Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • fg adesua 1 nsɛmmisa 1-3
  • Dɛn Ne Asɛmpa No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Ne Asɛmpa No?
  • Asɛmpa A Efi Onyankopɔn Hɔ!
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Ntia?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Dɛn Nti na Onyankopɔn Bɔɔ Asase?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Dɛn Nti na Onyankopɔn Bɔɔ Asase?
    Asɛmpa A Efi Onyankopɔn Hɔ!
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Asɛmpa A Efi Onyankopɔn Hɔ!
fg adesua 1 nsɛmmisa 1-3

ADESUA 1

Dɛn Ne Asɛmpa No?

1. Dɛn ne asɛm a efi Onyankopɔn hɔ no?

Nnipa a wɔn ani agye wɔ asase so

Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa ani gye wɔ asase so. Ɔdɔ a ɔwɔ ma nnipa nti na ɔbɔɔ asase ne biribiara a ɛwɔ so. Ɛrenkyɛ koraa, ɔbɛkeka ne ho ma nnipa a wɔwɔ asase so baabiara anya asetena pa daakye. Obeyi nneɛma a ɛde amanehunu ba afi hɔ ama nnipa.​—Kenkan Yeremia 29:11.

Nniso biara nni hɔ a atumi ayi awudisɛm, yare, anaa owu afi hɔ da. Nanso, asɛmpa bi wɔ hɔ. Onyankopɔn beyi nnipa nniso nyinaa afi hɔ na ɔde n’ankasa nniso abesi ananmu nnansa yi ara. Wɔn a wɔbɛtena ase wɔ Onyankopɔn nniso no mu no benya asomdwoe ne apɔwmuden.​—Kenkan Yesaia 25:8; 33:24; Daniel 2:44.

2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ntɛm tie asɛmpa no?

Sɛ Onyankopɔn yi abɔnefo fi asase so nkutoo a ɛnna amanehunu befi hɔ. (Sefania 2:3) Bere bɛn na eyi bɛba? Onyankopɔn Asɛm no hyɛɛ nneɛma a ɛrehaw nnipa nnɛ no ho nkɔm. Nneɛma bɔne a ɛrekɔ so seesei no kyerɛ sɛ bere a Onyankopɔn bɛkeka ne ho no abɛn.​—Kenkan 2 Timoteo 3:1-5.

3. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

Ɛsɛ sɛ yesua Onyankopɔn ho ade fi n’Asɛm Bible no mu. Ɛte sɛ krataa a agya bi a ɔwɔ ɔdɔ akyerɛw abrɛ yɛn. Ɛkyerɛ yɛn nneɛma a sɛ yɛyɛ a yebenya asetena pa seesei ne nea yɛyɛ a yebenya daa nkwa wɔ asase so daakye. Ɛwom, ebia nnipa binom ani rennye ho sɛ afoforo reboa wo ma woate Bible no ase. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛma obiara bu yɛn abam ma asetena pa a yebenya daakye no bɔ yɛn.​—Kenkan Mmebusɛm 29:25; Adiyisɛm 14:6, 7.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena