Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • gl kr. 8-9
  • Wofi Misraim Kɔ Bɔhyɛ Asase no So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wofi Misraim Kɔ Bɔhyɛ Asase no So
  • “Hwɛ Asase Pa No”
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • B3 Wofii Egypt No, Baabi a Wɔfae
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Israel ne Wɔn a Wɔatwa Wɔn Ho Ahyia
    “Hwɛ Asase Pa No”
  • Hela ne Roma Nya Yudafo So Nkɛntɛnso
    “Hwɛ Asase Pa No”
  • Kristosom Trɛw Kɔ Aman Pii So
    “Hwɛ Asase Pa No”
Hwɛ Pii Ka Ho
“Hwɛ Asase Pa No”
gl kr. 8-9

Wofi Misraim Kɔ Bɔhyɛ Asase no So

NNIPA a wɔwɔ mmaa nyinaa nim Israel Akwantu a wɔde fii Misraim kɔɔ Bɔhyɛ Asase so no ho asɛm. Nanso dɛn na na ɛretwɛn Mose ne Onyankopɔn nkurɔfo bere a wɔatwa Ɛpo Kɔkɔɔ no awie no? Ɛhe na wɔde wɔn ani kyerɛe, na ɔkwan bɛn so na wɔnam duu Yordan Asubɔnten no ho na wɔkɔɔ Bɔhyɛ Asase no so?

Akwantufo Kwan

Na wɔrekɔ Kanaan asase so, nanso Mose amfa ɔkwantiaa—mpoano anhweatam so kwan a ne tenten bɛyɛ kilomita 400 no—a anka ɛde wɔn bɛfa Filistea, wɔn atamfo asase so tẽẽ no so. Saa ara nso na wamfa n’ani ankyerɛ Sinai Asase Hwene tɛtrɛɛ no mfinimfini, baabi a ɔhyew a ano yɛ den ma asase tamaa no so mmosea ne akado abo no dɔ hyehyeehyew no. Dabi, Mose dii nkurɔfo no anim de wɔn faa anafo fam, mpoano asasetaw teaa no so. Wodii kan bɔɔ nsra wɔ Mara, baabi a Yehowa maa nsu nwenenwene yɛɛ dɛ no.a Bere a nkurɔfo no fii Elim no, wonwiinwii wɔ aduan ho; Onyankopɔn maa wɔn mmoko ne afei mana. Nsu ho asɛm sɔree bio wɔ Refidim, wodii Amalekfo a wobetuu wɔn so sa no so nkonim, na Mose asew barima hyɛɛ no nkuran sɛ ɔnhwehwɛ mmoa mfi mmarima a wɔfata hɔ.—Ex., ti 15-18.

Afei Mose dii Israel anim kɔfaa mmepɔw mu wɔ anafo fam akyirikyiri, bɔɔ nsra wɔ Bepɔw Sinai ho. Onyankopɔn nkurɔfo nyaa Mmara no, sii ntamadan, na wɔbobɔɔ afɔre wɔ hɔ. Wɔ afe a ɛto so abien mu no, wɔfaa atifi fam kɔfaa “sare kɛse a ɛso yɛ hu” no so, na wɔtoaa so kɔɔ Kades (Kades-Barnea) a ɛda adi sɛ wɔde nnafua 11 na etwaa kwan no. (Deut. 1:1, 2, 19; 8:15) Esiane sɛ nkurɔfo no suroo amanneɛbɔ a enye a akwansrafo du no de bae nti, wɔwɔɔ ntwɛtwɛdɛ mfirihyia 38. (Num. 13:1–14:34) Mmeae a wɔbɔɔ nsra no bi ne Abrona ne Esion-Geber, na afei wɔsan baa Kades bio.—Num. 33:33-36.

Bere a awiei koraa no, bere dui sɛ Israel bɛkɔ Bɔhyɛ Asase no so no, Israelfo no ankɔ atifi fam tẽẽ. Wɔkɔfaa Edom asase mfinimfini ne “ɔhene tempɔn,” Ɔhene Kwan Kɛse no atifi fam. (Num. 21:22; Deut. 2:1-8) Na ɛnyɛ mmerɛw sɛ ɔman mũ no nyinaa—a mmofra, mmoa, ne ntamadan ka ho—bɛfa saa kwan yi so. Na ɛsɛ sɛ wɔfa ɔkwan a akyeakyea so di aforosian wɔ abon akɛse—Sered ne Arnon (a emu tenten bɛyɛ mita 520 no)—mu.—Deut. 2:13, 14, 24.

Awiei koraa no, Israelfo duu Bepɔw Nebo ho. Ná Miriam awu wɔ Kades, na Aaron awu wɔ Bepɔw Hor so. Afei na Mose awu wɔ baabi a otumi huu asase a ɔhwɛɛ kwan kɛse sɛ obedu so no. (Deut. 32:48-52; 34:1-5) Eduu Yosua so sɛ odi Israel anim kɔ asase no so, na wowiee akwantu a wofii ase mfirihyia 40 a na atwam no.—Yos. 1:1-4.

[Ase hɔ asɛm]

a Wonnim mmeae pɔtee a wɔbɔɔ nsra no mu dodow no ara.

BIBLE NHOMA A WƆKYERƐW SAA BERE YI:

Genesis

Exodus

Leviticus

Numeri

Deuteronomium

Hiob

Dwom (fã bi)

[Asase mfonini wɔ kratafa 9]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Akwantufo Kwan

Ɔkwan a Israel Faa So

A7 MISRAIM

15 Rameses?

B5 Sukot?

D5 Etam

D5 Pi-Hahirot

E6 Mara

E6 Elim

Ɛ6 SIN SARE SO

Ɛ7 Dofka

F8 Refidim

F8 Sinai Bepɔw (Horeb)

F7 SINAI SARE SO

G7 Kibrot- Hataawa

G6 Haserot

G5 Rimon-Peres

G3 Risa

G3 Kades

G3 Bene-Yaakan

G5 Hor-Hagidgad

H5 Yotbata

H5 Abrona

H6 Esion-Geber

G3 Kades

G3 SIN SARE SO

H3 Bepɔw Hor

H3 Salmona

I3 Funon

I3 Iye-Haabarim

I2 MOAB

I1 Dibon

I1 Almon-Diblataim

H1 Yeriko

[Mmeae foforo]

A3 GOSEN

A4 On

A5 Memfis (Nof)

B3 Soan

B3 Tahpanhes

C5 Migdol

D3 SUR

D5 ETAM SARE SO

F5 PARAN SARE SO

G1 FILISTEA

G1 Asdod

G2 Gasa

G2 Beer-Seba

G3 Asmon

G3 NEGEB

H1 Yerusalem

H1 Hebron (Kiriat-Arba)

H2 Arad (Kanaan)

H4 SEIR

H4 EDOM

I7 MIDIAN

Akwantempɔn

Ɔkwan a Ɛkɔ Filistifo Asase So

Ɔkwan a Ɛkɔ Sur

I4 Ɔhene Tempɔn

Akwantufo Kwan

El Haj Kwan

[Mmepɔw]

F8 Bepɔw Sinai (Horeb)

H3 Bepɔw Hor

I1 Bepɔw Nebo

[Nsu ahorow]

Ɛ2 Mediterranea Po (Ɛpo Kɛse)

E7/G7 Ɛpo Kɔkɔɔ

I1 Nkyene Po

[Nsubɔnten ne Asuten]

A6 Nil Asubɔnten

F3 Misraim Subon

I2 Arnon

I3 Sered

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Akwantufo faa Sinai Asase Hwene no so

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Israel bɔɔ nsra wɔ Bepɔw Sinai ho

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Wonyaa nsu fii mmura a ɛwɔ Kades anaa baabi a ɛbɛn hɔ mu

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Na ɛsɛ sɛ Israel nyinaa twa Arnon subon no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena