Wimhyɛn Akwantu a Asiane Nnim a Wɔhwehwɛ
ALEX tee nka sɛ ɔreyɛ adi ne wimhyɛn akwantu ho hu so koraa wɔ nnawɔtwe kakra ansa na September 11, 2001 reba no mu. Bere a wimhyɛn a ɛfa nnipa a ɔte mu no tu fii Athens a ɛrekɔ Boston no, ɔpanyin yi a ɔhwɛ adwuma bi dwumadibea a wɔde nsɛm to gua so a wadi mfe 42 no fii ase tee nka sɛ ehu aka no kakra—ne koma fii ase bɔɔ paripari na ne nsam ne ne moma so tew fifiri pii.
Nanso na onim nea ehia sɛ ɔyɛ. Ɔyaresafo a na ɔrebɔ mmɔden aboa no ma wadi ne hu a ɔwɔ wɔ wimhyɛn akwantu ho so no aka akyerɛ no sɛ ɔntwe ahome kɛse nkɔ ne mu, nyɛ beae a ɛyɛ ahomeka ho mfonini wɔ n’adwenem, na onso n’akongua mu denneennen, na onnyaa mu mpɛn anan wɔ simma 1 mu. Sɛ wimhyɛn no wosow na dede ahorow no pɛ sɛ ɛhyɛ no so a, ɔyɛ ho mfonini wɔ n’adwenem te sɛ nea ogyina mpoano bi a ɛhɔ yɛ komm. Alex kae sɛ: “Ɛyɛɛ me sɛ meredi ehu a ɛwɔ me mu no so ankasa.”
Wɔn a wɔde wimhyɛn tu kwan ɔpepem pii anya osuro pɛn sɛ wɔbɛforo wimhyɛn. Wɔ mfe kakra ni no, abusuafo, adwumawuranom, ne wimhyɛn adwumayɛbea ahorow a mpɛn pii no wɔn nyinaa atirimpɔw ne sɛ wɔbɛma wɔn a wosuro wimhyɛn no aforo no, ahyɛ wɔn nkuran ma wɔakɔ sukuu a ɛboa wɔn a wosuro wimhyɛn akwantu no. Wɔ wɔn a wɔde wimhyɛn tu kwan pii fam no, wonyaa adesua no so mfaso; adekyerɛ kuw pii de tuu wɔn ho sɛ wɔn a wɔkyerɛɛ wɔn ade no mu bɛyɛ ɔha mu nkyem 90 tumi dii ehu no so nkonim.
Nanso September 11, 2001 sesaa ne nyinaa. Alex gyae sukuu a na ɔrekɔ no ntɛmpa ara. Na nea edii n’adwumawura huammɔ no, ɔsan nso twaa wimhyɛn akwantu nhyehyɛe a na ɔde rekohyia onipa titiriw bi a na wɔn adwuma no pɛ sɛ wɔne no di gua no mu. Alex kae sɛ: “Wimhyɛn akwantu ho suro a ɛda me so ne amumɔyɛfo ntua a abɛka ho no, yɛ den ma me dodo. Ayaresa no ansiesie me amma saa tebea no.”
Bammɔ Ho Nhwehwɛmu a Ɛkɔ Akyiri
Wɔn a wɔde wimhyɛn tu kwan a ehu aka wɔn no ka nso sɛ wobisaa wɔn a wɔde ɔhyɛ gyee wimhyɛn wɔ September 11, 2001 no nsɛm koro no ara a daa wobisa wɔn a wɔforo no, te sɛ: “So obi a wunnim no de biribi ama wo sɛ fa foro wimhyɛn yi? So w’ani apa nneɛma a wode retu kwan yi bi so fi bere a wo hyehyɛe no?” Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wɔde ɔhyɛ gyee wimhyɛn no nso de mmuae a nnipa pii de ma no na ɛmmae: “Dabi!” Bammɔ ho animdefo bi nso ka sɛ foro a wɔn a wɔde ɔhyɛ gyee wimhyɛn no tumi foroo wimhyɛn no a wɔantumi ankyere wɔn no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wimhyɛn akwantu ho bammɔ akɔ fam. Jim McKenna, kan Wimhyɛn Akwantu Bammɔ Ho Apam Adwuma Kwankyerɛfo kae sɛ: “Ná obiara anaa biribiara ntumi nsakra ahobammɔ nhyehyɛe a na ɛwɔ hɔ no. Sɛ yɛde wimhyɛn anan a wogyee no ɔhyɛ so sɛee no, ne nnipa mpempem pii a wowuwui no bom a, ɛno nkutoo betumi ayɛ adanse a ɛdɔɔso a ɛbɛma saa nsakrae no aba.”
Efi saa wimhyɛn akwanhyia a edii awu pii so reba no, wɔreyɛ nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri wɔ wimhyɛn gyinabea ne wimhyɛn bammɔ nyinaa ho. Wɔ mmarahyɛ bagua nhyiam bi ase no, Kenneth M. Mead a ɔyɛ U.S. Adwumayɛbea a ɛhwɛ Akwantu Nhyehyɛe so soafo panyin no, kae sɛ: “Ɛmfa ho bammɔ nhyehyɛe foforo a wɔayɛ no, mmeae bi da so ara wɔ hɔ a bammɔ nhyehyɛe no tɔ sin ma ɛyɛ hu . . . a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ sisiw ntokuru a ɛdeda ho no.” Dɛn na wɔreyɛ de asisiw saa ntokuru no?
Hyɛntiafo Mu a Wɔhwehwɛ De Yi Wɔn a Wobetumi De Asiane Aba
Bere a wobisaa U.S. wimhyɛn adwuma kɛse bi bammɔ sohwɛfo panyin sɛ osuro sɛ ɔde wimhyɛn betu kwan anaa no, obua no ntɛmso sɛ: “Dabi, mewɔ ahotoso wɔ CAPS mu.” Na ɔrekyerɛ nhyehyɛe bi a wɔfrɛ no Computer Assisted Passenger Screening (Hyɛntiafo a Kɔmputa Boa Ma Woyiyi Wɔn Mu), a ɛyɛ wimhyɛn adwumayɛ ahorow a wɔde saa nhyehyɛe yi di dwuma no tekiti biara a wɔtɔn ho kyerɛwtohɔ. Saa nhyehyɛe yi kyerɛ beae a wɔtɔɔ tekiti no, sɛ ɛyɛ wimhyɛn tekiti adwumayɛdan mu anaa asoɛe a ɛhwɛ akwantu so anaa sɛ wɔde faa Intanɛt so. Ɛyɛ kyerɛwtohɔ afoforo te sɛ ebia na hyɛntiafo no nkutoo na ɔretu kwan no anaa ɔne n’abusua anaasɛ ayɔnkofo foforo ka ne ho, ne nsɛm afoforo te sɛ wadi nsɛmmɔne pɛn anaa wayɛ biribi atia wimhyɛn adwuma no, adwumayɛfo, anaa wɔn nneɛma.
Bere biara a hyɛntiafo bi kɔ wimhyɛn gyinabea kɔhwɛ n’akwantu ho nsɛm ansa na watu kwan no, wɔhwehwɛ saa nsɛm no mu na wɔde nsɛm foforo a wɔahu, a mmuae a ɔde ma wɔ nsɛm a wobisabisa no ho no ka ho. Nsɛm pɔtee a wonya ne nhwehwɛmu a wɔyɛ hwɛ sɛ obi betumi ayɛ ɔhaw ama bammɔ nhyehyɛe no yɛ wimhyɛn adwumayɛ no ahintasɛm a wɔbɔ ho ban denneennen. Wɔde nhyehyɛe ahorow a ɛte sɛ CAPS di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa, ebinom ne nniso afoforo ne amanaman ntam polisifo asoɛe te sɛ Interpol di nkitaho tẽẽ. Wɔ Europa wimhyɛn gyinabea pii no, akwantu tumi krataa nhyehyɛe ahorow a wɔayɛ no tumi yɛ hyɛntiafo akwantu abakɔsɛm ho kyerɛwtohɔ ne akwan a wotu fi ɔman biako mu kɔ foforo mu.
Adwene a ɛwɔ saa nsɛm a wɔyɛ mu nhwehwɛmu yi akyi ne sɛ nnipa a wɔwɔ adwemmɔne betumi ayɛ asiane kyɛn nneɛma a wɔde foro wimhyɛn ne bag ahorow a wɔde tu akwan no. Enti, sɛnea ɛbɛyɛ na wimhyɛn gyinabea bammɔ akɔ anim kɛse no, wɔresusuw ho mprempren sɛ wɔde nipadua ho ahyɛnsode ahorow ne rɔba nkrataa nketewa a obi ho nsɛm wɔ so bedi dwuma.
Wɔ hyɛntiafo ho nhwehwɛmu akyi no, nea ehia titiriw a ɛka wimhyɛn gyinabea ahobammɔ ho nso bi ne mmɔden a wɔrebɔ sɛ wobesiw nneɛma a ɛyɛ hu a wɔde foro wimhyɛn kwan no. Nhwehwɛmu a wɔde X-ray mfiri yɛ wɔ n’akwanside ahorow. Ɛyɛ den ma wimhyɛn gyinabea adwumayɛfo sɛ wɔn ani betumi ada hɔ bere tenten efisɛ nneɛma a ɛnam X-ray mfiri mu ho mfonini a wonhu no yiye hwɛ yɛ anihaw. Wɔ bere koro no ara mu no, twebo ahoɔden kɔ so de kɔkɔbɔ a ɛnyɛ nokware ma mpɛn pii sɛ akyere biribi, nanso na ɛyɛ dan nsafe, sika ne nnade a ɛhyehyɛ bɛlt ano.
Wɔhyɛ Mmara a Emu Yɛ Den
Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔadi saa akwanside no so no, aban ahorow ahyɛ mmara a ɛbɛma wimhyɛn gyinabea ahobammɔ mu ayɛ den. Wɔ United States no, na eyi hwehwɛ sɛ nneɛma biara wɔ ne wura wɔ wimhyɛn no mu, na wɔhwehwɛ nneɛma biara a wɔde hyɛ adekorabea no mu, na wɔsan hwehwɛ nneɛma a wɔahwehwɛ mu dedaw mu hwɛ sɛ atopae hyehyɛ mu, a wɔde bedi dwuma wɔ afe 2002 awiei. Wogu so reyɛ wimhyɛnkafo apon a emu bɛyɛ den a wɔrentumi mmu ani. Wɔde nsɛnnennen ho ntetee afoforo rema wimhyɛn adwumayɛfo. Wɔde asraafo mpanyimfo a wotumi siw wimhyɛn a wogye no ɔhyɛ so ano nso redi dwuma wɔ wimhyɛn a wɔde fa nnipa gye sika mu.
Wɔ adapɛn ne asram a edi September 11, 2001 akyi no, ná wɔde nsa na ɛhwehwɛ hyɛntiafo ho ntɛmntɛm ne wɔn nneɛma mu wɔ wimhyɛn gyinabea pii mu wɔ wiase afanan nyinaa. Wɔ tebea afoforo mu no, wɔfaa kwan foforo a wɔfa so de nsa hwehwɛ hyɛntiafo ne nneɛma a wokura mu dii dwuma. Ahwɛyiye nhyehyɛe a ɛte sɛɛ nyɛ ade foforo mma Europa akwantufo, a wohui sɛ wɔde redi dwuma wɔ mmeae pii wɔ 1970 mfe no mu, bere a wimhyɛn a wogye no ɔhyɛ so duu ne mpɔmpɔn so no. Seesei wɔabara hyɛntiafo sɛ wɔmmfa nnwinnade a ano yɛ hwirenhwiren mforo wimhyɛn. Hyɛntiafo a wokura tekiti a ɛfata nkutoo na wɔma wɔn kwan ma wotwam wɔ beae a wɔn a wɔhwɛ bammɔ so no gyina hɔ. Santen mu a obi di ma wɔhwehwɛ ne nneɛma mu ansa na waforo wimhyɛn ne asraafo a wɔde atuo gyina wimhyɛn gyinabea akokwaw nnipa pii.
Wɔde Adwene Si Afiri no Siesie So Kɛse
Yɛ tebea a ɛyɛ awerɛhow a ɛtaa si yi ho mfonini wɔ w’adwenem: Bere a hyɛntiafo no afa wimhyɛn gyinabea nhwehwɛmu mmeae ahorow mu awie no, afei obedu ɔpon a ɔbɛfa mu akɔ wimhyɛn no mu ano, a ɔtwɛn sɛ wimhyɛn nanmusifo no bɛbɔ amanneɛ sɛ wɔmforo wimhyɛn no. Hyɛntiafo a ɔyɛ oguadifo a ɔhyɛ atade nsonso a ɔwɔ n’akyi no bisaa no sɛ, “so wotee? Wimhyɛn no baabi asɛe nti entumi ntu seesei.” Ɛhaw no na ɔde ka ho sɛ: “Migye di sɛ wɔremma yɛnsan nkɔ fie a wɔmma yɛn wimhyɛn ntu kwan no!”
Nea hyɛntiafo pii nnim ne sɛ wimhyɛn asoɛe ahorow wɔ nhwehwɛmu nhyehyɛe a emu yɛ den na ɛkɔ akyiri. Wɔnam wimhyɛn no akwantu ho kyerɛwtohɔ a wɔhwɛ mu yiye so tumi hu sɛnea ɛho hia sɛ wosiesie wimhyɛn no. Nokwasɛm ne sɛ, saa asoɛe yi hwehwɛ sɛ wobesiesie wimhyɛn ne ne engine no wɔ bere a wɔahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ—wɔbɛyɛ no mpɛn pii daa sen mpɛn dodow a wɔde siesie kar—bere a wimhyɛn no nni kyerɛwtohɔ mpo sɛ ɛho biribi asɛe pɛn no.
Ɔpanyin a ɔhwɛ wimhyɛn asiesie so wɔ wimhyɛn adwuma kɛse bi mu betumi adi eyi ho adanse. Ɔka sɛ: “Wɔ mfe bɛyɛ 15 a madi wɔ saa mfiridwuma yi mu no, menkae sɛ mahu obi, akasa akyerɛ obi, anaasɛ mahyɛ no nsow sɛ obi a osiesie wimhyɛn mmaa ho ahobammɔ nyɛɛ no aniberesɛm paa da. Anyɛ yiye koraa no, adwumayɛfo no nnamfo ne abusuafo nso fa wimhyɛn a wɔde yɛ adwuma no, enti wɔntoto n’ahobammɔ ase koraa.”
Wɔn a wɔyɛ wimhyɛn ne wɔn a wosiesie no te nka sɛ asodi kɛse da wɔn so. Wɔn mu biako kae sɛ: “Me werɛ remfi da a DC-10 hwee ase wɔ Sioux Kuropɔn Iowa mu no. Saa bere no na meyɛ adwuma sɛ obi a osiesie wimhyɛn, na na meresiesie nneɛma nketenkete a asɛe wɔ wimhyɛn koro no ara bi mu wɔ wimhyɛn no to. Saa bere yi na yɛwɔ amanneɛbɔ ketewa bi fa wimhyɛn ankasa a ahwe ase no ho. Mekae ahwɛyiye kɛse a ɛso bi nni a mede yɛɛ m’adwuma saa anadwo no, a na me dwennwen ho sɛ, ‘Dɛn na ɛyɛɛ wimhyɛn no? So ebia obi werɛ fii biribi a metumi ahu seesei na ama m’atumi akwati sɛ saa asiane no bi besi bio? So na mereyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ sɛnea ɛsɛ sɛ meyɛ?’ Mede bere tenten yɛɛ adwuma wɔ wimhyɛn ne to fam hɔ anwummere no, a na merehwehwɛ ho na misusuw tebea no ho.”
Wɔma wimhyɛn mfiri ho adwumayɛfo ntetee bere biara wɔ wɔn adwuma no afa horow no nyinaa mu, fi nnwuma a wɔyɛ no daa so kosi nhwehwɛmu a wɔyɛ kɔ akyiri de hu mfomso na woyi ɔhaw ne nsɛnnennen a asɔre fi hɔ so. Wɔde ntetee a ɛkɔ anim ne tebea biara a ebetumi asɔre nso ho de ma wɔn a wosiesie wimhyɛn mfiri afe biara, fi nea ɛyɛ nneɛma a ɛtaa si so kosi nea ɛyɛ soronko so.
Wɔ wimhyɛn asiane bi akyi no, wɔboa nea ɛma esii ho nsɛm ano na wosusuw ho na wɔde gu afiri a ebetumi ama wɔayi nea esii no de asɔ nea ebetumi asi ankasa ahwɛ. Wimhyɛnkafo ne wimhyɛn mfiridwumayɛfo de saa afiri no di dwuma de hwehwɛ tebea no ano aduru sɛnea ɛbɛyɛ a wimhyɛnkafo ne n’aboafo betumi adi tebea koro no ho dwuma yiye daakye. Afei, wɔyɛ ntetee a ɛfa ho nhyehyɛe ma wimhyɛnkafo ne n’aboafo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde akwankyerɛ pɔtee bɛma. Nhwehwɛmu a ɛte saa tumi ma wɔsesa wimhyɛn ne n’afa horow bi a wɔwɔ awerɛhyem sɛ wobesua biribi afi saa mfomso no mu ma atumi atew asiane so.
Mfiri ho odwumayɛni bi kae sɛ: “Wɔka kyerɛ yɛn nyinaa sɛ ‘ahobammɔ mma ara kwa—ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho nhyehyɛe.’”
Ɔsan Foro Wimhyɛn Bio
Wɔ asram anan ntam a osii gyinae sɛ ɔremforo wimhyɛn akyi no, Alex sii gyinae sɛ afei ɛsɛ sɛ otumi di ehu a ano yɛ den yi so. Ɛkame ayɛ sɛ polisifo mpanyimfo ne wɔn a wɔbɔ ɔman ho ban a na wɔwɔ Boston Logan Amanaman Ntam Wimhyɛn Gyinabea no anhaw no. Santen atenten ne nsa a wɔde hwehwɛ nneɛma a wɔde tu kwan mu anhyɛ no abufuw koraa.
Wɔ Alex fam no, eyi yɛ awerɛhyem ho sɛnkyerɛnne ma n’ankasa wimhyɛn akwantu a asiane nnim a ɔhwehwɛ no. Mfifiri kakra da so tew no ara, na ne koma nso da so bɔ kakra. Nanso, bere a Alex de ne nneɛma a okura wɔ ne nsam a wɔahwehwɛ mu no hyɛ adekorade a ɛwɔ n’atifi no mu no, ɔka sɛ: “Me ho asan me seesei.”
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 5]
Wimhyɛn Akwantu Ho Nokwasɛm Ahorow
Sɛnea akontaabu kyerɛ no, ehu ka nnipa a wɔde wimhyɛn tu kwan no mu pii bɛyɛ 5 biara mu 1. Nanso, ɛnyɛ nnipa yi nyinaa na wɔte nka sɛ asiane wɔ wimhyɛn akwantu mu. Mpɛn pii no, wɔn dadwen no fi nneɛma ho suro, te sɛ nneɛma a ɛkorɔn anaa mmeae a nnipadɔm ahyɛ hɔ ma.
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 8]
MPƐN DODOW AHE NA ASIANE A EDI AWU BETUMI ASI?
Hokwan a ɛwɔ Hokwan a ɛwɔ
hɔ sɛ ebetumi hɔ sɛ ebetumi
asi wɔ afe asi wɔ nkwa nna
mu no yɛ 1 wɔ: mu no yɛ 1 wɔ:
Kar 6,212 81
Awudi 15,104 197
Nea efi mfiri 265,000 3,500
Wimhyɛn akwanhyia 390,000 5,100
Nsu a ɛfa obi wɔ guasɛn mu 802,000 10,500
Mmoa ne afifide a edi awu Ɔpepem 4.2 55,900
Anyinam Ɔpepem 4.3 56,000
[Asɛm Fibea]
Source: National Safety Council
[Mfonini wɔ kratafa 6]
Wimhyɛn gyinabea ahobammɔ a akɔ anim
[Asɛm Fibea]
AP Photo/Joel Page
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Hyɛntiafo kyerɛwtohɔ mu ne wɔn ho a wɔhwehwɛ
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Wimhyɛn asiesie a atu mpɔn
[Mfonini wɔ kratafa 8]
Wimhyɛnkafo yɛ adwumayɛfo a wɔde ntetee a ɛkɔ akyiri ma wɔn