ADESUA 11
Ɔhyew ne Nkate
NKATE yɛ nnipa asetra mu ade titiriw. Sɛ obi da ne nkate adi a, ɔda nea ɛwɔ ne koma mu, ne nipasu, sɛnea ɔte nka wɔ tebea horow ne nnipa ho adi. Esiane asetra mu osuahu ahorow a enye—tebea horow bi nso mu no esiane amammerɛ ahorow nkɛntɛnso—nti, nnipa pii nna wɔn nkate adi. Nanso Yehowa hyɛ yɛn nkuran sɛ ɛsɛ sɛ yenya su pa yɛn komam na afei yɛda nea ɛwɔ yɛn mu no adi wɔ ɔkwan a ɛfata so.—Rom. 12:10; 1 Tes. 2:7, 8.
Sɛ yɛrema ɔkasa a, nsɛm a yɛka no betumi ama wɔahu sɛnea yɛte nka pɛpɛɛpɛ. Nanso sɛ nsɛm a yɛka no ne yɛn nkate nhyia a, ɛbɛyɛ den sɛ wɔn a wɔretie yɛn no behu yɛn nokwaredi. Mmom sɛ yɛda nkate a ɛfata adi wɔ kasa mu a, ɛbɛma yɛn kasa ayɛ dɛ na atumi aka wɔn a wɔretie yɛn no koma.
Ɔhyew a Yɛbɛda no Adi. Atenka a ɔhyew wom taa fa nnipa ho. Enti, sɛ yɛreka Yehowa su ahorow a ɛkorɔn ho asɛm na yɛrekyerɛ Yehowa papayɛ ho anisɔ a, ɛsɛ sɛ yɛka no ɔhyew so. (Yes. 63:7-9) Na sɛ yɛrekasa kyerɛ yɛn mfɛfo nnipa a, ɛsɛ sɛ yɛde ɔhyew kasa bere nyinaa.
Ɔkwatani bi baa Yesu nkyɛn bɛsrɛɛ no sɛ ɔnsa no yare. Susuw ɛnne a Yesu de kasae bere a ɔkae sɛ: “Mepɛ, wo ho mfi” no ho hwɛ. (Marko 1:40, 41) Afei twa ɔbea bi a mogya atu no mfirihyia 12 a odii Yesu akyi brɛoo besoo n’atade nguguso ano no ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ. Bere a ɔbea no hui sɛ wɔahu no no, ɔde ahopopo bae bɛhwee Yesu nan ase, na ɔkaa nea enti a osoo n’atade mu ne sɛnea ne ho sanee no no kyerɛɛ nnipa no nyinaa. Susuw ɔkwan a Yesu faa so ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbabea, wo gyidi agye wo, kɔ asomdwoe mu!” no ho hwɛ. (Luka 8:42b-48) Ɔhyew a Yesu daa no adi wɔ ne kasa mu saa mmere no mu no da so ara ka yɛn koma de besi nnɛ.
Te sɛ Yesu no, sɛ yɛn yam hyehye yɛn ma nkurɔfo na sɛ yɛpɛ sɛ yɛboa wɔn ampa a, ɛda adi wɔ ɔkwan a yɛfa so ne wɔn kasa no mu. Saa ɔhyew a yɛda no adi no yɛ nea ɛfata, ɛnyɛ nea ɛboro so. Ɔhyew a yɛbɛda no adi no benya sɛnea nkurɔfo bɛyɛ wɔn ade afa no so nkɛntɛnso. Nsɛm a yɛtaa ka wɔ asɛnka mu no pii wɔ hɔ a yɛka no ɔhyew so ma ɛfata, titiriw bere a yɛresusuw biribi ho, yɛrehyɛ nkuran, yɛretu fo, anaa yɛrekyekye obi werɛ no.
Sɛ wowɔ afoforo ho anigye a, ma wonhu wɔ w’anim. Sɛ woda ɔhyew adi a, w’atiefo tumi bɛn wo te sɛ ogya a wɔto no anadwo a awɔw wom no. Sɛ wɔanhu biribiara wɔ w’anim a ɛkyerɛ sɛ woreda ɔhyew adi a, w’atiefo no rente nka sɛ wudwen wɔn ho ankasa. Yentumi nhyɛ ɔhyew te sɛ nkataanim—ɛsɛ sɛ efi koma mu.
Ɛsɛ sɛ nne a wode kasa no nso mu yɛ hyew. Sɛ wo nne mu nna hɔ a, ɛbɛyɛ den sɛ wubetumi ada ɔhyew adi wɔ wo kasa mu. Nanso sɛ wobɔ wo ho mmɔden a, bere kɔ so no, wubetumi adi so nkonim. Ade biako a ebetumi aboa, a efi w’adwene a wode bedi dwuma mu ne sɛ, wobɛkae sɛ nnyigyei a wotwa no asinasin ma ɔkasa tie yɛ den. Sua sɛ wobɛtwetwe nnyigyei a ɛba fam no mu. Eyi bɛboa ma wo kasa mu ayɛ hyew.
Nanso nea ɛho hia kɛse ne sɛ wode w’adwene besi nea ehia wo ankasa no so. Sɛ w’adwene wɔ wɔn a worekasa akyerɛ wɔn no so titiriw, na wowɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wobɛka biribi a ɛso bɛba wɔn mfaso a, saa nkate no bɛda adi wɔ ɔkwan a wofa so kasa no mu.
Kasa a emu yɛ hyew tumi kanyan afoforo, nanso nkate a wobɛda no adi nso ho hia. Ɛnyɛ bere nyinaa na ebehia sɛ yɛdan atiefo no adwene; ɛsɛ sɛ yɛkanyan wɔn koma nso.
Nkate Afoforo a Yɛbɛda no Adi. Obi a ɔwɔ ahohia mu na obetumi ada nkate te sɛ ahoyeraw, ehu, ne adwenemhaw adi. Anigye yɛ nkate a ɛsɛ sɛ ɛda adi wɔ yɛn asetra mu, na yefi yɛn pɛ mu da no adi bere a yɛne afoforo kasa no. Ɔkwan foforo so no, nkate bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛkwati. Ɛne Kristoni nipasu nhyia. (Efe. 4:31, 32; Fil. 4:4) Yɛnam nsɛmfua a yɛapaw, yɛn nne, sɛnea yɛkasa, yɛn anim yɛbea ne nipadua a yɛde si nsɛm so dua so betumi ada nkate ahorow nyinaa bi adi.
Bible ka nnipa nkate horow nyinaa ho asɛm. Ɛtɔ mmere bi a ɛbobɔ ebi din kɛkɛ. Bere foforo nso, ɛka nsɛm a esisi anaa ɛka nsɛm a ɛda nkate adi ho asɛm. Sɛ wokenkan nsɛm a ɛtete saa den, na sɛ wo nne ma ɛda adi a, ebenya wo ne wɔn a wɔretie wo no nyinaa so tumi. Sɛ wobɛyɛ saa a ebehia sɛ wode wo ho si wɔn a worekenkan wɔn ho asɛm no ananmu. Nanso, ɔkasa a wɔma nyɛ agoru bi a wɔhwɛ wɔ agodibea, enti hwɛ yiye na woangugu nsɛm mu. Ma wɔn a wɔretie wo no nyɛ asɛm a worekenkan no ho mfonini wɔ wɔn adwenem yiye.
Ɛne Ɔkasa no Hyia. Ɛdefa anigye ho no, ɔhyew a ɛwɔ wo kasa no mu ne nkate ahorow a woda no adi no gyina asɛm a woreka no so kɛse.
Dan kɔ Mateo 11:28-30 na hyɛ nea ɛka no nsow. Afei, kenkan sɛnea Yesu buu akyerɛwfo ne Farisifo no fɔ ho asɛm a wɔakyerɛw wɔ Mateo ti 23 no. Yɛrentumi mfa yɛn adwene mmu sɛ ɔkaa afobu nsɛm a ano yɛ den saa no bɔkɔɔ a ɔhyew biara nnim.
Nkate bɛn na wugye di sɛ ebehia wɔ kyerɛwtohɔ te sɛ nea ɛwɔ Genesis ti 44 a ɛfa sɛnea Yuda srɛ maa ne nua Benyamin ho no mu? Hyɛ nkate a wɔdaa no adi wɔ nkyekyem 13 no, ne nea nkyekyem 16 ka fa sɛnea Yuda tee nka wɔ nea enti a wohyiaa saa amanehunu no ho, ne sɛnea Yosef ankasa yɛɛ n’ade fae no nsow, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Genesis 45:1 no.
Enti, sɛ yɛrekenkan ade anaa yɛrekasa a, ɛnyɛ nsɛm no nko na ɛsɛ sɛ yesusuw ho, na mmom sɛ ebetu mpɔn a, ɛsɛ sɛ yesusuw nkate a ɛsɛ sɛ yɛde kenkan no nso ho.