Dwom 147
Agyapade Soronko
Nea Yɛaprente
Nyankopɔn asra ne mma.
Wɔayɛ abɔde fof’ro.
Ɔtɔɔ wɔn fii nnipa mu;
Wɔsom bo n’ani so.
(NNYESOƆ)
Agyapade s’ronko,
Wode wɔn ayɛ wo dea.
Wɔdɔ wo. Wɔsom wo.
Wɔhyɛ wo din anuonyam daa daa.
Wayɛ wɔn ɔman kronkron,
Wɔasɔ nokware no mu.
Onyankopɔn afrɛ wɔn
Aba ne hann no mu.
(NNYESOƆ)
Agyapade s’ronko
Wode wɔn ayɛ wo dea.
Wɔdɔ wo. Wɔsom wo.
Wɔhyɛ wo din anuonyam daa daa.
Wɔka Ahenni asɛm,
Wɔanya nnipakuw kɛse.
Wodi Kristo nokware,
Na wɔtie n’ahyɛde.
(NNYESOƆ)
Agyapade s’ronko
Wode wɔn ayɛ wo dea.
Wɔdɔ wo. Wɔsom wo.
Wɔhyɛ wo din anuonyam daa daa.
(Hwɛ Mal. 3:17; Yes. 43:20b, 21; Kol. 1:13 nso.)