Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 12/8 kr. 9-12
  • W’ahobammɔ a Wobɛma Ahia Wo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • W’ahobammɔ a Wobɛma Ahia Wo
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ehu a Yebegyina Ano
  • Akwantu a Ɔhaw Nnim
  • Wimhyɛn no Mfa Wo Nkodu Dwoodwoo!
  • So Wimhyɛn Akwantu—Da So Yɛ Nea Asiane Nnim?
    Nyan!—2002
  • Wimhyɛn Akwantu a Asiane Nnim a Wɔhwehwɛ
    Nyan!—2002
Nyan!—2002
g02 12/8 kr. 9-12

W’ahobammɔ a Wobɛma Ahia Wo

WIMHYƐN a etumi kɔ soro anammɔn kilomita 11 fi asase so mu akwantu betumi ayɛ hu ama ebinom. Ebetumi ayɛ te sɛ nea woabu w’ani agu adebɔ ho mmara so. Esiane sɛ ahobammɔ ho nhyehyɛe ne wimhyɛn akwantu a wotumi de ho to so anya nkɔanim foforo nti, asiane a ebetumi afi saa dade teaa a ɛrepɛ ntɛm wɔ ahunmu mu a wɔtra abɛyɛ kakraa bi. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, tebea a ɛyɛ den a etumi si ankasa kae yɛn sɛ asiane betumi aba.

Ehu a Yebegyina Ano

Ɛmfa ho saa nokwasɛm yi no, nnipa fi bere tenten a atwam ni ada wimhyɛn akwantu ho akɔnnɔ adi. Mfeha du ansa na Kristo reba no, Ɔhene Dawid kyerɛwee sɛ: “O, sɛ mewɔ ntaban sɛ aborɔnoma de ɛ, anka metu makɔtra baabi.” (Dwom 55:6) Sɛnea yɛadi kan ahu no, nnɛyi mfiridwuma ho nimdeɛ ama wimhyɛn akwantu nyɛ hu koraa. Dabi, ɛnyɛ pɛ. Biribiara nni wiase yi mu a asiane nnim koraa anaa wobetumi aka nea ebesi wɔ ho daakye pɛpɛɛpɛ.

Ɛho hia paa sɛ yɛkae saa asɛm yi sɛ yehu sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛyɛ yɛn ade wɔ ntease mu bere a ɛnyɛ yɛn na yedi biribi anim na ɛyɛ obi foforo no. Ebia ebinom adwene bɛyɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ midi dwumadi no anim a, ɛrenyɛ hu bebree.’ Sɛ saa na asɛm no te a, ɛbɛyɛ den ama nnipa binom wɔ tebea a wonni so tumi kɛse anaa wonni hokwan sɛ wobedi anim no so. Wimhyɛn akwantu de saa tebea horow no bi ba.

Ɛmfa ho mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛma wimhyɛn akwantu mu ahobammɔ atu mpɔn no, ɛnsɛ sɛ obiara yɛ anibiannaso. Wɔn a wɔde wimhyɛn tu kwan nyinaa betumi aboa na wabrɛ nea ebetumi de asiane aba ase. Asoɛe ahorow da so ara de asiane ahorow ho kɔkɔbɔ ma. Bible abebusɛm bi a nyansa wom ka sɛ: “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw.” (Mmebusɛm 22:3) Nyansa wom sɛ yebehu sɛ asiane betumi asi wɔ dwumadi biara mu. Fa nhumu di dwuma na kae sɛ, ɛsɛ sɛ wufi nyansam yɛ ahwɛyiye wɔ wimhyɛn akwantu mu sɛnea wobɛyɛ wɔ tebea horow mu no ara.

Ebia wɔn a wɔtaa de wimhyɛn tu kwan no betumi ahwɛ wɔn ho so yiye wɔ tebea a ɛyɛ den sɛɛ mu. Eyi te saa efisɛ wɔn a wɔtaa tu kwan no nim wimhyɛn gyinabea ne wimhyɛn ahorow yiye sen hyɛntiafo afoforo. Wubetumi anya sɛnea wonim wimhyɛn ne odwo a wɔwɔ no bi denam adeyɛ a ɛnyɛ den a wɔakyerɛ mu wɔ nnaka a edidi so no mu a wobedi akyi no so.

Akwantu a Ɔhaw Nnim

Bere a nneɛma mu a wɔhwehwɛ de mmoa a ɛho hia ma no, akwantufo binom—titiriw wɔn a wɔpɛ ntɛm—taa bu no sɛ ɛhaw adwene. Esiane sɛ ahobammɔ wɔ wimhyɛn gyinabea ahorow mu ayɛ den nti, ebia wobɛpɛ sɛ wode nyansahyɛ a edidi so yi bedi dwuma na ayɛ mmerɛw ama wo:

◼ Du hɔ ntɛm. Nhyehyɛe a wobɛyɛ na wɔadu wimhyɛn gyinabea hɔ ntɛm ansa na atu no, betumi ama woatɔ wo bo ase, ahome, na woakwati ahoyeraw a sɛ nea wɔnhwɛ kwan anaa tebea a enye si a ɛde ba no.

◼ Sɛ worepaw wimhyɛn a, hwehwɛ nea aguadifo akwantufo fa no. Wɔn ho akokwaw wɔ wimhyɛn akwantu mu, wonkura nneɛma pii, na wɔpɛ sɛ wɔkɔ hare so.

◼ Ansa na wobɛfa dade pon a ɛkyere nneɛma mu no, yiyi nneɛma a wususuw sɛ ebetumi ama n’abɛn no abɔ no fi wo ho. Nea ɛka eyi ho ne safe, sika, agude, ne telefon a wokura kyin. Fa ma nea ogye ahɔho no bere a worebɛfa pon no mu no.

◼ Fa wo bag ahorow ne nneɛma afoforo a wukura wɔ wo nsam no to bɛlt a ɛtwe nneɛma kɔ beae foforo no so ma ɛnna so tratraa sɛnea ɛbɛyɛ yiye; sɛ onii a ogyina X-ray afiri no akyi no hu biribi a ne su nna adi yiye a, ebia ɔbɛpɛ sɛ wubue wo nneɛma no so anaa wosan de fa ɔpon no mu bio.

◼ Ka nneɛma bi a wohwɛ a ebetumi atwe nea ogye ahɔho no adwene akɔ so ho asɛm kyerɛ no, te sɛ dwetɛ sanku a ne hama dɔɔso a wo nenabea de maa wo. Sɛ nea ogye ahɔho no te ade a ne su yɛ soronko a ɛda ade a wɔde sɔ nneɛma hwɛ no so nkyerɛkyerɛmu no ase a, ɛremma sɛ ɔbɛhyɛ katee sɛ bue wo nneɛma no so. Sɛ wopɛ ntɛm a, bue ade ko no so ansa na bere adu na ma wɔmfa wɔn nsa nhwehwɛ mu.

◼ Sɛ abɛn no bɔ a, kyerɛkyerɛ mu ntɛmpa ara. Sɛ nea ogye ahɔho no nim sɛ ade bi a atew ne ho na ɛmaa abɛn no bɔe a, sɛ ɔwɔ hokafo a okura nea wɔde sɔ nneɛma hwɛ wɔ ne nsam a, ɔbɛma woakɔ ne hɔ.

◼ Ɔkwan biako a ɛremma wo nsa nka wimhyɛn a wode retu kwan no ne sɛ wobɛfa wimhyɛn a wɔde ɔhyɛ gye anaa ɔtopae wom sɛ ɛyɛ agosɛm. Nea ɛka hwehwɛ a wimhyɛn gyinabea bammɔ mpanyimfo bɛhwehwɛ wo nneɛma mu akɔ akyiri ho no, ebia wɔbɛbɔ wo sobo sɛ woato mmara.

Wimhyɛn no Mfa Wo Nkodu Dwoodwoo!

So ebetumi ayɛ yiye sɛ wobɛpaw wimhyɛn a ɛremfa wo nto asiane mu? Yiw. Ɛmfa ho wimhyɛn ko a wobɛfa no, hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ wubedu dwoodwoo no yɛ nea edi mũ koraa. Sɛ w’adwenem yɛ wo naa a, yɛ nhwehwɛmu fa wimhyɛn a wopɛ sɛ wode tu kwan no bammɔ ho kyerɛwtohɔ ho. Ma ɛntra w’adwene mu sɛ ɛmfa ho wimhyɛn akwanhyia ahorow a asisi no, wobu wimhyɛn akwantu sɛ ɛyɛ kwan biako a asiane nnim koraa a wɔfa so tu kwan.

Ne nyinaa mu no, yɛn nyinaa betumi ahwɛ bere bi kwan—wɔ Onyankopɔn nniso ase wɔ wiase nyinaa—a ahotɔ, ahobammɔ ne awerɛhyem wom mu. Wɔ adesamma abusua a wɔwɔ asomdwoe a wosuro Onyankopɔn mu no, obiara a ɔde nnipa nkwa to asiane mu rentra hɔ. Nnipa ‘bɛtra hɔ komm, na wɔn ho adwo wɔn a wɔrensuro sɛ amane reba.’—Mmebusɛm 1:33.a

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ sɛ wuhu nsɛm a ɛfa eyi ho a, hwɛ “Making Air Travel Safer,” (Wimhyɛn Akwantu a Wɔbɛma Ayɛ Nea Asiane Nnim Pii), September 22, 2000 Engiresi Nyan!; “Have a Safe Flight!” (Wimhyɛn no Mfa Wo Nkodu Dwoodwoo!), September 8, 2000 Engiresi Nyan!; “What Does It Take to Keep Them Flying?” (Dɛn na Yɛbɛyɛ na Ama Wɔakɔ so Aforo Wimhyɛn?), September 8, 1999 Engiresi Nyan!; “How Safe Are Planes?” (So Asiane Nni Wimhyɛn Foro Mu?) March 8, 1999 Engiresi Nyan!; “Fear of Flying—Does It Keep You Grounded?” (Wimhyɛn Foro Ho Suro—So Ɛmma Wuntu Kwan?) September 22, 1988 Engiresi Nyan!

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 10, 11]

AHOBAMMƆ HO NYANSAHYƐ AHOROW BI

Fa wimhyɛn a ɛrekɔ beae a worekɔ tẽẽ no. Wimhyɛn akwanhyia pii si bere a wimhyɛn no retu, ɛreforo akɔ soro, ɛresian anaa bere a ɛresi fam no. Wimhyɛn a ennyina kwan so wɔ n’akwantu mu betumi atew saa akwan a wimhyɛn fa so tu de si fam a asiane pii wom yi so.

Fa wimhyɛn a ɛsõ. Ɛda adi sɛ wɔn a wɔyɛ wimhyɛn tɔ wɔn bo ase de ahwɛyiye siesie wimhyɛn a ɛfa boro nnipa 30 no sen wimhyɛn nketewa ma ɛne ɛho akwankyerɛ hyia pɛpɛɛpɛ. Afei nso, sɛ asiane kɛse a ɛntaa si kɔba a, wɔn a wɔte wimhyɛn a ɛsõ mu pii tumi nya wɔn ti didi mu.

Tie ahobammɔ akwankyerɛ a wɔde ma ansa na wimhyɛn no atu no yiye. Ɛwom sɛ ebia na woate amanneɛbɔ no mpɛn pii de, nanso ebetumi aba sɛ ɛsono baabi a wimhyɛn biara akwan a wɔfa mu pue bere a asiane asi ne sɛnea ɛbɛn akongua ko a wote so no wɔ.

Mfa nneɛma a emu yɛ duru ngu adekorabea a ɛwɔ w’atifi no mu. Ebia adekorabea a ɛwɔ w’atifi no rentumi nkora nneɛma a emu yɛ duru so wɔ bere a mframa a anoden nnyina faako wosow wimhyɛn no, enti sɛ wukura ade a w’ankasa ntumi mma so nto adekorabea hɔ a, ma wɔmfa nkɔto beae a wɔde nneɛma gu no ansa na wimhyɛn no atu.

Sɛ wotra ase a bɔ w’akongua bɛlt no. Wo bɛlt a wobɛkɔ so abɔ bere a wote w’akongua so no ma wunya ahobammɔ foforo a ebia wubehia wɔ bere a wimhyɛn no adu beae a mframa no bɔ denneennen na enyina faako no.

Tie wɔn a wɔsom ahɔho wɔ wimhyɛn mu no. Ade titiriw nti a wɔn a wɔsom wɔ wimhyɛn mu wɔ hɔ ne sɛ wɔbɛbɔ nnipa a wɔte wimhyɛn mu no ho ban, enti sɛ wɔn mu bi ka kyerɛ wo sɛ yɛ biribi a, di kan yɛ ansa na akyiri yi woabisa ho nsɛm.

Mfa nneɛma a asiane wom biara mforo wimhyɛn. Nneɛma pii wɔ hɔ a wɔmma ho kwan sɛ wɔde bɛforo wimhyɛn, nanso ɛsɛ sɛ yɛn ankasa hu sɛ nyansa nnim sɛ yɛde pɛtro, nneɛma a ɛwe nkannare, mframa a edi awu, ne nneɛma afoforo a ɛtete saa bɛkɔ wimhyɛn mu gye sɛ wimhyɛn dwumadibea no ma ho kwan na wɔde hyɛ adekorade a ɛfata mu.

Nnom mmosa pii. Mmosa biara a wobɛnom no ka wo kɛse wɔ wim sen sɛ wowɔ fam. Ɛyɛ nea nyansa wom sɛ wode anidahɔ bɛnom nsa bere a wimhyɛn no nam soro no.

Ma w’ani nna hɔ. Sɛ ɛkɔba sɛ tebea bi a egye ntɛmpɛ a ɛntaa nsi ba, te sɛ ahwɛyiye a ɛsɛ sɛ wɔde yi nkurɔfo fi asiane mu ntɛmpɛ so a, ɛsɛ sɛ wudi akwankyerɛ a asomfo a wogye ahɔho wɔ wimhyɛn mu ne wɔn a wɔka wimhyɛn no de ma no akyi na wufi wimhyɛn no mu ntɛmntɛm.

[Asɛm Fibea]

Source: AirSafe.com

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 12]

AWERƐHYEM A WOBƐMA W’ABUSUAFO ANYA

Sɛ wutu kwan a, sɛnea wubetumi aboa w’abusuafo ma wɔatumi adi wɔn dadwen so ni. Wɔfa fii United Behavioral Health Web site mu

Wo ne w’abusuafo nkasa. Ansa na wubetu kwan no, gye bere ne w’adɔfo nsusuw wo ne wɔn nyinaa ahobammɔ ho. Kyerɛ wɔn ahobammɔ nhyehyɛe a wɔayɛ ne sɛnea ebetumi abɔ wo ho ban wɔ w’akwantu no mu.

Ma wɔn kwan ma wɔnka nea ehia wɔn. Ma w’abusuafo no nka wɔn dadwen a ɛda wɔn so ho asɛm. Wɔdɔ wo na nea wɔpɛ ara ne sɛ asiane biara nto wo. Tie nea wɔwɔ ka no yiye na fa nea wɔka wɔ ehu ne dadwen a ɛda wɔn so no ho nyinaa aniberesɛm a wonkasa ntia wɔn.

Ma wɔn nokware awerɛhyem. Ka sɛnea asoɛe ahorow no rebɔ mmɔden akwati amumɔyɛfo ntua afoforo ho asɛm kyerɛ wɔn. Nea ɛka saa mmɔden a wɔrebɔ no ho ne ahobammɔ ho dwumadi a ɛkɔ akyiri a wɔayɛ wɔ wimhyɛn gyinabea ne afei wimhyɛn ahorow no ankasa mu no. Ɛntaa mma sɛ biribi bɔne besi bere a wote wimhyɛn mu no.

Wo ne wɔn nni nkitaho. Hyɛ bɔ sɛ wukodu beae a worekɔ no a, wobɛfrɛ wɔn. Kɔ so frɛ fie daa wɔ bere a wowɔ akwantu mu no. Ehia nso sɛ w’abusuafo behu kwan a wɔbɛfa so ne wo adi nkitaho wɔ bere a asɛm bi asi no.

[Asɛm Fibea]

Taken from the United Behavioral Health Web site

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Nya ɔpɛ sɛ wobɛma bammɔ mpanyimfo ahwehwɛ wo nneɛma mu wɔ wɔn gyinabea ahorow

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena