Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 1/12 kr. 21-23
  • Nea Awofo Ka

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Awofo Ka
  • Nyan!—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmabun a Yɛne Wɔn Bɛbɔ Nkɔmmɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Dɛn Nti na M’awofo Nte Me Ase?
    Nyan!—2012
  • Nyansa A Ɛboro Ne Mfe So
    Nyan!—1988
  • Adɛn Nti Na M’awofo Mma Kwan Mma Minnye M’ani Koraa?
    Mmabun Bisa Sɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2012
g 1/12 kr. 21-23

Nea Awofo Ka

Mmabunbere de nsɛnnennen foforo koraa brɛ awofo pii. Wobɛyɛ dɛn aboa wo ba ma asi no yiye wɔ ne babunbere a n’adwene betumi atu afra te sɛ wo de no ara mu no? Hyɛ nea awofo binom a wofi wiase mmeae ahorow aka no nsow.

NSAKRAE AHOROW

“Bere a na me babarima nnyinii pii no, na otie m’afotu a onyiyi nsɛm ano. Nanso bere a oduu babunbere so no, na ɔyɛ n’ade te sɛ nea onni me mu ahotoso bio no. Asɛm biara a mɛka, ne sɛnea mɛka no mpo, onya ho asɛm ka.”—Frank, Canada.

“Seesei, me babarima no nkasa pii. Sɛ mammisa no nea ɛwɔ ne tirim a, ɔrenka nkyerɛ me. Sɛ mibisa no asɛm a, mebrɛ ansa na wabua me. Ɔbɛma me mmuae de, nanso sɛ ɛbɛyɛ!”—Francis, Australia.

“Ntoboase ho hia paa. Ɛtɔ mmere bi a, na yɛpɛ sɛ yɛteɛteɛm gu yɛn mma no so, nanso bere biara a yɛbɛtɔ yɛn bo ase ne wɔn akasa no, ɛboa paa!”—Felicia, United States.

NKITAHODI

“Ɛtɔ da bi a, me babea a onnya nnii mfe 20 no mpɛ sɛ mɛka n’asɛm, na bere bi nso wɔ hɔ a, osusuw sɛ mekasa tia no kwa. Mebɔ mmɔden sɛ mɛma wahu sɛ medɔ no, na yɛn nyinaa yɛ abusua biako, na mepɛ sɛ esi no yiye!”—Lisa, United States.

“Bere a me mma no nnyinii pii no, na wofi wɔn pɛ mu ne me bɔ nkɔmmɔ. Na ɛnyɛ den koraa sɛ mehu nea ɛwɔ wɔn adwenem. Seesei de, ɛsɛ sɛ mebɔ mmɔden te wɔn ase na mema wohu sɛ mewɔ obu ma wɔn mu biara. Saa kwan no nkutoo so na ɛbɛma wɔaka wɔn komam asɛm akyerɛ me.”—Nan-hi, Korea.

“Ɛnnɔɔso sɛ yɛbɛka akyerɛ mmabun sɛ mma wɔnyɛ biribi. Ɛsɛ sɛ yɛne wɔn susuw nsɛm ho na yɛne wɔn bɔ nkɔmmɔ a ɛbɛka wɔn koma. Sɛ yebetumi ayɛ eyi a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ krado sɛ yebetie nea wɔwɔ ka, sɛ mpo nsɛm bi wɔ hɔ a yɛmpɛ sɛ yɛte a, ɛsɛ sɛ yɛma wɔka.”—Dalila, Brazil.

“Sɛ ɛsɛ sɛ mede nteɛso ma me babea no a, mebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ saa wɔ kokoam sen sɛ mɛyɛ no wɔ afoforo anim.”—Edna, Nigeria.

“Ɛtɔ mmere bi na sɛ me ne me babarima no rekasa a, ofie nnwuma tumi twetwe m’adwene ma enti memfa m’adwene nyinaa nsi no so. Ohu eyi, ma enti misusuw sɛ ɛno nti na ɔne me mmɔ nkɔmmɔ pii no. Ɛsɛ sɛ mebɔ mmɔden de m’adwene si ne so yiye bere a yɛrebɔ nkɔmmɔ no, sɛnea ɛbɛyɛ a obefi ne komam ne me akasa.”—Miriam, Mexico.

AHOFADI

“Bere nyinaa na misuro sɛ mɛma me mma a wonnya nnii mfe aduonu no ahofadi, na migye di sɛ ɛno titiriw na ɛde ɔhaw aba yɛn ntam no. Me ne wɔn nyinaa susuw asɛm no ho. Mekyerɛkyerɛɛ nea nti a na misuro no mu kyerɛɛ wɔn, na wɔn nso kyerɛɛ nea enti a na wohia ahofadi pii no mu kyerɛɛ me. Yetumi yɛɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔanya ahofadi kakra a ɛremmoro anohyeto ahorow a mede ama wɔn no so.”—Edwin, Ghana.

“Ná me babarima pɛ sɛ ɔtɔ moto. Ná mempene so koraa ma enti mekasa tiaa no, na mekaa asiane a ɛwɔ moto a ɔbɛtɔ no ho asɛm, na mamma no hokwan biara a ɔde bɛkyerɛkyerɛ nea enti a ɔpɛ sɛ ɔtɔ bi no mu. Eyi hyɛɛ no abufuw na osii ne bo sɛ ɔbɛtɔ bi! Misii gyinae sɛ mɛfa kwan foforo so ne no asusuw ho. Mehyɛɛ me babarima no nkuran sɛ ɔnyɛ ho nhwehwɛmu biara a obetumi mfa nhu asiane ahorow a ɛwɔ ho, ɛho ka, ne ɔkwan a ɔbɛfa so anya tumi krataa a ɔde bɛka moto no. Meka kyerɛɛ no nso sɛ ɔnhwehwɛ afotu mfi Kristofo a wɔn ho akokwaw wɔ asafo no mu hɔ. Mibehui sɛ, sɛ́ anka mɛyɛ katee mmom no, ɛyɛ papa sɛ mɛhyɛ me ba no nkuran ma wafi ne pɛ mu aka nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ ho asɛm akyerɛ me a onsuro. Saa kwan no so no, mitumi duu ne komam.”—Hye-young, Korea.

“Yɛmaa wɔn anohyeto ahorow, nanso yɛma wonyaa ahofadi nkakrankakra. Sɛ wodi ahofadi a wɔwɔ no ho dwuma wɔ ɔkwampa so a, wonya bi ka ho. Yɛmaa wɔn hokwan ahorow a ɛbɛma wɔanya ahofadi na ɛma ɛdaa adi sɛ yɛpɛ sɛ wonya ahofadi; nanso sɛ wɔanhwɛ saa hokwan no so yiye a, yɛde ho asotwe bɛma wɔn.”—Dorothée, France.

“Mehwɛe sɛ wɔde anohyeto ahorow no bedi dwuma bere nyinaa.” Nanso sɛ me mma no yɛ osetie a, me nso migyaa nneɛma mu ma wɔn. Sɛ nhwɛso no, ɛtɔ mmere bi na wopue a, mema wɔn kwan ma wɔkyɛ kakra. Nanso sɛ wobu bere a ɛsɛ sɛ wɔde ba fie anadwo no so bɛyɛ mprenu a, metwe wɔn aso.”—Il-hyun, Korea.

“Sɛ odwumayɛni yɛ osetie na ɔyɛ n’adwuma yiye a, ɛma onya n’adwumawura anim dom pii. Saa ara na me babarima no ahu sɛ, mpɛn dodow a ɔyɛ osetie na ɔyɛ n’ade yiye ma ɛne anohyeto ahorow a yɛde ama no no hyia no, nkakrankakra onya ahofadi pii. Sɛnea sɛ odwumayɛni anni n’asɛyɛde ho dwuma yiye a wotumi twe n’aso no, saa ara na me babarima no nim sɛ sɛ wamfa n’ahofadi a wanya no anni dwuma ɔkwampa so a, ebetumi afi ne nsa.”—Ramón, Mexico.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]

“Kyerɛ mmofra ɔkwan a wɔmfa so mmɔ wɔn bra, na wɔbɛkae wɔn nkwa nna nyinaa.”—Mmebusɛm 22:6, Good News Translation

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 23]

ABUSUA MU NSƐM

“Sɛ Wowɔ Mma a Wɔyɛ Mmabun a, Ɛyɛ Anigye Paa”

Joseph: Me mmabea baanu a wodi kan no adu wɔn babunbere mu, na mabehu sɛ ɛho hia sɛ mitie wɔn na migye wɔn nsusuwii tom. M’ankasa me sintɔ a migye tom—ne obu a mɛkyerɛ ma me mmabea bere a me ne wɔn rekasa no—aboa ma yetumi bɔ nkɔmmɔ. Ne nyinaa nka mfua, esiane akwankyerɛ a yenya fi Onyankopɔn Asɛm, Bible mu nti, mete nka sɛ sɛ wowɔ mma a wɔyɛ mmabun a, ɛyɛ anigye paa.

Lisa: Mehyɛɛ no nsow sɛ, bere a me babea panyin no duu ne babunbere mu no, na ehia sɛ minya bere pii ma no. Mekae sɛ, migyee bere pii tiee no, ne no kasae, na memaa onyaa me mu ahotoso kɛse. Me ne me kunu maa yɛn mmabea no hui sɛ sɛ biribi haw wɔn na wɔka kyerɛ yɛn a, yɛremmɔ wɔn asɛm ngu. Mebɔ mmɔden sɛ mede afotusɛm a ɛwɔ Yakobo 1:19, a ɛka sɛ “obiara nyɛ ntɛm ntie asɛm, ɔnyɛ nyaa nkasa” no bedi dwuma.

Victoria: M’adamfo paa ne me maame. Minhyiaa obi a ɔyɛ onipa pa na odwen afoforo ho saa da—ɔda saa su no adi kyerɛ obiara. Nea metumi aka afa ne ho ara ne sɛ “ɔyɛ onipa ankasa.” Merennya ne so bi wɔ baabiara.

Olivia: Me papa dwen afoforo ho, na ne yam ye. Ɔboa afoforo bere nyinaa ɛmfa ho mpo sɛ yenni bi no. Onim bere a ɛsɛ sɛ ɔyɛ nsi wɔ n’adwuma ho, na onim bere nso a ɛsɛ sɛ ogye n’ani ankasa. Ɔyɛ agya pa ankasa, na m’ani gye sɛ ɔyɛ m’agya!

“Yɛwɔ Biribi Yɛ Bere Nyinaa, Enti Asetena Mfono Yɛn!”

Sonny: Sɛ yɛn mmabea no wɔ ɔhaw bi a, yɛtena ase susuw ho sɛ abusua. Obiara ka n’asɛm kyerɛ ne yɔnko bere nyinaa, na yegyina Bible nnyinasosɛm so sisi yɛn gyinae ahorow. Me ne Ynez bɔ mmɔden sɛ yɛbɛma mmeawa no anya nnamfo a wɔn ho akokwaw wɔ nokware no mu. Yɛn nnamfo yɛ wɔn nnamfo, na wɔn de nso yɛ yɛn de.

Ynez: Obiara bɔ ne ho mmɔden, na yɛyɛ ade bom sɛ abusua. Sɛ́ Yehowa Adansefo no, yɛyɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu, yesua ade sɛ ankorankoro ne abusua, na yetu yɛn ho ma yɛ nnwuma afoforo—a ebi ne mmoa a yɛde ma wɔn a asiane ato wɔn, ne Ahenni Asa adansi. Yɛyɛ saa nneɛma yi nyinaa, na yegye yɛn ani nso. Yɛwɔ biribi yɛ bere nyinaa, enti asetena mfono yɛn!

Kellsie: Me papa yɛ otiefo pa, na bere nyinaa ɔne abusua mũ no nyinaa susuw nsɛm ho ansa wasi gyinae. Bere biara a mihia mmoa no, me maame ayɛ krado ama me—na ɔne me bɔ nkɔmmɔ nso.

Samantha: Me maame ma mete nka sɛ mesom bo, ɔdɔ me, na me ho hia no paa—bere mpo a onnim sɛ ɔreyɛ saa. Otie m’asɛm. Odwen me ho. Meremfa biribiara nsesa adamfofa a ɛda yɛn ntam no.—g11-E 10.

[Mfonini]

Camera abusua no: Joseph, Lisa, Victoria, Olivia, ne Isabella

Zapata abusua no: Kellsie, Ynez, Sonny, ne Samantha

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Awofo betumi ama wɔn mma ahofadi kakra, nanso wɔma ɛho anohyeto a ɛfata

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena