Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 62
  • Ɔhaw wɔ Dawid Fie

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔhaw wɔ Dawid Fie
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔhene Dawid Yɛɛ Bɔne
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Fa Wo Ho To Onyankopɔn Honhom So Na Gyina Asetram Nsakrae Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • 2 Samuel Mu Nsɛntitiriw
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Bɔneka A Ɛma Ahotɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 62
Odiyifo Natan rekasa akyerɛ Ɔhene Dawid

ASƐM 62

Ɔhaw wɔ Dawid Fie

DAWID fii ase dii hene Yerusalem no akyi no, Yehowa maa ne dɔm dii wɔn atamfo so nkonim pii. Na Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔde Kanaan asase no bɛma Israelfo. Na afei, ɛdenam Yehowa mmoa so no, asase a wɔde hyɛɛ wɔn bɔ no nyinaa abɛyɛ wɔn dea.

Dawid yɛ ɔhempa. Ɔdɔ Yehowa. Enti nneɛma a edi kan a ɔyɛe bere a ne nsa kaa Yerusalem no ne sɛ ɔde Yehowa apam adaka no bɛba hɔ. Na na ɔpɛ sɛ osi asɔredan a ɔde besi mu.

Bere a Dawid nyinii no ɔyɛɛ mfomso kɛse bi. Ná Dawid nim sɛ ɛyɛ mfomso sɛ ɔbɛfa ade a ɛyɛ obi dea. Nanso da koro anwummere, bere a ɔwɔ ahemfie dan no atifi no, ofi hɔ huu ɔbea bi a ne ho yɛ fɛ yiye. Wɔfrɛ no Batseba, na na ne kunu yɛ n’asraafo no biako a wɔfrɛ no Uria.

Dawid de n’adwene sii Batseba so araa ma wɔkɔfaa no baa n’ahemfie hɔ. Na ne kunu wɔ akono. Dawid ne no dae, na akyiri yi ohui sɛ ɔbea no anyinsɛn. Ɛhaw Dawid kɛse, na ɔde nkra kɔmaa ne sahene Yoab sɛ ɔmfa Uria nkogyina baabi a ɔko no mu yɛ den a wobekum no. Bere a Uria wui no, Dawid waree Batseba.

Yehowa bo fuw Dawid kɛse. Enti ɔsomaa n’akoa Natan sɛ ɔnkɔka ne bɔne no ho asɛm nkyerɛ no. Wutumi hu Natan wɔ hɔ sɛ ɔne Dawid rekasa. Dawid werɛ howee kɛse wɔ nea ɔyɛe no ho, enti Yehowa ankum no. Nanso Yehowa kae sɛ: ‘Esiane sɛ woayɛ nneɛma bɔne yi nti, wubehyia ɔhaw pii wɔ wo fie.’ Na hwɛ ɔhaw ara a Dawid hyiae!

Nea edi kan no, Batseba ba no wui. Afei Dawid ba panyin Amnon hyɛɛ ne nuabea Tamar ne no dae. Dawid ba Absalom bo fuwii kɛse na okum Amnon. Akyiri yi, nnipa pii kodii Absalom akyi, na ɔyɛɛ ne ho hene. Awiei no, Dawid dii Absalom so nkonim, na wokum no. Yiw, ɔhaw pii baa Dawid so.

Eyinom nyinaa mu no, Batseba woo Salomo. Bere a Dawid bɔɔ akwakora na ɔyare no, ne ba Adonia bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ ne ho hene. Nanso Dawid maa ɔsɔfo Sadok de ngo guu Salomo atifi de kyerɛe sɛ Salomo na ɔbɛyɛ ɔhene. Ɛno akyi bere tiaa bi no Dawid wui a na wadi mfe 70. Odii hene mfe 40, na afeiSalomo bedii Israel so hene.

2 Samuel 11:1-27; 12:1-18; 1 Ahene 1:1-48.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena