Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 9/13 kr. 3
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—2013
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Arctic
  • Wiase
  • Britain
  • Democratic Republic of Congo
  • Australia
  • Asonse Ɛsom Bo Dɛn?
    Nyan!—1998
  • Wɔn A Wɔaka Wɔ Namib Anhweatam So
    Nyan!—1992
  • Ɔsono Ɔfrɛ A Edu Akyirikyiri
    Nyan!—1988
Nyan!—2013
g 9/13 kr. 3

WIASE NSƐM

Arctic

Peter Wadhams, a ɔyɛ abɔde a aniwa hu ho ɔbenfo wɔ Cambridge Sukuupɔn mu wɔ Britain no ka sɛ, “nsukyenee dodow a ɛwɔ hɔ seesei wɔ ahohuru bere mu no yɛ mfe 30 a atwam ni no de nkyem anan pɛ.” Wɔ afe 2012 mu no, ahyɛn bɛyɛ 50 tumi faa Ɛpo So Kwan a ɛda Atifi Fam no so esiane asase so ɔhyew a ama ɔkwan abɛda hɔ no nti.

Wiase

Animdefo ahu sɛ aduannuru ne mmoawammoawa bɛboro 700 wɔ nufusu a abaatan nya bere a wɔawo foforo no mu​—ɛboro nea na wɔhwɛ kwan no koraa. Nhwehwɛmufo da so ara rehwɛ sɛ wobehu dwuma a mmoawammoawa yi di de boa nkokoaa yi wɔ wɔn adidi ne wɔn akwahosan mu.

Britain

Nhwehwɛmu bi a Britain nyansahufo yɛe kyerɛ sɛ, drɔbafo a wɔanom nsã tumi keka wɔn ho yiye sen wɔn a wɔanya ɔpakum.

Democratic Republic of Congo

Wɔ Afrika no, wɔreyɛ biribi a “ebii nsii da” a ɛne sɛ, wɔrekunkum asono mpempem pii afe biara esiane mmoa yi asonse nti. Bere bi de, wohui sɛ wɔabobɔ asono pii ti mu tuo, a ɛda adi sɛ wɔtow tuo no fii helikopta mu.

Australia

Mfe 27 a atwam ni no, abɔde a wɔwɔ po ase wɔ Australia Apuei Fam mpoano no mu fã kɛse no ara awuwu. Nyansahufo kyerɛ sɛ, eyi mu fã kɛse no ara fi ahum a etu wɔ po so, posena ahorow bi a wɔadɔɔso wɔ hɔ, ne wim tebea a ɛma po mu nsu yɛ hyew no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena