Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 6/8 kr. 4-6
  • So Abrabɔ Gyinapɛn Mu Regow?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Abrabɔ Gyinapɛn Mu Regow?
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abrabɔ Gyinapɛn Afoforo a Ɛresɛe
  • Onipa Nkwa Som Bo Dɛn?
  • Yehia—Abrabɔ Ho Akwankyerɛ
  • Nea Nti a Abrabɔ Gyinapɛn Ahorow Resakra
    Nyan!—2003
  • Ehia Sɛ Wɔbɔ Bra Pa
    Nyan!—2019
  • Abrabɔ Gyinapɛn a Asakra—So Wote Nka sɛ Yɛahwere Biribi?
    Nyan!—2003
  • Abrabɔ Gyinapɛn a Mfaso Wɔ So Ankasa
    Nyan!—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 6/8 kr. 4-6

So Abrabɔ Gyinapɛn Mu Regow?

AKYƐDE a ɛsen biara a awofo betumi de ama wɔn mma ne wɔn dɔ a efi koma mu ne abrabɔ gyinapɛn ahorow a awofo de bɔ wɔn bra na ɛnyɛ sɛ wɔka ho asɛm kɛkɛ no.

Sɛ abrabɔ gyinapɛn pa nni hɔ a, anka asetra bɛyɛ apereperedi a emu yɛ yaw a wɔnam so tra ase. Abrabɔ gyinapɛn ma asetra yɛ nea atirimpɔw wom. Ɛma yehu nneɛma a ɛho hia. Ɛma yehu sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra na ɛde abrabɔ ho akwankyerɛ a emu da hɔ ma.

Ne saa mpo no, tete amammerɛ a ɛfa abrabɔ gyinapɛn ho no pii resakra ntɛmntɛm. Sɛ nhwɛso no, Ɔbenfo Ronald Inglehart ka sɛ “adesamma abusua no renya ɔbea ne ɔbarima nna ho su bi a ɛma obiara nya hokwan de ne ho hyɛ nna mu anigyede mu na ɔyɛ nea n’ankasa pɛ.” Wɔ Gallup nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ 1997 mu wɔ aman 16 mu no, wobisabisaa ɔmanfo no adwene wɔ mpena mma ho. Gallup bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔn a wɔn ani gye nnɛyi asetra kwan a ɛte sɛɛ ho no dodow yɛ fi ɔha mu 90 anaa nea ɛboro saa wɔ Europa Atɔe fam aman mu kosi nea ɛba fam koraa ɔha mu 15 wɔ Singapore ne India.”

Ebinom akamfo nna mu ahofadi foforo yi. Nanso, The Rise of Government and the Decline of Morality nhomawa a James A. Dorn kyerɛwee no ka sɛ “mpena mma a abu so” ne “mmusua a emu paapae” no yɛ “ɔbrasɛe ho adanse a ɛda adi pefee.”

Abrabɔ Gyinapɛn Afoforo a Ɛresɛe

Abrabɔ gyinapɛn foforo a wɔakura mu fi bere tenten no nso agyigya koraa. Wiase Abrabɔ Gyinapɛn Mu Nhwehwɛmu Ahyehyɛde, a Ɔbenfo Ingelhart da ano no bɔ amanneɛ sɛ “obu ma tumidi reba fam” wɔ aman a wodi yiye mu.

Tete abrabɔ gyinapɛn foforo nso ne ahofama a na wɔde yɛ adwuma. Nanso, adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ eyi nso regyigya. Wɔ United States no, Ɔman Nnwuma a Wɔde Wɔn Ho Fekuw no bisabisaa adwumawuranom bɛboro mpem ahanum nsɛm. “Wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu ɔha mu aduasa biako kae sɛ ɛyɛ den sɛ wubenya nnipa ma wɔabɛyɛ adwuma, na ɔha mu 21 kae sɛ adwuma a adwumayɛfo yɛ no nsɔ ani.” Adwumawura bi ka sɛ: “Ɛyɛ den sɛ wubenya odwumayɛni a ɔbɛba adwuma wɔ bere ano boro dakoro na ɔnnom nsa.”

Ebetumi aba sɛ sikasɛm ka ho bi na nneɛma rekɔ fam saa no. Bere a mfaso a adwumawuranom nya so tew no, wɔtew adwumayɛfo no so anaasɛ wɔtew mfaso horow a anka adwumayɛfo nya no so. Ethics & Behavior nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Adwumayɛfo a adwumawuranom nni wɔn nokware anaa wobu nhyehyɛe a wɔne wɔn ayɛ so no fi ase da adwumayɛ ho subammɔne adi kyerɛ wɔn adwumawuranom. Odwumayɛni no mfa ahofama nyɛ adwumaden, efisɛ ebetumi aba sɛ ɔkyena na wayi no adi.”

Bio nso, beae foforo a yehu sɛ abrabɔ gyinapɛn mu agow paa ne suban pa a ɛsɛ sɛ woyi no adi ne anibuei mu. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Australia daa no adi sɛ: “Adwumayɛfo bɛboro ɔha mu 87.7 bɔɔ amanneɛ sɛ, subammɔne a wɔda no adi wɔ adwumayɛdan mu no ka ho na adwumayɛfo bra resɛe.” Wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ U.S. aguadi mu abenfo mu no, “wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu ɔha mu nkyem aduɔwɔtwe kae sɛ aniammɔho akɔ soro wɔ aguadi mu.” Sɛnea CNN nsɛm ho amanneɛbɔ adwumakuw no kyerɛ no, “adetɔfo a wɔnte ani nhwɛ wɔn abu so araa ma saafo a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu bɛyɛ fã kae sɛ, esiane saa adeyɛ no nti wɔ afe a etwaam no wopue fii adetɔndan mu a wɔantɔ ade. Wɔn mu fã nso kae sɛ mpɛn pii no wohu nkurɔfo sɛ wɔde abufuw rekasa wɔ telefon a wokura kyin so denneennen. Na afirikafo 10 biara a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu asia kae sɛ daa wohu afoforo a wɔde abufuw reka kar anaa wɔnyɛ ahwɛyiye.”

Onipa Nkwa Som Bo Dɛn?

Ɛtɔ mmere bi a, nkurɔfo ka sɛ wɔagye “abrabɔ gyinapɛn” bi atom, nanso ɛnyɛ nea wɔka no na wɔyɛ. Sɛ nhwɛso no, Asoɛe a Ɛyɛ Wiase Abrabɔ mu Nhwehwɛmu bisabisaa aman 40 ananmusifo nsɛm. Wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu ɔha mu aduanan gye toom sɛ nea edi abrabɔ gyinapɛn titiriw anum a “ɛho hia paa” no kan ne “obu a yɛbɛkyerɛ ama nkwa.”a

Nanso, dɛn na ɛba bere a ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma ankasa no? Akyinnye biara nni ho sɛ aman a wɔanya mfiridwuma mu nkɔso no wɔ nneɛma a wobetumi de aboa ama ɔhaw a adesamma rehyia no mu pii afi hɔ. Nanso nhoma bi a Carol Bellamy, a ɔne Amanaman Nkabom Mmofra Foto kwankyerɛfo panyin kyerɛwee kae wɔ 1998 mu sɛ “mmofra ɔpepem 12 a wonnii mfe anum a wowuwu afe biara wɔ aman a wonnyaa nkɔso mu no fã fi” aduampa a wonnya nni, “a sɛ wɔkyekyɛm a wɔn dodow boro mmofra dodow a wɔhwere wɔn nkwa afe biara fi bere a Black Death (Owuyare) tuu Europa so sa wɔ afeha a ɛto so 14 mu no so.” Amanneɛbɔ a ɛte saa no ma ehu ka obiara a obu nnipa nkwa no. Bellamy ka sɛ: “Nanso, aduampa a wonnya nni wɔ wiase nyinaa ho asɛm nhia ɔmanfo, ɛmfa ho nyansahu mu adanse a edi mu a ɛfa asiane yi ho no. Nnipa de wɔn ani asi wiase aguadi nhyehyeɛ so na wɔsɛe sika pii wɔ ho sen sɛ anka wɔde wɔn ani besi aduampa a wonnya nni a ɛresɛe ade kɛse—anaa ɔkwan a ɛte saa ara a wɔbɛfa so ama nkurɔfo anya aduampa adi—no so.”

Bo a nkwa som ho adwene a wɔakyinkyim no nso da adi wɔ nnuruyɛfo mu. Nnansa yi ara wɔ 1970 mfe no mfiase no, na entumi nyɛ yiye sɛ wɔbɛwo abofra a wadi adapɛn 23 wɔ yafunu mu ma watra nkwa mu. Ɛnnɛ, anyɛ yiye koraa no mmofra a wɔn bere anso a wɔwo wɔn no mu bɛyɛ ɔha mu 40 tumi tra nkwa mu. Esiane eyi nti, hwɛ sɛnea ntease nnim sɛ wotu nyinsɛn bɛyɛ ɔpepem 40 kosi 60 gu afe biara wɔ wiase nyinaa! Nyinsɛn a wotu gu no mu dodow no ara yɛ nkokoaa a wɔadi adapɛn kakraa bi pɛ a wonnu mmofra a wɔn bere anso a wɔwo wɔn a nnuruyɛfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn atra nkwa mu no! So nea yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no nkyerɛ sɛ nnipa adwene atu afra wɔ abrabɔ pa ho?

Yehia—Abrabɔ Ho Akwankyerɛ

Bere a wobisae sɛ, “Dɛn na ɛho nhia wɔ asetra mu no?” nnipa a Gallup ahyehyɛde no bisabisaa wɔn nsɛm no mu fã kɛse no ara gye toom sɛ “nokware a medi ama me som” no ne nneɛma abien a ɛho nhia papa no mu biako. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa a wɔkɔ asɔre no so tew ara na ɛretew. Ɔbenfo Inglehart ka sɛ yiye a Atɔe fam aman di no ama “nnipa hwehwɛ ahobammɔ a ebi mmaa da” na ɛno “ama awerɛhyem a nnipa hia a na wonya fi nyamesom mu no so atew.”

Nyamesom akuw mu ahotoso a aba fam no ama nnipa ahwere Bible no mu ahotoso. Wɔ amanaman ntam nhwehwɛmu bi a wɔyɛe mu no, wobisaa nnipa a wobisabisaa wɔn nsɛm no onipa anaa dekode a wɔde wɔn ho too so bere a ɛho behiae sɛ wosi gyinae wɔ nea ɛteɛ wɔ abrabɔ fam ho no. Wɔn mu fã kɛse no ara twee adwene sii wɔn ankasa suahu so. Nhwehwɛmu no ho amanneɛbɔ ka sɛ “wɔde Onyankopɔn Asɛm too nkyɛn koraa.”

Ɛnyɛ nwonwa sɛ abrabɔ gyinapɛn resɛe saa! Abrabɔ ho akwankyerɛ a enni hɔ, ne honam fam adedodowpɛ a wɔkɔ so twe adwene si so, ne pɛsɛmenkominya a obiara de yɛ n’ade no na ɛde asetra a anibere wom na wonsusuw afoforo nkate ho aba. Nneɛma a ɛho hia bɛn na esiane saa nsakrae yi nti yɛahwere?

[Ase hɔ asɛm]

a Bɛboro mfe 50 a atwam ni no, Amanaman Nkabom no yɛɛ Amansan Nyinaa Mpaemuka a Ɛfa Hokwan a Nnipa Wɔ Ho. Mpaemuka no fã a edi kan no ka sɛ: “Wɔde ahofadi ne nidi ne hokwan koro na ɛwo nnipa nyinaa.”

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 4, 5]

Mmusua a emu apaapae, adwuma ho su pa a wonni, ne asoɔden na ama nnɛyi abrabɔ ho gyinapɛn mu regow

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Afe biara nyinsɛn a wotu gu no mu dodow no ara yɛ nkokoaa a wɔadi adapɛn kakraa bi pɛ a wonnu mmofra a wɔn bere anso a wɔwo wɔn

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena