Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • gl kr. 16-17
  • Dawid ne Salomo Bere So Israel

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dawid ne Salomo Bere So Israel
  • “Hwɛ Asase Pa No”
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Bere a Yehowa Maa Atemmufo So’
    “Hwɛ Asase Pa No”
  • Bɔhyɛ Asase No
    “Hwɛ Asase Pa No”
  • Israel ne Wɔn a Wɔatwa Wɔn Ho Ahyia
    “Hwɛ Asase Pa No”
  • Yesu “Wɔ Yudafo Asase So”
    “Hwɛ Asase Pa No”
Hwɛ Pii Ka Ho
“Hwɛ Asase Pa No”
gl kr. 16-17

Dawid ne Salomo Bere So Israel

ONYANKOPƆN hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma Abram asefo asase, ‘efi Misraim asubɔnten ho de kosi Eufrate asubɔnten no so.’ (Gen. 15:18; Ex. 23:31; Deut. 1:7, 8; 11:24) Bere a Yosua duu Kanaan akyi no, edii bɛyɛ mfirihyia ahanan ansa na Bɔhyɛ Asase no retrɛw adu saa mmeae no.

Ɔhene Dawid dii Aram ahemman a ɛne Soba a na ekodu Eufrate ano wɔ Siria atifi fam no so nkonim.a Wɔ anafo fam no, nkonim a Dawid dii wɔ Filistifo so no de no beduu Misraim hye so.—2 Sam. 8:3; 1 Be. 18:1-3; 20:4-8; 2 Be. 9:26.

Ahye (Salomo bere so)
Dawid ne Salomo (akwan)

Salomo dii ade saa bere no ‘fii Asubɔnten Eufrate ano kosii Filistifo asase so ne Misraim hye so,’ a na ɛyɛ Mesia no asomdwoe nniso no ho mfonini. (1 Ahe. 4:21-25; 8:65; 1 Be. 13:5; Dw. 72:8; Sak. 9:10) Nanso, wɔtaa ka sɛ beae a Israel trae no ‘fi Dan kosi Beer-Seba.’—2 Sam. 3:10; 2 Be. 30:5.

Ɔhene Salomo yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden boaboaa apɔnkɔ ne nteaseɛnam ano. (Deut. 17:16; 2 Be. 9:25) Na otumi de eyinom fa akwan pii no ne atempɔn so. (Yos. 2:22; 1 Ahe. 11:29; Yes. 7:3; Mat. 8:28) Akwan yi mu kakraa bi pɛ na yɛwɔ ho nsɛm, ebi te sɛ ‘ɔtempɔn a efi Bet-El kɔ Sekem no apuei fam ne Lebona anafo fam.’—Atem. 5:6; 21:19.

The Roads and Highways of Ancient Israel ka sɛ: “Nea ɛma tete Israel akwan pii no ho nhwehwɛmu yɛ den sen biara ne sɛ, esiane sɛ [saa bere no] na wɔmfa abo nsɛm akwan so nti yenni Apam Dedaw no bere so akwan ho agyiraehyɛde pɔtee biara.” Nanso, asase mfonini ne nneɛma a wɔatutu fam ahu wɔ nkurow no mu no kyerɛ mmeae a na akwan no pii fa.

Mpɛn pii no, akwan no na na ɛkyerɛ baabi a asraafo fa kodi ako. (1 Sam. 13:17, 18; 2 Ahe. 3:5-8) Nea ɛbɛyɛ na Filistifo atu Israel so sa no, wofii Ekron ne Gat kɔɔ “Soko ne Aseka” mpɔtam hɔ. Saul asraafo no hyiaa wɔn wɔ “Ela bon mu.” Bere a Dawid kum Goliat no, Filistifo san wɔn akyi guan kɔɔ Gat ne Ekron, na Dawid foro kɔɔ Yerusalem.—1 Sam. 17:1-54.

Lakis (E10), Aseka (E9), ne Bet-Semes (E9) deda akwan a ɛfa Sefela kɔfa Yudea mmepɔw so no ho. Enti na saa nkurow yi yɛ nkurow atitiriw a wɔnam so siw atamfo a wɔfa Via Maris sɛ wɔde ntua reba Israel mfinimfini fam no kwan.—1 Sam. 6:9, 12; 2 Ahe. 18:13-17.

[Ase hɔ asɛm]

a Rubenfo asasesin no koduu Siria Anhweatam so, a na n’apuei fam kodu Eufrate ano.—1 Be. 5:9, 10.

BIBLE NHOMA A WƆKYERƐW SAA BERE YI:

1 ne 2 Samuel

Nnwom (fã bi)

Mmebusɛm (fã bi)

Nnwom mu Dwom

Ɔsɛnkafo

[Asase mfonini ahorow a ɛwɔ kratafa 17]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Nsasesin Ne Akwan Wɔ Bere A Na Wɔyɛ Biako Wɔ Ahemfo Ase no

Ahye (Salomo bere so)

Tifsa

Hamat

Tadmor

Berotai (Kun?)

Sidon

Damasko

Tiro

Dan

Yerusalem

Gasa

Aroer

Beer-Seba

Tamar

Esion-Geber

Elat (Elot)

[Nsubɔnten ne Asuten]

Eufrate

Misraim Subon

Dawid ne Salomo (akwan)

B10 Gasa

D8 Yopa

D9 Asdod

D10 Askalon

D11 Siklag

D12 PARAN SARE SO

D5 Dor

E6 Hefer

E8 Afek

E9 Rama

E9 Saalbim

E9 Geser

E9 Makas

E9 Ekron

E9 Bet-Semes

E9 Gat

E9 Aseka

E10 Soko

E10 Adulam

E10 Keila

E10 Lakis

E11 Yatir

E12 Beer-Seba

Ɛ2 Tiro

Ɛ4 Kabul

Ɛ5 Yokneam (Yokmeam?)

Ɛ5 Megido

Ɛ6 Taanak

Ɛ6 Arubot

Ɛ7 Piraton

Ɛ8 Lebona

Ɛ8 Sereda

Ɛ8 Bet-El

Ɛ9 Bet-Horon Anafo Fam

Ɛ9 Atifi Fam Bet-Horon

Ɛ9 Geba

Ɛ9 Gibeon

Ɛ9 Gibea

Ɛ9 Kiriat-Yearim

Ɛ9 Nob

Ɛ9 Baal-Perasim

Ɛ9 Yerusalem

Ɛ9 Betlehem

Ɛ10 Tekoa

Ɛ10 Hebron

Ɛ11 Sif

Ɛ11 Hores?

Ɛ11 Karmel

Ɛ11 Maon

Ɛ11 Estemoa

F5 En-Dor

F5 Sunem

F5 Yesreel

F6 Bet-Sean

F7 Tirsa

F7 Sekem

F8 Saretan

F8 Silo

F8 Ofra?

F9 Yeriko

F11 En-Gedi

G2 Abel-Bet-Maaka

G2 Dan

G3 Hasor

G3 MAAKA

G5 Lo-Debar (Debir)

G5 Rogelim

G6 Abel-Mehola

G7 Sukot

G7 Mahanaim

H1 SIRIA

H4 GESUR

H6 Ramot-Gilead

H8 Raba

H9 Medeba

H11 Aroer

H12 MOAB

I4 Helam?

I9 AMON

[Akwantempɔn]

D10 Via Maris

H6 Ɔhene Tempɔn

[Mmepɔw]

F5 Bepɔw Gilboa

[Nsu ahorow]

D8 Mediterranea Po (Ɛpo Kɛse)

F10 Nkyene Po (Ɛpo a Awu)

G4 Galilea Po

[Nsuti anaasɛ abura]

Ɛ9 En-Rogel

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16]

Nifa: Ela Bon, sɛnea wohu no wɔ Yuda mmepɔw no apuei fam

Ase hɔ: Akwan pii a woyiyii maa wotumi tutuu akwan wɔ Bɔhyɛ Asase no so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena