Afeha a Edi Kan Kristofo Asafo No
Wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no, wohwiee honhom kronkron guu Yesu asuafo 120 so na wofii ase kaa Onyankopɔn ade kɛse a wayɛ no ho asɛm wɔ kasa horow pii mu. Eyi yɛ bere a na wɔde Kristofo asafo no resi hɔ no. Wɔbɔɔ asuafo afoforo bɛyɛ 3,000 asu saa da no.—Asomafo no Nnwuma, ti 2.
Asafo ahorow a ɛwɔ mmeae ahorow ahorow no kɔɔ so dɔe bere a asomafo no ne afoforo kɔɔ so de akokoduru kaa Onyankopɔn Asɛm no. Sɛnea wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Asomafo no Nnwuma nhoma no mu no, ankyɛ na asɛmpa no trɛwee wɔ Mediteranea mpɔtam hɔ nyinaa ne Babilonia ne Kusuu Fam Afrika kosii Roma ne ebia Spain.—Romafo 15:18-29; Kolosefo 1:23; 1 Petro 5:13.
Baabiara a nnipa no bɛyɛɛ asuafo no, wɔhyehyɛɛ asafo ahorow wɔ hɔ. Wɔpaw mmarima a wɔfata a wɔn ho akokwaw sɛ mpanyimfo, anaasɛ ahwɛfo, ma wɔhwɛe ma wokuraa ɔkyerɛkyerɛ ne abrabɔ a ɛteɛ gyinapɛn no mu wɔ asafo ahorow no mu. Nanso na eyinom nyɛ asɔfokuw; na wɔyɛ asomfo ne mfɛfo adwumayɛfo ma Onyankopɔn Ahenni no.—Asomafo no Nnwuma 14:23; 20:28; 1 Korintofo 3:5; 5:13; Kolosefo 4:11; 1 Timoteo 3:1-15; Hebrifo 13:17; 1 Petro 5:1-4.
Asomafo no ne wɔn mfɛfo adwumayɛfo afoforo somee sɛ sodikuw. Wodii anim wɔ asɛnka adwuma no mu. Wodii nsɛnnennen ahorow ho dwuma wɔ Yerusalem asafo no mu. Wɔsomaa anuanom a wɔn ho akokwaw kɔɔ Samaria ne Antiokia ma wɔkɔhyɛɛ wɔn a wɔagye adi foforo wɔ hɔ no den. Wodii asɛm bi a ɛsɔree a ɛfa twetiatwa ho no ho dwuma na wɔde wɔn gyinaesi no kɔmaa asafo ahorow no nyinaa ma wodii so. Nanso na saa mmarima yi nyɛ awuranom wɔ afoforo no so na mmom na wɔyɛ asomfo ne mfɛfo adwumayɛfo wɔ asafo no nyinaa mu.—Asomafo no Nnwuma 4:33; 6:1-7; 8:14-25; 11:22-24; 15:1-32; 16:4, 5; 1 Korintofo 3:5-9; 4:1, 2; 2 Korintofo 1:24.
Wɔfrɛɛ asuafo a wodi kan no sɛ Kristofo, edin a wɔnam ɔsoro akwankyerɛ so de maa wɔn no. Ná wɔwɔ nkyerɛkyerɛ ahorow nso a ɛma wɔda nsow; wɔfrɛɛ eyi asomafo no kyerɛ, anaasɛ asɛmpa a eye. Wɔfrɛɛ nkyerɛkyerɛ a efi Kyerɛwnsɛm mu yi nso sɛ nokware no.—Yohane 17:17; Asomafo no Nnwuma 2:42; 11:26; Romafo 6:17; 1 Timoteo 4:6; 6:1, 3; 2 Timoteo 1:13; 2 Petro 2:2; 2 Yohane 1, 4, 9.
Ná wɔyɛ wiase nyinaa anuanom kuw a wɔyɛ biako wɔ ɔdɔ mu. Wɔkyerɛɛ wɔn mfɛfo gyidifo a wɔwɔ aman afoforo so ho anigye. Bere a wotu kwan kɔ mmeae afoforo no, mfɛfo gyidifo gye wɔn ba wɔn afi mu. Wokuraa abrabɔ pa gyinapɛn a ɛkorɔn mu, na wɔbɛyɛɛ ɔman kronkron a wɔayi wɔn afi wiase no ho. Wɔmaa bere a Yehowa da no bɛba traa wɔn adwene mu kɛse na wɔde nnamyɛ paee mu kaa wɔn gyidi ho asɛm.—Yohane 13:34, 35; 15:17-19; Asomafo no Nnwuma 5:42; 11:28, 29; Romafo 10:9, 10, 13-15; Tito 2:11-14; Hebrifo 10:23; 13:15; 1 Petro 1:14-16; 2:9-12; 5:9; 2 Petro 3:11-14; 3 Yohane 5-8.
Nanso, sɛnea wɔka too hɔ no, ɔwae kɛse bi fii ase wɔ mfeha a ɛto so abien ne abiɛsa no mu. Eyi maa asɔre ahorow pii bae a wɔankura tete Kristofo asafo no ahotew a ɛfa ɔkyerɛkyerɛ, abrabɔ, ahyehyɛde, ne wɔn gyinabea wɔ wiase no ho no mu.—Mateo 13:24-30, 37-43; 2 Tesalonikafo, ti 2.
Nanso Yesu ka too hɔ sɛ wɔbɛsan de nokware som asi hɔ wɔ nneɛma nhyehyɛe no awiei bere no mu. Yehowa Adansefo gye di sɛ wotumi hu ɔsesɛw yi wɔ wɔn wiase nyinaa adwuma no mu wɔ yɛn bere yi mu wɔ Yesu nkɔmhyɛ no akyi bɛyɛ mfirihyia 1,900. Nkratafa a edidi so no bɛkyerɛkyerɛ nea enti a ɛte saa no mu.
• Ɔkwan bɛn so na wɔnam de Kristofo asafo no sii hɔ, na ɔkwan bɛn so na enyinii?
• Ɔkwan bɛn so na wɔhwɛɛ saa asafo no so?
• Nneɛma bɛn na ɛmaa afeha a edi kan Kristofo no daa nsow koraa?
wɔn afi mu
[Asase mfonini wɔ kratafa 7]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Black Sea
Caspian Sea
Great Sea
Red Sea
Persian Gulf
Mmeae a asɛmpa no dui wɔ afeha a edi kan no mu
ITALY
Rome
GREECE
MALTA
CRETE
CYPRUS
BITHYNIA
GALATIA
ASIA
CAPPADOCIA
CILICIA
SYRIA
ISRAEL
Jerusalem
MESOPOTAMIA
Babylon
Ebinom a wofi mmeae yi begye dii
ILLYRICUM
MEDIA
PARTHIA
ELAM
ARABIA
LIBYA
EGYPT
ETHIOPIA
[Kratafa 7 mfonini ahorow]
Tete Kristofo no de akokoduru kaa Onyankopɔn Asɛm no
Baabiara a Kristofo kɔe no, wɔn mfɛfo gyidifo gyee wɔn baa