Dɛn Nti na Asan Asɔre Bio?
BƐYƐ mfe 40 a atwam ni no, na wosusuw sɛ wɔatu nyarewa a nkoekoemmoa de ba te sɛ atiridiinini, asram, ne dengue ase afi wiase fã kɛse no ara. Nanso biribi a wɔnhwɛ kwan sii—nyarewa a nkoekoemmoa de ba fii ase sɔree bio.
Dɛn ntia? Ade biako ne sɛ, nnuru a ekum nkoekoemmoa ne nnuru a wɔde siw wɔn ano no ntumi nkoekoemmoa ne mmoawa a wɔde nyarewa ba a ɛwɔ wɔn ho no mu bi. Ɛnyɛ nnuru a ekunkum nkoekoemmoa a wode di dwuma ma ɛboro so nko na ama awosu mu nsakrae yi anya nkɔanim na mmom nnuru a wɔmmfa nni dwuma ɔkwampa so nso. Mosquito nhoma no ka sɛ: “Wɔ ahiafo pii mu no, nnipa no kogye nnuru no, fa dodow a ebetumi ama wɔn yare no ano abrɛ ase, na afei wɔde nea aka no asie ama yare foforo a ɛbɛsan aka wɔn no.” Wɔ yare a wɔansa no yiye saa mu no, mmoawa a wɔn ho yɛ den no tumi kɔ so tra ase wɔ nipadua no mu de wo mmoawa foforo a wotumi ko tia aduru no.
Ewim Nsakrae
Ade titiriw a ama nyarewa a nkoekoemmoa de ba asan asɔre bio ne nsakrae—wɔ awosu ne asetra mu. Nhwɛso titiriw biako ne ewim nsakrae a aba wiase nyinaa no. Nyansahufo binom hwɛ kwan sɛ wiase nyinaa a ɛreyɛ hyew no bɛma nkoekoemmoa a wɔde nyarewa ba no bɛtrɛw akɔ mmeae a ɛhɔnom wim tebea mu yɛ nwini mprempren no. Adanse bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ebia eyi rekɔ so dedaw. Oduruyɛfo Paul R. Epstein a ɔwɔ Asoɛe a Ɛhwɛ Akwahosan ne Wiase Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia So, wɔ Harvard Aduruyɛ Suabea, ka sɛ: “Wɔbɔ amanneɛ nnɛ sɛ wohu nkoekoemmoa ne nyarewa a nkoekoemmoa de ba nyinaa (a atiridiinini ne dengue atiridii ka ho) wɔ Afrika, Asia, ne Latin Amerika mmeae a ɛkorɔn no.” Wɔ Costa Rica no, dengue atrɛw adu mmepɔw no so, mmepɔw a anka kan no na aka nyarewa no ahyɛ Pacific Mpoano no, na mprempren atrɛw afa ɔman no nyinaa mu.
Nanso, wim tebea a ɛyɛ hyew betumi de ɔhaw afoforo aba. Wɔ mmeae binom no, ɛma nsubɔnten dan atɛkyɛ, ɛnna wɔ mmeae afoforo nso, ɛma osutɔ ne nsuyiri a ɛma nsu taataa hɔ ba. Wɔ tebea abien no nyinaa mu no, nsu a ɛtaataa hɔ no ma ntontom nya baabi a ɛfata tow nkesua yiye. Wim tebea a ɛyɛ hyew no nso ma ntontom tow nkesua ntɛm, ɛno ma wɔtow pii, na ɛma bere a ntontom ba kɛse no yɛ tenten. Ntontom tumi tu yiye wɔ wim tebea a ɛyɛ hyew mu. Wim tebea a ɛyɛ hyew tumi ka nneɛma a ɛwɔ ntontom yam mpo ma mmoawa a ɛde nyarewa ba a ɛwɔ ntontom yam no dɔɔso ntɛmntɛm ma ɛnam so ma sɛ ɔka obi pɛnkoro pɛ a ɛma onya nsanyare. Nanso, ɔhaw afoforo wɔ hɔ.
Nyarewa Ho Nhwehwɛmu
Nsakrae a ɛba wɔ adesamma asetram nso betumi de nyarewa a nkoekoemmoa de ba aba. Sɛ yɛbɛte kwan a eyi fa so ba ase a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ dwuma a nkoekoemmoa di mu yiye. Wɔ nyarewa pii mu no, ebia akoekoeboa bɛyɛ akwan a yare fa so trɛw no mu biako pɛ. Yare betumi atra aboa anaa anomaa bi ho denam nkoekoemmoa ne mmoawammoawa bi a ɛbɛtra wɔn ho anaa wɔn mogya mu so. Sɛ mmoa yi tumi gyina mmoawammoawa yi ano a, ɛnde wɔn nso bɛyɛ nyarewa trabea.
Susuw Lyme yare a ɛdaa adi wɔ afe 1975 mu a wɔde ne din too Lyme, Connecticut, U.S.A. no, beae a wodii kan hui no ho hwɛ. Ebetumi aba sɛ ɛpo so ahyɛn a efi Europa mu akisi ne ayɛmmoa na wɔde ɔyare mmoawa a ɛde Lyme yare ba no baa Amerika Atifi fam bɛyɛ mfe ɔha a atwam ni. Sɛ Ixodes sommɔre ketekete bi nom aboa a ɔyare mmoawa wɔ ne mogya mu a, mmoawa no tra sommɔre no mu ne nkwa nna nyinaa. Akyiri yi sɛ sommɔre no ka aboa foforo anaa nipa bi a, ebetumi ama mmoawa no akɔ ne mogya mu.
Lyme yare no abu so wɔ United States atifi fam apuei—atra hɔ akyɛ bere tenten ni. Ɛhɔnom aboa titiriw a Lyme yare mmoawa no wɔ ne ho ne akura a ne nan ho yɛ fitaa no. Sommɔre no nso tra nkura no ho, titiriw sommɔre a wɔrenyin no. Sommɔre a wɔanyinyin no pɛ sɛ wɔtra ɔforote ho mmom, ɛhɔ na wodidi na wohyiam. Sɛ sommɔre no nom mogya ma ɛtaa no a, ɔtɔ fam kɔtow ne nkesua, na ɛnkyɛ na apaapae sommɔre nketewa de afi wɔn awo ntoatoaso ase bio.
Nsakrae a Ɛba Wɔ Tebea Horow Mu
Yare mmoawa ne mmoa ne nkoekoemmoa atra mfe pii a wɔamfa yare ammrɛ nnipa. Nanso, nsakrae a ɛba tebea horow mu betumi asakra yare a ɛwɔ faako no adan no ɔyaredɔm—yare a ɛka nnipa pii wɔ ɔman bi mu. Nsakrae bɛn na ɛbae wɔ Lyme yare no fam?
Wɔ mmere a atwam no, nkekaboa boa tewee bɛn a aforote bɛn nnipa no so denam aforote dodow a wɔmaa ɛso tewee so. Bere a Europa atubrafo a wodi kan no dɔw kwae yeyɛɛ mfuw no, aforote no dodow so tew bio na aforote no ho nkekaboa no nso fii hɔ kɔe. Nanso, wɔ 1800 mfe no mfinimfini no, wogyaw mfuw pii guu hɔ bere a wɔdan kɔyɛɛ kua wɔ atɔe fam no, na asase no san danee kwae bio. Aforote no san bae, nanso wɔn mmoa a wɔkyere wɔn we no ansan amma bio. Enti, aforote dodow no kɔɔ anim pii, na saa ara nso na sommɔre no nso dɔɔso.
Bere bi akyi no, Lyme yare mmoawa no bae bɛtraa mmoa no ho wɔ mfe pii mu ansa na wɔrehaw nnipa. Nanso, bere a wofii ase kyekyere nkuraase wɔ kwae no ano no, mmofra ne mpanyimfo a wɔdɔɔso pii fii ase kokɔɔ sommɔre atrae hɔ. Sommɔre fii ase tetare nnipa ho na wonyaa Lyme yare no.
Nyarewa Wɔ Wiase a Ehinhim Mu
Tebea a edi anim a yɛaka ho asɛm yi yɛ akwan ahorow pii a yare fa so ba no mu biako pɛ ne nnipa nneyɛe a ama nyarewa no asan aba no ho nhwɛso biako pɛ. Nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nimdefo Eugene Linden, kyerɛwee wɔ ne nhoma The Future in Plain Sight mu sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ nnipa nneyɛe ka ho bi na ama nyarewa foforo a ne sa yɛ den nyinaa asan aba.” Nhwɛso foforo kakra bi ni: Ɛnnɛyi akwantu a agye din a wɔkɔ no ahoɔhare so no ma wotumi de yare mmoawa ne wɔn a wɔsoa no kɔ wiase afanan nyinaa. Abɔde akɛse ne nketewa atrae a wɔsɛe no de ɔhaw ba afifide ne mmoadoma so. Linden kae sɛ: “Efĩ kɔ mframa ne nsu mu na ɛbrɛ nipaduam nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no ase.” Ɔde Oduruyɛfo Epstein nsɛm no ka ho sɛ: “Ne titiriw no, nsakrae a nnipa de aba abɔde a nkwa wom ne wɔn atrae so no ama wiase no tumi a ɛde ko tia nyarewa no abrɛ ase, na ama yare mmoawa no anya tebea horow a eye ma wɔn.”
Amammui mu basabasayɛ de akodi a ɛsɛe adebɔ mu nneɛma a edi boa wɔn ho wɔn ho ne nhyehyɛe a aban nam so di akwahosan ho nsɛm ne aduan kyekyɛ ho dwuma na ɛba. Nea ɛka ho no, Biobulletin da no adi sɛ: “Mpɛn pii no, wɔhyɛ aguanfo a aduampa abɔ wɔn na wɔayɛ mmerɛw de wɔn kɔ nsraban a nnipa ahyɛ mu mã na emu ntew mu ma nsanyare ahorow ka wɔn.”
Sikasɛm a ayɛ basaa ma nnipa tu fi wɔn kurom, kɔ nkurow ne aman foforo so, na wɔkɔ nkurow akɛse a nnipa akyere so wom mu titiriw. Biobulletin kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yare mmoawa di yiye wɔ mmeae a nnipa akyere so.” Sɛ kurow mu nnipa dɔɔso bebree a, “mpɛn pii no, ɔmanfo akwahosan ho dwumadi a ehia titiriw, te sɛ nkyerɛkyerɛ, nnuan a ɛma ahoɔden, ne adusesa ho nhyehyɛe ntumi nkɔ so sɛnea ɛfata.” Nnipa nkyereso ma nsu a wobenya, nsufĩ, ne nwura a wɔbɛtow agu ho ba asɛm, na ɛma ahotew ho nhyehyɛe ne ankorankoro ahotew yɛ den na bere koro no ara no ɛma nkoekoemmoa ne mmoa foforo a wɔde nyarewa ba nya baabi pa tra. Nanso, anidaso wɔ hɔ, sɛnea asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛ no.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 27]
“Ɛkame ayɛ sɛ nnipa nneyɛe ka ho bi na ama nyarewa foforo a ne sa yɛ den nyinaa asan aba no”
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 23]
Nil Atɔe Fam Yare Mmoawa Ahyɛn United States
Wodii kan huu Nil Atɔe fam ɔyare mmoawa a nnipa nya fii ntontom ho no wɔ afe 1937 mu wɔ Uganda, na akyiri yi wohuu bi wɔ Mediterranea Supɔw so, Asia, Oceania, ne Europa. Wɔanhu ɔyare mmoawa no bi wɔ Atɔe fam Nsase no so kosii afe 1999 mu. Nanso, efi saa bere no, wɔabɔ amanneɛ sɛ nnipa bɛboro 3,000 na wɔanya nsanyare yi wɔ United States na nnipa bɛboro 200 na awuwu.
Nnipa pii a yare yi san wɔn no nhu da, ɛwom sɛ ebinom nya nsɛnkyerɛnne a ɛsɛ atiridii de. Nanso, yare no ka nnipa kakraa bi denneennen, ma wonya amemene ne ɛhon ne berɛmo mu yare. De besi nnɛ no, wonnyaa aduru pɔtee a wɔde siw Nil Atɔe fam ɔyare mmoawa no ano anaasɛ wɔde sa. U.S. Asoɛe Ahorow a Ɛhwɛ Siw Nyarewa Ano bɔ kɔkɔ sɛ wobetumi anya Nil Atɔe fam ɔyare mmoawa no bi denam akwaa anaa mogya a obi a wɔanya yare no bi de ma so. Reuters nsɛm ho amanneɛbɔ wɔ afe 2002 mu kae sɛ: “Wonni kwan biara a seesei wɔde hwehwɛ mogya mu de hu Nil Atɔe fam ɔyare mmoawa no.”
[Asɛm Fibea]
CDC/James D. Gathany
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 24, 25]
Wobɛyɛ Dɛn Atumi Abɔ Wo Ho Ban? Nneɛma Bi a Ɛsɛ sɛ Woyɛ ne Nea Ɛnsɛ sɛ Woyɛ
Nyan! bisabisaa wɔn a wɔte mmeae a nkoekoemmoa ne nyarewa wɔ wɔ wiase afanan hwehwɛɛ nyansahyɛ ahorow a ɛbɛma wɔanya akwahosan pa. Ebia wɔn afotu no so bɛba wo mfaso wɔ beae a wote no.
Ahotew—Ade a Edi Kan Wɔ W’ahobammɔ Ho
◼ Ma wo fie ntew
“Kata nneɛma a wɔkora nnuan wom so. Kata aduan a wɔanoa so kosi sɛ wobedi. Popa aduan a ahwie agu fam no ntɛm ara. Nnyaw nkankye a wɔnhohoroo mu ngu hɔ mma ade nkye so anaa mfa aduan nwura ngu abɔnten sɛ sɛ ade kye a wobɛkɔ akɔtow agu. Kata so anaasɛ fa hyɛ fam, efisɛ nkoekoemmoa ne nkura pue anadwo bɛhwehwɛ aduan. Afei nso, kɔnkrit kakraa bi a wɔde ka fam no ma ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛma fie atew na ɛmma nkoekoemmoa mma.”—Africa.
“Fa aduaba anaa biribiara a ɛtwetwe nkoekoemmoa sie beae a ɛmmɛn fie. Mma mmoa—mpapo, mprako, nkokɔ—mma fie. Kata tiafi a ɛwɔ abɔnten so. Kata mmoa tiafi so ntɛmntɛm anaasɛ fa akado gu so ma ɛmpam anwansena. Sɛ w’afipamfo nyɛ saa nneɛma yi mpo a, wubetumi ama nkoekoemmoa abrɛ ase sɛnea ɛfata na woayɛ nhwɛso pa nso ama wɔn.”—South America.
[Mfonini]
Aduan anaa nwura a wonkata so no te sɛ nea woato nsa afrɛ nkoekoemmoa sɛ wɔne wo mmedidi
◼ Ankorankoro ahotew
“Samina bo nyɛ den, enti hohoro wo nsa na horo wo ntade mpɛn pii, titiriw wɔ bere a wo ne nnipa foforo anya nkitahodi anaasɛ wode wo nsa aka mmoa no. Nsuso mmoa a wɔawuwu mu. Mfa wo nsa nkeka w’ano, wo hwene, ne w’aniwa. Sɛ ɛte sɛ nea wo ntade ani tew mpo a, ɛsɛ sɛ wohoro no daa. Nanso, nneɛma a ɛyɛ huam bi twetwe nkoekoemmoa, enti kwati samina ne ahotew nnuru a ɛyɛ huam.”—Africa.
Nhyehyɛe a Wɔde Siw Ano
◼ Yiyi nneɛma a ntontom betumi atow agu mu fi hɔ
Kata nsu ankora ne nneɛma a wɔde ntade hyɛ nsu mu wɔ mu so. Yiyi nneɛma a ɛso deda hɔ a nsu taataa mu nyinaa fi hɔ. Mma nsu nnyinagyina afifide a wɔadua wɔ nkuku mu ho. Ntontom tumi tow gu atɛkyɛ biara a ɛtaa hɔ boro nnannan mu.—Southeast Asia.
◼ Mma nkoekoemmoa nkeka wo pii
Hwɛ sɛ worentra mmeae ne mmere a nkoekoemmoa no didi. Awia tɔ ntɛm wɔ mmeae a osu ne awia bɔ kɛse no nti wɔyɛ da biara da nnwuma pii wɔ sum mu bere a nkoekoemmoa pii didi no. Abɔnten a wobɛtra ne da a wobɛda hɔ wɔ bere a nyarewa a nkoekoemmoa de ba abu so mu no ma nya a wubetumi anya bi no yɛ kɛse.—Africa.
[Mfonini]
Abɔnten a wobɛda wɔ ɔman a ntontom wom mu no te sɛ nea woato nsa afrɛ ntontom sɛ wɔmmɛnom wo
Hyɛ ntade a ɛkata wo honam fa kɛse no ara, titiriw bere a wowɔ kwae mu no. Fa nnuru a ɛpam nkoekoemmoa gugu wo ntade mu ne wo ho, na bere biara di akwankyerɛ a ɛwɔ ho agyiraehyɛde so no akyi. Hwehwɛ sommɔre wɔ wo ne wo mma ho wɔ bere a moakɔ abɔnten aba no. Hwɛ w’ayɛmmoa ma wonnya apɔwmuden na mma nkoekoemmoa mma wɔn ho.—North America.
Nnyina mmoa mu nkyɛ, efisɛ nkoekoemmoa betumi de mmoa no ho yare asan nnipa.—Central Asia.
Ma abusua no mufo nyinaa nna ntontonnan mu—ne papa mu no nea wɔde aduru a ekum nkoekoemmoa ahyɛ. Fa atra hyehyɛ wo mfɛnsere mu, na siesie atra a asɛesɛe no. Sisiw ntokuru a ɛdeda ntɔnanoa ase a nkoekoemmoa betumi afa hɔ ahyɛn dan mu no. Akwan a wofa so bɔ wo ho ban saa no gye sika, nanso sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ wode abofra bi kɔ ayaresabea anaasɛ odwumayɛni bɛyare denneennen a ontumi nyɛ adwuma a, wobɛhwere sika a ɛsen saa mpo.—Africa.
[Mfonini]
Ntontonnan a wɔde aduru a ekum nkoekoemmoa ahyɛ no bo yɛ mmerɛw sen nnuru ne ka a wɔbɔ wɔ ayaresabea
Sisiw afasu a apaapae ne ntokuru a ɛdeda ne nsɛmso mu no. Fa semɛnte tetare afasu ne nsɛmso no so, na taa akam ne ntokuru mu. Fa ntama a nkoekoemmoa ntumi mfa mu sɛw daha nsɛmso no ase. Yiyi nneɛma a egugu basabasa—te sɛ nkrataa a wɔaboaboa ano anaa ntama anaa mfonini akuwakuw a ɛsensɛn afasu ho—beae a nkoekoemmoa hintaw no.—South America.
Nnipa binom bu nkoekoemmoa ne nkura sɛ wɔn ahɔho. Ɛnte saa! Siw wɔn kwan. Fa nnuru a ɛpam anaa ekum nkoekoemmoa di dwuma—nanso fa di dwuma sɛnea ɛho akwankyerɛ te. Fa mfiri ne nnwinnade a wɔde kyere nkoekoemmoa di dwuma. Fa w’adwene yɛ nneɛma: Ɔbea bi pam kotoku teaa bi, de anhwea guu mu pia hyɛɛ ɔkwan a ɛda ne pon ase ma esiw nkoekoemmoa kwan ma wɔanhyɛn ɔdan no mu.—Africa.
[Mfonini]
Ɛnsɛ sɛ nkoekoemmoa yɛ yɛn ahɔho. Pam wɔn!
◼ Akwan a yɛbɛfa so asiw nyarewa ano
Kɔ so ko tia yare denam nnuan pa a wubedi, ahomegye, ne apɔwmu-teɛteɛ so. Tew adwennwen so.—Africa.
Akwantufo: Di kan hwehwɛ amanneɛbɔ a ɛfa nkoekoemmoa nyarewa a aba foforo ho nsɛm. Wubenya ho amanneɛbɔ afi ɔmanfo akwahosan adwumayɛbea ne aban Intanɛt so. Ansa na wubetu kwan no, fa nnuru a wɔde bɔ ho ban wɔ beae a worekɔsra hɔ no.
Sɛ Woyare A
◼ Hwehwɛ ayaresa ntɛm so
Nyarewa pii wɔ hɔ a sɛ wohu no ntɛm a ne sa nyɛ den.
◼ Hwɛ yiye wɔ yare a wontumi nkyerɛ pɔtee ho
Hwehwɛ nnuruyɛfo a wonim nyarewa a nkoekoemmoa de ba ne nea ɛwɔ mmeae a osu tɔ na awia bɔ kɛse no ho ade. Ka wo nyarewa no nsɛnkyerɛnne nyinaa kyerɛ wo duruyɛfo no ne mmeae a wɔatu kwan akokɔ wɔ mmere a atwam mpo mu. Nnom nnuru a ekum ɔyare mmoawa wɔ bere a ehia nkutoo, na nom dodow a wɔde sa yare no nyinaa wie.
[Mfonini]
Nyarewa a nkoekoemmoa de ba betumi asɛ nyarewa foforo. Ka mmeae a woakɔ nyinaa ho asɛm kyerɛ wo duruyɛfo no
[Asɛm Fibea]
Wiase: Mountain High Maps® Copyright © 1997 Digital Wisdom, Inc.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 26]
So Nkoekoemmoa Ma Obi Nya HIV?
Wɔ nhwehwɛmu a nkoekoemmoa mu nhwehwɛmufo ne nnuruyɛ mu nyansahufo ayɛ bɛboro mfe du mu no, wonhuu adanse biara a ɛkyerɛ sɛ ntontom anaa nkoekoemmoa tumi de HIV—AIDS ɔyare mmoawa—ba.
Sɛ nhwɛso no, ɛdefa ntontom ho no, akoekoeboa no ano afã horow no nte sɛ bɛntoa a ano kwan yɛ biako pɛ a obetumi asan de apuw mogya agu obi mu. Mmom no, ntontom twe mogya fa ɔkwan biako so wɔ bere a ɔde ntasu fa foforo so no. Afei, Thomas Damasso, HIV ho ɔbenfo a ɔka Ɔmantam Akwahosan Sohwɛ Kuw a ɛwɔ Mongu, Zambia, no kyerɛkyerɛ mu sɛ, ntontom adidi ne ɔnom nkwaadɔm no sɛe mogya no, ma ekum yare mmoawa no. Wonhu HIV wɔ nkoekoemmoa tiafi mu. Nea ɛnte sɛ atiridiinini mmoawa a ɛkɔ ntontom ntasu akwaa mu no, HIV nkɔ ntontom no ntasu akwaa mu.
Sɛ obi benya HIV a, gye sɛ nsanyare ho nneɛma nketenkete pii akɔ ne mu ansa. Sɛ wɔpam ntontom bere a ɔredidi na otu kosi obi foforo so tẽẽ a, mogya dodow biara a ɛbɛka n’anofafa bɛyɛ nea esua koraa sɛ ebetumi de ɔhaw bi aba. Sɛnea animdefo kyerɛ no, sɛ wɔbɔ ntontom a HIV mogya ahyɛ no ma tare kuru a ɛso da hɔ so mpo a, ɛremfa HIV nsan obi.
[Asɛm Fibea]
CDC/James D. Gathany
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]
Aforote ho sommɔre (wɔayɛ no kɛse wɔ nifa so) de “Lyme” yare san nnipa
Benkum kɔ nifa: Ɔbere a wanyin, onini a wanyin, ne osa, a wɔayɛ wɔn nyinaa mfonini sɛnea wɔn kɛse te ankasa
[Asɛm Fibea]
Sommɔre Ahorow Nyinaa: CDC
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26, 27]
Nsuyiri, tebea a ɛho ntew, ne nnipa atutradi ka ho bi na nyarewa a nkoekoemmoa de ba trɛw
[Asɛm Fibea]
FOTO UNACIONES (from U.S. Army)