Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Onyankopɔn Ma Enyin Wɔ Alaska
ABA ketewa bi hyɛ sukyerɛmma ne nsukyenee ase twɛn sɛ ebenya hokwan de afifi na anyin. Wɔ asram abiɛsa pɛ a Alaskafo ahohuru bere di mu no, aborɔfo nkontommire aba a ne kɛse yɛ milimita 3 betumi anyin ma emu duru ayɛ bɛyɛ kilogram 40! Yiw, asase a bere bi a atwam no na nnipa pii susuw sɛ ɛyɛ bonin a asukyenee nkutoo na ɛwɔ so no betumi asow aba pii.
Eyi yɛ nokware titiriw wɔ honhom fam asase a ɛwɔ Alaska no ho. Wɔ asase a awɔw bere kyɛ wɔ hɔ no mu no, Yehowa Adansefo kɔ so gu Ahenni aba. Sɛnea ɛte wɔ asase so mmeae foforo no, Onyankopɔn ma aba no nyin wɔ koma pa mu.—1 Korintofo 3:6, 7.
● Bere a Ɔdansefo kumaa bi a wɔfrɛ no Vanessa te sukuu bɔs mu no, ɔhwɛɛ ne yɔnko suani Ann a na bere nyinaa ne nkutoo atew ne ho te no. Ná ɛte sɛ nea Ann werɛ ahow, enti Vanessa frɛɛ Ann sɛ ɔmmɛtra ne nkyɛn. Edi sɛ na Ann werɛ ahow! Ná komayare akum ne maame, na bere tiaa bi akyi no, kokoram kum ne papa. Ɛno nti na na Ann ne n’abusuafo abɛtra Alaska no.
Memeneda bi a na Vanessa wɔ asɛnka mu no, ɔfaa n’adamfo foforo no fie kɔmaa no So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? nhomawa no bi. Dwoda a edi hɔ no, Ann hwehwɛɛ Ɔdansefo kumaa no. Ná Ann wɔ Bible mu nsɛmmisa pii, na Vanessa tumi maa no ho mmuae. Obisae sɛ: “Ɛhe na mokɔ mo asɔre?” Saa anwummere no, Ann kɔɔ ne nhyiam a edi kan wɔ Ahenni Asa so.
Ankyɛ na ayisaa a wadi mfe 17 yi benyaa ‘agyanom’ ne ‘ɛnanom’ pii sɛnea Yesu hyɛɛ ho bɔ no. (Mateo 19:29) Na hwɛ anigye bere a na ɛyɛ sɛ Ann a n’ani agye na ɔsereserew no de nsu mu asubɔ yɛɛ n’ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne wɔ “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” Ɔmantam Nhyiam no ase!
● Wɔ mmeae a ɛwɔ akyirikyiri wɔ Alaska Artik mpɔtam hɔ—faako a nkuraase no ntam atete akwansin pii—no wɔde Ɔwɛn Aban Asafo no wimhyɛn a ekura engine abien no adi dwuma de agu Ahenni aba wɔ nkurow bɛboro 150 mu. Nanso honhom mu nkɔso a wɔnam Bible adesua a wɔyɛ no daa so nya no gyina nkrataa-kyerɛw so. Esiane sɛ ɛyɛ nnipa pii den sɛ wɔbɛkyerɛw krataa nti, ehia sɛ Bible kyerɛkyerɛfo no tumi yɛ obi a ɔma nneɛma yɛ anika na amma osuani no anigye ammrɛ ase. Ɔkwan bɛn so na eyi betumi ayɛ yiye?
Kathy ne Edna yɛɛ Bible adesua a enya nkɔso ɛmfa ho sɛ na ɔkwan a ɛda wɔn ntam no bɛboro kilomita 600 no! Sɛ́ anka Kathy bɛhwɛ nhoma a wosua no mu nsɛmmisa no so akyerɛw agu krataa no so no, na ɔkyerɛw nsɛmmisa no gu krataa foforo so, na ogyaw baabi a ɔbɛkyerɛw mmuae no ahyɛ. Sɛ Edna kyerɛw mmuae no wie a, Kathy de krata no ho mmuae ma, na ɔkyerɛw nkyerɛkyerɛmu a ɛho hia hyehyem de kyerɛkyerɛ nsɛm mu. Kathy ka sɛ: “Miyii Wukuda anwummere sii hɔ maa yɛn ‘adesua’ no, na mebɔɔ mmɔden sɛ medi so te sɛ Bible adesua nhyehyɛe afoforo biara a meyɛ no ara. Afei nso na mede nhoma kotoku a mabɔ address agu akyi de stampo atim so mena Edna. Esiane sɛ egye dapɛn abien ansa na krataa no adu nti, na ɛte sɛ nea adesua a menam nkrataa-kyerɛw so yɛ no nkɔ ntɛm no.”
Susuw anigye a ɛbae bere a nkrataa-kyerɛw a wɔnam so asua ade asram du akyi no, Kathy ne Edna hyiae wɔ ɔmantam nhyiam bi ase wɔ Anchorage no ho hwɛ! Adansefo no nso ani gyei sɛ Bible asuafo ne anigyefo a wofi Alaska nkuraase pii a atew ne ho no bɛkaa wɔn ho.
Ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a na ɛte sɛ nea nkɔso mma ntɛmntɛm de, nanso sɛ nokware hann no hyerɛn “aba” bi so a, efifi ntɛmntɛm. Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, wɔbɔ Yehowa ayeyifo afoforo bɛboro ɔha asu, afe biara wɔ Alaska! Yɛn asɛm ne sɛ, “Yehowa, yɛda wo ase” sɛ woama anyin!