Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be adesua 36 kr. 209-kr. 211 nky. 1
  • Asɛmti Ho Dwumadi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmti Ho Dwumadi
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kratasin a Wɔhwɛ So Ma Ɔkasa Mu Nsɛm a Wobɛhyehyɛ
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Ma Nsɛntitiriw a Ɛwɔ Asɛm No Mu Nna Adi
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Nsɛntitiriw a Wɔma Ɛda Adi
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Bɔ W’adwene Ho Ban
    Yɛn Ahenni Som—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be adesua 36 kr. 209-kr. 211 nky. 1

ADESUA 36

Asɛmti Ho Dwumadi

Dɛn na ehia sɛ woyɛ?

Dan adwene kɔ w’asɛmti no so na fa akwan horow so kyerɛkyerɛ mu wɔ wo kasa no mu nyinaa.

Dɛn nti na ɛho hia?

Ɛma w’asɛm no si pi, na ɛboa atiefo no ma wɔkae nsɛm a wokae no na wɔatumi ate ase.

AKASAFO a wɔn ho akokwaw nim mfaso a ɛwɔ asɛmti a wonya so. Sɛ wɔresiesie ɔkasa a, asɛmti no boa wɔn ma wɔtwe adwene si nsɛm kakraa bi so na wosusuw ho kɔ akyiri. Nea efi mu ba ne sɛ, sɛ anka wɔbɛbobɔ nsɛm pii so no, wɔhyehyɛ wɔn asɛm no wɔ ɔkwan bi so a, wɔn atiefo benya so mfaso kɛse. Sɛ nsɛntitiriw no mu biara ne asɛmti no hyia na ɛboa ma wɔkyerɛkyerɛ mu a, ɛboa atiefo no nso ma wɔkae saa nsɛm no kyerɛ hia a ehia no so mfaso.

Ɛwom sɛ yebetumi aka sɛ w’asɛmti no ne asɛmpɔw a woka ho asɛm no de, nanso sɛ wonwene w’asɛmti no fa adwene pɔtẽẽ bi ho a, wubehu sɛ wo kasa no betu mpɔn. Ahenni no, Bible no, ne owusɔre ho nsɛm dɔɔso. Wubetumi anya nsɛmti ahorow pii wɔ nsɛmpɔw yi ho. Nhwɛso ahorow bi ni: “Ahenni no Yɛ Nniso Ankasa,” “Onyankopɔn Ahenni Bɛma Asase Ayɛ Paradise,” “Bible no Fi Onyankopɔn Home Mu,” “Bible no Yɛ Akwankyerɛ Nhoma a Mfaso Wɔ So Ma Yɛn Nnɛ,” “Owusɔre no Ma Wɔn a Wodi Awerɛhow Nya Anidaso,” ne “Owusɔre Anidaso no Boa Yɛn Ma Yegyina Pintinn Bere a Yehyia Ɔtaa.” Ɛsono sɛnea ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ nsɛmti yi nyinaa mu.

Nea ɛne Bible mu asɛmti titiriw hyia no, asɛnka a Yesu Kristo bɛyɛe wɔ n’asase so som adwuma mu no sii asɛmti: “Ɔsoro ahenni no abɛn” so dua. (Mat. 4:17) Ɔkwan bɛn so na wɔkaa saa asɛmti no ho asɛm? Wɔkaa saa Ahenni no ho asɛm bɛboro 110 wɔ Nsɛmpa anan no mu. Nanso ɛnyɛ asɛm “ahenni” no ara kwa na Yesu tĩĩ mu mpɛn pii. Yesu nam nea ɔkyerɛkyerɛe ne anwonwade a ɔyɛe so maa mu daa hɔ pefee sɛ ɔno a ɔne wɔn wɔ hɔ no ne, Onyankopɔn Ba, Mesia, nea Yehowa de Ahenni no bɛma no no. Afei nso Yesu maa ɛdaa adi sɛ ɛdenam no so no, wobebue hokwan ma afoforo ne no adi ade wɔ saa Ahenni no mu. Ɔkaa su ahorow a ɛsɛ sɛ wɔn a wobenya saa hokwan no da no adi ho asɛm. Ɛdenam ne nkyerɛkyerɛ ne ahoɔdenne a ɔyɛe so no, ɔmaa nea Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ wɔ nnipa asetram no daa adi pefee, na ɔkae sɛ Onyankopɔn honhom a ɔnam so tuu ahonhommɔne no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ‘Onyankopɔn ahenni aba’ n’atiefo no so. (Luka 11:20) Ɛyɛ saa Ahenni no na Yesu hyɛɛ n’akyidifo sɛ wonni ho adanse no.—Mat. 10:7; 24:14.

Asɛmti a Ɛfata a Wode Bedi Dwuma. Wɔnka sɛ ka asɛmti no ho asɛm pɛpɛɛpɛ sɛnea Bible no yɛ no, nanso asɛmti a ɛfata a wubenya no ho hia saa ara.

Sɛ wogyaw asɛmti no ma wo sɛ paw a, di kan susuw wo kasa no botae ho. Afei bere a wopaw nsɛntitiriw a wobɛka ho asɛm no, hwɛ hu sɛ eyinom kyerɛkyerɛ asɛmti a woapaw no mu ankasa.

Sɛ wɔde asɛmti no ma a, susuw nea ɛkyerɛ ne ɔkwan a wobɛfa so ama ɔkasa no ho. Ebia ebegye mmɔdenbɔ kakra na ama woate ɛbo a asɛmti a ɛte saa som ne nea ɛpɛ sɛ ɛkyerɛ no ase. Sɛ wo na wobɛpaw nsɛm a wode bɛkyerɛkyerɛ asɛmti a wɔde ama no mu a, fa ahwɛyiye paw nsɛm sɛnea ɛbɛyɛ a asɛmti no renyera. Ɔkwan foforo so no, sɛ wɔde nsɛm no ma a, ɛho bɛda so ara ahia sɛ wususuw sɛnea wode bedi dwuma ma ɛne asɛmti no ahyia ho. Afei nso ehia sɛ wususuw nea enti a asɛm no ho hia w’atiefo no ne atirimpɔw a ɛsɛ sɛ wode ma ɔkasa no ho. Eyi bɛboa wo ma woahu nea ɛsɛ sɛ wusi so dua wɔ wo kasa no mu.

Sɛnea Wosi Asɛmti So Dua. Nea ɛbɛyɛ na woasi asɛmti no so dua yiye no, ɛsɛ sɛ woto fapem bere a worepaw nsɛm na worehyehyɛ wo kasa no. Sɛ wode nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ w’asɛm no mu nkutoo di dwuma na sɛ wudi akwankyerɛ ahorow a wɔde siesie ɔkasa a etu mpɔn akyi a, ɛbɛma woasi w’asɛmti no so dua a wommrɛ ho.

Ntĩmu betumi aboa ma woahyɛ asɛmti no mu den. Wɔ sankudwom mu no, sanku nnyigyei a wotĩ mu bɔ no mpɛn pii no na ɛma wohu nnwom no nyinaa. Sanku nnyigyei no nyɛ biako bere nyinaa. Ɛtɔ mmere bi a, wɔsakra mu ma nnyigyei biako anaa abien pue, nanso ɔkwan bi so no, nea ɔhyehyɛ dwom no de ahokokwaw nwene ne nsɛm no hyehyɛ nnyigyei no mu kosi sɛ ɛbɛfa nnwom no nyinaa. Saa na ɛsɛ sɛ ɔkasa asɛmti yɛ. Nsɛntitiriw a wubeyi afi asɛmti no mu atĩ mu no te sɛ sanku nnyigyei a ɛtaa pue wɔ nnwom mu. Nsɛm a ekura ntease biako yi anaa asɛmti no a wobɛka no ɔkwan foforo so no dannan mu. Ɔkwan a ɛte saa a wobɛfa so adi w’asɛmti ho dwuma no bɛma aka w’atiefo no tirim.

Ɛnyɛ ɔkasa a wɔma wɔ asɛnka agua so nkutoo na nnyinasosɛm ahorow yi fa ho, na mmom ɛfa nkɔmmɔ a wɔbɔ wɔ asɛnka adwuma mu nso ho. Sɛ asɛmti bi mu da hɔ yiye a, ɛma nkɔmmɔ tiawa a wɔbɔ ka adwenem yiye. Sɛ wosi asɛmti bi so dua a, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛkae akwankyerɛ a wɔde ama wɔ Bible adesua ase no. Mmɔden a wobɛbɔ de apaw nsɛmti a ɛfata na woakyerɛkyerɛ mu no bɛboa pii ma woatu mpɔn sɛ Onyankopɔn Asɛm ho kyerɛkyerɛfo ne ɔkasafo.

ASƐMTI TITIRIW A ƐWƆ NHOMA KƐSE BI MU

Sɛ wobɛte sɛnea wɔde asɛmti di dwuma ase a, ɛbɛyɛ papa sɛ wusua sɛnea Yehowa Nyankopɔn nam nnipa akyerɛwfo so nwenee asɛmti titiriw a nhoma 66 a ɛka bom yɛ Bible no nyinaa gyina so no. Saa asɛmti no ne hokwan a Yehowa wɔ sɛ odi adesamma so ne n’atirimpɔw a ɔdɔ wom a ɛnam N’ahenni so bɛbam no.

Saa asɛmti no fi ase pue wɔ Genesis ti a edi kan no mu, na ɛno akyi no, wɔka n’afa horow ho asɛm wɔ Bible no mu nyinaa. Wɔtwe adwene si Onyankopɔn din ankasa so mpɛn pii, bɛboro mpɛn 7,000. Teɛ a Yehowa tumidi teɛ no da adi wɔ adebɔ ho asɛm no mu. Wɔka sɔre a wɔsɔre tiaa ne tumidi, ne amanehunu a efi asoɔden mu ba no ho asɛm. Wɔnam ɔkwan a Yehowa fa so ne n’abɔde di nsɛm so da ne dɔ a ɛkyɛn so, ne nyansa, n’atɛntrenee, ne ne tumi kɛse no adi. Wɔnam nhwɛso pii so da ye a eye sɛ yebetie Onyankopɔn ne amanehunu a efi asoɔden mu ba no adi. Wɔakyerɛkyerɛ Yehowa nsiesie a ɔnam Yesu Kristo so de beyi bɔne ne owu afi hɔ no mu ayɛ ho nhwɛso. Wɔakyerɛkyerɛ ɔsoro nniso a ɛbɛsɛe ahonhommɔne ne nnipa abɔnefo a wonnye teɛ a ɛteɛ sɛ Yehowa di n’abɔde so ntom no mu. Wɔama emu ada hɔ pefee sɛ saa Ahenni no bɛma Yehowa atirimpɔw a ɛne sɛ asase bɛyɛ paradise a nnipa a wɔdɔ nokware Nyankopɔn koro no na wɔsom no, na wɔdɔ wɔn ho wɔn ho bɛtra mu no, aba mu.

SƐNEA WƆYƐ NO

  • Sɛ woresiesie wo kasa a, paw nsɛntitiriw ne nsɛm a ɛfa ho a ɛbɛboa ma woakyerɛkyerɛ w’asɛmti no mu yiye ankasa.

  • Sɛ woresua wo kasa no a, susuw baabi a wubesi w’asɛmti no so dua ne ɔkwan a wobɛfa so ayɛ saa ho. Wubetumi mpo asensan baabi a wopɛ sɛ woyɛ eyi no ase wɔ wo kratasin no so.

  • Sɛ worema ɔkasa no a, tĩ nsɛntitiriw anaa adwene a ɛwɔ w’asɛmti no mu no mu bere ne bere mu.

DWUMADI: Paw asɛmti pɔtee bi a ɛne Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! a aba foforo hyia na fa kɔ asɛnka. Bɔ mmɔden sɛ wobɛma wo nnianim asɛm no akanyan anigye, na fa asɛntitiriw biako anaa abien bi kyerɛkyerɛ mu bere a morebɔ nkɔmmɔ no, na si mfaso a ɛwɔ so so dua wɔ nsɛm a wode bewie no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena