Dengue—Atiridii a Ɛretrɛw
“Akwahosan ho adwumayɛfo a wɔwɔ Morelos ne kurow ho agyinatufo mpanyimfo a wɔwɔ Emiliano Zapata, de krataa a edi abasobɔde anim yi rema Yehowa Adansefo Ahenni Asa . . . wɔ adwuma a [Adansefo no] yɛ bom sɛ kuw de siesie mmeae ahorow ma ɛhɔ tew na ntontom a ɛde dengue atiridii ba no annya kwan ampaapae wɔ hɔ no ho.”
ATUMFOƆ a wɔwɔ Mexico no wɔ ntease pa a enti wɔma ntontom a wɔde nyarewa ba yi ho asɛm hia wɔn. Saa nkoekoemmoa a wɔn ho yɛ ahoguan yi betumi ama obi anya ɔyare mmoawa a ɛde dengue ba no bi. Ɛyɛ yare a ɛyɛ hu a ɛkaa nnipa bɛboro 57,000 wɔ Mexico wɔ afe 2010 mu. Mexico ka aman bɛboro 100 a dengue yare no abu so wɔ hɔ no ho. Nokwarem no, Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (WHO) bu akontaa sɛ mprempren no, dengue atiridii no ka nnipa bɛyɛ ɔpepem 50 afe biara wɔ wiase nyinaa, na wiase no mu nnipa nkyem anum mu abien na wobetumi anya ɔyare no bi. Ne saa nti, nnuruyɛfo ayɛ nhyehyɛe ahorow a wɔde betu Aedes aegypti ntontom a wɔn ho wɔ nsisii mfitaa mfitaa a wɔma dengue ɔyare no ase.a
Dengue yare taa bu so wɔ mmeae a osu tɔ na owia bɔ kɛse anaa ɛhɔ hyew no yɛ hɔ-ne-hɔ, ne titiriw no wɔ osutɔ bere ne bere a atoyerɛnkyɛm te sɛ mframa gyampanturudu anaa nsuyiri asi akyi no. Nea ɛma ɛba saa ne sɛ Aedes ntontom no tow nkesua gu nsu a ɛtaa hɔ biara mu.b Esiane sɛ nnipa a wɔwɔ Latin America ne Caribbean nyinaa sɔw nsu na wɔkora so wɔ asubura mu wɔ fie nti, akwahosan ho abenfo hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa ade nkata so. Eyi mma ntontom no nnya kwan nto nkesua ngu nsu no mu. Sɛ nkurɔfo yiyi kar tae dedaw, ntonturowa, nhina a wɔadua nhwiren wom, rɔba a wɔde nsu gu mu ne biribiara a nsu betumi ataa mu fi mmeae a wɔte a, esiw ntontom yi trɛw ano.
Sɛnea Yebehu Dengue na Yɛagyina Ano
Esiane sɛnea dengue yare mmoawa no te nti, sɛ ɛbɔ obi a, ɛyɛ den sɛ wobehu atiridii ko a ɛyɛ. Nanso sɛnea WHO kyerɛ no, sɛ wunya atiridii na nsawa gu wo ho, w’ani akyi yɛ wo yaw, na w’apɔw so yɛ wo yaw a, ɛnde na ɛsɛ sɛ wohwɛ kwan sɛ ebetumi ayɛ dengue yare, na ɛka ho bi nti na wɔfrɛ no atiridii a ebubu nnompe no. Sɛ atiridii no yɛ obi a, etumi di nnanum kosi nnanson.
Mprempren nnuruyɛfo nni dengue ano aduru, nanso mpɛn pii no, wotumi sa yare no wɔ fie denam nsu ne anonne pii a wɔnom ne ahomegye so. Nanso sɛ ɛkɔba sɛ dengue atiridii no ma mogya tu ɔyarefo no anaa ɔbɔ birimbirim a, ɛnde na ɛsɛ sɛ wɔma ani kũ ne ho. Saa ɔhaw ahorow a ebetumi adi awu yi tumi si bere a atiridii no aba fam na ayɛ te sɛ nea ɔyarefo no ho retɔ no no. Nsɛnkyerɛnne ahorow bɛn sɛɛ na ɛma yehu sɛ obi akɔ tebea a ɛyɛ hu yi mu? Ayamkeka a ano yɛ den, fẽ a ɔkɔ so fẽ, n’anom ne ne hwenem a etu mogya, ne tiafi a ɛyɛ tuntum, ne ne honam ani a ɛsoasoa yɛ nkɔkɔɔnkɔkɔɔ. Sɛnkyerɛnne afoforo a ɛkyerɛ sɛ ade betumi atɔ obi a wanya dengue so no bi ne nna a ontumi nna, sukɔm a ɛde no mmoroso, ne honam ani a ɛhoa na ɛsan yɛ nwini, ne ne mogya mu ahoɔden a ɛba fam.
Nea ɛyɛ awerɛhow no, nnuru a wɔde kum ɔyare mmoawa ntumi nko ntia dengue, efisɛ dengue yɛ nsanyare na ɛnyɛ ɔyare a ɔyare mmoawa na ɛde ba. Afei nso ɛyɛ papa sɛ ɔyarefo no rennom nnuru a wɔde ko tia ahonhon, te sɛ aspirin, ne ibuprofen, efisɛ ebetumi ama mogya atu no. Dengue nsanyare no gu ahorow anan, na obi betumi anya yare no bɛboro pɛnkoro.
Sɛ dengue ka wo a, gye w’ahome pii na nom anonne pii. Bio nso, bɔ mmɔden da ntontonnan mu bere nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a ntontom renkaw wo na womfa yare no nsan afoforo.
Nea edi kan koraa no, wobɛyɛ dɛn abɔ wo ho ban fi ntontom ho? Hyɛ ntade a nsa no yɛ atenten, trɔsa anaa atade tenten, na sra nku a wɔde pam ntontom. Ɛwom sɛ ntontom betumi akaw yɛn bere biara de, nanso bere a wɔn ano yɛ den kɛse ne nnɔnhwerew abien ansa na owia akɔtɔ, ne nnɔnhwerew abien ansa na owia apue. Afei nso, ntontonnan a wɔahyɛ no aduru a wobɛda mu no betumi abɔ wo ho ban.
Sɛ́ wobenya nnuru a wɔde bɛko atia dengue no de, yɛrentumi nkyerɛ seesei. Nanso awiei koraa no, Onyankopɔn Ahenni beyi ɔyare ahorow nyinaa a atiridii yi ka ho afi hɔ. Nokwarem no, bere bi bɛba a Onyankopɔn ‘bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.’—Adiyisɛm 21:3, 4.—g11-E 11.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔ aman bi so no, ntontom afoforo te sɛ Aedes albopictus, nso betumi de dengue ɔyare mmoawa yi aba.
b Ntontom a wɔfrɛ wɔn Aedes no betumi atu afi baabi a wɔapae wɔn no akɔ bɛyɛ akwansin ɔha.
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 25]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Mmeae a Wotumi Tow Nkesua Gu
1. Tae a wɔatotow agu
2. Akã a osu tɔ a ɛfa mu
3. Nhina a wɔadua nhwiren wom
4. Rɔba a wɔde nsu gu mu
5. Ntonturowa ne ankora a wɔmmfa ade ngu mu bio
Nea Ɛsɛ sɛ Woyɛ na Ntontom Ankekaw Wo
a. Hyɛ ntade a nsa no yɛ atenten, trɔsa anaa atade tenten. Sra nku a wɔde pam ntontom
b. Da ntontonnan mu
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 24]
Beae a efi: Courtesy Marcos Teixeira de Freitas