Nea Nti a Abrabɔ Gyinapɛn Ahorow Resakra
“Dɛn na ɛho hia paa wɔ asetra mu?”
Saa asɛm yi na wobisabisaa nnipa 50,000 wɔ aman 60 so. Wɔn a wɔyɛɛ Gallup nhwehwɛmu no bɔ amanneɛ sɛ mmuae titiriw a na nnipa a wobisabisaa wɔn nsɛm wɔ wiase nyinaa no taa de ma ne “sɛ́ wobenya abusua asetra a anigye wom” ne “akwahosan pa.”
WƆ ANISO no, ɛte sɛ nea nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa kura adwempa wɔ abrabɔ gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn ho. Nanso, ɛnyɛ saa na tebea no te ankasa. Wɔ mmere a atwam mu no, na sɛnea nkurɔfo bɔ wɔn bra no gyina tete som mu amammerɛ ne abrabɔ pa ho nnyinasosɛm ahorow so. Nanso, nneɛma resakra ntɛmntɛm. Nhwehwɛmufo Marisa Ferrari Occhionero ka fa Italy ho sɛ: “Mmerante ne mmabaa no bu bra a awofo, amammerɛ ne nyamesom mu nkɛntɛnso nni so tumi biara.” Yebetumi aka saa afa nnipa—mmofra ne mpanyin nyinaa—a wɔwɔ wiase nyinaa ho.
Ɔbenfo Ronald Inglehart a ɔda nhwehwɛmu dwumadi bi a wɔfrɛ no Wiase Abrabɔ Gyinapɛn Ho Nhwehwɛmu ano no ka sɛ: “Adanse pii a ɛreda adi no kyerɛ sɛ nsakrae kɛse bi rekɔ so wɔ adwene a wiase no kura mu.” Dɛn na ɛde nsakrae a ɛte saa no reba? Inglehart ka sɛ: “Saa nsakrae yi fi sikasɛm ne mfiridwuma mu nsakrae.”
Sɛ nhwɛso no, Gallup nhwehwemu no daa no adi sɛ wɔ aman a wodi yiye so no, sɛ yɛka nneɛma a ɛho hia paa wɔ asetra mu a, adwuma a wobenya ayɛ ho asɛm “wɔ fam koraa.” Nanso wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso mu no, ɛkame ayɛ sɛ adwuma a wobenya ayɛ ne ahiade titiriw paa! Yiw, sɛ nkurɔfo di hia a, wɔn ano aduan a wobenya da biara da de atra ase no yɛ ahiade titiriw. Bere a aman ahorow nya nkɔso wɔ sikasɛm mu no, afei de nkurɔfo de wɔn adwene si nneɛma te sɛ akwahosan, abusua asetra a ɛyɛ anigye, ne ahopɛ so.
Esiane mfiridwuma mu nkɔso nti, saa abrabɔ gyinapɛn ahorow a ɛreda adi yi nya aman a afei na wɔrenya nkɔso no so nkɛntɛnso. The Futurist nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Nea yehu ne nea yɛte no na enya yɛn gyidi ne yɛn abrabɔ gyinapɛn so nkɛntɛnso.” Enti nsɛm ho amanneɛbɔfo anya Atɔe fam aman abrabɔ gyinapɛn ahorow so nkɛntɛnso. The Futurist ka sɛ: “Nsɛm ho amanneɛbɔfo renya nkurɔfo so nkɛntɛnso wɔ wiase nyinaa.”
Ne saa nti nsakrae bɛn na yerehu wɔ yɛn abrabɔ ne yɛn nneyɛe mu? Ɔkwan bɛn so na abrabɔ gyinapɛn a ɛresakra yi reka wo ne w’abusua?