Wubetumi Ahu Adwinni Wɔ Abɔde Mu
YƐN mu dodow no ara hu sɛnea abɔde yɛ fɛ bere a yɛretu mpase wɔ wuram no. Ebetumi ayɛ nhwiren kuw bi, anomaa bi a ne ho yɛ fɛ, dua fɛfɛ bi, anaasɛ asase hwɛbea bi a ɛyɛ fɛ. Nnipa pii kyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ anaa Odwumfo Kunini bi na ɔyɛe.
Ebia wubesusuw sɛ nyansahufo nkutoo na wobetumi ahu abɔde mu adwinni a ɛyɛ nwonwa no. Nanso, wunhia nyansahu mu adwinni a ehu ade kɔ akyiri na ama woatumi ahu abɔde mu adwinni ahorow. Nea wuhia ara ne aniwa a eye, nneɛma ho a wubedwennwen kakra, ne w’ani a wobɛma akũ nneɛma a ɛyɛ fɛ ne ne yɛbea ho. Ebia ɛho behia nso sɛ wohwɛ nneɛma a wotaa hu a womfaa w’adwene nkɔɔ so papa no yiye.
Adwinni ahorow a ɛnkyere so pii koraa no mu biako ne nkyimii. Yetumi hu bi wɔ nneɛma a nnipa yɛ a yɛtaa hu te sɛ ahama a wɔabobɔ anaa toa ntuano nkyimii ho. Nanso, wubetumi ahu nkyimii a ɛyɛ fɛ kɛse koraa wɔ ɛpo mu nwakonkurowa anaasɛ aborɔbɛ nkɔnmu. Na sɛ wohwɛ afifide a wɔfrɛ no sunflower no nhwiren yiye paa a, wubehu nkyimii wɔ ɛno nso mu. Nkyimii kakra nso wɔ nhwiren a wɔfrɛ no rose ne ananse ntontan mu.
Gyen w’ani hwɛ ananse ntontan. Nea edi kan no, ananse no to ntontan no nnyinaso, biribi a ɛte sɛ sakre ntwahonan mu mpare no. Afei ofi ase wɔ mfinimfini de nhama a ɛyɛ toro suso mu keka toatoa mu. Ananse no nwene twa ho hyia ara kosi sɛ obewie ntontan no nwene. Nhama no a ɛretwa kanko yi a emu kɔ so trɛw no na ɛyɛ nkyimii no.
Abɔde mu ade foforo a ɛyɛ nwonwa ne nsisimu. Wotumi hu nsisimu wɔ baabi a wɔnhwɛ kwan koraa—anomaa ntakra mu, afofantɔ ntaban mu, anaa apataa abon mu. Nyansahufo kyerɛ sɛ nsisimu no tumi boa mmoa no ma anini ne abere no kyerɛ wɔn ho wɔn ho anigye, etumi ma wohintaw a afoforo nkyere wɔn, anaasɛ ɛmma ani mma wɔn so. Ɛkame ayɛ sɛ aboa a ɔde ne nsisimu di dwuma sen biara ho nhwɛso a ɛwɔ hɔ ne kohaa, na sɛnea anini no dannan wɔn ntakra de twetwe abere no adwene no yɛ anwonwade a ɛwɔ wiase no mu biako. Alexander Ɔkɛseɛ no ani gyee kohaa ahoɔfɛ ho araa ma ɔhyɛe sɛ wɔnkora anomaa no so wɔ n’ahemman no mu nyinaa.
Yenim ade kurukuruwa ne nea ɛyɛ kontonkron paa nso. Yɛn ani gye owia a ɛrekɔtɔ a ayɛ kurukuruwa kɔɔ, anaa ɔsram a ayɛ kurukuruwa sɛ dwetɛ no ho. Daisy nhwiren pii sɛso te sɛ owia, na ne mfinimfini yɛ akokɔsrade, na ne ntaban kɔla gu ahorow na ɛhyerɛn. Nhwiren mu nsu wɔ saa nhwiren pii a ɛyɛ “fɛ” yi mu, na ɛkame ayɛ sɛ ɛtwetwe afofantɔ ntɛm ara te sɛ nea mpoano a ɛyɛ fɛ twetwe nsrahwɛfo no.
Esiane sɛ ade kurukuruwa ho kyekyere nyɛ den koraa nti, nnuaba taa yɛ nkuruwankuruwa na ne kɛse ne ne kɔla gu ahorow. Ne kɔla ahorow a ɛyɛ fɛ no twetwe nnomaa, na bere a wɔredi wɔn akɔnnɔduan no, na wɔrepete emu aba no nso.
Nokwarem no, nkyimii, nsisimu, nneɛma a ɛyɛ nkuruwankuruwa, ne kontonkron no yɛ adwinni pii a ɛwɔ abɔde mu no ho nhwɛso kakraa bi pɛ. Ɛwom sɛ emu bi wɔ atirimpɔw pɔtee bi de, nanso afoforo yɛ nea ɛma dekode no yɛ fɛ anaasɛ ɛma etumi hintaw. Sɛnea ɛte biara no, hwehwɛ na kyerɛ ho anigye.
[Kratafa a ne nyinaa yɛ mfonini wɔ kratafa 26]