Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 5/8 kr. 29-30
  • Sɛnea “Wotwa” Afofantɔ Mfonini

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea “Wotwa” Afofantɔ Mfonini
  • Nyan!—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Afofantɔ Yɛ Da Biara
    Nyan!—1994
  • Awuduru wɔ Mfofantɔ a Wɔn ho Yɛ Fɛ Yi Mu?
    Nyan!—1994
  • Sɛnea Afofantɔ Fitaa Bi a Ne Din De Cabbage White Bue Ne Ntaban Mu
    Wɔbɔe Anaa?
  • Afofantɔ Ntaban
    Nyan!—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 5/8 kr. 29-30

Sɛnea “Wotwa” Afofantɔ Mfonini

SO WOABƆ mmɔden sɛ “wubetwa” afofantɔ mfonini pɛn? Ne yɛ betumi ayɛ abufuw na egye boasetɔ. Wotu hwehwɛ aduan ne nsu bere nyinaa te sɛ nea wonnyae da, na wɔntaa mma wunnya bere ntwa wɔn mfonini. Na sɛ wosi hɔ trɛw wɔn ntaban mu na wopɛ sɛ wotɔ wo bo ase twa no yiye a, na w’aboa a ne ho yɛ fɛ no atõ ne ntaban no mu anaasɛ na watu kɔ!

Enti susuw sɛnea meyɛɛ m’ade bere a m’adamfo bi a ɔwɔ Sydney, Australia, kae sɛ: “Ma yɛnkɔ Afofantɔ Fie wɔ Mittagong” no. Ɛha na menya hokwan abɛn mfofantɔ no yiye na ebia matumi atwa wɔn mfonini wɔ tebea pa mu.

Bere a yesii afofantɔ fie hɔ, beae a mmoa no tumi tu sɛnea wɔpɛ no, ntɛm ara na yehui sɛ yɛwɔ beae a osu tumi tɔ na awia bɔ wim tebea mu, a wɔabɔ ho ban afi adiwo wim tebea mu nsakrae horow no ho. Eyi ho hia na mfofantɔ no anwuwu. Na mmoa a wɔn ho nyɛ den yi tutu sisi afifide ahorow so wɔ beae a yɛwɔ no nyinaa. Bere a yeduu hɔ ara no, yehuu monarch akokɔsrade bi sɛ ɔtow ne nkesua wɔ akutu dua bi so. Wɔfrɛ monarch no wɔ Australia sɛ okyinkyinfo. Ofi America Kusuu Fam beduu supɔw-asasepɔn yi so wɔ 1870 mu, na mprempren ɔwɔ apuei ne kesee fam amantam no mu ne beae a ɛbɛn Perth wɔ atɔe fam.

Kerry a ɔde yɛn kyinii no kyerɛkyerɛɛ sɛnea mfofantɔ foro wɔn ho wɔn ho denam wɔn to a wɔde si anim so no mu kyerɛɛ yɛn. Nanso nea ɛyɛ nwonwa wɔ ho ni—sɛ ɔbarima no bɔ hu mpofirim a, ɔde ɔbea no tu kɔ! Yɛ sɛnea wo de obi a ne mu duru te sɛ w’ankasa retu ho mfonini hwɛ! Afei, yɛn ankasa huu bi a ɛrekɔ so ma ɛyɛɛ yɛn nwonwa—na ɔretu wɔ wura no so a ɛte sɛnea ɔbea no sensɛn hɔ kwa.

Nokwarem no, monarch no akwantu pii no ma wonim no wɔ wiase nyinaa. Nhoma Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation?a no ka sɛɛ “Monarch mfofantɔ tu fi Canada wɔ twabere mu, wɔn mu pii di awɔw bere no wɔ California anaasɛ Mexico. Akwantu no bi boro kilomita 3,200; afofantɔ bi twaa kilomita 130 da koro.” Nanso nokwasɛm bi a ɛyɛ nwonwa ni: “Mfofantɔ a wɔba kesee fam wɔ twabere mu no yɛ mmofra a wɔnkɔɔ mmeae hɔ da. Nea ɛma wotumi hu kwan ba hɔnom no da so ara yɛ Adebɔ mu ahintasɛm ahorow a wonhu mu no mu biako.”—The Story of Pollination.

Nanso so yetumi twaa mmoa a wɔn ho yɛ ahometew yi mu bi mfonini? Yiw! Ɛte sɛ nea nnipa a wɔnantenantew wɔn wiase a ɛhɔ yɛ fɔkyee no akokwaw wɔn nti wotumi sisi nnua ne nnipa ti so mpo a wonsuro! Enti ɛyɛɛ da kɛse maa mfoninitwafo no, titiriw wɔn a wɔwɔ video-camera no. Hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ ɛno akyi no wutumi hu saa video hama so mfonini ahorow no wɔ TV so.

Australia mfofantɔ afoforo a yehui bi ne eggfly a wɔn ntaban yɛ tuntum a nsisii fitafitaa sisi mu a wɔnyɛ nã no. Foforo nso ne eggfly a ne ho bruu na nsisii fitafitaa wowɔ ne ho ne ne ntaban ano na emu yɛ bruu no. Ebi wɔ New Guinea, Moluccas, ne Solomon Islands.

Mfofantɔ ho ayɛ me anigye bere nyinaa. Nsakrae a ɛba fi bere a ɔyɛ ɔsã de fa bere a obenya ntaban kosi sɛ obetumi atu no yɛ adanse a ɛkyerɛ me sɛ, ɛnyɛ adannandi a entumi nyɛ hwee no, na mmom Ɔbɔadeɛ nyansahufo bi na wayɛ nneɛma nyinaa ma ɛyɛ nwonwa wɔ wɔn akwan horow so.—Wɔkyerɛw mae.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔn a wotintimii ne Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc.

[Kratafa 30 mfonini]

Kratafa 16: monarch; 1. Australian lurcher; 2. pupa; 3. ulysses; 4. Australian birdwing; 5. Birdwings reforo wɔn ho; 6. Orange lacewing

[Asɛm Fibea]

All butterflies: Butterfly House, Mittagong, Australia

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena