Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • cf ti 11 kr. 108-117
  • “Obiara Nkasae Saa Da”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Obiara Nkasae Saa Da”
  • “Bra Bedi M’akyi”
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ná Ne Nkyerɛkyerɛ Asete Nyɛ Den
  • Obisaa Nsɛm a Ɛfata
  • Ɔde Nsɛm a Ntease Wom Dii Dwuma
  • “Onipa Biara Nkasae Sɛ Onipa Yi Da”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • “Ɛsɛ Sɛ Moyɛ Akyerɛkyerɛfo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Ma Nhumu Ne Kasadɛ Mmra Wo Nkyerɛkyerɛ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
“Bra Bedi M’akyi”
cf ti 11 kr. 108-117

TI 11

“Obiara Nkasae Saa Da”

1, 2. (a) Adɛn nti na awɛmfo a wɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔkyere Yesu mmra no san de nsapan bae? (b) Adɛn nti na na Yesu yɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔda nsow saa?

NÁ FARISIFO no bo afuw paa. Ná Yesu wɔ asɔrefie hɔ rekyerɛkyerɛ nkurɔfo n’Agya ho asɛm. Ná nnipa a wɔretie Yesu no mu akyɛ mmienu. Ná wɔn mu pii gye no di, nanso na afoforo repɛ no akyere no. Nyamesom akannifo a na wɔntumi nhyɛ wɔn abufuw so no somaa awɛmfo sɛ wɔnkɔkyere Yesu. Nanso, awɛmfo no san de nsapan bae. Asɔfo mpanyin no ne Farisifo no bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na moamfa no amma?” Awɛmfo no buae sɛ: “Obiara nkasae saa da.” Yesu nkyerɛkyerɛ no maa wɔn ho dwiriw wɔn araa ma enti wɔantumi ankyere no.a—Yohane 7:45, 46.

2 Ɛnyɛ awɛmfo no nko ara na wɔn ani gyee Yesu nkyerɛkyerɛ ho. Ná nkurɔfo pii boaboa wɔn ho ano kotie ne nkyerɛkyerɛ kɛkɛ. (Marko 3:7, 9; 4:1; Luka 5:1-3) Adɛn nti na na Yesu yɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔda nsow saa? Sɛnea yehui wɔ Ti 8 no, nokwasɛm a na Yesu kyerɛkyerɛ nkurɔfo no, na ɛda ne koma so, na na ɔdɔ wɔn a ɔkyerɛkyerɛ wɔn no. Afei nso, na onim akwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ yiye. Akwan a etu mpɔn a Yesu faa so kyerɛkyerɛe no, momma yensusuw emu mmiɛnsa ho, na yɛnhwɛ sɛnea yebetumi asuasua no.

Ná Ne Nkyerɛkyerɛ Asete Nyɛ Den

3, 4. (a) Adɛn nti na Yesu de nsɛm a emu da hɔ kyerɛkyerɛe? (b) Wohwɛ nsɛm a Yesu kaa wɔ ne Bepɔw So Asɛnka no mu a, dɛn na ɛwɔ mu a ɛma yehu sɛ na ne nkyerɛkyerɛ asete nyɛ den?

3 Nsɛmfua akɛseakɛse a anka Yesu betumi de adi dwuma wɔ ne kasa no mu no, wo de, susuw ho hwɛ! Nanso bere a ɔrekyerɛkyerɛ no, wanka nsɛm a n’atiefo no rentumi nte ase, efisɛ na wɔn mu pii yɛ nnipa a “wonsuaa nhoma, na wɔnyɛ nnipa titiriw biara.” (Asomafo Nnwuma 4:13) Ná onim nsɛm a wɔbetumi ate ase ne nea wɔntumi nte ase, enti wamfa nsɛm pii ampuapua wɔn. (Yohane 16:12) Ná nokware a ɔkyerɛkyerɛ no mu dɔ, nanso na nsɛm a ɔde kyerɛkyerɛ mu no asete nyɛ den.

4 Sɛ nhwɛso no, Bepɔw So Asɛnka a wɔakyerɛw wɔ Mateo 5:3–7:27 no, susuw ho hwɛ. Afotu a Yesu de mae wɔ ɔkasa no mu no, na emu dɔ, na ɔkyerɛkyerɛɛ nsɛm mu kɔɔ akyiri. Nanso, wanka nsɛm a asete yɛ den anaa nea ɛyɛ hwanyann biara. Nokwarem no, na asɛmfua baako pɛ mpo nni mu a abofra ntumi nte ase! Enti, bere a Yesu wiee ne kasa no, “ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no maa nnipadɔm no ho dwiriw wɔn,” na na ɛnyɛ nwanwa. Ɛda adi sɛ na nnipadɔm no mu pii yɛ akuafo, nguanhwɛfo, ne mpataayifo.—Mateo 7:28.

5. Nsɛm a asete nyɛ den na ntease wom a Yesu kae no, ebi ne sɛn?

5 Ná Yesu taa ka nsɛm ntiantiaa a emu da hɔ ne nsɛm a asete nyɛ den na ntease wom wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu. Bere a Yesu rekyerɛkyerɛ no, na ɛnyɛ ade a obi te hɔ rekyerɛw nsɛm a ɔreka no, nanso ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no ma ɛyɛɛ mmerɛw sɛ ne nsɛm no bɛka n’atiefo no adwene mu na adu wɔn koma mu tɔnn. Yɛnhwɛ wei ho nhwɛso: “Munnyae sɛ mubu nkurɔfo atɛn, na wɔammu mo atɛn.” “Nnipa a wɔwɔ ahoɔden no nhia ɔyaresafo, na mmom wɔn a wɔyare na wohia.” “Honhom no de, ɛpɛ, nanso honam no yɛ mmerɛw.” “Muntua Kaesare de mma Kaesare, na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.” “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”b (Mateo 7:1; 9:12; 26:41; Marko 12:17; Asomafo Nnwuma 20:35) Nsɛm a Yesu kae yi no, bɛyɛ mfe 2,000 atwam, nanso ebesi nnɛ nyinaa yɛda so ara kae.

6, 7. (a) Sɛ yɛpɛ sɛ nkurɔfo te yɛn nkyerɛkyerɛ ase a, adɛn nti na ehia sɛ yɛde nsɛm a asete nyɛ den di dwuma? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛamfa nsɛm pii ampuapua yɛn Bible suani?

6 Yɛbɛyɛ dɛn de nsɛm a asete nyɛ den akyerɛkyerɛ? Ade baako a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne sɛ yɛbɛka nsɛm a emu da hɔ a ɛrenyɛ den sɛ nkurɔfo bɛte ase. Nokwasɛm atitiriw a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, asete nyɛ den. Wɔn a wɔwɔ koma pa na wɔfi koma mu brɛ wɔn ho ase no, Yehowa ma wɔhu no, na ɔma wɔhu nea ɔbɛyɛ daakye nso. (1 Korintofo 1:26-28) Sɛ yɛde nsɛm a asete nyɛ den kyerɛkyerɛ a, ebetumi ama nkurɔfo ate nokwasɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ase yiye.

Onua bi ne ɔbarima bi resua Bible.

Fa nsɛm a asete nyɛ den kyerɛkyerɛ

7 Sɛ yɛn Bible suani bɛte yɛn nkyerɛkyerɛ ase a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamfa nsɛm pii ampuapua no. Enti sɛ yɛreyɛ Bible adesua a, ɛnyɛ biribiara na ehia sɛ yɛkyerɛkyerɛ mu kɔ akyiri; na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛde ahopere yɛ adesua no te sɛ nea nkratafa dodow bi a yebesua no na ehia. Mmom no, nyansa wom sɛ yɛbɛhwɛ osuani no ahiade ne ne mmɔdenbɔ na ama yɛahu nkyekyɛm dodow a yɛne no besua. Yɛn botae ne sɛ yɛbɛboa osuani no ama wabɛyɛ Kristo suani ne Yehowa somfo. Enti, ɛsɛ sɛ yegye bere boa osuani no ma ɔte nea ɔresua no ase yiye. Sɛ yɛyɛ saa a, Bible mu nokware no bɛka ne koma ama ɔde nea ɔresua no ayɛ adwuma.—Romafo 12:2.

Obisaa Nsɛm a Ɛfata

8, 9. (a) Adɛn nti na na Yesu bisa nsɛm? (b) Asɔrefie no ho tow a wɔtua no, sɛn na Yesu de nsɛmmisa boaa Petro ma onyaa ɛho ntease a edi mu?

8 Nea Yesu pɛ sɛ n’atiefo hu no, anka obetumi aka akyerɛ wɔn tẽẽ a ɛrennye bere pii, nanso ɔde nsɛmmisa dii dwuma mpɛn pii. Adɛn nti na na obisa nsɛm? Ɛtɔ mmere bi a na obisa nsɛm, sɛnea ɛbɛyɛ a adwene a n’atamfo kura no bɛda adi, na ama wɔaka wɔn ano atom. (Mateo 21:23-27; 22:41-46) Mpɛn pii no, na Yesu bisa n’asuafo nsɛm sɛnea ɛbɛyɛ a obehu wɔn adwene wɔ nsɛm ho, na watenetene sɛnea wɔdwen nneɛma ho na ama wɔatumi adwene nneɛma ho akɔ akyiri. Ɛno nti, obisaa wɔn nsɛm bi te sɛ: “Mudwen ho dɛn?” ɛne, “Wugye eyi di anaa?” (Mateo 18:12; Yohane 11:26) Nsɛm a Yesu bisae no maa n’asuafo no tee nsɛm ase yiye, na ne nkyerɛkyerɛ no kaa wɔn koma. Momma yɛnhwɛ wei ho nhwɛso.

9 Bere bi, wɔn a wɔgyigye tow no bisaa Petro sɛ Yesu tua asɔrefie tow no anaa.c Ntɛm ara na Petro buae sɛ, “Yiw.” Akyiri yi, Yesu boaa Petro ma ɔdwenee asɛm no ho yiye. Obisaa no sɛ: “Simon, wudwen ho dɛn? Henanom na asaase so ahemfo gyigye tow fi wɔn hɔ? Wɔn mma hɔ anaa ahɔho hɔ?” Petro buae sɛ: “Ahɔho hɔ.” Yesu kaa sɛ: “Sɛ saa a, ɛnde na ɛnsɛ sɛ mma no tua tow.” (Mateo 17:24-27) Ɛda adi sɛ Petro huu adwene a na ɛwɔ nsɛmmisa no akyi, efisɛ na obiara nim sɛ wɔn a wɔfi ahemfo mmusua mu ntua tow. Ná Yehowa ne ɔsorosoro Hene a wɔsom no wɔ asɔrefie hɔ, ɛnna Yesu yɛ ne Ba a ɔwoo no koro. Enti yɛbɛka a, na ɛnsɛ sɛ Yesu tua tow. Nanso hyɛ no nsow sɛ, sɛ anka Yesu bɛma Petro mmuae tẽẽ no, wanyɛ saa, mmom ɔtoo ne bo ase de nsɛmmisa boaa Petro ma onyaa ɛho ntease a edi mu. Afei nso na ɛbɛboa Petro na bere foforo no, wasusuw nsɛmmisa ho yiye ansa na wayi ano.

Onuawa bi redi ɔbea bi a ne ba bɔ ne bo adanse.

Bisa nsɛm a ofiewura no ani begye ho

10. Sɛ yɛreka asɛm no wɔ afie afie a, yɛbɛyɛ dɛn de nsɛmmisa adi dwuma yiye?

10 Yɛbɛyɛ dɛn de nsɛmmisa adi dwuma yiye wɔ asɛnka mu? Sɛ yɛreka asɛm no wɔ afie afie a, yebetumi de nsɛmmisa akanyan nkurɔfo anigye, na ebia ɛno bɛma wɔama yɛn kwan ama yɛaka asɛmpa no akyerɛ wɔn. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛkɔto obi a n’ani afi a, yebetumi afi obu mu abisa no sɛ: “Sɛ wode sɛnea nneɛma rekɔ so nnɛ no toto bere bi a atwam no ho a, ɛte sɛn?” Sɛ yɛtwɛn ma oyi ano wie a, yebetumi abisa no sɛ, “Wususuw sɛ dɛn na ehia sɛ yɛyɛ na ama wiase ayɛ kama?” (Mateo 6:9, 10) Sɛ yɛkɔto ɔbaatan bi a ɔwɔ mmofra nkumaa a, yebetumi abisa no sɛ, “Sɛnea wiase bɛyɛ bere a wo mma no anyinyin no, woadwinnwen ho pɛn anaa?” (Dwom 37:10, 11) Sɛ yɛrekɔ fie bi mu na yɛde yɛn ani to fam a, ɛbɛboa ama yɛapaw asɛmmisa bi a ofiewura no ani begye ho.

11. Sɛ yɛreyɛ Bible adesua a, yɛbɛyɛ dɛn de nsɛmmisa adi dwuma yiye?

11 Sɛ yɛreyɛ Bible adesua a, yɛbɛyɛ dɛn de nsɛmmisa adi dwuma yiye? Sɛ yedi kan dwen nsɛmmisa a ɛbɛboa osuani no ho na yebisa a, ebetumi aboa ama yɛahu nea ɛwɔ ne koma mu. (Mmebusɛm 20:5) Fa no sɛ moresua Wubetumi Anya Anigye Daa!d nhoma no adesua 43 a ɛne “Dɛn Na Bible Ka Fa Nsã Ho?” Saa adesua no ma yehu adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ nsanom bebrebe, ne asabow ho. Ebia mmuae a osuani no de bɛma no bɛma woahu sɛ ɔte nea Bible kyerɛkyerɛ no ase. Nanso wohwɛ a, nea ɔresua no, ogye tom? Yebetumi abisa no sɛ: “Adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ nneɛma a ɛtete saa ho no, wususuw sɛ ntease wom?” Yebetumi nso abisa sɛ, “Wobɛyɛ dɛn atumi de asɛm yi abɔ wo bra?” Nanso mma wo werɛ mfi sɛ wobɛda anifere adi, na woadi osuani no ni. Ɛnsɛ sɛ yebisa nsɛm bi a ɛbɛma osuani no ayɛ basaa anaa n’ani awu.—Mmebusɛm 12:18.

Ɔde Nsɛm a Ntease Wom Dii Dwuma

12-14. (a) Ná Yesu tumi de nsɛm a ntease wom na emu da hɔ di dwuma ma n’atiefo nya ɛho ntease a edi mu. Akwan a ɔfaa so yɛɛ saa no bi ne sɛn? (b) Bere a Farisifo no kaa sɛ tumi a Yesu de yɛ adwuma no fi Satan no, nsɛm a ntease wom bɛn na Yesu ka kyerɛɛ wɔn?

12 Ná Yesu tumi ne afoforo susuw nsɛm ho yiye paa, efisɛ na n’adwene di mu. Ɛtɔ mmere bi a, na Yesu atamfo ka nsɛm a ɛnyɛ nokware de bɔ no sobo, ɛba saa a, na ɔka nsɛm a ntease wom na emu da hɔ de bɔ wɔn nsɛm no gu. Mpɛn pii no, sɛ ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ n’asuafo no asuade titiriw bi a, na ɔde nsɛm a ntease wom na edi dwuma. Ma yɛnhwɛ wei ho nhwɛso ahorow bi.

13 Bere bi, Yesu saa ɔbarima bi a ɔwɔ honhommɔne a ɔyɛ onifuraefo ne mum yare. Ɛno akyi no, Farisifo no kaa sɛ: “Ɛnyɛ hwee na saa damfo yi de tu ahonhommɔne sɛ Beelsebub [Satan], ahonhommɔne panyin no.” Wɔgye toom sɛ na ehia tumi a ɛboro nnipa de so na ama obi atumi atu ahonhommɔne no. Nanso, wɔkaa sɛ Yesu tumi no fi Satan. Ná sobo no yɛ atoro, na na ntease nso nni mu. Ná Yesu pɛ sɛ ɛda adi sɛ adwene a wɔwɔ no nyɛ papa, enti ɔkaa sɛ: “Ahenni biara a ɛko tia ne ho no bɛsɛe, na kurow anaa ofi biara a ɛko tia ne ho no rennyina. Enti sɛ Satan tu Satan a, na ɔreko atia ne ho. Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na n’ahenni agyina?” (Mateo 12:22-26) Nea na Yesu repɛ akyerɛ ne sɛ: “Sɛ meyɛ adwuma ma Satan, na mesan sɛe nea Satan ayɛ a, ɛnde na Satan reyɛ ade atia n’ankasa ho, na ɛrenkyɛ na wahwe ase.” Nsɛm a ntease wom sei de, wohwɛ a na wɔbetumi abɔ agu?

14 Yesu kɔɔ so ne wɔn susuw asɛm no ho. Ná onim sɛ Farisifo no ankasa asuafo no bi atu ahonhommɔne, enti obisaa wɔn asɛm tiawa a tumi wom yi: “Sɛ mede Beelsebub na etu ahonhommɔne a, mo mma [anaa mo asuafo] de hena na etu wɔn?” (Mateo 12:27) Nea na Yesu repɛ akyerɛ ne sɛ: “Sɛ mede Satan tumi na etu ahonhommɔne  a, ɛnde na mo ankasa asuafo no de tumi koro no ara na ɛyɛ saa.” Dɛn na na Farisifo no betumi aka? Ná ɛnyɛ ade a wɔbegye atom da sɛ wɔn asuafo no de Satan tumi na ɛyɛ adwuma. Yesu nam asɛm a ɔkae no so bɔɔ wɔn sobo no gui maa asɛm no twitwerii wɔn bo. Sɛ yɛkenkan sɛnea Yesu ne wɔn susuw nsɛm ho no a, ɛmma yɛn ani nye anaa? Nnipakuw a na wɔgyina hɔ retie Yesu na wɔrehwɛ nea ɛrekɔ so no nso ɛ? Wunhu sɛ Yesu nsɛm no bɛka wɔn koma paa?

15-17. Sɛ na Yesu rekyerɛkyerɛ n’Agya ho nokwasɛm a ɛka koma no mu a, na otumi ka biribi te sɛ, “nso ɛ?” de yɛ ntotoho. Ma ɛho nhwɛso.

15 Sɛ Yesu rekyerɛkyerɛ n’Agya ho nokwasɛm a ɛka koma no mu a, na ɔde nsɛm a ntease wom na emu da hɔ na edi dwuma. Mpɛn pii no, na ɔde asɛm te sɛ “nso ɛ?” di dwuma. Ná wei boa n’atiefo ma wɔnya nokwasɛm bi a wɔnim no dedaw mu ntease kɔ akyiri, na wɔbegye di paa sɛ, nea ɔkyerɛkyerɛ no yɛ nokware turodoo. Saa kwan a Yesu faa so ne n’atiefo susuw nsɛm ho no maa ne nkyerɛkyerɛ kaa wɔn koma paa. Momma yensusuw ɛho nhwɛso mmienu pɛ ho.

16 Bere bi, Yesu asuafo no bisaa no sɛ ɔnkyerɛ wɔn sɛnea wɔbɔ mpae. Yesu rema wɔn mmuae no ɔkaa sɛ, awofo a bɔne wɔ wɔn ho mpo wɔ ɔpɛ sɛ ‘wɔde akyɛde pa bɛma’ wɔn mma. Ɔde n’asɛm no baa awiei sɛ: “Enti sɛ mo a moyɛ abɔnefo mpo nim sɛnea moma mo mma akyɛde pa a, ɛnde mo Agya a ɔwɔ soro no nso ɛ? Ɔde honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no no ama aboro so!” (Luka 11:1-13) Yesu de ntotoho na ɛyɛɛ adwuma wɔ ha ma yehuu asuade a ɛwɔ asɛm yi mu. Sɛ awofo a wɔnyɛ pɛ mpo tumi de wɔn mma ahiade ma wɔn a, ɛnde na yɛn soro Agya a ɔyɛ pɛ, na ɔtene wɔ biribiara mu no de honhom kronkron bɛma n’asomfo anokwafo a wɔfi ahobrɛase mu ba n’anim wɔ mpaebɔ mu no ama aboro so!

17 Yesu de nsɛm bi a ɛtete saa dii dwuma bere a na ɔde dadwen ho afotu rema no. Ɔkaa sɛ: “Nkwaakwaadabi . . . wongu aba, na wontwa nnɔbae; wonni adekoradan anaa baabi a wɔde aduan gu, nanso Onyankopɔn ma wɔn aduan. Mo ho nhia pii nsen nnomaa anaa? Monhwɛ sɛnea nhwiren nyin: Ɛnyɛ adwuma, na ɛnnwene ntama . . . Sɛ Onyankopɔn hyɛ wuram afifide a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde agu ogya mu no ataade a, hwɛ sɛnea ɔbɛhyɛ mo ataade aboro so, mo a mo gyidi sua!” (Luka 12:24, 27, 28) Sɛ Yehowa hwɛ nnomaa ne nhwiren a, ɛnde n’asomfo a wɔdɔ no, na wɔsom no no nso ɛ? Ɔrenhwɛ wɔn anaa? Akyinnye biara nni ho sɛ, ɔbɛhwɛ wɔn aboro so! Sɛ Yesu ne n’atiefo susuw nsɛm ho sei a, nokwasɛm ne sɛ na ɛka wɔn koma paa.

18, 19. Sɛ obi ka sɛ onhu Onyankopɔn enti onnye no nni a, sɛn na yebetumi ne no asusuw nsɛm ho?

18 Sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no a, ɛsɛ sɛ yɛde nsɛm a ntease wom bɔ atoro nkyerɛkyerɛ gu. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛde nsɛm a ɛtɔ asom na emu da hɔ kyerɛkyerɛ Yehowa ho nokwasɛm a ɛhyɛ nkuran no mu ma nkurɔfo hu paa sɛ, Onyankopɔn dɔ wɔn, na odwen wɔn ho nso. (Asomafo Nnwuma 19:8; 28:23, 24) Nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛankeka nsɛm akɛse a asete yɛ den, na yɛamma yɛn nsɛm anyɛ hwanyann. Yesu nhwɛso no ama yɛahu sɛ, sɛ yɛde nsɛm a ntease wom a asete nyɛ den kyerɛkyerɛ a, ɛsow aba pii.

19 Sɛ nhwɛso no, sɛ obi ka sɛ onhu Onyankopɔn enti onnye no nni a, mmuae bɛn na yebetumi de ama no? Yebetumi ne no asusuw abɔde mu mmara a ɛne sɛ biribi na ɛkɔfa biribi ba no ho. Sɛ yehu biribi a, yegye tom sɛ ɛnam biribi so na ɛbae. Yebetumi aka sɛ: “Sɛ wokɔ baabi a atew ne ho, na wukopue ɔdan fɛfɛ bi a nnuan (biribi a ɛwɔ hɔ) wom so a, ntɛm ara, worennye ntom sɛ obi (biribi a ɛde bae) na osii saa fie no na ɔyɛɛ baabi a wɔde nnuan hyehyɛ no anaa? Saa ara nso na sɛ yehu adwini a ɛda adi wɔ adebɔ mu, ne nnuan a ɛdɔɔso wɔ asaase no ‘mu’ (biribi a ɛwɔ hɔ) a, wohwɛ a ntease nnim sɛ yebegye atom sɛ Obi (Biribi a ɛde biribi bae) na ɔyɛe? Bible no ankasa kyerɛkyerɛ mu sɛ: ‘Ofi biara obi na osi, na nea ɔyɛɛ nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.’” (Hebrifo 3:4) Nokwarem no, ɛwom sɛ ntease wɔ nea yɛreka no mu de, nanso ɛnyɛ obiara na ɔbɛte yɛn ase.—2 Tesalonikafo 3:2.

20, 21. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi de asɛm te sɛ “nso ɛ?” adi dwuma de asi Yehowa suban ahorow ne n’akwan so dua? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ ti a edi hɔ no mu?

20 Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ wɔ asɛnka mu anaa asafo no mu a, yɛn nso yebetumi de asɛm te sɛ “nso ɛ” adi dwuma de asi Yehowa suban ahorow ne n’akwan so dua. Sɛ nhwɛso no, nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ wɔyɛ nkurɔfo ayayade daa wɔ hellgya mu no, sɛ yɛpɛ sɛ yɛma wɔhu sɛ ɛnhyɛ Yehowa anuonyam a, yebetumi aka sɛ: “Agya a ɔwɔ ɔdɔ bɛn na obeso ne ba nsa de ahyɛ ogya mu de atwe n’aso? Nokwasɛm ne sɛ, Agya biara nni hɔ a sɛ ɔdɔ ne ba a, ɔbɛyɛ no saa. Ɛnde yɛn soro Agya a ɔyɛ ɔdɔ no nso ɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛmmaa ne koma mu da mpo sɛ ɔbɛhyew nnipa wɔ gya mu, na hellgya nkyerɛkyerɛ no nso yɛ no abofono paa!” (Yeremia 7:31) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛma yɛn nua kristoni bi a adwinnwen hyɛ ne so hu sɛ Yehowa dɔ no ampa a, yebetumi aka sɛ: “Sɛ Yehowa bu akasanoma ketewa mpo sɛ ɔsom bo a, ɛnde n’asomfo a wɔwɔ asaase so, a woka ho no nso ɛ? Nokwasɛm ne sɛ ɔdɔ wɔn nyinaa na ɔhwɛ wɔn, enti ɔdɔ wo, na ɔbɛhwɛ wo aboro so!” (Mateo 10:29-31) Sɛ yɛne afoforo susuw nsɛm ho saa a, ɛma asɛm no tɔ wɔn koma so paa.

Asafo mu mpanyimfo mmienu ne onua bi resusuw nsɛm ho; Bible na wɔde reyɛ.

Fa nsɛm a ntease wom a ɛbɛka otiefo no koma di dwuma

21 Akwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛe no, yɛasusuw emu mmiɛnsa pɛ ho. Afei yɛahu sɛ, bere a awɛmfo no antumi ankyere Yesu, na wɔkaa sɛ: “Onipa biara nkasae saa da” no, ɛnyɛ sɛ na wɔrehããhãã wɔn ani aka asɛm. Wɔnim Yesu sɛ obi a na ɔde mfatoho di dwuma paa wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu. Sɛnea ɔde mfatoho dii dwuma no, yebesusuw ho wɔ ti a edi hɔ no mu.

a Ɛda adi sɛ na awɛmfo no yɛ adwuma ma Sanhedrin no, na na asɔfo mpanyin no na ɛma wɔn akwankyerɛ.

b Yesu anom asɛm a ɛne: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye” a ɛwɔ Asomafo Nnwuma 20:35 no, Ɔsomafo Paul nko ara na ɔkaa ho asɛm. Ebetumi aba sɛ obi na ɔka kyerɛɛ Paul, (ebia osuani bi a ɔte fii Yesu anom, anaasɛ Paul ankasa te fii Yesu a na wɔanyan no no hɔ) anaa ɔnam ɔsoro anisoadehu so na ɔtee.

c Afe biara, na ɛsɛ sɛ Yudafo no tua asɔrefie tow. Ná ɛyɛ drakma mmienu, na na ɛbɛyɛ ɔpaani nnanu akatua. Nhoma bi ka sɛ: “Tow a na wɔgyigye no, ade titiriw a na wɔde yɛ ne sɛ, wɔde tua ɔhyew afɔre a wɔbɔ no da biara no, ne afɔre biara a na wɔbɔ ma ɔmanfo no ho ka.”

d Yehowa Adansefo na wɔyɛe.

Wobɛyɛ Dɛn Adi Yesu Akyi?

  • Sɛ worema ɔkasa wɔ asafo no mu a, sɛn na nsɛm a Yesu kae no betumi aboa wo ama wapaw nsɛm a wobɛka no?—Mateo 11:25.

  • Wɔn a wɔma baguam ɔkasa no, dɛn na wɔbetumi ayɛ de asuasua sɛnea Yesu de nsɛmmisa dii dwuma no?—Mateo 11:7-9.

  • Sɛ worekyerɛkyerɛ a, wobɛyɛ dɛn de kasakoa adi dwuma yiye?—Mateo 7:3; 19:24.

  • Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ nkurɔfo a, yɛbɛyɛ dɛn de nhwɛsode adi dwuma de asuasua Yesu?—Yohane 13:5, 14.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena