Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g16 nɔma 3 kr. 8-9
  • Ignaz Semmelweis

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ignaz Semmelweis
  • Nyan!—2016
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2016
  • Bere a Wo Ba Ho Ayɛ Hyew
    Nyan!—2003
  • Dwensɔyaw—N’awiei Reba Anaa?
    Nyan!—1997
  • Ɔko A Etia Ɔyare Ne Owu​—So Wɔredi Nkonim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2016
g16 nɔma 3 kr. 8-9

ABAKƆSƐM

Ignaz Semmelweis

Ignaz Semmelweis

SƐ YƐREKA wɔn a wɔagye din paa wɔ wiase a, Ignaz Semmelweis nka ho, nanso wabɔ adwuma ama nnipa anya so mfaso nnɛ. Wɔwoo no Buda (seesei yɛfrɛ hɔ Budapest), Hungary. Okosuaa dɔkota adwuma wɔ Vienna Suapɔn mu, na owiee afe 1844. Semmelweis wiee sukuu no, ɔne dɔkota panyin bi kɔyɛɛ adwuma wɔ baabi a wɔgye awo wɔ Vienna ayaresabea afe 1846. Ɔkɔɔ hɔ no, ohuu biribi a na ani yɛ nyan paa; yare bɔne bi kunkum mmea a ɛbɛwoo wɔ hɔ no bebree.

Dɔkota biara ne nea ɔka; wei se sei, wei se sei, nanso na obiara nnya yare no ano aduru. Wɔyɛɛ biara, nanso na yare no gye ara na ɛregye nsam. Sɛ Semmelweis hwɛ sɛnea abaatan rehwere wɔn nkwa a, na ɛyɛ no ahometew, enti osii nketekrakye sɛ ɔbɛhwehwɛ mu ahu nea ɛde yare no ba na wasɔ ano.

Saa bere no, na baabi a wogye awo wɔ ayaresabea hɔ no yɛ mmienu. Semmelweis de n’ani too fam huu sɛ mmea no wu kɛse wɔ awogyebea a edi kan no kyɛn nea ɛto so mmienu no. Nanso wohwɛ a, na awogyebea mmienu yi nyinaa yɛ pɛ. Nsonsonoe a na ɛwɔ mu ara ne sɛ wɔtete adɔkotafo wɔ nea edi kan no, ɛnna wɔtete nɛɛsefo a wɔgye awo wɔ nea ɛto so mmienu no. Ɛnde adɛn nti na nnipa wu baako mu sen baako? Semmelweis too ne bo ase yɛɛ nhwehwɛmu biara a obetumi, nanso wanhu ano.

Afe 1847 no, biribi sii maa Semmelweis san hwɛɛ asɛm no bio. N’adamfo Jakob Kolletschka a ɔne no yɛ adwuma wui. Nea ɛbae ni: Obi wui, na bere a Kolletschka repaepae no ahwɛ yare a ekum no no, biribi twaa no. Afei tim, ɔno nso awu! Bere a wɔyɛɛ Kolletschka amu no mu nhwehwɛmu no, Semmelweis hui sɛ ɛrekame ayɛ sɛ yare a ekum mmea no ara bi na onyae. Semmelweis dwenee asɛm no ho, na ohui sɛ ɛbɛyɛ sɛ efunu ho biribi na ɛrekum apemfo no. Nea na ɛte ne sɛ, sɛ adɔkotafo ne sukuufo kɔpaapae funu wie na wɔkɔhwɛ apemfo anaa wɔgye wɔn awo a, na wɔde yare no akɔsan wɔn. Nanso obiara adwene amma so. Awogyebea a ɛto so mmienu no deɛ, na nnipa ntaa nwu, efisɛ ɛhɔ na na wɔtete nɛɛsefo a wɔgye awo, na wɔn deɛ na wɔmpaapae funu.

Semmelweis huu saa no, anim anim ara na ɔde nsahohoro baa adwuma mu hɔ. Enti ansa na dɔkota bi bɛhwɛ ɔpemfo no, na ɛsɛ sɛ ɔhohoro ne nsa kama. Nneɛma a na wɔde hohoro wɔn nsa no bi ne bleaching powder. Dɛn na efii mu bae? Bɛyɛ abosome nwɔtwe ntam no, na nnipa dodow a wowu so atew hwim!

“M’adwuma ne sɛ meyi aninyanne afi awogyebea na mmarima nsa aka wɔn yerenom, na nkwadaa anya maamenom ahwɛ wɔn.”—Ignaz Semmelweis

Nanso ɛnyɛ obiara na nea Semmelweis yɛe no yɛɛ no fɛ. Ná adɔkotafo mpanyimfo a ɛwɔ hɔ nso ayɛ yare no ho nhwehwɛmu pii, enti bere a wohuu sɛ Semmelweis deɛ no ne wɔn deɛ no nhyia no, wodwaa no. Afei na ɛyɛ wɔn ahi sɛ ɔno Semmelweis bɛhyehyɛ mmara akyerɛ nea wɔnyɛ. Nea ɛbɛtoom koraa ne sɛ woyii no adi fii Vienna, enti ɔkɔɔ ne kurom Hungary. Oduu hɔ no, ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ St. Rochus Hospital wɔ Pest. Ɔno na na ɔhwɛ baabi a wɔgye awo. Ɔde nsahohoro no kopuee hɔ nso, na ɛmaa apemfo wu so tew koraa.

Afe 1861 no, Semmelweis tintim ne nhwehwɛmu no. Edin a ɛda so ne The Cause, Concept, and Prophylaxis of Childbed Fever. Awerɛhosɛm ne sɛ animdefo pii annye ne nhwehwɛmu no antom kosii bere bi. Nanso wɔn a wobewu deɛ, na wɔawu.

Dɔkotafo rehohoro wɔn nsa

Semmelweis hwɛɛ sɛ ahotew bedi akoten wɔ ayaresabea a ɔwɔ no.—Robert Thom na ɔyɛɛ mfonini no

Yɛse papa nyera da, na ɛnkyɛ-nkyɛ nso wɔ n’afe. Akyiri yi nnipa behuu Semmelweis adwuma pa. Wobegye toom sɛ yɛreka nnipa a wɔabɔ nkurɔfo ho ban afi nyarewa ho a, Semmelweis ka ho. Ne nhwehwemu no maa nnipa behuu sɛ mmoawammoawa tumi de yare ba. Nkurɔfo agye atom sɛ n’adwuma no aboa asi yare pii ano, na wɔanya pii nso ano aduru. Wunim biribi? Bɛboro mfe 3,000 ansa na Semmelweis reyɛ ne nhwehwɛmu no, na Mose Mmara no de efunu ho ahyɛde bi ama. Akyiri yi, wɔde saa mmara no kaa Bible ho.

NOKWASƐM TIAWA

  • Bɛyɛ mfe 200 a atwam ni no, na mmea pii kɔ awoɔ so a, wɔmma fie. Nea na ɛkɔfa owu no dodow no ara ba ne yare a wonya fi efunu ho.

  • Afe 1674 na wɔde microscope huu sɛ mmoawammoawa wɔ hɔ. Nanso na wonnim sɛ wodi awu saa. Sɛ adɔkotafo kɔpaapae funu wie a, wofii hɔ ara na wɔrekogye awo; wɔnhohoro wɔn nsa papa biara.

  • Semmelweis de nsahohoro baa ayaresa mu, na wei gyee nnipa bebree nkwa.

Nea Bible Aka Dedaadaw

Mose Mmara no kaa sɛ, sɛ obi sɔ funu mu a, nnanson deɛ, wobu no sɛ ne ho agu fĩ, enti ɛsɛ sɛ ɔtew ne ho. Ná ɛsɛ sɛ oguare hohoro ne ntade na odwira ne ho nnanson. Saa bere no, ɛnsɛ sɛ ɔbɛn nnipa mpo na kampɛsɛ wakɔsɔ obi mu. (Numeri 19:11-22) Wɔhyɛɛ saa mmara no nyɛ nnɛ; bɛyɛ mfe 1,600 ansa na Kristo reba.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena