Wɔn Wiase Nyinaa Ahyehyɛde no ne Adwuma No
WƆNAM akwan pii so na ɛyɛ adansedi adwuma a ɛrekɔ so wɔ nsase bɛboro 230 so no. Wonya akwankyerɛ biara fi Sodikuw a ɛwɔ wiase nyinaa adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn, New York, no hɔ. Sodikuw no soma nanmusini kɔ ɔman biara mu wɔ wiase nyinaa afe biara ma wɔne boayikuw ahorow a wɔwɔ saa aman no mu no kodi nkitaho. Wɔ baa dwumadibea biara mu no, mmarima baasa kosi baason na wɔka bom yɛ Baa Boayikuw no mufo na wɔhwɛ adwuma a ɛkɔ so wɔ aman a wɔhwɛ so mu no so. Baa dwumadibea ahorow no bi wɔ mfiri a wɔde tintim nhoma, na ebinom wɔ mfiri a etumi tintim nhoma ntɛm. Wɔakyekyɛ aman anaa mmeae a baa dwumadibea no hwɛ so no ayɛ no amantam, na wɔakyekyɛ amantam no nso mu ayɛ no amansin. Asafo ahorow bɛyɛ 20 na ɛwɔ ɔmansin biara mu. Ɔmantam sohwɛfo srasra amansin ahorow a ɛwɔ ne mantam mu no hyia. Afe biara, wɔyɛ nhyiam ahorow abien wɔ ɔmansin biara mu. Ɔmansin sohwɛfo nso wɔ hɔ, na ɔtaa kɔsra asafo biara a ɛwɔ ne mansin mu no mprenu afe biara kɔboa Adansefo no ma wohu sɛnea wɔbɛyɛ asɛnka adwuma no wɔ wɔn asasesin mu.
Asafo a ɛwɔ wo mpɔtam hɔ a wohyiam wɔ Ahenni Asa so no na wɔka asɛmpa no wɔ faako a wote no. Wɔkyekyɛ mmeae a asafo biara yɛ adwuma no mu yɛ no nsasesin nketenkete. Wɔde eyi mu biara ma Ɔdansefo biara ma wɔbɔ mmɔden kɔsra ofie biara a ɛwɔ asasesin no mu nnipa ne wɔn bɔ nkɔmmɔ. Asafo biara, a Adansefo a wɔwom no fi dodow bi kosi 200 no, wɔ mpanyimfo a wɔhwɛ dwumadi ahorow so. Obiara a ɔka asɛmpa no bi no ho hia wɔ Yehowa Adansefo ahyehyɛde no mu. Ɔdansefo biara, sɛ ɔsom wɔ wiase nyinaa adwumayɛbea ti hɔ, baa dwumadibea bi, anaasɛ asafo ahorow no mu no, yɛ asɛnka adwuma yi denam Onyankopɔn Ahenni ho asɛm a n’ankasa ka kyerɛ afoforo no so.
Awiei koraa no, wɔde adwuma yi ho amanneɛbɔ kɔ wiase nyinaa adwumayɛbea ti hɔ, na wogyina so tintim afe biara Yearbook no. Afei nso, wɔde akontaabu pon ba January 1 Ɔwɛn-Aban no mu afe biara. Saa nhoma abien yi de nea wotumi yɛ afe biara de di Yehowa ne N’ahenni a ɛwɔ Kristo Yesu ase ho adanse no ho amanneɛbɔ a ɛkɔ akyiri ma. Nnansa yi, Adansefo ne anigyefo bɛyɛ 14,000,000 na wɔkɔ Yesu wu Nkaedi no afe biara. Yehowa Adansefo de nnɔnhwerew bɛboro 1,000,000,000 na ɛka asɛmpa no afe biara, na afoforofo bɛboro 300,000 na wɔbɔ wɔn asu. Wɔkyekyɛ nhoma ɔpepehaha pii.