So Wimhyɛn Akwantu—Da So Yɛ Nea Asiane Nnim?
AMUMƆYƐFO akogye wimhyɛn akɛse anan a ɛfa nnipa pii wɔ tumi so. Wimhyɛn anan ahwe ase. Mmeae a agye din sen biara a wɔasɛe no. Wimhyɛn kɛse 767 a ɛrehwe Aban a Ɛbɔ ho Abien biako mu, a wɔayi no mpɛn pii wɔ television so.
Ntua a ɛbaa September 11, 2001 no, de yɛn ahyɛn amumɔyɛfo anuɔdensɛm bere a ɛyɛ hu mu. Amumɔyɛfo fii ase de wimhyɛn dii dwuma sɛ wɔn adwinnade a wɔnam so du wɔn botae a wɔde bekunkum nnipa ho, na wimhyɛn bɛyɛɛ nea wɔde ɔtopae hyɛ mu tow ogya a ano yɛ den kɛse.
Ne saa nti, wimhyɛn akwantufo a ehu aka wɔn foforo bi aba: Ehu aka wɔn a na anka wɔte nka sɛ asiane nni wimhyɛn akwantu mu no, esiane sɛ seesei wosusuw sɛ amumɔyɛfo betumi atoa wɔn nti. Bio nso, wimhyɛn akwanhyia a adi awu kɛse a asisi atoatoa so wɔ September 11 akyi a ɛnnam amumɔyɛfo so no ama suro a nnipa pii suro wimhyɛn akwantu no ayɛ kɛse.
Nokwarem no, wimhyɛn akwantu yɛ nea ne bo yɛ den a ɛnyɛ nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa na wobetumi de atu kwan. Nanso, wɔ afoforo fam no, ɛyɛ ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so tu kwan bere nyinaa. Wɔ wɔn a wɔn nnwuma hwehwɛ sɛ wotu akwan bebree fam no, wɔrentumi nkwati wimhyɛn mu tra. Mpɛn pii no, Kristofo asɛmpatrɛwfo ne asomfo de wimhyɛn tu kwantenten de kɔyɛ wɔn dwumadi a wɔde ahyɛ wɔn nsa no na wɔsan foro de ba. Wɔ ahiafo fam mpo no, ɛtɔ mmere bi a ɔkwan biako pɛ a wobetumi afa so bere a ayaresa a egye ntɛmpɛ asɔre no ne sɛ wɔbɛforo wimhyɛn. Afei nso, ɛyɛ adwuma a wimhyɛnkafo ne wɔn aboafo mpempem pii yɛ de nya wɔn asetrade.
Ɛsɛ sɛ wimhyɛn akwantufo a ebia wɔn mu pii abɔ hu no ka wɔn ahokafo a wɔahaw ne wɔn mma a ehu aka wɔn no koma to wɔn yam ansa na wɔatu wɔn kwan no. Enti, bere a wimhyɛn akwantu a kan no na ɛte sɛ akwantu biara no dan ahohia no, akwantufo bisa sɛ wimhyɛn akwantu da so ara yɛ kwan pa a ɛsɛ sɛ wɔfa so tu akwan anaa.
Sɛnea ɛbɛyɛ a yebesusuw saa ahiasɛm yi ho no, Nyan! ne ahobammɔ animdefo, wimhyɛn gyinabea adwumayɛfo, wimhyɛn adwumayɛ mpanyimfo, ne adwumayɛfo a wosiesie wimhyɛn susuw nsɛm ho. Ɛkame ayɛ sɛ wɔn nyinaa gye tom sɛ: Ɛwom sɛ wimhyɛn akwantu yɛ kwan a wɔfa so tu kwan a asiane nnim koraa sen biara de, nanso asiane foforo a aba no hwehwɛ sɛ wɔfa akwan foforo so ma ɔmanfo a wɔde wimhyɛn tu kwan no nya ahobammɔ a edi mu.
Nsɛm a edi hɔ no bɛka nsɛnnennen a ɛwom ne nea w’ankasa wubetumi ayɛ ama w’ahobammɔ ne ahotɔ adi mu bere a wode wimhyɛn tu kwan no ho asɛm.