Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • dg ɔfã 7 kr. 14-17
  • Dɛn na Afi Atuatew mu Aba?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Afi Atuatew mu Aba?
  • So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Tebea no Te Nnɛ
  • Nea Bere Ama Ada Adi
  • Sɛnea Onyankopɔn Hwɛ Ade Kɔ Akyiri
  • Amanehunu Ho Kwan A Onyankopɔn Ama No Awiei Abɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Dɛn Nti na Amanehunu ne Nsisi Abu so Saa?
    Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu?
  • Ɛnkyɛ Amanehunu Nyinaa To Betwa!
    Ɛnkyɛ Amanehunu Nyinaa To Betwa!
  • Nea Enti a Onyankopɔn Ama Amanehunu Ho Kwan
    So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?
Hwɛ Pii Ka Ho
So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?
dg ɔfã 7 kr. 14-17

Ɔfã 7

Dɛn na Afi Atuatew mu Aba?

1-3. Ɔkwan bɛn so na bere akyerɛ sɛ Yehowa asɛm na ɛyɛ nokware?

ƐDEFA hokwan a Onyankopɔn wɔ sɛ odi tumi ho ɔsɛmpɔw no ho no, dɛn na afi nnipa nniso a Onyankopɔn ho nnim wɔ mfehaha pii yi mu no mu aba? So nnipa ada wɔn ho adi sɛ wɔyɛ sodifo pa sen Onyankopɔn? Sɛ yegyina atirimɔden a onipa abɔ ne yɔnko nipa so bu atɛn a, ɛnte saa koraa.

2 Bere a yɛn awofo a wodi kan no pow Onyankopɔn nniso no, ɔhaw dii akyi bae. Wɔde amanehunu baa wɔn ankasa ne adesamma abusua a wofii wɔn mu bae no nyinaa so. Na ná wɔrentumi mfa nhyɛ obiara sɛ wɔn ankasa. Onyankopɔn Asɛm se: “Wɔn ankasa adi nsɛmmɔne; wɔnnyɛ ne mma, dɛm a wɔadi no fi wɔn ankasa.”—Deuteronomium 32:5, NW.

3 Abakɔsɛm akyerɛ nokware a Onyankopɔn kɔkɔbɔ ma Adam ne Hawa no yɛ sɛ, sɛ wofi Onyankopɔn nsiesiei ahorow ase a, wobegurow na awiei koraa no wɔawu no. (Genesis 2:17; 3:19) Wofii Onyankopɔn nniso ase, na bere bi akyi no, wogurowee na wowui.

4. Dɛn nti na wɔwo yɛn nyinaa a sintɔ wɔ yɛn ho, na yetumi yare wu?

4 Nea akyiri yi, ɛtoo wɔn asefo nyinaa no te sɛ nea Romafo 5:12 kyerɛkyerɛ mu no: “Sɛnea ɛnam onipa biako [Adam, adesamma abusua ti] so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa.” Enti bere a yɛn awofo a wodi kan no tew Yehowa ɔhwɛ so atua no, wɔbɛyɛɛ abɔnefo a wɔtɔ sin. Nea ɛne awosan ho mmara hyia no, na sintɔ a efii mu bae no nkutoo ne nea wobetumi de ama wɔn asefo. Ɛno nti na wɔde sintɔ awo yɛn nyinaa, ma yetumi yare na yewu no.

5, 6. Dɛn na abakɔsɛm ada no adi wɔ mmɔden a onipa abɔ sɛ ɔde nokware asomdwoe ne yiyedi bɛba no ho?

5 Mfehaha pii atwam. Ahemman ahorow aba kɔ. Wɔasɔ nniso biara a wobetumi adwen ho ahwɛ. Nanso, nneɛma a ɛyɛ hu akɔ so ato adesamma abusua no mpɛn pii. Wɔ mfe mpemnsia akyi no, anka obi besusuw sɛ adesamma akɔ wɔn anim akodu sɛ wɔde asomdwoe, atɛntrenee, ne yiyedi bɛba asase so nyinaa, ne sɛ ɛsɛ sɛ anka mprempren de wɔatumi ahu sɛnea wɔbɛda su pa ahorow te sɛ ayamye, mmɔborɔhunu, ne biakoyɛ adi.

6 Nanso, nokwasɛm no ne eyi bɔ abira koraa. Nnipa nniso a wɔahyehyɛ biara nni hɔ a ɛde nokware asomdwoe ne yiyedi abrɛ obiara. Wɔ afeha 20 yi mu nkutoo no, yɛahu nnipa ɔpepem pii a wɔhyɛɛ da kunkum wɔn wɔ Okunkɛse no mu ne nnipa bɛboro ɔpepem 100 a wɔakunkum wɔn wɔ akodi ahorow mu. Wɔ yɛn bere yi so no, wɔayɛ nnipa a wontumi nkan wɔn dodow ayayade, wɔakunkum wɔn, na wɔde wɔn ato afiase esiane wɔn ho koma a wonni ne adwene a enhyia wɔ amammuisɛm ho nti.

Sɛnea Tebea no Te Nnɛ

7. Wobetumi akyerɛkyerɛ tebea a adesamma abusua no wom nnɛ no mu dɛn?

7 Bio nso, susuw sɛnea adesamma abusua no tebea nyinaa te nnɛ ho hwɛ. Nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ abu so. Nnipa pii de nnuru di dwuma ɔkwammɔne so. Nnipa bebree anya nyarewa a wonya fi nna mu. Nnipa ɔpepem pii anya AIDS yare a wosuro no yiye no bi. Ɔkɔm ne nyarewa kunkum nnipa ɔpepem du du pii afe biara, bere a nnipa kakraa bi wɔ ahonyade pii. Nnipa sɛe asase no na wɔfow so nneɛma. Abusua asetra ne abrabɔ pa ho gyinapɛn ahorow asɛe wɔ baabiara. Nokwarem no, nnɛyi asetra da ‘wi yi ase nyame,’ Satan nniso bɔne adi. Wiase a odi so tumi no nni dɔ, atirimɔden wom, na aporɔw koraa.—2 Korintofo 4:4.

8. Dɛn nti na yɛrentumi mfrɛ nea adesamma atumi ayɛ no sɛ nokware nkɔso?

8 Onyankopɔn ama bere a ɛdɔɔso ho kwan na adesamma akodu wɔn nyansahu ne honam fam nkɔso pɔmpɔn so. So ɛyɛ nkɔso pa, bere a atuo a ɛtotow ntɛmntɛm, ntwitwiridii, wim akohyɛn, ne nuklea akode abesi ɛta ne agyan ananmu yi? So ɛyɛ nkɔso, sɛ nnipa tumi tu kwan kɔ wim nanso wontumi mmom ntra asase so wɔ asomdwoe mu? So ɛyɛ nkɔso sɛ nnipa suro sɛ wɔbɛnantew mmɔnten so anadwo, anaa awiabere wɔ mmeae bi mpo?

Nea Bere Ama Ada Adi

9, 10. (a) Dɛn na mfehaha a atwam no ada no adi pefee? (b) Dɛn nti na Onyankopɔn rennye hokwan a yɛwɔ sɛ yɛpaw nea yɛpɛ no mfi yɛn nsam?

9 Nea mfehaha pii a wɔde asɔ ahwɛ ama ada adi ne sɛ ɛrentumi nyɛ yiye sɛ nnipa bɛkwati Onyankopɔn nniso akyerɛ wɔn anammɔn kwan ma asi wɔn yiye. Ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wɔbɛyɛ saa, sɛnea ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wɔbɛkɔ so atra ase a wonnidi, wɔnnom nsu, na wɔnhome no. Adanse no da adi pefee: Wɔbɔɔ yɛn a yehia yɛn Bɔfo no akwankyerɛ, sɛnea wɔbɔɔ yɛn a yehia aduan, nsu, ne mframa no ara pɛ.

10 Ɛdenam nsɛmmɔnedi a Onyankopɔn maa ho kwan so no, wama yɛahu sɛnea sɛ wɔde hokwan a wɔwɔ sɛ wɔpaw nea wɔpɛ di dwuma ɔkwammɔne so a, nea efi mu ba yɛ awerɛhow. Na hokwan a wɔwɔ sɛ wɔpaw nea wɔpɛ yɛ akyɛde a ɛsom bo araa ma sɛ́ anka Onyankopɔn begye afi adesamma nsam no, wama wɔahu nea dwuma a wɔde bedi ɔkwammɔne so no kyerɛ. Onyankopɔn Asɛm ka nokware bere a ese: “Enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” Ɛka nokware nso bere a ɛka sɛ: “Onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne” no.—Yeremia 10:23; Ɔsɛnkafo 8:9.

11. So onipa nniso bi atumi ayi amanehunu afi hɔ?

11 Onipa nniso a Onyankopɔn ama ho kwan mfirihyia mpemnsia ni no da no adi ɔkwan a tumi wom so sɛ onipa rentumi mma amanehunu to ntwa. Bere biara nni hɔ a watumi ayɛ saa. Sɛ nhwɛso no, wɔ Ɔhene Salomo nyansa, ahonyade, ne tumi nyinaa akyi no, wantumi anyi ɔhaw a nnipa nniso de aba no amfi hɔ wɔ ne bere so. (Ɔsɛnkafo 4:1-3) Saara na wɔ yɛn bere yi so no, wiase atumfo ntumi nyi amanehunu mfi hɔ, wɔ wɔn mfiridwuma mu nkɔanim foforo a ɛsen biara a wɔanya nyinaa akyi. Nea ennye koraa sen ɛno ne sɛ abakɔsɛm ada no adi sɛ adesamma a wɔatwe wɔn ho afi Onyankopɔn nniso ase no ama amanehunu ayɛ kɛse mmom sen sɛ wobeyi afi hɔ.

Sɛnea Onyankopɔn Hwɛ Ade Kɔ Akyiri

12-14. Mfaso horow a ɛbɛtra hɔ daa bɛn na esiane sɛ Onyankopɔn ama amanehunu ho kwan nti, ɛba?

12 Amanehunu a Onyankopɔn ama ho kwan no ama yɛate ɛyaw nka. Nanso wahwɛ ade akɔ akyiri, efisɛ onim nneɛma pa a awiei koraa no, ebefi mu aba. Sɛnea Onyankopɔn ahwɛ asɛm no ho bɛba abɔde mfaso, ɛnyɛ mfe kakraa bi anaa mfe mpempem kakraa bi pɛ, na mmom mfe ɔpepem pii, yiw, daapem.

13 Sɛ ɛba sɛ daakye bi obi de hokwan a ɔwɔ sɛ ɔpaw nea ɔpɛ no di dwuma ɔkwammɔne so de gye ɔkwan a Onyankopɔn fa so yɛ nneɛma no ho kyim a, ɛho renhia sɛ wɔma no bere na ɔde kyerɛ sɛ ne nsusuwii no yɛ nokware. Esiane sɛ Onyankopɔn ama atuatewfo kwan mfe mpempem pii dedaw nti, ama wanya mmara kwan so nhwɛso a obegyina so de adi nsɛm ho dwuma akosi daa wɔ amansan no fã biara mu.

14 Esiane sɛ Yehowa ama nsɛmmɔnedi ne amanehunu ho kwan wɔ bere yi mu nti, ɛbɛyɛ nea wɔadi ho adanse yiye dedaw sɛ biribiara nni hɔ a sɛ ɛne no anyɛ biako a, ebedi yiye. Ɛbɛyɛ nea wɔada no adi pefee sɛ nnipa anaa honhom abɔde nhyehyɛe a wɔkwati no yɛ biara rentumi mfa mfaso a ɛtra hɔ daa mma. Enti, afei ɛbɛyɛ nea Onyankopɔn di bem sɛ ɔsɛe otuatewfo biara ntɛm so. “Abɔnefo nyinaa de, ɔbɛsɛe wɔn.”—Dwom 145:20; Romafo 3:4.

[Kratafa 15 mfonini]

Bere a yɛn awofo a wodi kan no paw sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho akyi no, awiei koraa no wonyinyin na wowui

[Kratafa 16 mfonini]

Adesamma nniso a Onyankopɔn ho nnim ayɛ nea ɔhaw wom

[Asɛm Fibea]

U.S. Coast Guard mfonini

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena