Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 5/15 kr. 12-13
  • Al-Khwarizmi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Al-Khwarizmi
  • Nyan!—2015
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “ARABIC AKONTAABU MU ƆBEREMPƆN”
  • ARABIC AKONTAABU KƆƆ BAABIARA
  • Nyansahu​—Nokware a Adesamma Kɔ so Hwehwɛ
    Nyan!—1993
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2015
  • So Ɛsɛ Sɛ Wugye Di?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Nea Ɛyɛe a Tete Mmere Mu no, Spainfo Nyaa Bible
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2015
g 5/15 kr. 12-13
Al-Khwarizmi nkaedum

ABAKƆSƐM

Al-Khwarizmi

SƐ WOKƆTƆ biribi na wosese ne boɔ anaa wogyina nsenia so hwɛ wo mu duru a, wonim nea ɛboa ma wohu ano? Ɛfi Hindu ne Arabic akontaahyɛde. Ɛyɛɛ dɛn na “Hindu ne Arabic” ma yɛnyaa biribi a ɛte saa? Ɛkame ayɛ sɛ India na animdefo fii ase de akontaahyɛde 0 kɔsi 9 yɛɛ adwuma. Akyiri yi, ebinom de Arabic kasa trɛw mu kɔɔ Amerika ne Europa aman so. Wɔn mu baako a ɔdii mu akoten paa ne owura bi a ɔde Muhammad ibn-Musa al-Khwarizmi. Ɛbɛyɛ sɛ wɔwoo no wɔ baabi a nnɛ wɔfrɛ no Uzbekistan wɔ afe 780 Y.B. mu. Wɔfrɛ al-Khwarizmi sɛ “Arabic akontaabu mu ɔberempɔn.” Ɛyɛɛ dɛn na ɔnyaa abodin kakraka saa?

“ARABIC AKONTAABU MU ƆBEREMPƆN”

Al-Khwarizmi hyehyɛɛ biribi a ɛno na nnɛ ɛma yɛbu akontaa hu ano. Ɔkyerɛw wei ho asɛm wɔ ne nwoma bi a wɔato din The Book of Restoring and Balancing mu. Wɔfrɛ nwoma yi Kitab al-jabr wa’l-muqabala wɔ Arabic mu, na asɛmfua al-jabr mu na yɛnyaa Borɔfo kasa “algebra.” Ɔbenfo Ehsan Masood kaa sɛ “algebra” yɛ “akontaabu mu ade baako a ɛdi mu a nnipa ayɛ, na aboa nyansahufo paa.”a

Arabic akontaahyɛde 188 yɛ Romanfo akontaahyɛde CLXXXVIII.

Nwomanimfoɔ bi nso kaa sɛ: “Ntoaso sukuufo pii ka sɛ anka ɛnsɛ sɛ [al-Khwarizmi] ha ne ho pii saa.” Nanso adwene a al-Khwarizmi de yɛɛ saa ne sɛ ɔbɛma akontaabu ayɛ mmerɛ ama adwadifoɔ na sɛ obi nso rekyɛ agyapade anaa ɔresusu asase a, wammerɛ.

Mfe pii akyi no, nkontaabu mu abenfo te sɛ Galileo ne Fibonacci bɔɔ al-Khwarizmi aba so, efisɛ ɔkyerɛkyerɛɛ akontaabu mu maa emu daa hɔ na asete nyɛ den. Nea al-Khwarizmi yɛe no too fapem maa nnipa tumi suaa nkontaabu kɔɔ akyiri. Wei boaa nwomanimfoɔ a wɔwɔ Middle East ma wɔhuu sɛnea wɔbɛsusu ahinasa ahu ne kɛse ne ne tɛtrɛtɛ. Ɛno ara na ɛboaa wɔn ma wɔsuaa nsoromma ho nneɛma pii.b

Algebra yɛ “akontaabu mu ade baako a ɛdi mu paa a nnipa ayɛ”

Ebinom ahwɛ al-Khwarizmi akontaabu no so de bi aka ho ma ayɛ mmerɛ. Afei wɔahu ɔkwan foforo a wɔbɛfa so asusu biribi ahu ne kɛse anaa ne tɛtrɛtɛ. Adansi ho animdefo a wɔwɔ Middle East de nimdeɛ foforo yi yɛɛ adwuma mfe pii ansa na wɔn mfɛfo a wɔwɔ aman foforo so resua. Wɔnyaa ho nimdeɛ pii bere a Kristoman ne Nkramofo ntɔkwa gyina mu no. Wɔde nimdeɛ yi kɔɔ wɔn kurom, na wɔmaa Nkramofo a wɔfaa wɔn nnommum ne wɔn a wɔtu kɔtenaa saa aman no so kyerɛɛ wɔn bi kaa ho.

ARABIC AKONTAABU KƆƆ BAABIARA

Bere bi akyi no, wɔkyerɛɛ al-Khwarizmi adwuma no ase kɔɔ Latin kasa mu. Amanfo se Italyni nkontaabufo bi a ɔde Fibonacci (ɔtenaa ase fi bɛyɛ afe 1170-1250), a wɔsan frɛ no Leonardo a ɔfi Pisa na ɔmaa Hindu ne Arabic akontaahyɛde gyee din wɔ Europa aman so. Ɔkɔsuaa wɔ Mediterranea, na akyiri yi, ɔkyerɛw wɔ ne nwoma a wɔato din Book of Calculation mu.

Ɛgyee mfe pii ansa na amanfo rete al-Khwarizmi adwuma no ase. Nanso seesei ɛno na ɛdi akoten wɔ nyansahu ne mfididwuma ne adwadie mu.

a Ɛnnɛ, sɛ wɔrebu “algebra” akontaa a, wɔde nkyerɛwde x anaa y gyina hɔ ma biribi a yɛnnim. Ɛho nhwɛso ni: Fa no sɛ wɔaka akyerɛ wo sɛ wode x ka 4 ho a, wobɛnya 6. Ɛnneɛ x gyina hɔ ma dɛn? Sɛ woyi 4 fi 6 mu a ɛbɛka 2. Enti x yɛ 2.

b Tete Helafo a wɔsuaa nsoromma ho ade no na wɔdii kan huu sɛnea wɔsusu ahinasa kɛse ne ne tɛtrɛtɛ. Saa nimdeɛ yi boaa Nkramosom mu abenfo ma wɔhuu baabi a Mecca wɔ. Sɛ Nkramofo rebɔ mpae a, wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ani kyerɛ Mecca. Bio nso, ɛyɛ wɔn amammerɛ sɛ, sɛ wɔresie amu a, wɔde ani bɛkyerɛ Mecca. Sɛ wɔrekum aboa nso a, wɔde wɔn ani kyerɛ hɔ.

NOKWASƐM TIAWA

  • Mfe 300 ansa na Kristo reba no, na wɔde akontaahyɛde a yɛhu no nnɛ no yɛ adwuma wɔ India.

  • Akyiri yi, Hindufo de saa akontaabu no yɛɛ adwuma wɔ Caliph al-Mansur asɛnnibea wɔ Baghdad.

  • Al-Khwarizmi nwoma a wɔato din Calculation With Indian Numerals no nso foa ɔkwan a yɛfa so bu akontaa nnɛ no so. Ɔhwɛɛ nea Hela, Hebri ne Hindu akontaabufo akyerɛw ato hɔ so na ɔde bi kaa ho.

Agyapade a Ɛso Bi Nni

“Sɛ ɛba akontaabu ne akontaahyɛde a, yɛbɛka sɛ Middle East animdefo agya yɛn agyapade kɛse.”—Science and Islam, a Ehsan Masood kyerɛwee.

“Akontaahyɛde a wɔde yɛ adwuma wɔ Amerika ne Europa no fi mmeae pii. Nanso sɛ yɛbɛka paa a, India ne ɔman a ɛdi kan a wɔfii ase de akontaahyɛde yɛɛ adwuma.”—Britannica Online Encyclopedia.

“Bɛyɛ Kristo wu akyi mfe 1,500 mu no, na Europafo de Hindu ne Arabic akontaahyɛde yɛ adwuma paa.”—Encyclopedia of Society and Culture in the Medieval World.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena