Ɔfã 6
Dɛn Nti na Amanehunu ne Nsisi Abu so Saa?
1, 2. Esiane nnipa suahu nti, nsɛm bɛn na yebetumi abisa?
1 Nanso, sɛ na ɛyɛ Ɔteasefo Pumpuni no atirimpɔw sɛ nnipa a wɔyɛ pɛ bɛtra asase so daa wɔ paradise tebea mu, na sɛ ɛda so ara yɛ n’atirimpɔw a, dɛn nti na paradise nni hɔ nnɛ? Dɛn nti na adesamma ahu mfehaha pii mu amanehunu ne nsisi mmom?
2 Akyinnye biara nni ho sɛ, akodi, abirɛmpɔnsɛmdi kwan a wɔfa so di aman afoforo so, amimdi, nsisi, ohia, akwanhyia, ɔyare, ne owu ama awerɛhow ahyɛ nnipa abakɔsɛm mu mã. Dɛn nti na nneɛma bɔne pii ato nnipa pii a wɔn ho nni asɛm? Sɛ Onyankopɔn wɔ biribiara so tumi a, dɛn nti na wama kwan ma amanehunu pii akɔ so mfe mpempem pii? Esiane sɛ Onyankopɔn yɛɛ amansan yi na ɔhyehyɛɛ no yiye nti, dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔma kwan ma basabasayɛ ne adesɛe kɔ so wɔ asase so?
Mfatoho Bi
3-5 (a) Mfatoho bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛate nea enti a Onyankopɔn a ɔyɛ ade wɔanowɔano bɛma basabasayɛ ho kwan wɔ asase so? (b) Tebea a egu ahorow mu biako bɛn na ɛfata asase no tebea?
3 Momma yɛmfa nhwɛso bi nyɛ nea enti a Onyankopɔn a ɔyɛ ade wɔanowɔano no bɛma basabasayɛ ho kwan wɔ asase so. Wo de fa no sɛ wonam kwae bi mu na wokɔtoo fie bi. Bere a wohwɛ fie no, wuhu sɛ ayɛ basaa. Mfɛnsere no abubu, nsɛmso no asɛe yiye, ntokuwa pii wɔ ntwironoo a wɔde ntaboo ayɛ no mu, ɔpon no sɛn mpontɛre no biako so, na ɔdorobɛn ahorow a nsu fa mu no nyɛ adwuma.
4 So esiane nneɛma a asɛesɛe saa no nti, wobɛka sɛ ɛbɛyɛ sɛ ɛnyɛ ɔdansifo a onim nyansa bi na osii saa fie no? So sɛnea ɛhɔ ayɛ basaa no bɛma woagye adi sɛ ofie no bae ara kwa, a ɛnyɛ obiara na osii? Anaa sɛ wugye di sɛ obi na ɔyɛɛ ho nhyehyɛe na osii a, so wobɛte nka sɛ na saa nipa yi ho nkokwawee na wansusuw nneɛma ho yiye?
5 Sɛ wohwɛ ɔdan no yiye paa a, wuhu sɛ mfiase no wosii no yiye, na edi adanse sɛ wɔhwɛɛ so yiye. Nanso mprempren yi de wɔabu ani agu so na ɛresɛe. Dɛn na nneɛma a asɛesɛe ne ɔhaw no betumi akyerɛ? Ebetumi akyerɛ sɛ (1) ne wura no awu; (2) ɔyɛ ɔdansifo a ne ho akokwaw nanso n’ani nnye fie no ho bio; anaa (3) ɔde ne dan no maa nkurɔfo bi a wɔnkyerɛ nneɛma ho anisɔ ma wɔtraa mu bere tiaa bi. Nea etwa to no te sɛ asase yi tebea no.
Nea Ɛtotoe
6, 7. Dɛn na ɛbaa Adam ne Hawa so bere a wɔtoo Onyankopɔn mmara no?
6 Yesua fi Bible kyerɛwtohɔ a edi kan no mu sɛ na ɛnyɛ Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ nnipa behu amane anaa wɔawuwu. Onyankopɔn so asoɔden a yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa yɛe no ara nti na wowui. (Genesis, atiri 2 ne 3) Bere a wɔyɛɛ asoɔden no, wɔankɔ so anyɛ Onyankopɔn apɛde. Wɔtwee wɔn ho fii Onyankopɔn hwɛ ase. Sɛnea yɛbɛka no no, wɔne Onyankopɔn, “nkwa nsuti” no, twaa abusuabɔ mu.—Dwom 36:9.
7 Te sɛ afiri a sɛ woyi ne hama fi beae a enya anyinam ahoɔden fi a efi ase kɔ brɛoo kosi sɛ ebegyina no, wɔn nipadua ne wɔn adwene sɛee. Ɛmaa Adam ne Hawa yɛɛ mmerɛw, wonyinyinii, na awiei koraa no, wowui. Afei dɛn na ɛbae? Wɔsan kɔɔ baabi a wofi bae: “Woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” Ná Onyankopɔn abɔ wɔn kɔkɔ sɛ, sɛ wobu ne mmara ahorow so a, owu na ebefi mu aba: “Owu na wubewu.”—Genesis 2:17; 3:19.
8. Ɔkwan bɛn so na yɛn awofo a wodi kan no bɔne kaa adesamma abusua no?
8 Ɛnyɛ yɛn awofo a wodi kan no nko na wowui, na mmom owu aka wɔn asefo nyinaa, adesamma abusua no nyinaa nso. Dɛn ntia? Efisɛ sɛnea awosu mu mmara ahorow kyerɛ no, mmofra fa wɔn awofo su horow no. Na nea yɛn awofo a wodi kan no mma nyinaa nya fii awo mu ne sintɔ ne owu. Romafo 5:12 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Sɛnea ɛnam onipa biako [Adam, adesamma nana] so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne [esiane sintɔ, a ɛne bɔne su, a wɔanya afi awo mu no nti].” Na esiane sɛ bɔne, sintɔ, ne owu nkutoo ne nneɛma a nkurɔfo nim nti, ebinom bu no sɛ wɔbɔ bataa nnipa ho, na wontumi nkwati. Nanso wɔde tumi ne akɔnnɔ a wɔde bɛtra ase daa na ɛbɔɔ nnipa a wodi kan no. Ɛno nti na owu a ebetumi atwa obi nkwa so ho adwene ma nnipa dodow no ara yɛ basaa no.
Dɛn Nti na Akyɛ Saa?
9. Dɛn nti na Onyankopɔn ama kwan ma amanehunu akɔ so akyɛ saa?
9 Dɛn nti na Onyankopɔn ama kwan ama nnipa ayɛ nea wɔn ankasa pɛ bere tenten saa? Dɛn nti na wama amanehunu akɔ so wɔ mfehaha pii yi mu? Ade biako nti a ɛte saa ne sɛ ɔsɛmpɔw a ɛho hia bi sɔree: Hena na ɔwɔ hokwan sɛ odi ade? So ɛsɛ sɛ Onyankopɔn na odi nnipa so, anaa wobetumi akwati no adi wɔn ho so ma asi wɔn yiye?
10. Tumi bɛn na wɔde maa nnipa, na asɛyɛde bɛn na ɛbata ho?
10 Wɔde hokwan a nnipa wɔ sɛ wɔpaw nea wɔn ankasa pɛ bɔɔ wɔn. Wɔanyɛ wɔn te sɛ mfiri anaa mmoa, a nkate na ɛtaa kyerɛ wɔn kwan no. Enti nnipa betumi apaw onii a wɔbɛsom no. (Deuteronomium 30:19; 2 Korintofo 3:17) Enti Onyankopɔn Asɛm tu fo sɛ: “[Monyɛ] sɛ nnipa a wɔde wɔn ho, na ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔde ahofadi no ayɛ bɔnepɛ so nkataso, na mmom sɛ Onyankopɔn nkoa.” (1 Petro 2:16) Nanso, bere a nnipa wɔ akyɛde a ɛyɛ nwonwa a ɛne sɛ wotumi paw nea wɔpɛ no, ɛsɛ sɛ wogye nea efi nea wɔpaw sɛ wɔbɛyɛ mu ba no tom.
11. Dɛn ne ɔkwan koro pɛ a wobetumi afa so ahu sɛ ebia yebetumi akwati Onyankopɔn ma asi yɛn yiye?
11 Yɛn awofo a wodi kan no paw nea enye. Wɔpawee sɛ wɔbɛde wɔn ho afi Onyankopɔn ho. Ɛyɛ nokware sɛ bere a nnipa atuatewfo baanu a wodi kan no de hokwan a wɔwɔ sɛ wɔpaw nea wɔpɛ no dii dwuma ɔkwammɔne so no, anka Onyankopɔn betumi akum wɔn amonom hɔ ara. Nanso anka ɛno remmua asemmisa a ɛfa hokwan a Onyankopɔn wɔ sɛ odi nnipa so no. Esiane sɛ nnipa baanu a wodi kan no pɛe sɛ wɔde wɔn ho fi Onyankopɔn ho nti, ɛsɛ sɛ wobua asemmisa yi: So na saa gyinae no betumi de anigye asetra a yiyedi wom aba? Ɔkwan koro pɛ a na wobetumi afa so ahu ne sɛ wɔbɛma yɛn awofo a wodi kan no ne wɔn mma afa wɔn ankasa kwan so, efisɛ ɛno na wɔpawee. Ná bere bɛkyerɛ sɛ ebia wɔbɔɔ nnipa sɛnea wobetumi akwati wɔn Bɔfo na wɔadi wɔn ho so ma asi wɔn yiye.
12. Yeremia kaa nnipa nniso ho asɛm dɛn, na dɛn nti na eyi te saa?
12 Ná Bible ɔkyerɛwfo Yeremia nim nea ebefi mu aba no. Onyankopɔn honhom kronkron a ɛwɔ tumi, anaa n’adeyɛ tumi no kaa no maa ɔkyerɛw no yiye sɛ: “[Yehowa], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn. [Yehowa], teɛ me so.” (Yeremia 10:23, 24) Ná onim sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn soro nyansa no kyerɛ nnipa kwan. Dɛn ntia? Nea enti a ɛte saa tiawa ne sɛ, Onyankopɔn ammɔ nnipa sɛnea wobetumi akwati n’akwankyerɛ na asi wɔn yiye.
13. Dɛn na nea nnipa nniso de aba mfe mpempem pii no ada no adi pefee?
13 Nea nnipa nniso de aba wɔ mfe mpempem pii mu no akyerɛ pefee sɛ enni nnipa nsam sɛ wɔbɛkwati wɔn Bɔfo na wɔn ankasa akyerɛ wɔn ho kwan. Esiane sɛ wɔasɔ ahwɛ nti, ɔhaw a afi mu aba no ho asodi da wɔn ankasa so. Bible no ma eyi mu da hɔ pefee: “Ɔbotan [Onyankopɔn] no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ trenee; ɔyɛ nokware Nyankopɔn a nsisi nni no mu; ɔtreneeni ne teefo ne no. Wɔn ankasa adi asɛmmɔne; wɔnyɛ ne mma, na bɔne no fi wɔn ankasa.”—Deuteronomium 32:4, 5 New World Translation.
Ɛnkyɛ Onyankopɔn De Ne ho Begye Mu
14. Dɛn nti na Onyankopɔn rentwentwɛn ne nan ase bio wɔ gye a ɔde ne ho begye nnipa nsɛm mu no ho?
14 Esiane sɛ Onyankopɔn ama mfehaha pii atwam na akyerɛ pefee sɛ nnipa nniso adi nkogu nti, afei de obetumi de ne ho agye nnipa nsɛm mu na wama amanehunu, awerɛhow, ɔyare, ne owu agyae. Esiane sɛ wama nnipa kwan ma wɔakɔ wɔn anim sɛnea wobetumi biara wɔ abɔde ho nyansahu, mfiridwuma, nnuruyɛ, ne nneɛma afoforo mu nti, ɛho nhia bio sɛ Onyankopɔn ma nnipa mfehaha pii ma wɔde kyerɛ sɛ ebia wobetumi akwati wɔn Bɔfo no de paradise wiase a asomdwoe wom bi aba. Wontumi nyɛɛ saa, na wontumi. Nea afi Onyankopɔn a wɔade wɔn ho afi ne ho mu aba ne wiase a ɛyɛ abofono, nitan wom, na awudisɛm ayɛ mu ma.
15. Bible afotu bɛn na ɛsɛ sɛ yetie?
15 Ɛwom sɛ sodifo a wɔwɔ adwempa abɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa adesamma de, nanso wɔn mmɔdenbɔ no ntumi nsii yiye. Adanse a ɛkyerɛ sɛ nnipa nniso adi nkogu wɔ mmaa nyinaa nnɛ. Ɛno nti na Bible no tu fo sɛ: “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so.”—Dwom 146:3.
[Mfonini wɔ kratafa 24, 25]
Wiase sodifo a wɔwɔ adwempa mpo ntumi mfaa paradise wiase bi a asomdwoe wom mmae