Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ti kr. 30-31
  • Som Onyankopɔn wɔ N’akwan So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Som Onyankopɔn wɔ N’akwan So
  • So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Enni Onyankopɔn Ni
  • Pow Baasakoro No
  • Wɔkyerɛkyerɛ Baasakoro no mu Dɛn?
    So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?
  • So Ɛsɛ Sɛ Wugye Baasakoro No Di? Brochure Mu Adesua Mu Nsemmisa
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Ɔfã 1​—So Yesu ne n’asuafo no kyerɛkyerɛɛ Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Onyankopɔn Ne Ne Ba No Ho Nokware Nimdeɛ Ma Obi Nya Nkwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?
ti kr. 30-31

Som Onyankopɔn wɔ N’akwan So

YESU ka kyerɛɛ Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” (Yohane 17:3) Ohu bɛn nen? “[Onyankopɔn] pɛ sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa ma wɔba nokware nimdeɛ mu.” (1 Timoteo 2:4) The Amplified Bible no kyerɛ ɔkasamufa a edi akyiri no ase saa kwan yi so: “Sɛ wobehu [ɔsoro] Nokware no pɛpɛɛpɛ ne ɔkwan a ɛteɛ so.”

Enti Onyankopɔn pɛ sɛ wohu ɔne n’atirimpɔw mu pɛpɛɛpɛ, ma ɛne ɔsoro nokware hyia. Na Onyankopɔn Asɛm a ɛne Kyerɛw Kronkron no ne saa nokware no fibea. (Yohane 17:17; 2 Timoteo 3:16, 17) Sɛ nkurɔfo sua nea Bible no ka fa Onyankopɔn ho no pɛpɛɛpɛ a, ɛno na wobetumi akwati yɛ a wɔbɛyɛ te sɛ wɔn a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Romafo 10:2, 3 a na “wɔwɔ Onyankopɔn ho mmɔdenbɔ de, nanso wonni no nimdeɛ mu” no. Anaasɛ te sɛ Samariafo a Yesu see wɔn sɛ: “Mosɔre nea munnim” no.—Yohane 4:22.

Enti, sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛho hia sɛ yebisa yɛn ho sɛ: Dɛn na Onyankopɔn ka fa n’ankasa ho? Ɔkwan bɛn so na ɔpɛ sɛ wɔsom no? N’atirimpɔw ahorow ne dɛn, na ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛba mu? Nokware no ho nimdeɛ a ɛyɛ pɛpɛɛpɛ ma yenya nsemmisa a ɛtete sɛɛ ho mmuae a ɛteɛ. Ɛno ansa na yebetumi asom Onyankopɔn wɔ n’akwan so.

Enni Onyankopɔn Ni

NYANKOPƆN se: “Wɔn a wodi me ni no, medi wɔn ni.” (1 Samuel 2:30) So ɛyɛ ade a edi Onyankopɔn ni sɛ wɔbɛka sɛ obi ne no sɛ? So edi no ni sɛ wɔbɛfrɛ Maria “Onyankopɔn na” ne “Ɔbea Ntamgyinafo . . . a ogyina Ɔbɔadeɛ no ne N’abɔde ntam” sɛnea New Catholic Encyclopedia yɛ no? Dabi, saa nsusuwii no bɔ Onyankopɔn ahohora. Obiara nni hɔ a ɔne no sɛ; saa ara nso na onni honam fam ɛna, efisɛ na Yesu nyɛ Onyankopɔn. Na “Ɔbea Ntamgyinafo” biara nni hɔ, efisɛ Onyankopɔn apaw “Onyankopɔn ne nnipa ntamgyinafo” biako pɛ a ɔne Yesu.—1 Timoteo 2:5; 1 Yohane 2:1, 2.

Akyinnye biara nni ho koraa sɛ Baasakoro kyerɛkyerɛ no ama nkurɔfo ntease wɔ Onyankopɔn nokware gyinabea ho no atu afra na asɛe no. Esiw nkurɔfo kwan ma wonnya Amansan Hene Yehowa Nyankopɔn no ho nokware nimdeɛ, ɛmma wɔnsom no wɔ n’akwan so. Sɛnea nyamekyerɛfo Hans Küng kae no: “Dɛn nti na ɛsɛ sɛ obi pɛ sɛ ɔde biribi bɛka adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn yɛ biako na ɔyɛ soronko no ho a ebetumi asɛe saa biako ne soronko a ɔyɛ no koraa no?” Nanso ɛno ne nea Baasakoro no a wogye di no ayɛ.

Ɛnyɛ nea wɔn a wogye Baasakoro di no ‘kura Onyankopɔn nokware nimdeɛ mu.’ (Romafo 1:28) Nkyekyem no ka nso sɛ: “Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ nea ɛmfata.” Nkyekyem 29 kosi 31 bobɔ nneɛma a ‘ɛmfata’ no bi, te sɛ ‘awudi, akasakasa, apamsɛefo, wonni dɔ, wonni mmɔborohunu.’ Saa nneɛma no ara na ɔsom ahorow a wogye Baasakoro tom no ayɛ.

Sɛ nhwɛso no, Baasakorofo ataa wɔn a wɔpow Baasakoro kyerɛkyerɛ no na wɔakunkum wɔn mpo. Na wɔakɔ akyiri asen saa mpo. Wɔakunkum wɔn mfɛfo Baasakorofo wɔ ɔko bere mu. Dɛn na ebetumi ayɛ nea ‘ɛmfata’ asen sɛ Katolekfo kunkum Katolekfo, Ortodoksfo kunkum Ortodoksfo, Protestantfo kunkum Protestantfo—ne nyinaa wɔ Baasakoro Nyankopɔn koro no ara din mu?

Nanso, Yesu kae pefee sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Onyankopɔn Asɛm no bae eyi mu na ese: “Eyi mu na Onyankopɔn mma ne Ɔbonsam mma da adi. Obiara a ɔnyɛ nea ɛteɛ ne nea ɔnnɔ ne nua no mfi Nyankopɔn.” Ɛde wɔn a wokunkum wɔn honhom mu nuanom no toto “Kain a ofi ɔbɔne no [Satan] mu na okum ne nua no” ho.—1 Yohane 3:10-12.

Enti, Onyankopɔn ho nkyerɛkyerɛ ahorow a ɛma adwene tu fra a wɔkyerɛkyerɛ no de nneyɛe a ebu ne mmara so na aba. Nokwarem no, nea akɔ so wɔ Kristoman mu nyinaa no ne nea Denmarkni nyamekyerɛfo Søren Kierkegaard kyerɛkyerɛɛ mu no: “Kristoman ayi Kristosom afi hɔ a n’ani nna ne ho so.”

Kristoman honhom mu tebea no ne nea ɔsomafo Paulo kyerɛwee no hyia: “Wɔka sɛ wonim Nyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma pa no; wɔyɛ nnipa a wokyi wɔn ne asoɔdenfo, na wɔmfra mma adwuma pa biara.”—Tito 1:16.

Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn de mprempren nneɛma nhyehyɛe yi bɛba n’awiei, wɔbɛma Baasakoro Kristoman abu akontaa. Na wobebu no atɛn wɔ ne nneyɛe ne ne nkyerɛkyerɛ a egu Onyankopɔn anim ase no ho.—Mateo 24:14, 34; 25:31-34, 41, 46; Adiyisɛm 17:1-6, 16; 18:1-8, 20, 24; 19:17-21.

Pow Baasakoro No

ONYANKOPƆN rentumi nnyae ne nokware ahorow mu nsiesie. Enti, sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn wɔ n’akwan so no kyerɛ sɛ yɛbɛpow Baasakoro kyerɛkyerɛ no. Ɛne nea adiyifo no, Yesu, asomafo no, ne tete Kristofo no gye dii na wɔkyerɛkyerɛe bɔ abira. Ɛne nea Onyankopɔn ka fa n’ankasa ho wɔ n’Asɛm a efi honhom mu no mu no bɔ abira. Enti, otu fo sɛ: “Munhu sɛ me nkutoo me ne Onyankopɔn ne sɛ obi foforo biara nni hɔ sɛ me.”—Yesaia 46:9, TEV.

Sɛ́ wɔbɛma nsɛm a ɛfa Onyankopɔn ho ayɛ nea ɛma adwene tu fra ne ahintasɛm no mmoa no ɔkwan biara so. Mmom no, dodow a nkurɔfo adwene tu fra wɔ Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ahorow ho no, dodow no ara na Onyankopɔn Tamfo Satan Ɔbonsam, ‘wi yi ase nyame’ no pɛ. Ɔno na ɔma atoro nkyerɛkyerɛ kɔ so sɛ ‘ɔde befura wɔn a wonnye nni adwene ani.’ (2 Korintofo 4:4) Na asɔfo a wɔpɛ sɛ wokura wɔn tumi wɔ nkurɔfo so no mu no pɛ Baasakoro kyerɛkyerɛ no, efisɛ wɔma ɛyɛ te sɛ nea nyamekyerɛfo nkutoo na wobetumi ate ase.—Hwɛ Yohane 8:44.

Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ de ahotɔ kɛse ba. Ɛma yɛde yɛn ho fi nkyerɛkyerɛ a ɛne Onyankopɔn Asɛm bɔ abira ne ahyehyɛde ahorow a awae nso ho. Sɛnea Yesu kae no: “Mubehu nokware, na nokware no ayɛ mo adehye.”—Yohane 8:32.

Sɛ yedi Onyankopɔn ni sɛ opumpuni na yɛsom no n’akwan so a, yebetumi akwati atemmu a ɛrenkyɛ ɔde bɛba Kristoman a awae no so no. Mmom no, yebetumi ahwɛ Onyankopɔn dom kwan bere a nhyehyɛe yi ba awiei no: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:17.

[Kratafa 31 mfonini]

Saa abo honi a ɛwɔ France a adi mfehaha pii no kyerɛ “ɔbaabun” Maria a Baasakoro no rehyɛ no ɔhemmaa. Baasakoro no mu gyidi ma wɔsom Maria sɛ “Onyankopɔn Na”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena