Nea Afofantɔ Yɛ Da Biara
SƐ WOTE nka sɛ da biara da adwuma a woyɛ yɛ den na ɛma wobrɛ a, gye bere susuw afofantɔ a ɔyɛ adwumaden no ho. Nea edi kan no, ebia wubesusuw sɛ afofantɔ adwuma yɛ anigye. Bere a otu fi nhwiren biako so kɔ ɔfoforo so, kɔ mmeae mmeae kɔnom nhwiren mu nsu nkakrankakra, to awia bere biara a ɔpɛ no, ebia ɛbɛyɛ wo sɛ afofantɔ asetra yɛ ahotɔ nkoaa.
Nanso nneɛma nyɛ mmerɛw bere nyinaa wɔ nkoekoemmoa asetra mu sɛnea ebia wususuw sɛ ɛte no. Mfofantɔ yɛ mmoa a wonni adagyew koraa a wɔyɛ nnwuma pa, na wɔde ahopere yɛ adwuma te sɛ nea ɛbere retia wɔn. Momma yɛnhwɛ adwuma a afofantɔ yɛ da biara.
Ɔto Awia Anɔpa
So wosɔre anɔpa a woyɛ mmerɛw? Mfofantɔ taa yɛ kyɛkoo anɔpa. Ɛtɔ da bi a wontumi ntu anɔpa—koraa. Wɔn haw no ne wɔn honam mu hyew a ɛsakra sakra ma ɛne beae a wɔwɔ hyia no. Bere a wɔada ahaban bi so anadwo wɔ awɔw mu ma ade akye no, wɔn mogya yɛ nwunu ma ɛyɛ den sɛ wɔbɛkeka wɔn ho, nkantom sɛ wobetu. Enti ɛsɛ sɛ wɔtwɛn ma owia pue.
Sɛ awia pue a, afofantɔ bue ne ntaban mu de kyerɛ owia hann no. Ne ntaban a watrɛw mu no di dwuma te sɛ afiri bi a ɛkyere owia mu hyew, na ɛkyere ɔhyew a ehia no ntɛm so, na afofantɔ no tu. Na sɛ ɛba sɛ ewim yɛ kusuu ɛ? Wɔ mmeae a ewim yɛ nwunu a awia mmɔ kɛse no ɛsɛ sɛ mfofantɔ sisi faako—abaa anaa nhwiren a ɛfata so kosi sɛ awia bɛbɔ. Eyi nkyerɛ sɛ wɔyɛ akwadworɔ. Ɛyɛ ade a ɛho hia ankasa.
Sɛ ɛda no mu nyɛ hyew kɛse a, afofantɔ gyina bere ne bere mu to awia kakra ma ne ho yɛ hyew. Sɛnea kar pɛtrol sa a ɛkɔ beae a wobu pɛtrol san kobu bi no, saa ara na sɛ afofantɔ hia honam mu ɔhyew a ɔkɔto awia. Wɔ mmeae a awia bɔ na nsu tɔ kɛse no, ebia ɛho behia sɛ afofantɔ to awia anɔpa anaa bere a nsu atɔ akyi. Sɛ yɛbɛka a, dodow a ewim yɛ nwunu no, dodow no ara na ɔto awia. Sɛ ɔsan nya honam mu ahoɔden pɛ a, ɔtoa n’adwuma a ɛwɔ sɛ ɔyɛ no so.
‘Ehua a Edi Kan a Enya ne Dɔ’
Adwuma a ɛyɛ den koraa ne ɔhokafo a obenya. Esiane sɛ ne nkwa nna yɛ adapɛn kakraa bi nti, ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ ɔhokafo ntɛm so. Na ɔhokafo a afofantɔ hwehwɛ no nyɛ adwuma a ɛda fam—egye abotare ne animia.
Ɛnyɛ mfofantɔ su ne sɛ “wobehu ɔfoforo prɛko pɛ anya ɔdɔ ama no.” Wɔyɛ mmoa a wonhu ade a ɛwɔ akyiri yiye koraa, na mpɛn pii no wodi mfomso fa mfofantɔ afoforo bi sɛ wɔn sɛso. Eyi ma mpɛn pii no afofantɔ a ɔrepɛ ɔhokafo no tu di mfofantɔ afoforo akyi a mfaso nni so, na awiei koraa no sɛ obehu sɛ nea ohui no nyɛ ɔbere a ofi n’abusua mu a, ɔsan.
Nea ɛma asetra no mu yɛ den koraa no, ɔbere no ntaa mpene so mma no. Afofantɔ nini a n’ani yɛ den no kɔ so tu twa ne ho hyia, a ɔwɔ anidaso sɛ awiei koraa no ɔbɛpene so. Nanso ɛtaa ba sɛ saa mfofantɔ asaw a ɛyɛ fɛ yi ba awiei mpofirim bere a ɔbere no tu kɔ no, na ogyaw afofantɔ nini a ne ti anyɛ yiye no ma ɔtoa ne hokafo hwehwɛ no so.
Nea ɛyɛ nwonwa yiye ne sɛ, ɔbere no ani nnye ne hokafo nini no honam a atoto fɛfɛɛfɛ no ho. Ɛwom sɛ Darwin susuwii sɛ mfofantɔ kɔla a ɛyɛ fɛ no ma wonyaa ‘adannandi ho nnyinasosɛm bi de,’ nanso wonnyaa adanse biara a wɔde begyina akyi sɛ ɛyɛ nokware. Wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Atifi fam Amerika mfofantɔ Anartia amathea ho mu no, wɔde kɔla tuntum kaa anini no ho, nanso wotumi ne abere hyiae anigye so. Na ɛkame ayɛ sɛ nea ɛyɛ biribi titiriw ara ne sɛnea onini no tu, na ɔkɔ so di ɔbere no akyi, ne nea ɛsen ne nyinaa no, ne “dɔ-pawda” soronko no.
Biribi a ɛyɛ huam a ɛma onini no nya ɔbere no wɔ ɔdɔ-pawda no mu. Ɛyɛ sradehuam a ano yɛ den a ɛfata a ɛtwetwe abere no. Wɔ bere a wahu ɔbere no foforo no ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛtow “pawda huamhuam soronko” yi ahura no ho. Ɛwom sɛ yentumi nka sɛ ɛyere so dɛn ara a ɔdɔ-pawda yi bɛma wadi nkonim de, nanso etumi di dwuma yiye bere a awiei koraa no ohu ɔbere a ɔpene so ma no no.
Nhwiren mu Nsunom
Ɛsɛ sɛ ɔhyɛ ahoɔden a ɔsɛe no wɔ ɔhokafo hwehwɛ mu no nyinaa ananmu. Enti mfofantɔ nom nhwiren mu nsu. Nhwiren nam ne hwɛbea ne ne kɔla ahorow a ɛyɛ fɛ so bɔ saa aduan a ahoɔden wom kɛse yi ho dawuru. Sɛ afofantɔ si nhwiren so pɛ a, ɔde biribi feaa a etua n’ano te sɛ paane no wura nhwiren no mu kosi ase twe mu nsu no ahokokwaw so.
Bere a ɔnom nhwiren no mu nsu no, nhwiren no so pawda a ɛma nhwiren tumi pae no hura akoekoeboa no honam a ɛho wɔ nhwi no ho, enti ɔde pawda a ɛwɔ ne ho no kɔ nhwiren foforo so. Afofantɔ ma nhwiren ɔhaha pii nya nea ɛbɛma atumi asow aba wɔ ne da koro adwumayɛ mu. Nanso nhwiren nnɔɔso wɔ kwae a ɛwowɔ mmeae a awia bɔ na nsu tɔ kɛse no mu. Dɛn na mfofantɔ a ɛwɔ hɔ no nom?
Mfofantɔ a ɛwowɔ mmeae a awia bɔ na nsu tɔ kɛse no mpɛ biribiara nsen nnuaba a aporɔw mu nsu a wɔnom no. Aduaba a abere aporɔw a ɛte tɔ fam no ma wonya nsu a asikre ahoɔden wom no pii.
Mfofantɔ pɛ nkyene nso. Wotumi hu wɔn sɛ wɔnom fam nsu anaa ɛtɔ da bi a fifiri a efi onipa a ɔkyerɛ ne ho anigye ma osi ne nsa so no. Wɔahu afofantɔ a n’ani yɛ den a onsuro ade sɛ ɔrenom mampam ani ase nsu a ɛyɛ nkyenkyene no mpo.
Bere a onni adagyew a ɔhwehwɛ ɔhokafo, de aba nketenkete bi gugu nhwiren so na atumi apae, na odidi no, ɛsɛ sɛ yɛn adamfo a ɔwɔ ntaban no yɛ ahwɛyiye wɔ atamfo ho nso.
Ebia anomaa biara a odi nkoekoemmoa bɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ afofantɔ a n’ani agye a ɔredi akɔneaba wɔ sare so adi. Nanso tu a afofantɔ ntu nkɔ n’anim tẽẽ na ɔkɔ soro ba fam dannan ne ho no ma ɛyɛ den sɛ wɔbɛkye no. Nnomaa pii gyae n’akyi di bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkye no akyi bere tiaa bi. Na sɛ anomaa kyere afofantɔ mpo a, akoekoeboa yi tumi guan denam n’ataban no fã bi a ogya ma ɛka anomaa no ano no so.
N’ani nso ne ade biako a ɛbɔ ne ho ban. Ɛwom sɛ mfofantɔ nhu ade a ɛwɔ akyiri yiye de, nanso wɔn aniwa tumi hu biribi a ɛkeka ne ho ntɛm. Sɛ ɔte asiane ho mpopoe ketewaa bi a otu guan, sɛnea obiara a wabɔ mmɔden sɛ obetwa afofantɔ mfonini pɛn nim no yiye no.
Mfofantɔ a wotu brɛoo no bi wɔ ade foforo a ɛbɔ wɔn ho ban—wɔn nam nyɛ dɛ. Nea ɛde eyi ba ne afifide bi a awuduru wom a na wodi bere a na woyɛ asã no. Sɛ anomaa bi sɔ afofantɔ a ɔte saa pɛ a, ɔmmɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ saa ne mprennu so. Mfofantɔ a wɔnyɛ dɛ yi—te sɛ biako bi a wɔfrɛ no monarch no—kɔla hyerɛn, na ɛyɛ ade a ɛbɔ anomaa kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ ɔkye no.
Ne Nkwa Nna
The World Book Encyclopedia ka sɛ mfofantɔ pii nkwa nna yɛ adapɛn kakraa bi pɛ, nanso wɔn mu bi tumi di asram 18 ansa na wɔawuwu. Ebinom ntumi nnyin wɔ awɔw bere mu wɔ mmeae a awia mmɔ kɛse anaa ɔpɛ bere a ɛkyɛ mu wɔ mmeae a awia bɔ kɛse.
Nanso ɛmfa ho wɔn nkwa nna a ɛyɛ tia no, mfofantɔ tumi yɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa. Afeha a etwaam no mu no, afofantɔ a wɔfrɛ no monarch pii bi twaa Atlantic Po no kɔtraa Canary Islands supɔw bi a ɛbɛn Afrika mpoano no so. Ɔkwantufo kɛse foforo a wɔfrɛ no painted lady, taa tu kwan fi Afrika Atifi fam kɔ Europa atifi fam ahohuru bere mu.
Wɔ wɔn nkwa nna tiaa no mu no, mfofantɔ a wonni adagyew no di dwuma a mfaso wɔ so denam nhwiren ne nnua a wɔma etumi sow aba no so. Na nea ɛsen saa no, sɛ wɔwɔ nkuraase a, wɔma hɔ yɛ fɛ na ɛyɛ anika kɛse. Sɛ wonni hɔ a ɔpɛ bere nyɛ anigye.
[Kratafa 21 mfonini]
Ɔreto awia anɔpa
[Kratafa 22 mfonini]
Ɔrenom nhwiren mu nsu
[Kratafa 23 mfonini]
Ɔretwe fam nsu
[Asɛm Fibea]
Buckfast Butterfly Farm na wɔmaa hokwan