Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 3/14 kr. 3
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—2014
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Spain
  • China
  • Japan
  • Mauritania
  • Wiase Nyinaa
  • So Wote Nea Wuhu No Ase?
    Nyan!—1981
  • Nea Efi Mu Ba no Ano a Yebegyina
    Nyan!—2002
  • Ko a Onipa Ko Tia Asiane Ahorow
    Nyan!—1995
  • Bere a Asiane a Emfi Nnipa Asi No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2014
g 3/14 kr. 3

WIASE NSƐM

Spain

Ɔboafo bi rehwɛ adan a asasewosow abubu no

Afe 2011 asasewosow a esii Lorca kurom wɔ Spain anafo fam a ekunkum nnipa nkron maa bebree nso pirapirae no, nyansahufo bi gye di sɛ nnipa nneyɛe bi na ɛbɛyɛ sɛ ɛkɔfa bae. Wɔn a wɔhwehwɛɛ asɛm no mu no hui sɛ nkurɔfo atutu nsu pii wɔ mmeae bi a wɔde gugu mfuw so, na ɛbɛyɛ sɛ ɛno na ɛkɔfaa asasewosow no bae.

China

Chinafo a wɔatu kwan kɔ ɔman bi so rehwehwɛ hɔ

Sika a Chinafo de tutuu akwan kɔhwehwɛɛ aman foforo so wɔ afe 2012 mu no, ano si Amerika dɔla ɔpepepem 102. Amanaman Nkabom no nkorabata a ɛhwɛ akwantu ho nsɛm so no ka sɛ, sika puduo yi ma yehu sɛ, sɛ yɛreka akwantu a ɛte saa a, China twaa ɔman biara; Germany ne United States mpo mma. Eyi ne bere a edi kan a China ayɛ biribi saa. Sika a Germany ne Amerikafo de tutuu akwan no, wɔkyerɛ mu sɛ ɔman biara deɛ ano si Amerika dɔla ɔpepepem 84.

Japan

Ɔbaa bi renom sigaret

Amanneɛbɔ bi a wɔde too dwa wɔ Britain kowaa krataa bi a yɛfrɛ no BMJ mu kyerɛ sɛ, animdefo bi de mfe 23 ahwɛ Japan man no mu nnipa bɛyɛ 68,000 abrabɔ. Nea ɛbɛtɔɔ dwa ne sɛ, mmea a yɛwoo wɔn afe 1920 ne 1945 ntam no, sɛ yɛka wɔn nyinaa bom a, wɔn a wɔnom sigaret ansa na wɔredi mfe 20 no, wɔn nkwa so tee mfe du; mmarima nkwa so tee mfe nwɔtwe.

Mauritania

Rɔba bag a ɛnam po ani

Aban ahyɛ mmara sɛ obiara nni kwan sɛ ɔyɛ rɔba bag, anaa ɔkra bi anaa ɔde yɛ biribiara wɔ ɔman no mu. Wɔkyerɛ mu sɛ, sɛ mmoa a wɔwɔ po mu ne mmoa a wɔnenam asase so no we rɔba bag no bi a, esiane sɛ entumi nyam nti, wobɛhwɛ na akunkum wɔn. Enti seesei aban de ato ɔmanfo anim sɛ, nneɛma a anka wɔde rɔba bag bɛyɛ no, wɔmfa ade a etumi porɔ nyɛ.

Wiase Nyinaa

Yɛka ne nyinaa bom a, atoyerɛnkyɛm ma nsiakyibaa (insurance) adwumakuw no bɔ ka Amerika dɔla no ɔpepepem 50 afe biara. Yɛahwɛ mu ahu sɛ efi afe 1980 reba no, sɛ adwumakuw no de nneɛma boɔ a ɛkɔ soro no nyinaa ka ho a, ɛka a wɔbɔ no bu bɔ ho koraa mfe du biara.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena