Dengue—Atiridii a Ntontom De Ba
Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Philippines hɔ
NTONTOM besi abeawa ketewa no nsa a biribiara nkata ho no ho a wonhu. Ntɛm ara akoekoeboa no de n’ano si ne were mu twe mogya. Bere tiaa bi akyi no, ɛna no hwɛ ne babea no, na ohu ntontom no. Ohugya no ntɛm ara ma ntontom no kɔ. So ɛno ara nen? Ebia ɛnte saa. Ebia ntontom no kɔ, nanso n’ano a ɔde kaa abofra no mogya bere tiaa bi no ama mmoawa bi a onhia a wobetumi ama wayare aba ne mogya mu.
Adapɛn abien mu no, awɔw te gu abofra no so, ne ti pae no, n’ani akyi tutuw no, n’apɔw so yɛ no yaw kɛse, na ne ho yɛ hyehyeehye. Bere a yare no yɛ kɛse no, nsawa nkɔkɔɔnkɔkɔɔ bi gu ne ho na ɔyɛ bɛtɛɛ. Wanya dengue, atiridii a ntontom ka obi a na onya.
Nanso, ne titiriw no, sɛ na abofra no anya dengue pɛn a, obenya yare no foforo bi a emu yɛ den, dengue atiridii a ɛma mogya tu obi (DHF). Sɛ ɛba saa a, ntini no mu tuetue, na ɛma ne honam tu mogya. Mogya betumi anwini agu ne mu nso. Sɛ wɔansa no yiye a, ɔyarefo no betumi anya adwenemhaw, na ne mogya nso renyɛ adwuma, na ɛbɛma wawu ntɛm.
Dɛn ankasa ne dengue? So ebetumi aka wo? Wobɛyɛ dɛn atumi abɔ wo ne w’abusua ho ban? Ma yɛnyɛ nhwehwɛmu kakra.
Dɛn ne Dengue?
Dengue, a wɔfrɛ no atiridii a ebubu nnompe, no yɛ nyarewa dodow a sɛ ntontom ka obi a obetumi anya no mu biako pɛ. Ɔyare mmoawa bi ankasa na wɔde yare no ba. Mmoawa no wɔ ntontom a ɔwɔ yare no bi (kyerɛ sɛ, ntontom a wadi kan aka obi a ɔwɔ yare no bi) mu nsu mu. Sɛ ɔreka obi anom ne mogya a, ɔde mmoawa no ma onii no.
Ɔyare mmoawa a wɔde dengue ba no gu ahorow anan. Sɛ obi nya mu biako a, ɛmmɔ ne ho ban mfi abiɛsa a aka no ho. Sɛ obi nya mu biako, na sɛ ntontom a ɔwɔ mmoawa a aka no ka no a, obetumi anya DHF.
“Wiase Nnipa Baanum Biara Mu Baanu” Wɔ Asiane Mu
Sɛnea Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (WHO) kyerɛ no, dengue de nnipa ɔpepepem 2.5, “wiase nnipa baanum biara mu baanu,” nkwa to asiane mu. Asiaweek bɔɔ amanneɛ sɛ: “Aman a osu tɔ na owia bɔ kɛse wɔ hɔ ne mmeae a ɛbemmɛn hɔ bɛboro 100 na wɔabɔ amanneɛ sɛ dengue asi hɔ, na wɔbɔ amanneɛ sɛ nnipa ɔpepedudu pii na wonya yare no afe biara, na emu ɔha mu 95 yɛ mmofra.”
Wontumi nkyerɛ bere pɔtee a wodii kan huu dengue wɔ wiase. Ebia na “kotodwe mu atiridii” a esii Cairo wɔ 1779 mu no yɛ dengue ankasa. Efi saa bere no, wɔabɔ dengue ho amanneɛ wɔ wiase nyinaa. Efi Wiase Ko II mu titiriw reba no, dengue anya adesamma akwahosan so nkɛntɛnso kɛse, na efii ase wɔ Asia Kesee fam apuei. Ɔyare mmoawa no pii fii ase trɛwee, na eyi maa mogya tuu nnipa pii wɔ ɔkwan a ɛyɛ hu so. Nhoma bi a WHO tintimii no ka sɛ: “Wodii kan huu atiridii a ɛma mogya tu nnipa no ankasa wɔ Manila, Asia, wɔ 1954 mu.” Ɛno akyi no, wohuu bi wɔ aman foforo mu, titiriw, Thailand, Vietnam, Malaysia, ne mmeae a ɛbemmɛn hɔ no. Yare yi a edii kan sii Asia Kesee fam apuei no kunkum nnipa ɔha mu 10 kosi 50, nanso bere a wosuaa yare no ho ade pii no, saa dodow yi so tewee.
Efi 1960 mfe no mu no, nhyehyɛe a wɔde bedi ntontom a wɔwɔ ɔyare mmoawa no so a wɔagow mu no ama dengue anya nkɔanim kɛse. Sɛnea dengue atrɛw no, saa ara na DHF nso atrɛw. Aman 9 pɛ na yare no sii hɔ ansa na 1970 reba, nanso eduu 1995 no na saa dodow yi akɔ soro akodu 41. WHO bu akontaa sɛ afe biara, nnipa a wɔanya DHF 500,000 na ɛsɛ sɛ wogye wɔn gu ayaresabea.
Ɛwom sɛ wonnim yare no wɔ mmeae a osu ntɔ na owia mmɔ kɛse no de, nanso wɔ nsɛm bi mu no, wɔn a wotu kwan kɔ amantam a asiane wɔ hɔ sɛ obi betumi anya yare no bi no anya bi ma wɔde aba wɔn man mu. Sɛ nhwɛso no, ɛrekɔ 1996 awiei no, The New York Times kaa dengue a aba United States—wɔ Massachusetts, New York, Oregon, ne Texas—ho asɛm.
DHF Ho Asiane Titiriw
Sɛnea yehui mfiase no, DHF yɛ dengue yare bi a ɛde nkwa to asiane mu. DHF ho asiane biako ne sɛ ɛdaadaa nkurɔfo ma wosusuw sɛ ɛnyɛ hu biara. Nnipa pii di mfomso ka sɛ ɛyɛ ɔpakum. Nanso, ɛho ade a wɔnyɛ no ntɛm no ma yare no yɛ kɛse du baabi a anibere wom araa ma ɔyarefo no mogya so tew koraa, mogya fi ase tu no (enwini gu ne mu anaasɛ enwini fa ne sẽ akyi, ne hwene mu, anaa ne honam ani), na ne mogya so tew. Ade betumi atɔ ɔyarefo no so. Ebedu bere a abusua no behu sɛ tebea no mu yɛ den no, na ade atɔ ne so dedaw. Wɔde no kɔ ayaresabea ahoɔhare so. Ɛhɔ no, oduruyɛfo no hu sɛ ne mogya nyɛ adwuma yiye. Esiane sɛ tebea no mu yɛ den nti, wɔma wɔde nsu si no so.
W’abusua Ho Ban a Wobɛbɔ
Dɛn na wobetumi de atew ɔhaw a saa yare yi de ba no so? Sɛ abusua no te baabi a dengue wɔ, na sɛ abusua no muni bi nya atiridii a ano yɛ den na edi boro da koro a, ɛsɛ sɛ abusua no fi nyansam kohu oduruyɛfo. Eyi ho hia titiriw bere a ɔyarefo no wɔ dengue ho sɛnkyerɛnne foforo no, te sɛ nsawa a egu ne ho anaa ne ntini ne n’apɔw so anaa n’ani akyi a ɛyɛ no yaw.
Ebia oduruyɛfo no bɛyɛ ne mogya mu nhwehwɛmu. Dengue a ɛmma mogya ntu obi no sa nyɛ den. Nanso sɛ nhwehwɛmu no da no adi sɛ ɛyɛ DHF a, akyinnye biara nni ho sɛ oduruyɛfo no bɛkamfo akyerɛ sɛ wɔmfa nsu nsi ne so. Ebia nea ɛbɛwɔ nsu yi mu ne nnuru a sɛ obi ho nsu yow a ɔnom, te sɛ nea wɔde di dwuma bere a obi fe na ne yam tu no, anaasɛ, sɛ tebea no mu yɛ den paa a, wɔde nsu a ahoɔdennuru pii wom, nsu a nkyene ne asikre wom, anaa afoforo bɛfa ne ntini mu. Sɛ ade na atɔ ne so a, oduruyɛfo no betumi akyerɛw nnuru bi a ɛbɛboa ma ne mogya aba soro ma nkwammoaa kɔkɔɔ aba mu ama no.
Sɛ mogya tu no kɛse a, ebia nnuruyɛfo bɛkamfo akyerɛ sɛ wɔmma no mogya. Ebia ebinom bɛkamfo eyi akyerɛ ntɛm a wonsusuw nnuru ahorow a wobetumi de asi ananmu no ho. Nanso, sɛ Onyankopɔn mmara a eyi tia no da nkyɛn a, mpɛn pii no ɛho nhia. (Asomafo no Nnwuma 15:29) Osuahu akyerɛ sɛ nsu a wɔde ahwɛyiye de si ɔyarefo no so wɔ yare no mfiase no ne ayaresa no ho ade titiriw a ehia sen biara. Biakoyɛ a ɛbɛtra ɔyarefo no ne oduruyɛfo no ntam wɔ eyi mu no betumi aboa ma wɔakwati mogya a wɔde ma ho ntawntawdi biara. Eyi nyinaa si hia a ehia sɛ wɔyɛ ade ntɛm bere a obi hu sɛ wanya DHF no so dua.—Hwɛ adaka “Dɛn Ne Ɛho Nsɛnkyerɛnne?” no.
Akwan a Wɔfa So Siw Ano
Mmoawa a wokura dengue ɔyare mmoawa no ankasa biako ne ntontom bi a wɔfrɛ no Aedes aegypti. Wɔ wiase nyinaa no, saa mmoawa yi nyɛ na wɔ mmeae a osu tɔ na owia bɔ kɛse ne mmeae a ɛbemmɛn hɔ. (Hwɛ asase mfonini a ɛka ho no.) Aedes aegypti ntontom nyin wɔ mmeae a nnipa akyere so kɛse no. Ntontom no a wɔbɛtɔre wɔn ase no ne ɔkwan biako a wɔfa so siw yare no ano.
Wɔ wiase nyinaa no, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛtɔre ntontom no ase. Nanso, nneɛma bi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de aboa atew asiane no so wɔ wo fie. Ntontombere to nkesua gu nsu mu. Ne mma no betumi anyin wɔ ade biara a nsu agu mu adi dapɛn anaa nea ɛte saa mu, te sɛ kar tae dedaw, ntonturowa, ntoa, anaa kube abon a wɔapaapae mu. Nneɛma a ɛte saa a wɔbɛtow agu no remma ntontom no nnya baabi ntow ngu. Bio nso, wɔkamfo kyerɛ sɛ wɔmfa bokiti anaa korow mmutubutu hɔ. Nsu a ɛtaa mmɔnka mu a wobɛsesaw agu nso bɛboa. Nea ɛyɛ anigye no, eyi nti wɔ 1997/98 sukuu afe no mfiase no, asoɛe a ɛhwɛ akwahosan so wɔ Philippines no kyerɛe sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde nhina a nhwiren wom sisi sukuu adesua adan mu.
Sɛ abusua no muni bi nya dengue a, yɛ nhyehyɛe ahorow a ɛremma ntontom foforo nkeka no, na wɔamfa yare no ankɔsan afoforo. Ɔdan a atra hyehyɛ n’akwan ano anaa air-condition wom betumi ayɛ ahobammɔ.
Na nnuru sesa nso ɛ? Aduru a ɛfata a wɔsesa bi nni hɔ mprempren. Wɔreyɛ nhwehwɛmu anya bi, nanso nokwasɛm a ɛne sɛ ahobammɔ a wobenya koraa no hwehwɛ sɛ wonya dengue ahorow anan no nyinaa ho aduru no ma eyi yɛ den. Biako pɛ ho aduru a wobenya no bɛma DHF ho haw anya nkɔanim ankasa. Nhwehwɛmufo wɔ anidaso sɛ wobetumi anya aduru a wɔsesa a etu mpɔn wɔ mfe anum kosi du ntam.
Nhwehwɛmufo foforo resɔ akwan foforo ahwɛ. Wɔwɔ anidaso sɛ wɔde nnuru bi bɛma ntontom na dengue ɔyare mmoawa no antumi annɔɔso wɔ ntontom mu nsu mu. Sɛ eyi yɛ yiye sɛnea wosusuw no a, saa ntontom a wɔama wɔn nnuru no de nnuru a ɛko tia dengue no bɛma wɔn mma. Ɛwom sɛ wɔanya nkɔanim bi de, nanso wonnya nhuu sɛnea eyi bedi nkonim.
Mprempren, ɛte sɛ nea dengue a wobetu ase koraa no rentumi nyɛ yiye. Nanso ahwɛyiye pa a wobɛyɛ no betumi aboa wo ne w’adɔfo ma moakwati ɔhaw a ɛde nkwa to asiane mu a efi dengue—atiridii a ntontom de ba no.
[Kratafa 26 adaka]
Dɛn Ne Ɛho Nsɛnkyerɛnne?
Dengue atiridii ne dengue atiridii a ɛma mogya tu obi (DHF) ho nsɛnkyerɛnne
• Atiridii a ano yɛ den a ɛba mpofirim
• Tipae a emu yɛ dena
• Ani akyi tutu
• Apɔw so ntini mu yaw
• Apɔw so a ɛhonhon
• Nsawa
• Ɔbrɛ
Nsɛnkyerɛnne a ɛda adi wɔ DHF nkutoo ho
• Ade a ɛtɔ obi so mpofirim
• Mogya a etu obi honam ani
• Mogya a etumi tu nipadua no fã biara
• Awɔse a egu obi
• Ahoyeraw
• Bɔ a obi bɔ birimbirim ne ne koma a ɛmmɔ yiye (dengue a ɛma ade tɔ obi so)
Sɛ wuhu nsɛnkyerɛnne yi a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛkɔ akohu oduruyɛfo. Mmofra titiriw na wɔwɔ asiane mu
[Ase hɔ asɛm]
a Nnuruyɛfo ka sɛ ɛnsɛ sɛ wɔnom aspirin efisɛ ebetumi ama mogyatu no ayɛ kɛse
[Kratafa 27 adaka]
Nyansahyɛ Ma Akwantufo
Bere ne bere mu no, wɔn a wotu kwan kɔ mmeae a osu tɔ na owia bɔ kɛse no nya dengue, nanso wɔntaa nnya dengue atiridii a ɛma mogya tu obi no efisɛ mpɛn pii no, sɛ obi nya dengue yare no mprenu a, na onya yare a emu yɛ den yi. Ahobammɔ ho nyansahyɛ ahorow ma akwantufo na edidi so yi:
• Hyɛ shɛɛt a ne nsa yɛ tenten ne trɔsa a ɛyɛ tenten
• Sra nku a ɛpam ntontom
• Ntra mmeae a nnipa akyere so
• Tra ɔdan a wubetumi atoto ne mpomma mu na ntontom antumi ankɔ mu mu
• Sɛ wunya atiridii bere a woasan aba fie a, ka baabi a wokɔe kyerɛ wo duruyɛfo
[Asase mfonini/Mfonini wɔ kratafa 27]
Mmeae a “dengue” asi hɔ nnansa yi
Mmeae a “dengue” ɔyaredɔm betumi asi hɔ
“Aedes aegypti,” ntontom a wɔde “dengue” ba a wɔato santen
[Asɛm Fibea]
Fibea: Centers for Disease Control and Prevention, 1997
© Oduruyɛfo Leonard E. Munstermann/Fran Heyl Associates, NYC
[Kratafa 28 mfonini ahorow]
Mmeae a ntontom betumi atow nkesua ne (1) kar tae dedaw, (2) nsubɔnka, (3) nhina a nhwiren wom, (4) bokiti anaa nneɛma foforo a wɔde nsu gu mu, (5) ntonturowa, (6) ankora mu
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 25]
© Oduruyɛfo Leonard E. Munstermann/Fran Heyl Associates, NYC