Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 3/13 kr. 14-15
  • Robert Boyle

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Robert Boyle
  • Nyan!—2013
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ƆBARIMA A WABEN WƆ NYANSAHU MU
  • ƆBARIMA A ƆWƆ GYIDI
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2013
  • Bedell Bible
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nea John Paul II Reyɛ—So Obetumi Aka N’asɔre A Emu Apaapae No Abom?
    Nyan!—1980
  • Afoforo Som Ho Koma a Wonni Nnɛ
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2013
g 3/13 kr. 14-15

TETEFO MFONINI

Robert Boyle

Abakɔsɛm ho abenfo betumi akae Robert Boyle sɛ nyansahufo a ɔde ne din too Boyle’s law—nyansahu mu mmara a ɛma wotumi hu abusuabɔ a ɛda mframa ano den ne emu duru ntam. Ade titiriw a ɔyɛe yi na wɔagyina so ayɛ nyansahu mu nhwehwɛmu pii de abesi nnɛ. Nanso Robert Boyle nyɛ nyansahufo a waben kɛkɛ. Wɔsan bu no sɛ obi a na ɔwɔ Onyankopɔn ne n’Asɛm Bible no mu gyidi kɛse.

WƆWOO Boyle too abusua a na wodi yiye paa mu wɔ Lismore Castle, Ireland, wɔ afe 1627 mu. Ná ɛyɛ bere a abakɔsɛm akyerɛwfo bu no sɛ nimdeɛ bere—bere a animdefo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nnipa ade wɔn ho afi nneɛma bi a enni nnyinaso nanso wodi akyi denneennen no ho. Boyle ka wɔn a wɔde saa botae no sii wɔn ani so no ho. Wɔ ne mmofraase ho nsɛm a n’ankasa kyerɛwee mu no, ɔfrɛɛ ne ho Philaretus, a ɛkyerɛ “Obi a N’ani Gye Nokware Ho.”

Sɛnea na Boyle pɛ paa sɛ ohu nokware no, saa ara na na ɔpɛ nso sɛ ɔbɛma afoforo ahu nea wasua no. Ɔbɛyɛɛ nhoma kyerɛwfo a na waben yiye, na ne nhoma nyaa ne bere so nyansahufo pii te sɛ Sir Isaac Newton a na wagye din yiye no so nkɛntɛnso. Wɔ afe 1660 mu no, Boyle boa ma wɔtew nyansahufo sukuu bi a ɛda so ara wɔ London, England, a wɔfrɛ no Royal Society no.

ƆBARIMA A WABEN WƆ NYANSAHU MU

Wɔka Boyle ho asɛm sɛ, adufrafo nyinaa kannifo. Ná ɔda nsow wɔ ne bere so adufrafo nyinaa mu. Ná ne bere so adufrafo de wɔn nhwehwɛmu a wɔyɛ no ho kyerɛwtohɔ sie anaa wɔkyerɛw no ɔkwan bi so a nnipa kakraa bi a na wɔnka wɔn ho na wotumi kenkan te ase. Nanso Boyle de, na otintim ne nhwehwɛmu a ɔyɛ no ho kyerɛwtohɔ nyinaa ma obiara tumi kenkan bi. Bio nso, sɛ anka obegye nyansahu mu nsɛm a enni nnyinaso a na ɛwɔ hɔ fi teteete atom no, ɔhyɛɛ nhwehwɛmu a wɔbɛyɛ de ahu adufra mu nokwasɛm ho nkuran.

Nhwehwɛmu ahorow a Boyle yɛe no foaa adwene a ɛne sɛ nneɛma nketenkete bi na ɛka bom ma yenya biribiara.

Wɔayɛ ɔkwan a Boyle faa so yɛɛ nyansahu mu nhwehwɛmu no nyinaa ho kyerɛwtohɔ wɔ ne nhoma a agye din, The Sceptical Chymist, no mu. Ɔkae wɔ nhoma no mu sɛ ɛnsɛ sɛ nyansahufo yɛ ahantan anaa katee, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ krado sɛ wobegye wɔn mfomso atom. Boyle sii so dua sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ katee no hu nsonsonoe a ɛda nea wonim sɛ ɛyɛ nokware ne nea wosusuw sɛ ɛnyɛ nokware no ntam.

Boyle sii so dua sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ katee no hu nsonsonoe a ɛda nea wonim sɛ ɛyɛ nokware ne nea wosusuw sɛ ɛnyɛ nokware no ntam

ƆBARIMA A ƆWƆ GYIDI

Boyle daa su a ɛte saa ara adi wɔ Onyankopɔn asɛm ho. Nea ohui wɔ amansan yi ne emu abɔde a ɛyɛ nwonwa ho no ma obegye dii sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. Enti ɔbɔɔ gyidi a ɛne sɛ Onyankopɔn bi nni hɔ a na ɛrenya nkɔanim wɔ ne bere so animdefo mu no gui. Boyle kae sɛ, obiara a osusuw nneɛma ho kɔ akyiri no renka sɛ Onyankopɔn nni hɔ.

Nanso Boyle annya adwene da sɛ nnipa nyansa nkutoo betumi ama wɔanya nokware nimdeɛ. Ohui sɛ ebehia sɛ nnipa nya nsɛm bi fi Onyankopɔn hɔ. Ɔkae sɛ saa nsɛm no ne Onyankopɔn Asɛm, Bible no.

Ná ɛhaw Boyle sɛ nnipa pii nnim Bible nkyerɛkyerɛ, na ɔsom a wɔwom mpo, wɔnte ase. Obisae sɛ, so ɛyɛ papa sɛ obi bɛka sɛ n’awofo anaa baabi a ofi nti na ɔwɔ ɔsom bi mu? Boyle nyaa ɔpɛ a emu den sɛ ɔbɛboa afoforo ma wɔanya Bible mu nimdeɛ a emu dɔ.

Eyi nti, Boyle maa sika ma wɔde tintim Bible kɔɔ kasa ahorow pii mu. Kasa yi bi ne Amerika Atifi famfo kasa ahorow bi, Arab kasa, Ireland kasa, Malay kasa, ne Turkey kasa. Ná Robert Boyle wɔ ɔdom akyɛde nanso na ɔyɛ onipa a ɔwɔ ahobrɛase, na na ɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ obehu biribiara mu nokware, na waboa afoforo nso ma wɔayɛ saa ara.

NE HO NSƐM TIAWA:

  • Wɔwoo no afe 1627 mu wɔ Ireland.

  • Wɔfrɛ no adufrafo nyinaa kannifo.

  • Nyansahufo a odi kan a otintim ɔkwan a ɔfa so yɛ ne nhwehwɛmu nyinaa.

  • Ne nhoma ahorow nyaa ne bere so nyansahufo te sɛ, Sir Isaac Newton, so nkɛntɛnso kɛse.

  • Ɔboa ma wɔkyerɛɛ Bible no ase kɔɔ kasa horow pii mu.

  • Owui wɔ England wɔ afe 1691 mu, bere a na wadi mfe 64.

BIBLE A ƐWƆ IRELAND KASA MU

Ná Robert Boyle nim sɛ efi afe 1573 mu tɔnn na abenfo bi fii ase tintim Bible no kɔɔ Ireland kasa mu. Wɔ afe 1602 mu no, wotintim nea nnipa pii frɛ no Apam Foforo no wɔ Ireland kasa mu. Akyiri yi, wɔkyerɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm a wɔtaa frɛ no Apam Dedaw no ase kɔɔ Ireland kasa mu wiei wɔ afe 1640 mu. Wɔantumi antintim saa nkyerɛase yi kosii sɛ Boyle de sika boae wɔ afe 1685 mu. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, na wɔakyerɛ Apokrifa nkyerɛwee no nso ase kɔ Ireland kasa mu. Apokrifa yɛ nhoma ahorow a enni Bible mu a wɔtaa de bata Bible no ho tintim no sɛ nhoma biako. Nanso esiane sɛ na Boyle ani gye nokware no ho nti, wamma wɔantintim saa nhoma a na asɛm wɔ ho no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena