Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 6/8 kr. 19-21
  • Nyarewa a Nkoekoemmoa De Ba—Ɔhaw a Ɛreyɛ Kɛse

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nyarewa a Nkoekoemmoa De Ba—Ɔhaw a Ɛreyɛ Kɛse
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnipa Ahokafo a Wɔwɔ Anan Pii
  • Sɛnea Nkoekoemmoa Ma Yɛyare
  • Nyarewa a Ɛwɔ Nkoekoemmoa no Yam
  • Nyarewa Ho “Ahofadi”
  • Dɛn Nti na Asan Asɔre Bio?
    Nyan!—2003
  • Nyarewa—So Ɛto Betwa Da Bi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Ɔyaredɔm Wɔ Afeha a Ɛto so 20 Yi Mu
    Nyan!—1997
  • Owu wɔ Ntaban a Ɛnyɛ Den So
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 6/8 kr. 19-21

Nyarewa a Nkoekoemmoa De Ba—Ɔhaw a Ɛreyɛ Kɛse

BERE ADU A WƆREBƐDA wɔ Latin-Amerika fie bi mu. Ɛna bi fi ɔdɔ mu de ntama kata ne babarima kumaa ho na ɔdeda no. Nanso, wɔ anadwo sum mu no, mpaboa tuntum bi a ne ho hyerɛn a ne tenten nnu sɛntimita 3 pue fi nsɛmso mu tokuru bi mu. Ohuruw tare abofra a wada no anim a obiara nhu no, na ɔde nkakrankakra de n’ano feaa no wɔ abofra no honam a ɛyɛ mmerɛw no. Bere a mpaboa no retwe mogya anibere so no, ɔsan kɔ tiafi a yaremmoawa wom. Abarimaa no huane ne ho a onnyan, de tiafi a yaremmoawa wom no twiw kuru no mu.

Abofra yi nya Chagas yare no denam ka a mpaboa yi ka no biako pɛ no so. Wɔ dapɛn biako anaa abien mu no, ne ho yɛ hyehyeehyew na ɔhonhon. Sɛ ne ho tumi tɔ no a, ebia yaremmoawa no bɛkɔ so atra ne mu, adidi akɔ ne koma mu, ehon ntini mu, ne ne mu akwaa ahorow mu. Mfe bɛyɛ sɛ 10 kosi 20 betumi atwam a ɛho nsɛnkyerɛnne biara nna adi. Nanso, afei ebia wɔbɛsɛe ne yam nneɛma ne n’amemene, na awiei koraa no komayare akum no.

Saa ayɛsɛm yi da ɔkwan a wɔnam so nya Chagas yare no adi ankasa. Wɔ Latin Amerika no, mpaboa yi betumi akeka nnipa ɔpepem pii ma ɛde wɔn nkwa ato asiane mu.

Nnipa Ahokafo a Wɔwɔ Anan Pii

Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Atiridii akɛse a ɛbɔ nnipa no pii fi mmoawammoawa a nkoekoemmoa de ba no.” Nkurɔfo ntaa mfa asɛm “akoekoeboa” nka wɔn a wɔyɛ nkoekoemmoa—abɔde a wɔn anan yɛ asia te sɛ nwansena, santomase, ntontom, dwiw, ne kukurubinsin nkutoo ho asɛm—na mmom wɔn a wɔn anan yɛ awotwe te sɛ akate ne sommɔre nso. Nyansahufo ka wɔn nyinaa ho asɛm bom wɔ nkoekoemmoa kuw kɛse no ase—kuw a ɛsõ paa wɔ mmoadoma mu—a anyɛ yiye koraa no mmoadoma ɔpepem biako na wonim wɔn sɛ wɔwom.

Nkoekoemmoa bebree mpira nnipa, na emu binom ho wɔ mfaso paa. Sɛ wonni hɔ a, afifide ne nnua a nnipa ne mmoa nya aduan fi mu no rengu nhwiren anaa ɛnsow aba. Nkoekoemmoa bi boa ma wɔdannan sumina ani de yɛ ade foforo. Nkoekoemmoa pii di afifide nkutoo, na afoforo nso di nkoekoemmoa afoforo.

Ɛwom, nkoekoemmoa bi wɔ hɔ a wɔnam ka a wɔka yayaayaw anaa dɔ a wɔdɔɔso dodo so haw nnipa ne mmoa. Ebinom nso sɛe nnɔbae. Nanso, nea enye koraa ne nkoekoemmoa a wɔma nyarewa trɛw na wɔde awuwuawuwu ba no. Duane Gubler a ɔwɔ U.S. Asoɛe Ahorow a Ɛhwɛ Siw Nyarewa Ano ka sɛ nyarewa a nkoekoemmoa de ba “na ɛde nyarewa ne owu pii baa adesamma so wɔ afeha a ɛto so 17 de besi afeha a ɛto so 20 no mfiase mu sen nneɛma a ɛde nyarewa ba nyinaa a wɔaka abom.”

Mprempren, nnipa bɛyɛ 6 mu 1 biara anya yare a nkoekoemmoa de ba no bi. Wɔ yaw a ɛde ba nnipa so akyi no, nyarewa a nkoekoemmoa de ba de ka kɛse to aman a wonnyaa nkɔso pii titiriw so—wɔn a wontumi ntua ho ka koraa no. Yare biako a ɛsɔre mpo betumi de ka kɛse aba. Wɔka saa tebea no bi a esii wɔ India atɔe fam wɔ afe 1994 ho asɛm sɛ ɛbɔɔ mpɔtam hɔ ne wiase mũ nyinaa sikasɛm ho nhyehyɛe ka dɔla ɔpepem pii. Sɛnea Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (WHO) ka no, wiase no aman a edi hia paa no rentumi nnya sikasɛm mu nkɔanim gye sɛ wotumi di saa nyarewa haw ahorow no so ansa.

Sɛnea Nkoekoemmoa Ma Yɛyare

Akwan atitiriw abien na nkoekoemmoa fa so de nyarewa ma—wɔde yare san afoforo. Nea edi kan no, denam mmoawammoawa a wɔde nyarewa ba a ɛwɔ wɔn ho a wɔde san so. Encyclopædia Britannica ka sɛ sɛnea nkurɔfo mpaboa tumi fa fĩ kɔ fie no, saa ara na “nwansena tumi soa mmoawammoawa ɔpepem pii a wotumi de nyarewa ba wɔ wɔn anan ho.” Sɛ nhwɛso no, nwansena betumi afa fĩ afi tiafi so de abesi yɛn aduan anaa yɛn anonne so. Wɔ saa kwan yi so na nnipa nya nyarewa a ɛma wɔyɛ mmerɛw na edi wɔn awu te sɛ typhoid, konkoruwa, ne ayamtunini mpo. Ntummoa nso ka ho bi na aniyare a wɔfrɛ no trachoma trɛw—yare titiriw a ɛde anifurae ba kɛse wɔ wiase no. Trachoma tumi fura aniwa denam etwã a ɛyɛ wɔ aniwa ahwehwɛ no so—aniwa no fã a ɛyɛ fitaa a ɛwɔ aniwa abɔntenpon no anim no. Wɔ wiase nyinaa no, nnipa bɛyɛ 500,000,000 na yare yi bi ayɛ wɔn.

Wosusuw sɛ ntɛfrɛw a wotumi tra fĩ mu nso de nyarewa ba. Nea ɛka ho no, animdefo ka sɛ ntehyewa a akɔ soro nnansa yi, titiriw wɔ mmofra mu no fi ntɛfrɛw. Sɛ nhwɛso no, susuw Ashley, abeawa a wadi mfe 15, a ntehyewa ama watee so anadwo pii no ho hwɛ. Wɔ bere a ne duruyɛfo rebɛhwɛ sɛnea ne hurututu yɛ adwuma fa pɛ na tɛfrɛw fii Ashley hyɛɛt mu de mmirika faa nhwehwɛmu pon no so.

Nyarewa a Ɛwɔ Nkoekoemmoa no Yam

Sɛ ɔyare mmoawa anaa mmoawammoawa wɔ nkoekoemmoa mu a, ɔkwan a ɛto so abien wɔ hɔ a wotumi fa so de nyarewa san—wɔde san afoforo bere a wɔka wɔn anaa wɔfa kwan foforo so no. Nkoekoemmoa kakraa bi pɛ na wɔnam saa kwan yi so de nyarewa ma nnipa. Sɛ nhwɛso no, ɛwom sɛ ntontom ahorow ahorow mpempem pii na wɔwɔ hɔ de, nanso Anopheles nkutoo na wɔde atiridiinini ma—nsanyare a edi awu sen biara a ɛto so abien wɔ wiase (wɔ nsamanwaw akyi).

Nanso, ntontom afoforo de nyarewa soronko ahorow ma. WHO bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ nkoekoemmoa a wɔde nyarewa ba nyinaa mu no, ntontom ne nea wɔn ho yɛ hu sen biara, wɔde atiridiinini, dengue ne asram ba, a sɛ wɔka ne nyinaa bom a ekunkum nnipa ɔpepem pii na ɛma ɔpepehaha pii nso yare afe biara no.” Anyɛ yiye koraa no, atiridiinini betumi aka nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ɔha mu 40, na dengue betumi aka bɛyɛ ɔha mu 40 nso. Wɔ mmeae pii no, obi tumi nya nyarewa abien no nyinaa bi.

Ɛwom, ɛnyɛ ntontom nkutoo ne nkoekoemmoa a wɔsoa nyarewa wɔ wɔn yam. Akekawere de mmoawa a wɔde tɔnkomda ba ma, na ɛyɛ nnipa ɔpehaha pii, na ɛma aman mũ nyinaa tu gyaw wɔn nsase pa hɔ. Ɛdenam mmoawa a wɔde anifurae a nkontia de ba so no, Afrikafo 400,000 na wɔn aniwa afurafura. Ntummoa tumi de mmoawa a wɔde leishmaniasis, nyarewa a ɛde mmubui, dɛmdi, ne mpɛn pii no owuyare a mprempren ɛhaw nnipa ɔpepem pii a ɛsonsono mfe a wɔadi wɔ wiase afanan nyinaa ba no. Santomase a ɛkame ayɛ sɛ wohu wɔn wɔ baabiara no tumi de asunson a wodidi nnipa ne mmoa ho, amemene a ɛhon, mmoawammoawa nsanyare, ne ɔyaredɔm mpo tra ne mu—a wonim sɛ ɛma Pɔmpɔ Bɔne a wɔ mfe asia pɛ mu no ekunkum nnipa a wɔwɔ Europa no nkyem abiɛsa anaa nea ɛboro saa wɔ Mfinimfini Mmere no mu ba.

Dwiw, akate, ne sommɔre betumi de typhus ahorow ne nyarewa foforo asan. Wɔ nsase so mmeae a ewim nyɛ hyew pii no, sommɔre betumi de Lyme yare a etumi bubu nnipa gu hɔ aba—yare a mmoawammoawa de san a abu so wɔ United States ne Europa no. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Sweden no daa no adi sɛ nnomaa a wokyinkyin betumi de sommɔre atu kwan akɔ akwansin mpempem pii, na wobetumi de nyarewa a ɛwowɔ wɔn ho no akokɔ amantam foforo mu. Britannica ka sɛ: “Sommɔre de nyarewa a ɛdɔɔso ma nnipa kyɛn mmoawa foforo biara (gye ntontom).” Nokwasɛm ne sɛ, mmoawa a wɔde nyarewa ba ahorow abiɛsa betumi atra sommɔre biako mu na obetumi de ne nyinaa ama obi wɔ ka a ɔka no biako pɛ mu!

Nyarewa Ho “Ahofadi”

Nnansa yi ara, wɔ afe 1877 mu, na wofi nyansahu mu daa no adi sɛ nkoekoemmoa de yare ba. Efi saa bere no, wɔatu sa kɛse sɛ wobedi nkoekoemmoa a wɔde nyarewa ba no so anaasɛ wobetu wɔn ase. Wɔ afe 1939 mu no, wɔde DDT aduru a ekum nkoekoemmoa kaa nneɛma a wɔde ko tia nkoekoemmoa a ɛde nyarewa ba no ho, na ebeduu afe 1960 mu no, na yare a nkoekoemmoa de ba nyɛ nea wobu no sɛ ɛyɛ asiane kɛse ma ɔmanfo bio gye Afrika. Woyii adwene fii di a wobedi mmoawa a wɔde nyarewa ba no so, de sii nnuru a wɔde bɛsa nyarewa a ɛsɛ sɛ wɔsa no ntɛm so no so, na nhwehwɛmu a wɔyɛ fa nkoekoemmoa ne wɔn atrae ho no kɔɔ fam. Ná wɔrenya nnuru foforo, na na ɛte sɛ nea adebɔ ho nyansahu betumi ama wɔanya “aduru nwonwaso a ɔhaw biara nni ho” de asa ɔyare biara. Na wiase no renya “ahofadi” afi nsanyare ho. Nanso na ahofadi no bɛba awiei. Asɛm a edi hɔ no besusuw nea enti a ɛte saa ho.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]

Ɛnnɛ, nnipa 6 mu 1 biara nya yare a akoekoeboa de ba

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Mpaboa

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Nneɛma a ɛde nyarewa ba wɔ nwansena ne ntɛfrɛw nan ho

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 21]

Nyarewa wɔ nkoekoemmoa pii yam

Nkontia de anifurae ba

Ntontom de atiridiinini, “dengue,” ne asram ba

Dwiw tumi de “typhus” ba

Yare a ɛma amemene hon ne nyarewa foforo wɔ santomase mu

Akekawere de tɔnkomda ba

[Nsɛm Fibea]

WHO/TDR/LSTM

CDC/James D. Gathany

CDC/Dr. Dennis D. Juranek

CDC/Janice Carr

WHO/TDR/Fisher

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 20]

Clemson University - USDA Cooperative Extension Slide Series, www.insectimages.org

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena