Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 8/8 kr. 22-24
  • Dɛn Nti na Mintumi Mfa M’adwene Nsi Biribiara So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Mintumi Mfa M’adwene Nsi Biribiara So?
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Wususuw Nneɛma Ho a Ɛsesa
  • Nkate ne Ahommoa
  • Wo Su Wɔ Nna Ho
  • Aduandi ne Adwene a Wɔde Si Biribi So
  • TV ne Komputa Bere
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi De M’adwene Asi Nneɛma So?
    Nyan!—1998
  • Dɛn Nti na Ɛyɛ Den Sɛ Meyi M’adwene Afi Wɔn a Ɛsono Wɔn Bɔbeasu So Saa?
    Nyan!—1994
  • Mmabunbere—Sɛnea Wosiesie Wɔn ho ma Mpanyinbere
    Nyan!—2012
  • Mmofra a Wontumi Nna—So Ɛyɛ Biribi a Ɛsɛ sɛ Ehia Yɛn?
    Nyan!—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 8/8 kr. 22-24

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Dɛn Nti na Mintumi Mfa M’adwene Nsi Biribiara So?

“Ɛtɔ mmere bi a ɛba mpofirim. Meretie asɛm wɔ asafo nhyiam ase, afei, m’adwene fi ase kyinkyin mpofirim. Simma du akyi m’adwene san ba me ho so.”—Jesse.

“MA W’ASO MMRA HA!” So wotaa te saa nsɛm yi fi w’akyerɛkyerɛfo anaa w’awofo hɔ? Sɛ wotaa te a, ɛnde ebia wowɔ adwene a wɔde si nneɛma so ho asɛnnennen. Ne saa nti, ebia wo mmɔdenbɔ wɔ sukuu sɔhwɛ mu bɛkɔ fam. Na wubehu sɛ afoforo nkyerɛ wo ho anigye, na wobebu wo animtiaa sɛ obi a nsa anaa nnubɔne asɛe no, anaasɛ obi a ommu ade.

Nea ehia titiriw no, w’adwene a wuntumi mfa nsi biribiara so no betumi anya nkɛntɛnso bɔne wɔ wo honhom fam yiyedi so. Anyɛ yiye koraa no, Bible ankasa ka sɛ: “Monhwɛ yiye sɛnea mote asɛm no fa.” (Luka 8:18) Nokwarem no, wɔka kyerɛ Kristofo sɛ ‘wɔnyɛ aso mmoro so’ wɔ honhom fam nneɛma ho. (Hebrifo 2:1, NW) Na sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wode w’adwene besi biribi so a, ɛnde ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wubetie saa afotu yi.

Dɛn na ebia ɛde ɔhaw no ba? Wɔ nsɛm bi mu no, obi adwene a ontumi mfa nsi biribiara so befi honam fam haw bi. Sɛ nhwɛso no, nhwehwɛmufo susuw sɛ Adwene a Wontumi Mfa Nsi Biribiara So fi amemene mu ntini a ɛde nsɛm kɔ mmeae foforo a ɛnyɛ adwuma yiye no.a Mmofra bi wɔ nyarewa te sɛ asɛm a wɔnte no yiye anaa ade a wonhu no yiye a wɔnyɛɛ nhwehwɛmu nhui. Eyinom nso betumi ahaw obi ma enti ontumi mfa n’adwene nsi biribiara so. Nhwehwɛmufo ahu sɛ ɛyɛ mmofra dodow no ara den sɛ wɔde wɔn adwene besi biribi so sen mpanyimfo. Ɛno nti mmofra pii na wontumi mfa wɔn adwene nsi biribiara so, a ɛntaa nyɛ yare.

Sɛnea Wususuw Nneɛma Ho a Ɛsesa

Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wode w’adwene besi biribi so a, ebia na ɛyɛ ɔhaw a obi renyin a ohyia ara kwa. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Meyɛ abofraa no, mekasae sɛ abofraa, medwenee sɛ abofraa, misusuwii sɛ abofraa; na meyɛɛ ɔpanyin yi, magu mmofraasɛm no.” (1 Korintofo 13:11) Yiw, sɛ woredu mpanyin afe so a, sɛnea wususuw nneɛma ho sesa. Sɛnea Adolescent Development nhoma no kyerɛ no, “sɛ obi du mpanyin afe so foforo a . . . sɛnea osusuw nneɛma ho no yɛ foforo.” Wutumi te nneɛma ase pɛɛpɛɛ adwene ne nsusuwii a wunya wɔ nneɛma ho no mu. Wufi ase te abrabɔ, nneyɛe, ne nneɛma foforo pii ase. Wufi ase dwen wo daakye ho sɛ ɔpanyin.

Dɛn na ɛde ɔhaw no ba? Nsusuwii ne adwene foforo yi nyinaa a ɛrekyinkyin w’amemene mu no betumi atwetwe w’adwene yiye. Wonnwen mmofra adwene bio. Seesei w’adwene ka kyerɛ wo sɛ pɛɛpɛɛ nea wuhu na wote mu na bisa ho nsɛm. Asɛm a ɔkyerɛkyerɛfo bɛka betumi ama w’adwene akyinkyin. Nanso, sɛ woansua sɛ wubedi w’adwene a ekyinkyin no so a, wubetumi ahwere nsɛm a ɛho hia. Nea yebetumi ahyɛ no nsow ne sɛ, Bible ka sɛ ɔtreneeni Isak gyee bere dwennwen nneɛma ho. (Genesis 24:63) Ebia bere bi a wobegye da biara de atra ase, adwennwen nneɛma ho, atoto nneɛma no bɛboa wo ma woatumi de w’adwene asi biribi so mmere foforo.

Nkate ne Ahommoa

Wo nkate nso betumi atwetwe w’adwene. Wobɔ mmɔden sɛ wode w’adwene besi ade a worekenkan anaa woretie so, nanso wubehu sɛ na woredwennwen nneɛma foforo ho. Ɛwɔ hɔ a w’ani nka, ɛwɔ hɔ a na w’ani agye, woyɛ basaa bere bi na w’ani agye bere bi. Mma ɛnnhaw wo! Ɛnyɛ adammɔ. Sɛnea ɛte biara no, ɛyɛ w’ahommoa na ɛregyigye wo. Ɛyɛ onyin mu nsakrae.

Kathy McCoy ne Charles Wibbelsman kyerɛwee sɛ: “Mpanyin afe so mu nkate dɔɔso . . . Ɔkwan bi so no, saa basaayɛ yi yɛ su a obi nya bere a wadu ne mpanyin afe so no. Nea ɛma ɛba saa no bi ne nsakrae ahorow a ɛreba w’asetram seesei no ho adwennwen.” Afei nso, woredu wo “baabun a waso aware”—bere a nna ho akɔnnɔ mu yɛ den sen biara no mu. (1 Korintofo 7:36) Nhoma kyerɛwfo Ruth Bell ka sɛ: “Nipadua mu nsakrae a ɛba wɔ mpanyin afe so no taa de nna ho akɔnnɔ a emu yɛ den ba. Ebia wubehu sɛ wususuw nna ho pii, wunya nna ho akɔnnɔ ntɛmntɛm, na ɛtɔ da bi mpo a nna ho nsɛm gye w’adwene nyinaa.”b

Jesse a yɛfaa n’asɛm kae mfiase no adwene a ekyinkyin no yɛ ade a ɛwɔ mmofra a wɔadu wɔn mpanyin afe so mu kɛse: “Ɛtɔ mmere bi a midwen mmeawa anaa nneɛma bi a ɛhaw me anaa nea mɛyɛ akyiri yi ho.” Bere bi akyi no, nkate a emu yɛ den no ano bɛbrɛ ase. Enkosi saa bere no, di wo ho so. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mehyɛ me nipadua ahometew, na midi no nya.” (1 Korintofo 9:27) Dodow a wusua sɛ wubedi wo nkate so no, dodow no ara na wubetumi de w’adwene asi biribi so.

Wo Su Wɔ Nna Ho

Wo nipadua a ɛrenyin no hia sɛ woda pii na aboa ma woanyin, na w’amemene atumi asusuw adwene ne nkate ahorow a wuhyia da biara no ho. Nanso, mmofra a wɔadu mpanyin afe so pii yɛ bere nhyehyɛe a ɛmma wonnya bere pii mfa nna. Amemene mu ntini ho ɔbenfo bi ka sɛ: “Nipadua no werɛ remfi nna ho ka a obi de no. Mmom no, ɛbɛkae bere nyinaa, na ɛbɛma obi atua ho ka mpofirim a ebetumi ama wayare awerɛfiri, ontumi mfa n’adwene nsi biribiara so, na ontumi nsusuw nneɛma ho ntɛmntɛm.”

Nhwehwɛmufo bi gye di sɛ dɔnhwerew biako anaa pii a obi bɛda aka sɛnea ɔda daa ho anadwo biara no betumi aboa no ma ɔde n’adwene asi biribi so kɛse. Nokwarem no, Bible kasa tia akwadworɔ ne wɔn a wɔpɛ nna. (Mmebusɛm 20:13) Nanso, nyansa wom sɛ wubenya ahomegye a ɛfata na ama woatumi ayɛ adwuma yiye.—Ɔsɛnkafo 4:6.

Aduandi ne Adwene a Wɔde Si Biribi So

Aduandi tumi de ɔhaw foforo ba. Mmofra a wɔadu mpanyin afe so ani taa gye nnuan a srade ne asikre wom ho. Nhwehwɛmufo ka sɛ bere a ebia nnuan a ahoɔden nnim bɛyɛ nea ɛyɛ dɛ no, ɛte sɛ nea ɛbrɛ sɛnea adwene kyere nneɛma ntɛmntɛm no ase. Saa ara na nhwehwɛmu a wɔayɛ kyerɛ sɛ sɛ obi di nnuan a setaakye wom te sɛ paanoo, awi, ɛmo anaa esiam nnuan a, sɛnea n’adwene yɛ adwuma no brɛ ase. Eyi betumi aba saa efisɛ setaakye ma ahoɔdennuru bi a wɔfrɛ no serotonin a ɛwɔ amemene mu dɔɔso, na ɛma onipa ani kum. Enti nnuannuru ho abenfo bi hyɛ nyansa sɛ ansa na wobɛyɛ adwuma bi a ɛhwehwɛ sɛ w’adwenem da hɔ no, ɛsɛ sɛ wudi nnuan a ahoɔdennuru a wɔfrɛ no protein pii wom.

TV ne Komputa Bere

Mfe pii ni na akyerɛkyerɛfo asusuw sɛ TV ne ɛso nneɛma a etwam nyinamnyinam no ma sɛnea mmofra tumi de wɔn adwene si biribi so no brɛ ase, na seesei ebinom rebɔ kɔmputa so agodie nso sobo saa ara. Bere a abenfo regye akyinnye pii wɔ ɔkwan pɔtee a ɛnnɛyi mfiri fa so nya mmofra so tumi ho no, ɛda adi sɛ TV hwɛ anaa kɔmputa so agodie pii rentumi nyɛ nea mfaso wɔ so da. Abofra bi gye tom sɛ: “Nneɛma te sɛ video so agodie, kɔmputa, ne Internet ma yɛn mmofra nya nneɛma a yɛpɛ ntɛmntɛm.”

Asɛm no ne sɛ, yɛnam mmɔdenbɔ, animia, ne tete kwan a wɔfa so yɛ nneɛma ntoboase mu nkutoo so na enya asetra mu nneɛma pii. (Fa toto Hebrifo 6:12; Yakobo 5:7 ho.) Enti nnya adwene da sɛ ɛsɛ sɛ nneɛma kɔ so ntɛmntɛm ma ɛyɛ nea ɛyɛ anika ansa na ayɛ nea mfaso wɔ so. Ɛwom sɛ TV hwɛ ne kɔmputa so agodie betumi ayɛ anika de, nanso dɛn nti na wonyɛ mfonini, anaasɛ wunsua sɛnea wɔbɔ sanku? Nneɛma a ɛtete saa a wobɛyɛ betumi aboa wo ma wode w’adwene asi biribi so.

So akwan foforo bi wɔ hɔ a wubetumi afa so ama sɛnea wutumi de w’adwene si biribi so no atu mpɔn? Nokwarem no, ebi wɔ hɔ, na asɛm bi a ɛbɛba akyiri yi bɛhwehwɛ emu bi mu.

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ Nyan! ahorow yi, November 22, 1994, Engiresi de, nkratafa 3-12; June 22, 1996, Engiresi de, nkratafa 11-13; ne February 22, 1997, Engiresi de, nkratafa 5-10.

b Hwɛ “Mmofra Bisa Sɛ . . . Dɛn Nti na Ɛyɛ Den Sɛ Meyi M’adwene Afi Wɔn a Ɛsono Wɔn Bɔbeasu So Saa?” a ɛwɔ yɛn August 8, 1994, de no mu no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 24]

Nhwehwɛmufo ka sɛ ɛte sɛ nea nnuan a ahoɔden nnim mma adwene ntumi nkyere nneɛma ntɛmntɛm

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 24]

“Ɛtɔ mmere bi a midwen mmeawa anaa nneɛma bi a ɛhaw me ho”

[Kratafa 23 mfonini]

So ɛtaa yɛ den ma wo sɛ wode w’adwene besi nea wɔreyɛ wɔ sukuudan mu so?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena