Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • gl kr. 14-15
  • ‘Bere a Yehowa Maa Atemmufo So’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Bere a Yehowa Maa Atemmufo So’
  • “Hwɛ Asase Pa No”
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dawid ne Salomo Bere So Israel
    “Hwɛ Asase Pa No”
  • Bɔhyɛ Asase No
    “Hwɛ Asase Pa No”
  • Israel ne Wɔn a Wɔatwa Wɔn Ho Ahyia
    “Hwɛ Asase Pa No”
  • Yesu “Wɔ Yudafo Asase So”
    “Hwɛ Asase Pa No”
Hwɛ Pii Ka Ho
“Hwɛ Asase Pa No”
gl kr. 14-15

‘Bere a Yehowa Maa Atemmufo So’

Mmusuakuw ne Attemufo

WUBETUMI ahu Bepɔw Tabor (F4)—Galilea Po no atɔe fam anafo, wɔ Yesreel Bon no mu—wɔ asase mfonini no so ntɛm ara. Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ asraafo 10,000 a wɔahyiam wɔ bepɔw no atifi ho mfonini wɔ w’adwene mu. Yehowa de Ɔtemmufo Barak ne odiyifobea Debora dii dwuma ma wɔboaboaa Israelfo ano ko tiaa Kanaanfo hene Yabin a na wahyɛ nkurɔfo no so mfirihyia 20 no. Yabin dade nteaseɛnam 900 a ɛyɛ hu a ɔsahene Sisera di anim fi Haroset-Hagoyim baa Kison a na ayow no bon mu, Megido ne Bepɔw Tabor ntam hɔ.

Ɔtemmufo Barak dii Israel mmarima anim kɔɔ bon no mu ne Sisera asraafo kodii ako. Yehowa nam nsu a ɔma eyirii bere tiaa mu so maa Sisera nteaseɛnam tintimii, na ehu kaa Kanaanfo no maa Israel dii nkonim. (Atem. 4:1–5:31) Ɛno yɛ nkonim pii a Onyankopɔn maa Israel dii wɔ Atemmufo no bere no so mu biako pɛ.

Bere a wodii Kanaanfo no so nkonim wiei no, wɔkyekyɛɛ asase no mu maa Israel mmusuakuw no. Hyɛ baabi a mmusuakuw a wɔnyɛ Lewifo trae no nsow. Simeon abusua ketewaa no nyaa nkurow wɔ Yuda asasesin mu. Yosua wu akyi no, ɔman no sɛee wɔ honhom fam ne abrabɔ fam. Atamfo hyɛɛ Israel so maa wɔn “ho hiaa wɔn papaapa.” ‘Yehowa’ fi ayamhyehye mu ‘momaa atemmufo so’—mmarima 12 a wɔwɔ gyidi ne akokoduru—ma wogyee Israel mfirihyia ahasa mu.—Atem. 2:15, 16, 19.

Ɔtemmufo Gideon de asraafo 300 a wonkura akode pii nanso wɔn ho yɛ hare dii Midianfo akofofo 135,000 so nkonim. Ɔko no kɔɔ so wɔ Bepɔw Gilboa ne More ntam. Gideon dii nkonim a edi kan no, otiw atamfo no kɔɔ apuei fam, kɔɔ anhweatam no so.—Atem. 6:1–8:32.

Yefta, Gileadni a ofi Manase abusuakuw mu, gyee Israel nkurow a egu Yordan apuei fam fii Amonfo ahohiafo no nsam. Nea ɛbɛyɛ na Yefta akɔ so adi nkonim afi Ramot-Gilead akosi Aroer ne akyi no, ɛda adi sɛ ɔfaa Ɔhene Tempɔn no so.—Atem. 11:1–12:7.

Simson akokodurusɛm a odii wɔ Filistifo so no sii wɔ beae bi a ɛbɛn Gasa ne Askalon mpoano. Gasa da beae bi a nsu wɔ pii a agye din wɔ kuayɛ mu. Simson de sakraman 300 sɔɔ ogya hyew Filistifo awifuw, bobeturo, ne ngodua.—Atem. 15:4, 5.

Sɛnea Bible kyerɛwtohɔ da no adi anaa sɛnea atemmufo no mmusuakuw kyerɛ no, wɔyɛɛ adwuma wɔ Bɔhyɛ Asase no so nyinaa. Baabiara a asɛm bi sii no, Yehowa hwɛɛ ne nkurɔfo a wɔanu wɔn ho no wɔ ahokyere mmere mu.

[Asase mfonini wɔ kratafa 15]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Mmusuakuw ne Attemufo

Atemmufo

1. Otniel (Manase Abusuakuw)

2. Ehud (Yuda Abusuakuw)

3. Samgar (Yuda Abusuakuw)

4. Barak (Naftali Abusuakuw)

5. Gideon (Isakar Abusuakuw)

6. Tola (Manase Abusuakuw)

7. Yair (Manase Abusuakuw)

8. Yefta (Gad Abusuakuw)

9. Ibsan (Aser Abusuakuw)

10. Elon (Sebulon Abusuakuw)

11. Abdon (Efraim Abusuakuw)

12. Simson (Yuda Abusuakuw)

Mmusuakuw Kyɛfa (Hwɛ nhoma no mu)

Manase Abusua Nkutoo Nkurow

Ɛ4 Dor

Ɛ5 Megido

Ɛ5 Taanak

F4 En-Dor

F5 Bet-Sean (Bet-San)

Ɛ5 Yibleam (Gat-Rimon)

Simeon Abusua Nkutoo Nkurow

D9 Saruhen (Saaraim) (Silhim)

D10 Bet-Lebaot (Bet-Biri)

E8 Eter (Token)

E9 Siklag

E9 Ain

E9 Hasar-Susa?

Ɛ9 Asan

Ɛ9 Beer-Seba

Ɛ9 Hasar-Sual

E9 Etam

Ɛ9 Bet-Markabot

Ɛ9 Betuel? (Kesil?)

Ɛ9 Seba? (Yesua)

Ɛ10 Baalat-Beer (Baal)

Ɛ10 Esem

Lewifo Guankɔbea Nkurow

Ɛ8 Hebron

F2 Kedes

F6 Sekem

H4 Golan

H5 Ramot-Gilead

H8 Beser

Akwantempɔn

B10 Via Maris

G10 Ɔhene Tempɔn

Israel Mmusuakuw

DAN (D7)

E7 Yopa

Ɛ8 Sora

YUDA (E9)

D8 Askalon

D9 Gasa

D9 Saruhen (Saaraim) (Silhim)

D10 Bet-Lebaot (Bet-Biri)

D12 Asmon

D12 Kades

E7 Yabneel

E8 Eter (Token)

E9 Siklag

E9 Ain

E9 Hasar-Susa?

E9 Asan

E9 Beer-Seba

E9 Hasar-Sual

Ɛ8 Lehi

Ɛ8 Betlehem

Ɛ8 Hebron

E8 Etam

E9 Bet-Markabot

Ɛ9 Betuel? (Kesil?)

E9 Seba? (Yesua)

Ɛ10 Baalat-Beer (Baal)

Ɛ10 Esem

ASER (Ɛ3)

Ɛ2 Tiro

Ɛ4 Haroset- Hagoyim

Ɛ4 Dor

F1 Sidon

MANASE (Ɛ5)

Ɛ6 Samir (Samaria)

Ɛ6 Piraton

F6 Sekem

G5 Abel-Mehola

EFRAIM (Ɛ7)

Ɛ7 Timnat-Sera

F6 Tapua

F6 Silo

F7 Bet-El (Lus)

NAFTALI (F3)

F2 Bet-Anat

F3 Kedes

G3 Hasor

SEBULON (F4)

Ɛ4 Betlehem

ISAKAR (F5)

Ɛ5 Megido

Ɛ5 Kedes (Kision)

Ɛ5 Taanak

F4 En-Dor

F5 Bet-Sita

F5 Bet-Sean (Bet-San)

F5 Yibleam (Gat-Rimon)

BENYAMIN (F7)

F7 Gilgal

F8 Yerusalem

DAN (G2)

G2 Dan (Lais)

MANASE (H3)

H4 Golan

GAD (H6)

G6 Sukot

G6 Penuel

G6 Mispa (Mispe)

G7 Yogbeha

H5 Ramot-Gilead

H7 Raba

H7 Abel-Keramim

RUBEN (H8)

G7 Hesbon

G9 Aroer

H7 Minit

H8 Beser

[Mmeae foforo]

I1 Damasko

[Mmepɔw]

F4 Bepɔw Tabor

F4 More

F6 Bepɔw Ebal

F5 Bepɔw Gilboa

F6 Bepɔw Gerisim

[Nsu ahorow]

D5 Mediterranea Po (Ɛpo Kɛse)

F9 Nkyene Po

G4 Galilea Po

[Nsubɔnten ne Asuten]

B11 Misraim Subon

F6 Yordan Asubɔnten

G6 Yabok Subon

G9 Arnon Subon

G11 Sered Subon

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Bepɔw Tabor a ɛwɔ Isakar asasesin mu no wɔ soro sen Yesreel Bon no

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Kison a eyirii no maa Sisera nteaseɛnam tintimii

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena