Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • snnw dwom 152
  • Yɛn Ahoɔden, Yɛn Anidasoɔ ne Yɛn Ahotɔsoɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛn Ahoɔden, Yɛn Anidasoɔ ne Yɛn Ahotɔsoɔ
  • To Dwom Ma Yehowa​—Nnwom Foforo
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛn Ahoɔden, Yɛn Anidaso ne Yɛn Ahotoso
    ‘Momfa Anigye Nto Dwom’ Mma Yehowa
  • Wo Din Ne Yehowa
    To Dwom Ma Yehowa​—Nnwom Foforo
  • Agyapade Soronko
    To Dwom Ma Yehowa​—Nnwom Foforo
  • Anigyesɛm Bɛn Ni!
    To Dwom Ma Yehowa​—Nnwom Foforo
Hwɛ Pii Ka Ho
To Dwom Ma Yehowa​—Nnwom Foforo
snnw dwom 152

Dwom 152

Yɛn Ahoɔden, Yɛn Anidasoɔ ne Yɛn Ahotɔsoɔ

Nea Yɛaprente

(Mmebusɛm 14:26)

  1. Onyankopɔn, yɛda w’ase paa,

    yɛwɔ anidasoɔ.

    Ɛma yenya abotɔyam,

    yenya ahotɔsoɔ.

    Nanso wiase mu haw adɔɔso,

    ɛma dadwen yɛ kɛse.

    Afei yɛn anidasoɔ no,

    etumi brɛ ase.

    (NNYESOƆ)

    Yɛn ahoɔden

    ne anidasoɔ ne wo.

    Yenni obiara te sɛ wo.

    Anigye na yɛde

    ka asɛmpa no.

    Woka yɛn ho nti yensuro.

  2. O Yehowa, ma yɛn ahoɔden,

    boa yɛn w’adwuma mu.

    Yɛde yɛn ho ahyɛ wo nsa

    wɔ yɛn haw nyinaa mu.

    Yɛboto a yehia ahoɔden,

    yɛsrɛ wo sɛ ma yɛn so.

    Boa ma yennya akokod’ro

    a yɛde bɛsom wo.

    (NNYESOƆ)

    Yɛn ahoɔden

    ne anidasoɔ ne wo.

    Yenni obiara te sɛ wo.

    Anigye na yɛde

    ka asɛmpa no.

    Woka yɛn ho nti yensuro.

(Hwɛ Dw. 72:13, 14; Mmeb. 3:5, 6, 26; Yer. 17:7 nso.)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena