ADESUA 35
Ntĩmu Ma Ɛso Duasi
NTĨMU a wɔde di dwuma ka nkyerɛkyerɛ a etu mpɔn ho. Sɛ wutĩ asɛm bi a ehia mu a, ɛda adi sɛ ɛrenyɛ den sɛ wɔn a wɔretie wo no bɛkae. Sɛ wutĩ adwene a ɛwom no mu na woka no ɔkwan foforo so a, ebetumi aboa wɔn ma wɔate ase yiye.
Sɛ w’atiefo nkae nea wokae no a, wo nsɛm no rennya nea wogye di ne sɛnea wɔbɔ wɔn bra no so nkɛntɛnso biara. Ɛda adi sɛ wɔbɛkɔ so adwennwen nsɛm a wusii so dua titiriw no ho.
Yehowa, yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini no, de sɛnea wotĩ asɛm mu ho nhwɛso ama yɛn. Ɔde Mmara Nsɛm Du maa Israel man no. Ɛdenam ɔbɔfo kasamafo bi so no, ɔmaa ɔman no tee saa mmara no wɔ Bepɔw Sinai so. Akyiri yi, ɔkyerɛw maa Mose. (Ex. 20:1-17; 31:18; Deut. 5:22) Mose nam Yehowa akwankyerɛ so san tĩĩ saa mmara no mu kyerɛɛ ɔman no ansa na wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so, na ɛdenam honhom kronkron so no, Mose yɛɛ ho kyerɛwtohɔ, sɛnea yehu wɔ Deuteronomium 5:6-21 no. Nea ɛka mmara a wɔde maa Israel ho ne ahwehwɛde a ɛne sɛ wɔde wɔn koma, wɔn kra, ne wɔn ahoɔden nyinaa bɛdɔ Yehowa na wɔasom no no. Wotĩĩ eyi nso mu mpɛn pii. (Deut. 6:5; 10:12; 11:13; 30:6) Dɛn ntia? Efisɛ sɛnea Yesu kae no, ɛno ne “mmara no mu kɛse ne nea edi kan.” (Mat. 22:34-38) Yehowa nam odiyifo Yeremia so kaee Yuda man no bɛboro mpɛn 20, aniberesɛm a na tie a wobetie no wɔ nea wahyɛ wɔn nyinaa mu yɛ no ho. (Yer. 7:23; 11:4; 12:17; 19:15) Na Onyankopɔn nam Hesekiel so kaa no bɛboro mpɛn 60 sɛ amanaman no ‘behu sɛ mene Yehowa.’—Hes. 6:10; 38:23.
Afei nso yehu sɛnea wɔde ntĩmu dii dwuma ma etuu mpɔn ho nhwɛso wɔ Yesu som adwuma ho kyerɛwtohɔ no mu. Sɛ nhwɛso no, Nsɛmpa anan no wɔ hɔ—a ebiara ka nsɛm atitiriw bi a wɔkaa ho asɛm bɛboro pɛnkoro wɔ Nsɛmpa no biako anaa nea ɛboro saa mu, nanso wɔnam ɔkwan foforo koraa so na ɛkaa ho asɛm. Wɔ Yesu ankasa nkyerɛkyerɛ mu no, ɔnam akwan horow so tĩĩ ne nkyerɛkyerɛ titiriw mu wɔ tebea horow mu. (Marko 9:34-37; 10:35-45; Yoh. 13:2-17) Na bere a na Yesu wɔ Ngo Bepɔw no so nna kakraa bi ansa na ɔrewu no, ɔde ntĩmu dii dwuma de sii afotu titiriw yi so dua: “Enti monwɛn, efisɛ munnim da ko a mo wura bɛba.”—Mat. 24:42; 25:13.
Wɔ Asɛnka Adwuma Mu. Sɛ wudi afoforo adanse a, wohwɛ kwan sɛ wɔbɛkae wo nsɛm no. Ntĩmu a wode bedi dwuma ɔkwan a etu mpɔn so no betumi aboa ma woadu saa botae no ho.
Mpɛn pii no, asɛm a wobetĩ mu bere a wɔresusuw ho no bɛboa ma aka obi adwenem. Enti bere a woakenkan kyerɛwsɛm bi awie no, wubetumi asi so dua denam asɛntitiriw a ɛwom a wobɛtwe adwene asi so na woabisa sɛ, “So mohyɛɛ sɛnea wɔkaa saa asɛm no nsow?” no so.
Wubetumi de nsɛm a etwa to wɔ nkɔmmɔbɔ mu no nso adi dwuma ma atu mpɔn. Sɛ nhwɛso no, wubetumi aka sɛ: “Asɛntitiriw a migye di sɛ mobɛkae wɔ yɛn nkɔmmɔbɔ yi mu ne sɛ . . .” Na afei woasan atĩ mu tiawa. Ebetumi ayɛ biribi te sɛ eyi: “Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ wɔbɛdan asase ma ayɛ paradise. Saa atirimpɔw no bɛbam ɔkwan biara so.” Anaasɛ: “Bible no ma ɛda adi pefee sɛ yɛte nneɛma nhyehyɛe yi nna a edi akyiri mu. Sɛ yebenya yɛn ti adidi mu bere a aba awiei no a, ehia sɛ yehu nea Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn hɔ.” Anaasɛ ebetumi ayɛ: “Sɛnea yɛahu no, Bible no de ɔkwan a yebetumi afa so agyina abusua asetra mu nsɛnnennen ano ho afotu a mfaso wɔ so ma.” Wɔ nsɛm bi mu no, wubetumi afa Bible mu asɛm bi atĩ mu ma wɔde ayɛ asɛm a wɔbɛkae. Nanso, ehia sɛ wudi kan susuw eyi a wobɛyɛ ma atu mpɔn no ho.
Wɔ sankɔhwɛ ne Bible adesua mu no, wubetumi de nsɛmmisa a wotĩ mu adi dwuma.
Sɛ ɛyɛ den ma obi sɛ ɔbɛte Bible afotu bi ase anaa ɔde bedi dwuma a, ebia ebehia sɛ woka ho asɛm mpɛn pii. Bɔ mmɔden sɛ wobɛfa akwan horow so adi ho dwuma. Enhia sɛ nkɔmmɔbɔ no yɛ tenten, na mmom ɛsɛ sɛ ɛka osuani no ma ɔkɔ so susuw asɛm no ho. Kae sɛ, Yesu de saa ntĩmu yi na edii dwuma de boaa n’asuafo no ma wodii pɛ a na wɔpɛ sɛ wobedi afoforo so no so.—Mat. 18:1-6; 20:20-28; Luka 22:24-27.
Bere a Worema Ɔkasa Ahorow. Sɛ wugyina asɛnka agua so ma ɔkasa ahorow a, ɛnyɛ wo botae titiriw ara ne sɛ wobɛka nsɛm. Wopɛ sɛ atiefo no te ase, kae, na wɔde di dwuma. Nea ɛbɛyɛ na woatumi ayɛ saa no, fa ntĩmu di dwuma yiye.
Sɛ wutĩ emu nsɛntitiriw no mu mpɛn pii a, w’atiefo no adwene betumi afi asɛm no so. Fa ahwɛyiye paw nsɛm a ɛsɛ sɛ wusi so dua no. Eyinom taa yɛ nsɛntitiriw a wo kasa no gyina so titiriw no, nanso nsɛm afoforo a ɛso betumi aba w’atiefo no mfaso titiriw betumi aka ho.
Nea ɛbɛma wode ntĩmu adi dwuma no, wubetumi ada wo nsɛntitiriw no adi wɔ wo nnianim asɛm no mu. Fa nsɛm ntiantiaa a etumi da nea wobɛka no nyinaa adi, ne nsɛmmisa anaa nhwɛso ntiantiaa bi a ɛde asɛm a ɛsɛ sɛ wosusuw ho to gua di dwuma. Wubetumi abobɔ nsɛntitiriw a ɛwom no dodow so na woahyehyɛ de nɔma ahyehyɛ anim. Afei ka nsɛm yi biara ho asɛm wɔ wo kasa no mu. Wubetumi asi so dua wɔ wo kasa mu nsɛm no mu atĩ asɛntitiriw biara mu ansa na woakɔ nea edi so no so. Anaa wubetumi adi ho dwuma denam nhwɛso bi a etumi ma wɔde asɛntitiriw no di dwuma a wobɛka so. Wubetumi de ɔkasa awiei nsɛm a etĩ nsɛm mu asi wo nsɛntitiriw so dua bio, denam mfatoho ahorow a wode bedi dwuma abua nsɛmmisa a ɛsɔre, anaa ɛdenam nsɛmmisa ho mmuae a wobɛma wɔ ɔkwan tiawa so no so.
Nea ɛka nsɛm a ɛwɔ atifi hɔ ho no, ɔkasafo a ne ho akokwaw hwɛ nnipa a wɔretie no no yiye. Sɛ ɛyɛ den ma wɔn mu binom sɛ wɔbɛte asɛm bi ase a, ɔkasafo no hu. Sɛ ɛyɛ asɛm a ɛho hia a, ɔsan tĩ mu. Nanso, ebia tĩ a obetĩ nsɛm koro no ara mu no renni n’atirimpɔw no ho dwuma. Nkyerɛkyerɛ hwehwɛ pii sen saa. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔyɛ fakaa. Ebia ebehia sɛ mpofirim ara, ɔde nsɛm bi hyɛ ne kasa no mu. Sua a wubesua sɛ wubedi w’atiefo ahiade ho dwuma saa kwan yi so no na ɛbɛkyerɛ sɛnea wo ho akokwaw sɛ ɔkyerɛkyerɛfo.