Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • gl kr. 10-11
  • Israel ne Wɔn a Wɔatwa Wɔn Ho Ahyia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Israel ne Wɔn a Wɔatwa Wɔn Ho Ahyia
  • “Hwɛ Asase Pa No”
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Bere a Yehowa Maa Atemmufo So’
    “Hwɛ Asase Pa No”
  • Dawid ne Salomo Bere So Israel
    “Hwɛ Asase Pa No”
  • Bɔhyɛ Asase No
    “Hwɛ Asase Pa No”
  • B4 Bɔhyɛ Asaase No a Wɔko Fae
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Hwɛ Pii Ka Ho
“Hwɛ Asase Pa No”
gl kr. 10-11

Israel ne Wɔn a Wɔatwa Wɔn Ho Ahyia

YEHOWA ka kyerɛɛ Abraham sɛ: ‘Fi Ur kɔ Mesopotamia, asase a mɛkyerɛ wo no so.’ Na nkurɔfo tete saa asase no so, na na aman foforo atwa ho ahyia.—Gen. 12:1-3; 15:17-21.

Bere a Onyankopɔn nkurɔfo tu fii Misraim no, na wonim sɛ atamfo te sɛ “Moab ahoɔdenfo” betumi ako atia wɔn. (Ex. 15:14, 15) Ná Amalekfo, Moabfo, Amonfo, ne Amorifo tete ɔkwan a Israel refa so akɔ Bɔhyɛ Asase so no so. (Num. 21:11-13; Deut. 2:17-33; 23:3, 4) Na Israelfo ne aman foforo a wɔyɛ atamfo nso bedi ako wɔ asase a na Onyankopɔn de ahyɛ wɔn bɔ no so.

Aman a Na Wobetu Wɔn

Onyankopɔn kae sɛ Israel ‘mpam aman a wɔdɔɔso’ a wɔyɛ ason—Hetifo, Girgasifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo, ne Yebusifo—a na wɔfata ɔsɛe no. Na wɔn bra asɛe, na na wɔn som aporɔw. Na wɔn anyame no bi ne Baal (na wɔde abo adum taa yɛ no ɔbarima sɛso), Molek (na wɔde mmofra bɔ afɔre ma no), ne awo nyamewa Astoret (Astarot).—Deut. 7:1-4; 12:31; Ex. 23:23; Lev. 18:21-25; 20:2-5; Atem. 2:11-14; Dw. 106:37, 38.

Ɛtɔ mmere bi a, na wɔfrɛ asase a Onyankopɔn de rema Israel no nyinaa “Kanaan,” efi Sidon atifi fam kosi “Misraim subon no mu.” (Num. 13:2, 21; 34:2-12; Gen. 10:19) Ɛtɔ mmere bi nso a, na Bible no bobɔ aman horow, nkuropɔn, anaa nnipa a wɔte asase no so din. Na ebinom tete mmeae pɔtee bi te sɛ Filistifo a na wɔte mpoano ne Yebusifo a na wɔte mmepɔw mu wɔ beae bi a ɛbɛn Yerusalem no. (Num. 13:29; Yos. 13:3) Bere kɔɔ so no afoforo tu kɔtraa mmeae foforo.—Gen. 34:1, 2; 49:30; Yos. 1:4; 11:3; Atem. 1:16, 23-26.

Ɛda adi sɛ Israel Akwantu no mu no, na Amorifo ne abusuakuw a wɔyɛ den sen biara.a (Deut. 1:19-21; Yos. 24:15) Na wɔako afa asase bi a na ɛyɛ Moabfo de a ɛda Arnon bon no anafo fam no, ɛwom sɛ na wɔda so frɛ asase a ɛda Yeriko agya no “Moab tataw so” de. Amorifo ahemfo dii Basan ne Gilead so nso.—Num. 21:21-23, 33-35; 22:1; 33:46-51.

Ɛwom sɛ na Onyankopɔn gyina Israelfo no akyi de, nanso wɔantɔre aman a na wɔabu wɔn fɔ no nyinaa ase, na bere kɔɔ so no, wosum Israel afiri. (Num. 33:55; Yos. 23:13; Atem. 2:3; 3:5, 6; 2 Ahe. 21:11) Yiw, ɛmfa ho sɛ na wɔabɔ Israelfo no kɔkɔ pefee no, afiri yii wɔn: “Munnni anyame foforo a wofi amanaman a wogugu mo ho no anyame mu akyi.”—Deut. 6:14; 13:7.

[Ase hɔ asɛm]

a Te sɛ nea wɔde “Kanaan” dii dwuma no, saa ara na na “Amorifo” betumi akyerɛ asase no sofo nyinaa anaa abusuakuw biako.—Gen. 15:16; 48:22.

[Asase mfonini wɔ kratafa 11]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Aman a Na Wobetu Wɔn Afi Bɔhyɛ Asase No So

FILISTEA (D8)

D8 Askalon

D9 Gasa

D8 Asdod

E8 Gat

D9 Gerar

KANAAN (D8)

B10 AMALEKFO

D12 Hasar-Adar (Adar?)

D12 Kades (Kades-Barnea)

E8 Lakis

E9 Beer-Seba

E10 AMORIFO (OG)

E11 NEGEB

Ɛ4 Dor

Ɛ5 Megido

Ɛ5 Taanak

Ɛ6 Afek

Ɛ6 HEWIFO

Ɛ7 YEBUSIFO

Ɛ8 Bet-Semes

Ɛ8 Hebron (Kiriat-Arba)

Ɛ9 HETIFO

Ɛ9 Debir

Ɛ10 Arad (Kanaan)

Ɛ10 KENIFO

Ɛ11 Akrabim

F4 GIRGASIFO

F6 Sekem

F7 PERISIFO

F7 Gilgal

F7 Yeriko

F8 Yerusalem

G2 HEWIFO

G2 Dan (Lais)

G3 Hasor

FOINIKE (F2)

Ɛ2 Tiro

F1 Sidon

EDOM (F12)

F11 SEIR

G11 Bosra

AMORIFO (SIHON) (G8)

G6 GILEAD

G7 Sitim

G7 Hesbon

G9 Aroer

SIRIA (H1)

G1 Baal-Gad

G2 HEWIFO

I1 Damasko

MOAB (H10)

AMORIFO (I5)

G6 GILEAD

H3 BASAN

H4 Astarot

H4 Edrei

AMON (I7)

H7 Raba

[Anhweatam]

H12 ARABIA ANHWEATAM

[Mmepɔw]

Ɛ4 Bepɔw Karmel

Ɛ11 Bepɔw Hor

G1 Bepɔw Hermon

G8 Bepɔw Nebo

[Nsu ahorow]

D6 Mediterranea Po (Ɛpo Kɛse)

F9 Nkyene Po

G4 Galilea Po

[Nsubɔnten ne Asuten]

B11 Misraim Subon

F6 Yordan Asubɔnten

G6 Yabok Subon

G9 Arnon Subon

G11 Sered Subon

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Nifa: Amorifo hene Og dii Basan, a na wonim sɛ anantwi ne nguan wɔ hɔ no so

Ase hɔ: Moab, sɛnea wogyina hɔ hu Nkyene Po no kɔ Yuda sare so

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Yehowa kae sɛ Israel ntu aman a wɔsom atoro anyame te sɛ Baal, Molek, ne awo nyamewa Astoret (ne mfonini ni)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena