Bere a Wote Nka sɛ Di Wo Ho Dɔm
AFE biara, nnipa mpempem pii a wɔwɔ United States nkutoo bɔ mmɔden sɛ wobedi wɔn ho dɔm. Bible no ma yehu ade titiriw nti a nnipa pii ahaw saa. Ɛkyerɛkyerɛ mu sɛ yɛte “mmere a emu yɛ den” mu. Nnipa ho yeraw wɔn ankasa. (2 Timoteo 3:1; Ɔsɛnkafo 7:7) Sɛ asetenam dadwen bunkam obi so a, obetumi anya adwene sɛ obedi ne ho dɔm de aguan afi ɔhaw a ɔrefa mu no mu. Sɛ woanya adwene a ɛte saa pɛn a, dɛn na wubetumi ayɛ?
Ɛnyɛ Wo Nko!
Ɛwom sɛ ebia wo tebea no ama wo ho yeraw wo de, nanso kae sɛ ɛnyɛ wo nko, na nea ɛyɛ awerɛhow no, ɛkame ayɛ sɛ nnɛ, obiara rehyia ɔhaw bi. Bible no ka sɛ: “Abɔde nyinaa kɔ so penepene, na wohu amane.” (Romafo 8:22) Mfiase no ebetumi ayɛ te sɛ nea wo haw no rentwa da, nanso bere rekɔ so no, nneɛma betumi ayɛ yiye. Nanso mprempren, dɛn na ebetumi aboa?
Ka sɛnea wote nka no kyerɛ w’adamfo a ne ho akokwaw a wowɔ ne mu ahotoso. Bible no ka sɛ: “Ɔyɔnko berɛbo dɔ bere nyinaa; ɔyɛ onua a wɔwoo no maa ahohia da.” (Mmebusɛm 17:17) Ɔtreneeni Hiob a wɔkaa ne ho asɛm wɔ Bible mu no kaa sɛnea ɔte nka ho asɛm kyerɛɛ afoforo bere a na ɔrehu amane no. Bere a ɔkaa sɛnea na ɔte nka no ho asɛm sɛ “me nkwa yɛ me kra abofono” no, ɔkae sɛ: “Mɛpae mu aka me haw. Mɛkasa me kra awerɛhow mu!” (Hiob 10:1) Afoforo a wobɛka w’asɛm akyerɛ wɔn no betumi atew wo haw no so, na ebetumi ama woanya ho adwene foforo.a
Ka wo komam nsɛm kyerɛ Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu. Ebinom susuw sɛ mpaebɔ yɛ biribi a ɛma obi te asomdwoe nka kɛkɛ, nanso Bible no nka saa. Dwom 65:2 frɛ Yehowa Nyankopɔn “mpaebɔ Tiefo,” na 1 Petro 5:7 ka sɛ: “Odwen mo ho.” Bible no kɔ so si hia a ɛho hia sɛ yɛkɔ so de yɛn ho to Onyankopɔn so no so dua. Sɛ nhwɛso no:
“Fa wo koma nyinaa to Yehowa so, na mfa wo ho ntweri w’ankasa ntease. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛma w’akwan ateɛ.”—MMEBUSƐM 3:5, 6.
‘Yehowa bɛyɛ wɔn a wosuro no apɛde ama wɔn, na obetie wɔn sufrɛ na wagye wɔn.’—DWOM 145:19.
“Ahotoso a yɛwɔ wɔ ne mu ne sɛ biribiara a yebisa sɛnea n’apɛde te no, otie yɛn.”—1 YOHANE 5:14.
“Yehowa ne amumɔyɛfo ntam kwan ware, na treneefo mpaebɔ de, otie.”—MMEBUSƐM 15:29.
Sɛ woka nsɛnnennen a worehyia no ho asɛm kyerɛ Onyankopɔn a, ɔbɛboa wo. Ntease pa nti na Bible no hyɛ wo nkuran sɛ ‘fa wo ho to no so daa. Yi wo koma mu nsɛm adi nkyerɛ no.’—Dwom 62:8.
Bere a Ehia sɛ Wodi Tebea no Ho Dwuma Kɔ Akyiri
Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ wɔn a wodi wɔn ho dɔm no mu dodow no ara wɔ adwenemhaw.b Esiane eyi nti, ebehia sɛ wɔde onii no kɔ ayaresabea. Oduruyɛfo betumi ama wɔama onii no nnuru bi anaa wama wɔayɛ nsakrae wɔ nnuan a odi mu. Wɔ ebinom fam no, apɔwmuteɛteɛ a wɔyɛ de ka nnuru a wɔfa ho no boa ayaresa no paa. Ayaresabea a wɔhwɛ adwenemyare no aboa nnipa pii.c
Nsɛm pii wɔ Bible no mu a ebetumi aboa wo ma woanya anidaso nso. Sɛ nhwɛso, wɔ Adiyisɛm 21:4 no, Bible no ka Yehowa Nyankopɔn ho asɛm sɛ: “Ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.” Eyi yɛ Onyankopɔn bɔhyɛ, na sɛ wudwinnwen ho a, ebetumi ama woanya abotɔyam.
Yehowa Adansefo reka anidaso a Bible de ma yi ho asɛm akyerɛ nnipa ɔpepem pii wɔ wiase nyinaa. Eyi ama nnipa pii renya anidaso ankasa wɔ yɛn mmere a dadwen ahyɛ mu ma yi mu. Sɛ wopɛ sɛ wuhu nsɛm pii a, hu Yehowa Adansefo wɔ Ahenni Asa a ɛwɔ wo mpɔtam hɔ no so, anaa kyerɛw kɔma address a ɛwɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata. Wubetumi nso akɔ yɛn Intanɛt dwumadibea wɔ www.watchtower.org.—g12-E 01.
[Ase hɔ nsɛm]
a Ebinom anya mmoa denam frɛ a wɔfrɛɛ adwenemyare ayaresabea no so.
b Sɛ wopɛ adwenemhaw ho nsɛm pii a, hwɛ Awake! a ɛbaa wɔ July 2009 no kratafa 3-9.
c Nyan! nkamfo ayaresa pɔtee bi nkyerɛ. Ɛsɛ sɛ obiara hwehwɛ ayaresa ahorow a ɛwɔ hɔ na osi nea n’ankasa bɛyɛ ho gyinae.
[Adaka wɔ kratafa 16]
MMOA A BIBLE DE MA
● “Munnnwinnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim ade nyinaa mu; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ mo koma ne mo adwene nsusuwii ho ban denam Kristo Yesu so.”—Filipifo 4:6, 7.
● “Mede abisade too Yehowa anim, na obuaa me, na ogyee me, m’ahude nyinaa mu.”—Dwom 34:4.
● “Yehowa bɛn wɔn a wɔn koma abubu; ogye wɔn a wɔn honhom abotow.”—Dwom 34:18.
● “Wɔn a wɔn koma abubu no ɔsa wɔn yare, na ɔkyekyere wɔn akuru.”—Dwom 147:3.
[Adaka wɔ kratafa 17]
SƐ ƐYƐ WO SƐ DI WO HO DƆM A . . .
Ka sɛnea wote nka no kyerɛ w’adamfo a wowɔ ne mu ahotoso
Ka wo komam nsɛm kyerɛ Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu
Hwehwɛ mmoa fi ayaresabea
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 18]
ABUSUA NE NNAMFO
Mpɛn pii no abusuafo ne nnamfo a wɔbɛn paa no na wodi kan hu sɛ nea wahaw no pɛ sɛ odi ne ho dɔm. Sɛ moyɛ ho biribi a, mobetumi agye onii no nkwa! Monyɛ atiefo pa. Momma onhu sɛ mote ne tebea no ase. Bible no ka sɛ: “Monkyekye akra a wɔahaw werɛ.” (1 Tesalonikafo 5:14) Monhyɛ nea wahaw no nkuran ma ɔnhwehwɛ mmoa, na sɛ ɛho behia a, monhwɛ nhu sɛ ne nsa bɛka saa mmoa no.