Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • rq adesua 14 kr. 28-29
  • Sɛnea Wɔahyehyɛ Yehowa Adansefo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wɔahyehyɛ Yehowa Adansefo
  • Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Onyankopɔn Wɔ Ahyehyɛde?
    Asɛmpa A Efi Onyankopɔn Hɔ!
  • Dɛn Nti na Onyankopɔn Boa Ne Nkurɔfo Ano Wɔ Ɔsom Biako Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Wɔn Wiase Nyinaa Ahyehyɛde no ne Adwuma No
    Yehowa Adansefo—Wɔne Henanom? Wɔn Gyidi ne Dɛn?
  • Onyankopɔn Ahyehyɛde A Aniwa Hu
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
Hwɛ Pii Ka Ho
Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
rq adesua 14 kr. 28-29

Adesua 14

Sɛnea Wɔahyehyɛ Yehowa Adansefo

Bere bɛn na Yehowa Adansefo nyaa wɔn nnɛyi mfiase? (1)

Ɔkwan bɛn na wɔfa so yɛ Yehowa Adansefo nhyiam horow? (2)

Ɔkwan bɛn na wɔfa so tua ka ahorow a wɔbɔ no? (3)

Henanom na wodi anim wɔ asafo biara mu? (4)

Nhyiam akɛse bɛn na wɔyɛ afe biara? (5)

Adwuma bɛn na wɔyɛ wɔ wɔn adwumayɛbea ti ne baa dwumadibea ahorow no? (6)

1. Yehowa Adansefo nyaa wɔn nnɛyi mfiase wɔ 1870 mfe no mu. Mfiase no, na wɔfrɛ wɔn Bible Asuafo. Nanso wɔ 1931 mu no, wɔfaa Kyerɛwnsɛm mu din a ɛne Yehowa Adansefo. (Yesaia 43:10) Ahyehyɛde a mfiase no na esua no anya nkɔanim abɛyɛ Adansefo ɔpepem pii a wɔreka asɛm a adagyew nnim wɔ nsase bɛboro 230 so.

2. Yehowa Adansefo asafo dodow no ara hyiam mprɛnsa dapɛn biara. Wɔto nsa frɛ wo sɛ bra eyi mu biara bi. (Hebrifo 10:24, 25) Bible no na nea wɔkyerɛkyerɛ no gyina so. Mpaebɔ na wɔde fi nhyiam horow no ase na wɔde pɔn. Wɔto “honhom mu nnwom” a efi komam nso wɔ nhyiam no dodow no ara ase. (Efesofo 5:18, 19) Wuntua sika na woakɔ ase na wonnyigye sika wɔ ase nso.—Mateo 10:8.

3. Asafo dodow no ara yɛ wɔn nhyiam horow wɔ Ahenni Asa so. Eyinom taa yɛ adan a ɛnyɛ akɛseakɛse a Adansefo a wotu wɔn ho ma na wosisi. Worenhu ahoni, mmeamudua, anaa nneɛma a ɛte sɛ eyinom biara wɔ Ahenni Asa no so. Wɔde ntoboa a efi wɔn pɛ mu na etua ɛho ka ahorow no. Ntoboa adaka wɔ hɔ ma wɔn a wɔpɛ sɛ woyi ntoboa no.—2 Korintofo 9:7.

4. Mpanyimfo anaa ahwɛfo wɔ asafo biara mu. Wodi anim wɔ asafo no a wɔkyerɛkyerɛ wɔn no mu. (1 Timoteo 3:1-7; 5:17) Asafo mu asomfo boa wɔn. (1 Timoteo 3:8-10, 12, 13) Mmarima yi nkorɔn nsen asafo no mufo a aka no. (2 Korintofo 1:24) Wɔmma wɔn abodin soronko bi. (Mateo 23:8-10) Wɔnhyɛ ntade a ɛyɛ soronko wɔ afoforo de ho. Na wontua wɔn ka nso wɔ wɔn adwuma no ho. Mpanyimfo no fi wɔn pɛ mu di asafo no honhom fam ahiade ahorow ho dwuma. Wobetumi de awerɛkyekye ne akwankyerɛ ama wɔ ɔhaw mmere mu.—Yakobo 5:14-16; 1 Petro 5:2, 3.

5. Yehowa Adansefo yɛ nhyiam akɛse nso afe biara. Wɔ mmere yi mu no, asafo pii bom behyiam tie Bible nkyerɛkyerɛ titiriw bi. Asuafo foforo a wɔbɔ wɔn asu no yɛ ɔmansin anaa ɔmantam nhyiam dwumadi fã daa.—Mateo 3:13-17; 28:19, 20.

6. Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti no wɔ New York. Ɛhɔ na Sodikuw, mpanyimfo kuw bi a wɔn ho akokwaw a wɔhwɛ wiase nyinaa asafo no so wɔ. Baa dwumadibea bɛboro 100 nso wɔ wiase nyinaa. Nnipa a wɔatu wɔn ho ama boa ma wotintim Bible ho nhoma na wɔde mena wɔ saa mmeae yi. Wɔde sɛnea ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ asɛnka adwuma no ho nhyehyɛe nso ma. Dɛn nti na wonyɛ nhyehyɛe nkɔsra baa dwumadibea a ɛbɛn wo paa no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena