Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 12/14 kr. 10-11
  • Aboa Ketewa​—N’ani Pɔtwepɔtwee!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Aboa Ketewa​—N’ani Pɔtwepɔtwee!
  • Nyan!—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛn Nsa A Ɛyɛ Nwonwa No
    Nyan!—1992
  • Mewɔ Gyidi
    ‘Momfa Anigye Nto Dwom’ Mma Yehowa
  • Pɔnkɔ Nan
    Nyan!—2014
  • Adesua 6
    Me Bible Adesua
Nyan!—2014
g 12/14 kr. 10-11
Aperenkensema si obi nsa so

Aboa Ketewa​—N’ani Pɔtwepɔtwee

NNIPA pii frɛ no aketebɔgɛ; ebinom nso frɛ no ɔnwanwani. Ne nan yɛ mfeamfeaa, ne ho nwi yɛ kutukutu, na n’ani yɛ hyerɛtɛɛ. Ɔtwe ne mu a, ne tenten bɛyɛ nsateakwaa nnum (sɛntimita 12.5), ne mu duru bɛyɛ gram 114. Ɛyɛ aboa bɛn a? Aperenkensema!

Yɛnhwɛ baako a ɔwɔ Philippines na yɛnka ne ho asɛm kakra. Wohwɛ no a, n’ani, n’aso, ne nsa, ne nansoaa, ne nan, ne ne dua nyinaa so sene ɔno ara mũ. Wohwɛ aboa yi paa a, wohu sɛ Onyankopɔn hyɛɛ da bɔɔ no.

SƐDEƐ N’ASO TE ASƐM: Aperenkensema aso yɛ hatahata; ɔtumi ka dwom san bue mu. Sɛ paneɛ mpo tɔ fam a, ɔte. Sɛdeɛ n’aso te asɛm no, ɛboa no ma ɔdwane mmoa bi te sɛ wuram agyinamoa a wɔbɛtumi akyere no awe. Sɛ ɔrepɛ aboa bi akyere no a, n’aso boa no ma ɔhunu baabi a ɔhyɛ. Ɛduru anadwo na mmoa te sɛ aketekyire, mfɔteɛ, amankuo, nnomaa, ne mpɔtorɔ resu a, aperenkensema tɛn n’aso dinn tie. Afei ɔdane n’ani pɔtwepɔtwee no kyerɛ faako a aboa no resu no, na wato ne ho hwii kɔ hɔ.

SƐDEƐ ƆSƆ ADEƐ MU: Wohwɛ aperenkensema nsa a, wohu sɛ wɔahyɛ da ayɛ paa sɛ ɔmfa nsɔ dua nkorabata mfeamfeaa mu. Biribi wɔ ne nsa ano a, ɛma ɔtumi fam dua ho sɛ amane. Sɛ aboa yi reda mpo a, ɔkura dua mu dendeenden. Wohwɛ a, asɛ apɔapɔ bi wɔ ne bodua ase a ɛboa ma ɔfam dua no ho kɔsi bɛ ɔbɛnyane.

N’ANI: Aperenkensema akyi no, aboa biara nni hɔ a n’ani sõsõ sene ɔno ara mũ. Deɛ ɛwom ne sɛ, aperenkensema ani aba baako biara so kyɛn n’amemene bam! Ɔntumi ntwa n’ani kurukuru; n’ani hwɛ faako saa. Sɛdeɛ n’ani teɛ no, ɛha no anaa? Dabi. Biribi wɔ hɔ a ɛboa no; ɔtumi twa ne kɔn hwɛ n’akyi.

N’AHOKEKA: Aperenkensema nan woware, na ɛma ɔtumi huri bɛyɛ anammɔn 20 (mita 6). Wode ne tenten toatoa so mprɛ 40 a, ɔbɛtumi ahuri atra! Anadwo na aboa yi didie; sɛ ɔhunu aboa bi a ɔpɛ sɛ ɔkyere no a, ɔto ne ho sɔ ne mu kũa; ɔnto mfom.

Sɛ wokyere aperenkensema sɛ woreyɛn no a, ɔntaa nyɛ yie. Nea enti a ɛte saa ne sɛ ɔpɛ ntummoa te sɛ mmɛbɛ, aketekyire ne deɛ ɛte saa. Afei ɔnyɛ aboa a yɛsosɔ ne mu. Nanso Philippinesfoɔ ani gye aboa yi ho yie. Anokwa, aperenkensema ho biribiara a wobɛhunu no, ɛyɛ nwanwa kɛkɛ.

Wɔrebɔ Aperenkensema Ho Ban

Aperenkensema si obi nsa so

Afe 1997 mu no, Philippines aban de too dwa sɛ, wɔmmɔ aperenkensema a ɛwɔ ɔman no mu ho ban paa. Wei nti sɛ obi kum bi anaa ɔsɛe baabi a wɔte a, wato mmara. Saa nso na ɛnsɛ sɛ obi kyere bi ba fie bɛyɛn no. Philippinesfoɔ nni aperenkensema ho agorɔ koraa. Nkurɔfoɔ tu kwan kɔ Philippines kɔhwɛ saa mmoa yi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena