wo komam no betu ayera koraa!

Bible Mu Nsɛm a Ebetumi Aboa Wo

Osũ a woresu ne awerɛhow a woredi no, Onyankopɔn nim ne nyinaa.

Bible kyerɛwfo bi ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Fa me nusu gu wo kotoku mu. Enni wo nhoma mu anaa?”​—Dwom 56:8.

Wubetumi aka wo komam asɛm akyerɛ Onyankopɔn.

‘Mihwiee me dadwen guu Onyankopɔn anim daa. O Yehowa,a misu mefrɛɛ wo sɛ boa me.’​—Dwom 142:2, 5.

Wubetumi anya anidaso.

‘Nnipa bɛsɔre afi awufo mu.’​—Asomafo Nnwuma 24:15.

Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ, ɔbɛsan anyan nnipa pii a wɔawuwu no, efisɛ n’ani agyina wɔn.b​—Hiob 14:14, 15.

a Bible ma yehu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din.

b Sɛ wopɛ sɛ wuhu owusɔre no ho nsɛm pii a, hwɛ Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no adesua 30. Yehowa Adansefo na wɔyɛe. Wubetumi nso atwe bi wɔ www.jw.org/tw a wuntua hwee.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena