Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 9/8 kr. 20
  • Nneɛma a Woyɛ a Ɛka W’akwahosan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nneɛma a Woyɛ a Ɛka W’akwahosan
  • Nyan!—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nna—Ɛyɛ Akɔnnɔde Anaa Ahiade?
    Nyan!—2003
  • Mɛyɛ Dɛn Anya Bere De Ada?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Da a Wobɛda Ma Aso Wo
    Nyan!—2004
  • Mmofra a Wontumi Nna—So Ɛyɛ Biribi a Ɛsɛ sɛ Ehia Yɛn?
    Nyan!—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 9/8 kr. 20

Nneɛma a Woyɛ a Ɛka W’akwahosan

MPƐN pii no, ɛyɛ asɛnnennen sɛ nnipa benya aduan pa adi na wɔanya ahoɔden. Wɔ ɛnnɛ ahokyere bere yi mu no, ɛte sɛ nea ɛyɛ papa sɛ wubedi “ahotɔ aduan” a wɔasiesie dedaw sen sɛ w’ankasa wobɛnoa bi na wode wo bere a womfa nyɛ hwee no atra TV anaa kɔmputa anim sen sɛ wode bɛyɛ apɔw mu teɛteɛ. Nanso, saa nneyɛe yi betumi de mpanyimfo ne mmofra pii akwahosan ato asiane akɛse mu.

Asiaweek nsɛmma nhoma ka sɛ, “nnuan a nnuannuru pii wom ne faakotra rema asikreyare abu so” wɔ Asia. Awerɛhosɛm ne sɛ, yare no reyɛ mmofra a wonnyinii koraa mpo. Na wɔ Canada no, The Globe and Mail bɔ amanneɛ sɛ, “nhwehwɛmufo ahu sɛ sɛ woyi mmofra a wonnyinii baason si hɔ a, wɔn mu biako pɛ na odi nnuaba ne mfunne a ɛdɔɔso [na] wɔn mu nea ɛboro fã so kakraa bi pɛ na wodi agoru kosi sɛ wɔbɛtew mfifiri.” Amanneɛbɔ no ka sɛ asetra kwan a ɛte saa no “ma saa mmofra no nya komayare ntɛmntɛm wɔ wɔn mfirihyia 30 mu.”

Saa ara na nna ho animdefo ka sɛ mpanyimfo hia nnɔnhwerew awotwe na wɔde ada anadwo biara na mmerante ne mmabaa de, ebia wobehia nea ɛboro saa. Nokwasɛm ne sɛ, wohui wɔ nhwehwɛmu bi a Chicago Sukuupɔn no yɛe mu sɛ nyarewa bi a mpanyimfo na ɛtaa nya ho nsɛnkyerɛnne daa adi wɔ mmerante a wɔte apɔw a wɔde nnɔnhwerew anan pɛ dae nnansia anadwo biara no ho. Ɛwom sɛ nnipa pii de wɔn mmere a ɛsɛ sɛ wɔde da bɔ afɔre ma adwuma, sukuu anaa anigyede de, nanso mfaso nni so. Sɛnea nna ho nhwehwɛmufo James Maas a ɔwɔ Cornell Sukuupɔn a ɛwɔ New York kyerɛ mu no, “nsonsonoe kɛse da obi a n’ani gu so kɛkɛ a ɔreka kar ne obi a n’ani da hɔ na ɔde ahokokwaw reka kar wɔ kwantempɔn so a ɔntɔ nko no ntam.”

Nokwarem no, nneɛma foforo wɔ hɔ a ɛno nso nya yɛn akwahosan so nkɛntɛnso. Sɛ nhwɛso no, adwempa a yebenya no betumi anya yɛn akwahosan so nkɛntɛnso pa. Na asetra mu atirimpɔw ankasa a yebenya no nso betumi akanyan yɛn ma yɛayɛ nneɛma a ɛbɛma yɛanya ahoɔden wɔ yɛn asetra mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena