Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 6/13 kr. 3
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—2013
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wiase
  • Antarctica
  • Ireland
  • Afrika Sahara Anafo Fam ne Asia Anafo Fam
  • El Salvador
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—2014
  • So Wunim Bible No Yiye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Mmabun ne Nnubɔnenom
    Nyan!—2003
  • Nneɛma Titiriw a Akɔ So Wɔ Ahenni Adwuma no Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Nyan!—2013
g 6/13 kr. 3

WIASE NSƐM

Wiase

Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no aka sɛ, wusiw a efi mfiri a wɔde diesel gu mu a nkurɔfo home no “betumi ama wɔanya ahurututu mu kokoram.” Ebetumi nso ama wɔanya dwensɔtwaa mu kokoram.

Antarctica

Nhwiren mu aba nketenkete a akyenkyen ne afifide a wɔayi afi po ase ama ada adi sɛ, bere bi a atwam no na abɛ ne kwae mu nnua fifi wɔ Antarctic. Wogye di sɛ “mfe pii a atwam ni” no, na awɔw a ɛwɔ Antarctica no ano nyɛ den pii, na na “nsukyenee ntɔ wɔ hɔ.” Na na nsonsonoe kɛse nni ɛhɔ wim tebea ne sɛnea ɛte wɔ asase so mmeae a ɛhɔ yɛ hyew no ntam.

Ireland

Amanneɛbɔ bi a Katolek Asɔfo Kuw a wɔwɔ Ireland de too gua wɔ afe 2012 mu no kyerɛ sɛ, Katolekfo a wɔwɔ ɔman yi mu ɔha mu nkyem 87 gye di sɛ ɛsɛ sɛ wɔma asɔfo kwan ma wɔware; ɔha mu nkyem 77 gye di sɛ ɛsɛ sɛ wɔma mmea kwan ma wodi sɔfo.

Afrika Sahara Anafo Fam ne Asia Anafo Fam

Nhwehwɛmu ada no adi sɛ mpɛn pii no, nnuru a wɔde kõ atiridii wɔ mmeae bi no nye anaa enni mu, ma enti entumi nsa ɔyare no. Wɔ Asia Anafo Fam no, nnuru a wɔhwehwɛɛ mu no mu ɔha mu nkyem 36 nyɛ papa, na saa ara na wɔ Afrika Sahara anafo fam no, ɔha mu nkyem 20 nso nye.

El Salvador

Wɔ April 2012 mu no, aban mpanyimfo maa wɔbɔɔ da a edi kan wɔ mfe abiɛsa mu a awudi biara ansi wɔ El Salvador no ho dawuru. Nnipa a wɔnom nnubɔne a wɔyɛ basabasa dɔɔso wɔ ɔman no mu, na wɔ afe 2011 mu no, nnipa 100,000 biara mu 69 na wodii wɔn awu—awudisɛm a ɛsen biara wɔ wiase no mu biako.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena