Wiase Nsɛm
Wɔn a Wɔwɔ Afiri a Ɛma Koma Bɔ Yiye Nhwɛ Yiye
Afiri a ɛma wɔkyere akorɔnfo a mprempren wɔde asisi sotɔɔ pii mu no betumi ayɛ apɔwmuden ho asiane ama nkurɔfo a wɔwɔ mfiri a ɛma wɔn koma bɔ yiye no. France aduruyɛ ho nsɛmma nhoma Le Concours Médical bɔ amanneɛ sɛ France nnuruyɛfo huu ɔhaw no denam ɔyarefo bi a ɔyɛ adwuma wɔ sotɔɔ mu a ɔkae sɛ bere biara a ɔkɔ beae a wɔfa fi adi no, ne koma bɔ ntɛmntɛm no so. Bere a nnuruyɛfo kuw no sɔɔ mfiri a ɛma koma bɔ yiye bɛboro 30 hwɛe no, wohui sɛ sɛnkyerɛnne a afiri a ɛma wohu akorɔnfo de ma no mma mfiri a ɛma koma bɔ yiye no mu dodow no ara ntumi nyɛ adwuma yiye, ɛtɔ da bi a, ɛnyɛ adwuma koraa. Nnuruyɛfo no bɔ kɔkɔ sɛ ɛsɛ sɛ wɔma wɔn a wɔwɔ mfiri a ɛma koma bɔ yiye no bi no hu asiane no.
Amanne a Edi Awu
Nnansa yi San Antonio, Texas, ayaresabea bi nsa kaa abisade soronko bi fii mmeawa bi a wɔbɛyɛɛ nhwehwɛmu sɛ ebia wɔanya AIDS no hɔ. Nhwehwɛmu no daa no adi sɛ na mmeawa no ne “akobɔfo kuw bi mufo a wɔwɔ AIDS mmoawa no bi” da sɛ emufo a wɔbɛyɛ no ho amanne fã a wɔnyɛ hwee mfa mmɔ wɔn ho ban. Sɛnea New York Daily News kyerɛ no, nhwehwɛmufo no hui sɛ na mmeawa a wɔadi mfe 14 ne 15 no “reyɛ eyi na ama wɔayɛ akobɔfo kuw no mufo,” na “wɔakyerɛ sɛ ‘wɔyɛ den yiye’ na wɔrennya AIDS mmoawa no bi.” Mmeawa no pii kɔka akobɔfo no ho de hwehwɛ ɔdɔ ne ahotɔ a wonnya wɔ fie. Nanso akobɔfo kuw mu asetra ma wɔyɛ wɔn basabasa, wɔde wɔn ho hyɛ nna mu ɔbrasɛe mu, na wonya nyarewa fi nna mu. Bere a Daily News reka asɛm a nhwehwɛmufo no mu biako kae no, ese “mmeawa no dodow no ara fi afie a emu apaapae mu. Wɔn mu pii abusuafo ato wɔn mmonnaa.”
So Wontumi Nsiw AIDS Ano?
So wontumi nsiw AIDS a ɛretrɛw wɔ wiase nyinaa no ano mprempren? Amanneɛbɔ a ekura nkratafa 1,000 a Global Aids Policy Coalition a ɛwɔ United States Harvard Sukuupɔn mu kyerɛw no kyerɛ sɛ ebia wontumi nsiw ano. Sɛnea The Guardian Weekly kyerɛ no, amanneɛbɔ no da no adi sɛ ɔman biara ntumi nsiw AIDS a ɛretrɛw no ano, na ebia wɔn a wɔka sɛ ɔyare no adɔɔso yiye wɔ Europa no adi mfomso. Amanneɛbɔ no se: “HlV/Aids nsanyare no redan ade foforo a ɛyɛ hu. Bere a ɛkɔ so trɛw wɔ wiase nyinaa no, wohu nsɛnkyerɛnne pii a ɛkyerɛ sɛ anibiannaso, nsɛm a wonnye ntom, ne nyiyim renya nkɔanim.”
Mmea Adwumayɛfo a Wɔhaw Wɔn
Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe no nnansa yi wɔ Toronto Hospital, Toronto, Canada, daa no adi sɛ ɛhɔ mmea adwumayɛfo mu ɔha biara mu nkyem 70 kae sɛ wɔde nna aguan wɔn ho wɔ adwumam. Sɛnea The Toronto Star kyerɛ no, mmea no mu ɔha biara mu nkyem 2 bɔ amanneɛ sɛ wɔahyɛ wɔn ne wɔn ada pɛn, na wɔn mu ɔha biara mu nkyem 1 bɔ amanneɛ sɛ nna ho asɛm nti wɔabɔ wɔn apoo. Mmea no pii ka sɛ “wɔne wɔn akasa wɔ animtiaabu kwan so,” na wɔn mu fã kɛse no ara “nwiinwii sɛ wɔka nna ho asɛm de goru wɔn ho.” Star bɔ amanneɛ sɛ mmea adwumayɛfo no mu bɛyɛ ɔha biara mu 60 “te nka sɛ ɛtɔ mmere bi a, wonni ahobammɔ wɔ ayaresabea no afã horow bi.”
Japanfo Sukuupɔn mu Bible Adesua
The Daily Yomiuri bɔ amanneɛ sɛ: “Ná sukuufo no mu pii pɛ sɛ wosua tete Helafo ne Romafo nhoma, ne titiriw no Bible a wɔtee nka sɛ ɛho hia na wɔate aman afoforo amammerɛ ase no ho nsɛm pii” wɔ nsɛm a wobisabisaa sukuufo wɔ nhomakyerɛw ne ɛho adesua asuae wɔ Waseda Sukuupɔn a agye din no mu no mu. Sukuupɔn a anya din kɛse wɔ nhomakyerɛw ne ɛho adesua mu dedaw no de Bible sua aka nneɛma ahorow a wosua no ho fi 1993 fefɛw bere mu. Esiane sɛ Nhomasua Asoɛe no maa sukuupɔn ahorow no ahofadi kɛse sɛ wɔnsakra wɔn adekyerɛ ho nhyehyɛe wɔ mfe abien a atwam no mu nti, eyi ne bere a edi kan wɔ Japan a wɔama sukuufo kwan ma wɔanya sukuu adesua a wɔhyehyɛ no mu kyɛfa.
Mmirika a Wotu no Brɛoo mu Ɔbrɛ
Sɛnea nhwehwɛmu bi a efi Orthopedic University Clinic a ɛwɔ Berlin, Germany kyerɛ no, mmirikatu brɛoo ma nnipa te ɔbrɛ nka wɔ wɔn apɔw so mpɛn du sen sɛnea baesekre a wɔka ma wɔte. Bere a wɔde sisi afiri bi a wɔayɛ ama saa atirimpɔw no redi dwuma no, sukuupɔn no nyansahufo tumi susuw sɛnea nipadua no te brɛ nka wɔ n’apɔw so wɔ dwumadi ahorow mu nea edi kan. Süddeutsche Zeitung bɔ amanneɛ sɛ: “Ɛwom sɛ na wɔtaa susuw sɛ wɔn a wotu mmirika brɛoo no ma wɔn ntini ahorow newɔn apɔw yɛ adwuma kɛse sen nnipa a wɔka baesekre de, nanso saa nsonsonoe kɛse no yɛɛ nhwehwɛmufo no mpo nwonwa.”
Mmofra Tuutuusi Nya Nkɔanim wɔ Asia
“Sɛ wudi mfe du a, woyɛ ababaa, sɛ wudi mfe 20 a, woyɛ aberewa, na sɛ wudi mfe 30 a, na woawu.” Sɛnea National Geographic Traveler nsɛmma nhoma no ka no, eyi ne asɛm a wɔtaa ka fa mmofra tuutuufo ho wɔ Bangkok, Thailand. Mmofra tuutuufo bɛyɛ ɔpepem biako na wɔwɔ Asia, na wɔn mu pii nnii mfe du. Nsɛmma nhoma no ka sɛ akwantu a wɔde gye ani rema sum ase adwuma yi nya nkɔanim. Mmofra a wɔne wɔn da ho ahyehyɛde ahorow a ɛwɔ Australia, Japan, United States, ne Europa Atɔe fam yɛ ‘nna ho akwantu’ a wɔde kɔ Asia nsase so ho nhyehyɛe. The Times a ɛwɔ London no bɔɔ amanneɛ nnansa yi sɛ afe biara “wɔkɔfa” mmeawa bɛyɛ 5,000 fi Nepal mmepɔw so ma wobesi tuutuu wɔ Bombay, India. Mprempren mmeawa bɛyɛ 200,000 na wɔwɔ hɔ, na wɔn mu bɛyɛ fã wɔ mmoawa a wɔma AIDS no bi. Aguadi adwuma bi a wɔahyehyɛ no yiye de mmeawa kɔ Europa Atɔe fam ne United States mpo.
Asɔre a Wɔyɛ no Ntɛmntɛm
“Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ asɔre bi ase anɔpa 11 na wowie no dɔnhwerew biako anaa nea ɛboro saa akyi?” Baptistfo sɔfo bi na obisaa asɛm yi wɔ Florida, U.S.A., na sɛnea Associated Press amanneɛbɔ a epuei wɔ Times-West Virginian mu kyerɛ no, ama wɔanya ano aduru bi a wɔkaa ho asɛm too hɔ. Ɔsɔfo no yɛ “Simma 22 Asɔre Tiawa” a ɔkyerɛ sɛ ɛma onya bere “ma ɔkasa, ɔma wɔto nnwom, ɔkenkan Kyerɛwnsɛm, ɔbɔ mpae na wapɔn n’asɔremma no.” Sɛnea Associated Press kyerɛ no, asɔreyɛ no begye simma awotwe pɛ, na ɛma ɔsɔfo no nya kwan “yɛ asɔre sɛnea McDonald (adidibea a ɛyɛ nnuan ntɛm so) yɛ aduan no ara pɛ.” Nanso amanneɛbɔ no de ka ho sɛ, “ɔbɛma bere pii ma wɔde prɛte afa wɔn anim de agyigye sika.”
Dengue Atiridii Anosiw
Nhwehwɛmu bi a wɔayɛ wɔ Thailand ama wɔanya anidaso bi sɛ wobesiw dengue atiridii, ɔyare a ɛka nnipa bɛyɛ 100,000 wɔ saa ɔman no mu afe biara no ano. Dengue atiridii no ankasa ntaa nkum nnipa, nanso ɛtaa de nyarewa a ekunkum mmofra ba wɔ Asia Kesee Fam Apuei. Aëdes aegypti ntontom na ɔde dengue atiridii ba. Nanso, sɛnea Canada Medical Post kyerɛ no, nhyehyɛe ahorow a ɛma wɔde wɔn ho to aduru a ekunkum mmoawa so a ebesiw ɔyare no ano no anyɛ yiye, ne bo yɛ den, na nnipa mpɛ nso. Nnansa yi Bangkok Mahidol Sukuupon mu nyansahufo hui sɛ mmeae atitiriw a ntontom taa pae wɔn mma ne nsuhina akɛse a nkurɔfo kora nsu wom wɔ wɔn fie no mu. Enti wɔayeyɛ nhina no mmuaso a ɛkata ano papee te sɛ rɔba a wɔde hyɛ ti nanso wotumi saw nsu fi mu na wɔsan de bi gu mu. Nyansahufo no hui sɛ, sɛ wɔde di dwuma yiye a, mmuaso no tumi kunkum mmoawa a wɔde ɔyare no ba no koraa. Nkuraa a wɔde mmuaso no dii dwuma yiye wɔ hɔ no hui sɛ dengue atiridii no so tew fii ɔha biara mu nkyem 11 kosi 22 beduu ɔha biara mu nkyem 0.4 pɛ.
Aniwa Yaw a Wotew So
Sɛ wo television anaa kɔmputa a wohwɛ ma w’aniwa yɛ wo yaw a, wubetumi de asi fam na wɔama so ahwɛ soro na ama agyae. Ade yi a New England Journal of Medicine kamfo kyerɛ no gyina susuw a wosusuw sɛ nnipa bubu wɔn aniwa pii bere a wɔhwɛ ade wɔ fam na wɔhan wɔn aniwa kɛse bere a wɔhwɛ wɔn anim tee sen sɛ wɔhwɛ ade wɔ fam. Sɛ wummu aniwa pii a, ɛkyerɛ sɛ aniwa no mporow nsu pii, na sɛ wohan no kɛse a, nsu a ɛbɔ aniwa ho ban no we ntɛmntɛm.
Wɔtɔn Asɔredan Ahorow
Italy Roman Katolek Asɔre nnim asɔredan dodow ankasa a ɛwɔ, nanso enim ade biako: Entumi nhwɛ ne nyinaa so. Asɔredan ahorow a wɔagyae mu kɔ a ɛresɛe nkakrankakra no redɔɔso da biara. Enti Pietro Antonio Garlato, Council for the Cultural Heritage of the Italian Church titrani no kae sɛ asɔre no resusuw ho sɛ ebia a ɛbɛtɔn adan a wɔnkɔ mu asɔre bio no. Asɔredan dodow ahe na wɔbɛtɔn? Ɔsɔfo panyin bi kyerɛkyerɛɛ mu wɔ Il Messaggero mu sɛ: “Mfiase akontaabu bi kɛkɛ kyerɛ” sɛ wɔbɛtɔn Italy asɔredan dodow bɛboro 95,000 no mu “ɔha biara mu nkyem 10.”
Dede Ntraso
Wohui wɔ dede ho nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Berlin, Germany nnansa yi mu sɛ nnipa pii te dede kɛse a ɛyɛ hu mu. Atesɛm krataa Süddeutsche Zeitung ka sɛ kurow no mu nnipa ɔha biara mu nkyem 40 tete afie a ɛbemmɛn kurow no mu akwan atitiriw no ho, “mmeae a ɛkame ayɛ sɛ dede wɔ hɔ dodo bere nyinaa no.” Nokwarem no, adan a anim kyerɛ akwan no mu dede ano den boro 95, na ɛkɔ soro sen 65 a wogye tom no. Ɛkame ayɛ sɛ akwan a wɔyɛɛ ho nhwehwɛmu no nyinaa so dede ano yɛ den dodo anadwo. Wonim sɛ dede a ano yɛ den mma wontumi nni nkitaho, wontumi mfa adwene nsi nsɛm so, na adwene no nyɛ adwuma yiye.