Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 8 kr. 24
  • Wɔdwanee Ɔhene Tirimmɔdenfo Bi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔdwanee Ɔhene Tirimmɔdenfo Bi
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Woguan Fi Ɔhene Tirimɔdenfo Anim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Ɔbɔɔ N’abusua Ho Ban, Ɔhwɛɛ Wɔn, Wampa Abaw
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Ɔbɔɔ N’abusua Ho Ban, Ɔhwɛɛ Wɔn, Wampa Abaw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Ogyee Ɔsoro Akwankyerɛ Toom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 8 kr. 24
Ɔhene Herode ahyɛ mmara sɛ wɔnkunkum mmarimaa a wɔawo wɔn foforo wɔ Betlehem nyinaa

TI 8

Wɔdwanee Ɔhene Tirimmɔdenfo Bi

MATEO 2:13-23

  • YESU MAAME NE NE PAPA DE NO DWANE KƆƆ EGYPT

  • YOSEF DE N’ABUSUA KƆTENAA NASARET

Yehowa bɔfo kaa aniberesɛm bi kyerɛɛ Yosef wɔ dae mu, na ɔno nso nyanee Maria bɔɔ no amanneɛ. Asɛm a ɔbɔfo no kae ne sɛ: “Sɔre, fa abɔfra kumaa no ne ne maame dwane kɔ Egypt, na tena hɔ kɔsi sɛ me ne wo bɛkasa; Herode rebɛhwehwɛ abɔfra kumaa no aku no.”​—Mateo 2:13.

Ɛhɔ ara na Yosef faa ne yere ne ne ba totɔɔ sum mu dwanee. Ɛyɛ paa sɛ wɔdwanee saa anadwo no, efisɛ na Herode ahu sɛ nsoromma mu ahwɛfo no adaadaa no, na wɔasan kɔ wɔn kurom a wɔamma ne nkyɛn bio. Ɛno maa Herode bo fuu paa, na esiane sɛ na wawe ataa so sɛ ɔbɛkum Yesu nti, ɔhyɛɛ mmara sɛ mmarimaa a wɔawo wɔn foforo kɔsi wɔn a wɔadi mfe mmienu a wɔwɔ Betlehem ne ɛhɔ mpɔtam nyinaa, wɔnkunkum wɔn. Asɛm a Herode te fii nsoromma mu ahwɛfo a wɔfiri Apuei fam no na ɛmaa ɔhuu mfe a ɛbɛyɛ sɛ Yesu adi.

Ɔsraani bi regye abarimaa ketewa bi afiri ne maame nsam

Sɛnea wɔkunkum mmarimaa no, na ani yɛ nyan paa! Yɛrentumi nkyerɛ mmofra dodow a wɔkunkum wɔn saa bere no, nanso esu ne benabɔ a ɛkɔɔ so no maa Onyankopɔn diyifo Yeremia nkɔmhyɛ a ɛwɔ Bible mu no baa mu.​—Yeremia 31:​15.

Saa asɛm no sii Yosef ne n’abusua akyi, efisɛ na wɔadwane akɔtena Egypt. Afei Yehowa bɔfo san baa Yosef nkyɛn anadwo bɛka kyerɛɛ no dae mu sɛ: “Sɔre, fa abɔfra kumaa no ne ne maame na si mu kɔ Israel asase so, na wɔn a na wɔrehwehwɛ abɔfra kumaa no kra no awuwu.” (Mateo 2:​20) Enti Yosef huu sɛ ɛsɛ sɛ ɔne n’abusua fi hɔ san kɔ wɔn kurom. Wei nso maa Bible nkɔmhyɛ foforo baa mu. Saa nkɔmhyɛ no kaa sɛ Onyankopɔn bɛfrɛ ne Ba afiri Egypt.​—Hosea 11:1.

Ɛbɛyɛ sɛ na Yosef adwene nyinaa ne sɛ ɔne n’abusua rekɔtena Yudea kuro Betlehem nkyɛn baabi. Ɛhɔ na na wɔte ansa na wɔredwane akɔ Egypt. Nanso Yosef tee sɛ Herode ba tirimɔdenfo Arkelao na wabɛyɛ Yudea hene. Afei nso Onyankopɔn bɔɔ Yosef kɔkɔ wɔ dae mu sɛ mma ɔmmfa n’abusua nnkɔ hɔ. Wei maa Yosef ne n’abusua de wɔn ani kyerɛɛ atifi fam kɔɔ Galilea mantam mu kɔtenaa Nasaret. Enti wɔantena ammɛn asɔrefie no baabiara. Nasaret na Yesu tenaa nyinii, na ɛmaa nkɔmhyɛ foforo baa mu sɛ: “Wɔbɛfrɛ no Nasareni.”​—Mateo 2:23.

  • Bere a nsoromma mu ahwɛfo no ansan ankɔ Ɔhene Herode nkyɛn no, dɛn na Herode yɛe? Ɛyɛɛ dɛn na wannya Yesu ankum no?

  • Adɛn nti na Yosef ne n’abusua fii Egypt no, wɔansan ankɔ Betlehem?

  • Bible nkɔmhyɛ ahorow bɛn na ɛbaa mu saa bere no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena